Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 12/8 kr. 4-5
  • Sika—Ɔkwan Bɛn Na Wɔfaa So Yɛe?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sika—Ɔkwan Bɛn Na Wɔfaa So Yɛe?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emfi Baabiara
  • Nea Enti a Sikakorabea Ahorow no Bɔ Ka
    Nyan!—1987
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
  • Sika
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 12/8 kr. 4-5

Sika​—Ɔkwan Bɛn Na Wɔfaa So Yɛe?

ONYANSAFO bi kae bere bi sɛ: “Ɔserew nti na wosiesie aduan, na nsã ma ateasefo ani gye, na sika na ɛyɛ ne nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 10:19) Na dɛn ne saa ade a ɛyɛ nwonwa yi​—sika? Ɛhe na efi ba?

Bere tenten bi a atwam ni no ɔbarima bi hui sɛ nsesagua anaasɛ batadi nyɛ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔnam so yɛ adwuma. Enti Chinesefo mmɔdenbɔfo no yɛɛ krataa sika. Na bere bi akyi no aman afoforo nso tintimii nkrataa a na wotumi de si aboɔden abo a ɛsom bo​—mpɛn pii no, sika kɔkɔɔ​—anan mu.

Nanso na sika kɔkɔɔ a wɔde di dwuma no wɔ sintɔ bi. Wɔkyerɛ sɛ sika kɔkɔɔ a wɔatu pɛn nyinaa yɛ bɛyɛ dɔla ɔpepepem 85 (sɛ wɔde ɛbo dedaw a ɛne sɛ sika kɔkɔɔ ounce biako yɛ dɔla 35 no bu a) . Baabiara nni hɔ a saa sika mfuturu yi dodow a ɛfata wɔ a ɛbɛso adesamma dodow ne nnwuma ahorow a ɛrekɔ anim ntɛmntɛm no.

Sɛ nhwɛso nɔ, Wiase Nyinaa Ko II akyi no, Amerika dɔla no na ɛbɛyɛɛ sika a wɔde di dwuma wɔ amanaman ntam aguadi mu. Enti Amerika dɔla no ɔpepepem pii kodii amannɔne aban ahorow nsam. Ɔkyerɛwfo biako kae sɛ: “Bɛyɛ 1965 tɔnn no na dɔla dodow a ɛwɔ amannɔne sikakorabea ahorow no dɔɔso sen ɛbo a, sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Fort Knox no som no.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw ɔfã bi.) Sɛ mpofirim ara aman nyinaa kae sɛ wɔregye wɔn sika kɔkɔɔ a ɛwɔ hɔ a, anka dɛn na ɛbɛba? Enti 1971 mu no Amerika ‘de nsa too ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ hɔ no so.’ Ná aman afoforo rentumi mfa dɔla dodow a wɔwɔ no mmegye sika kɔkɔɔ, ɛwom sɛ Amerikafo da so wɔ sika kɔkɔɔ akorade pii de. Enti, akwan horow nyinaa so no, na Amerika aban no mu ahotoso ara kwa na egyina sika no akyi. Eyi maa amanaman sika nhyehyɛe no bɛyɛɛ basaa.

Enti, sika som bo bere a nkurɔfo susuw sɛ ɛsom bo no. Dodow a nniso horow tintim sika pii no, dodow ara na ɛbo a nkurɔfo de ma no no ba fam. Nanso, ɛnyɛ tintim mfiri no nko so na wɔnam nya sika.

Emfi Baabiara

Ɔbarima bi kae wɔ Yesu abebu ahorow no biako mu sɛ: “Anka ɛsɛ wo sɛ wode me sika kɔhyɛ sikasesafo nsa, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho mfɛntom.” (Mateo 25:27) Bible mmere mu mpo no na sikasesafo anaa sikakorafo nim sɛnea wɔde sika bɔ bosea de hwehwɛ mfaso a ɛfata anaasɛ sɛnea wɔne onii a ɔde sika no kɔtoo hɔ no kyɛ saa mfaso no sɛ́ “mfɛntom.” Nanso, eyi yɛ mu no, na sikakorafo no nam nyansa kwan so renya sika.

Sɛ nhwɛso no, yɛmfa no sɛ wode sika $100,000 (anaa sika bi a ɛsom bo saa wɔ wo kurom sika mu) akɔto sikakorabea. Onipa foforo nso ba begye bosea $10,000 de kofi adwuma foforo bi ase. Ebia wubesusuw sɛ, sɛ woyi saa bosea yi fi wo sika a wode kɔtoo hɔ no mu a, na sika a sikakorabea no anya aka ne sika ho no yɛ $90,000 pɛ. Nanso sikakorafo no mmu no saa. Sɛ anka wɔde sika ankasa $10,000 bɛma onii a ɔbɛbɔɔ bosea no, mpɛn pii no wɔde saa sika yi hyɛ ne nkrataa so na wayi no nkakrankakra. Enti sɛ anka sikakorabea no sika bɛkɔ fam mmom no, sikakorabea kyerɛwtohɔ no bɛkyerɛ sɛ sika a nkurɔfo wɔ wɔ sikakorabea hɔ no yɛ $110,000​—a na $10,000 abɛka ho a emfi baabiara!

Saa nkontaabu yi bɛyɛ w’adwene mu basaa, nanso ɛma sikakorafo no ani gye. Saa kwan yi so no sikakorabea ahorow tumi bobɔ bosea pii sen sika a wɔwɔ ankasa. Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso, so eyi nyɛ nea asiane wom?’ Ebetumi aba saa, titiriw sɛ sikakorabea bi de bosea mema nkurɔfo ara kwa a wɔnhwɛ a. Nanso, ɛntaa mma sɛ wɔn a wɔde sika bɛto hɔ ne wɔn a wɔbɔ bosea no nyinaa ba bere koro mu sɛ wobegye wɔn sika. Enti sikakorabea ahorow nya sika ankasa de yɛ wɔn adwuma daa.

Nniso horow nso nya sika pii a ɛho nhia sɛ wɔde wɔn tintim mfiri ahorow no di dwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛnea nhoma The Money Baloon no kyerɛ no, Amerika Federal Reserve Bank no “yɛ kyerɛwtohɔ ahorow hwanyann​—akontaahyɛde ahorow a wɔhyehyɛ, Aban nneɛma a wɔtɔ na wɔtɔn, bosea ahorow a wɔde mema, nneɛma a wɔtɔ na wɔpene so sɛ wɔbɛsan atɔn, nneɛma a wɔtɔn na wɔpene so sɛ wɔbɛsan atɔ . . . nanso sɛ wohwehwɛ eyi nyinaa mu a, na Ɔman Sikakorabea no renya sika a emfi baabi foforo biara.”

Wo nso wubetumi afa nyansa kwan so anya sika. Boseabɔ kratasin no ma wobɔ bosea bere biara a wode di dwuma. Sikakorabea ahorow taa ma nkurɔfo kyerɛw yi sika pii sen nea wɔde ato hɔ ankasa. Saa kwan yi so no sika a wɔde di dwuma no kɔ anim​—na ɛma nneɛma bo yɛ den.

Enti sika nhyehyɛe no yɛ ade a ebetumi asɛe, sɛ ahotoso a nkurɔfo wɔ wɔ nhyehyɛe no mu no fi hɔ a. Nanso, sɛ wotumi nya sika wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw saa so a, ɛnde ɛhe na ɛkɔ?

[Kratafa 5 mfoni]

Sika a ɛwɔ wiase nyɛ nea​—wɔde sika kɔkɔɔ gyina akyi bio

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena