Nea Enti a Sikakorabea Ahorow no Bɔ Ka
BERE a Hawaii Sikakorabea buee ne fã bi wo Micronesia supɔw a wɔfrɛ no Yap so wɔ 1970 mu no, wohyiaa ɔhaw bi: sɛnea wɔbɛma Yapfo agye atom sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn sika besie wɔ sikakorabea hɔ. Sikakorabea no panyin biako a wɔfrɛ no Dominic B. Griffin III kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛyɛɛ nhyiam ahorow wɔ nkurow no mu na yefii ase kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛho hia titiriw no mu kyerɛɛ wɔn. Wɔ sikasɛm nhyehyɛe a ɛma wotumi nya nea wɔde bɛbɔ akɔnhama nkutoo mu no, biribiara betumi ayɛ sika. Na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nea enti a prako nyɛ sika na mmom obi nsa a ɔde ahyɛ kratasin bi ase no yɛ sika no mu.”
Saa ɔhaw no si asɛntitiriw bi so dua. Nnɛyi sikakorabea adwuma no gyina ahotoso so. Egyina ahotoso a nkurɔfo—ankorankoro ne nnwuma ahorow—wɔ wɔ sikakorabea ahorow a wɔne wɔn yɛ adwuma ne ahyehyɛde ahorow a egyina wɔn akyi no mu no so.
Ná sikakorabea wɔ Yap dedaw—ɔbo sika sikakorabea. Wɔ mfe pii mu no, wɔde abo akɛseakɛse a ɛte sɛ teaseɛnam nan adi dwuma sɛ sika. Ɛyɛ akɛse araa ma wonhia adekorabea na wɔde asie wɔ hɔ na wɔabɔ ho ban. Mmom no, na wɔde twitweri afasu ne nnua a esisi ɔkwan bi ho wɔ Colonia no ho. Esiane sɛ wɔpaapae abo no wɔ Belau nsupɔw no so wɔ Yap kesee fam atɔe nti, wɔde den a ɛyɛ sɛ wobenya bi na wɔde akorow nketewa afa de aba Yap no na ehu bo a ɛsom. Wonyi ɔbosika no mfi faako a ɛtwitweri no. Obiara nim emu biara ne ɛho abakɔsɛm. Sɛ wɔtɔ asase anaasɛ nneɛma fi abusua foforo nkyɛn a, ɛdan yɛ abusua no de.
Enti na ɛsɛ sɛ woyi Yapfo fi “abo mmere” no mu de wɔn ba nnɛyi sikakorabea bere yi mu na wɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔde sika sie wɔ sikakorabea, sɛnea wodi amannɔne sika ho dwuma ne nea ɛkeka ho. Na ɛsɛ sɛ nkurɔfo no hu bo a krataa asinasin no som na wonya sikakorabea a ebedi wɔn sika a wɔrentumi nhu no ho dwuma no mu ahotoso.
Eyi te saa wɔ wiase nyinaa nnɛ. Obiara nni hɔ ankasa a obisa sikakorabea bi sɛ ɔmfa sika a ɔwɔ no nkyerɛ no. Nokwarem no, wɔnam krataa a wɔde yi sika fi sikakorabea no so na wɔyɛ nnwuma no mu fã kɛse. Nkurɔfo gye di sɛ sikakorabea ahorow no de sika a wɔde ahyɛ wɔn bɔ no bɛma wɔn, sɛ wobisa wɔn anaasɛ wohia a. Nanso sikakorabea ahorow no de sika a nkurɔfo bɛba abɛyi da biara no na esie wɔ wɔn adekorabea. Osuahu ama wɔahu sika dodow a wobehia wɔ bere pɔtee bi mu. Ɛnde ɛhe na sika a aka no nyinaa wɔ?
Sikakorabea Adwuma No
Sikakorabea ahorow no yɛ nnwuma. Esiane sɛ ɛte sɛ nnwuma afoforo no nti, wɔyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mfaso. Nanso esiane sɛ wɔnte sɛ nnwuma afoforo pii nti, nea wonya ne sika. Nea wɔyɛ ne sɛ wɔkɔfɛm sika fi baabi na wɔde bɔ obi foforo bosea. Ɛdenam bosea a wɔbɔ no ho mfɛntom kɛse a wogye sen nea wotua wɔ nea wɔakɔfɛm no ho no so no, wɔn ankasa nya sika na wonya bi ma nnipa a wɔwɔ adwuma no mu kyɛfa ne wɔn a wɔde wɔn sika sie wɔ hɔ no na wonya bi tua ka a wɔbɔ wɔ adwuma no ho nso. Nanso sikakorabea ahorow no yɛ adwuma de nya sika nso. Wɔyɛ eyi wɔ ɔkwan bɛn so?
Dennis Turner kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma When Your Bank Fails no mu sɛ: “Aban sikakorabea kɛse no hwehwɛ sɛ sikakorabea ahorow no de sika a nkurɔfo de sie wɔ hɔ no mu kakraa bi pɛ sie. Bere a sika a ɛsɛ sɛ woyi to hɔ no gyina sɛnea sikakorabea no kɛse te ne sika a nkurɔfo de sie wɔ hɔ no so no, mprempren [1983] sɛ wɔkyekyem a, ɛyɛ emu 8%. Sɛ obi de $100 kɔto sikakorabea a, ɛde $92 bɛbɔ bosea. Sɛ ɛyɛ nea ebia onii a ɔbɛfɛm sika no di anaasɛ ɔde kɔto sikakorabea foforo no, ɛbɛma wɔde emu $92 asan asie wɔ sikakorabea bio. Wobetumi de eyi mu $84.64 abɔ bosea na wɔde $7.86 asie. Eyi kɔ so kosi sɛ bere a wɔayi $100 no mu 8% asie no, ebetumi ama wɔde sika a ne dodow yɛ $1,200 atumi asie.”
Sikakorabea ahorow no taa de sika dodow a wɔma kwan sɛ wobetumi de abɔ bosea no nyinaa bɔ nkurɔfo bosea. Nanso sɛ nkurɔfo te sɛ sikakorabea no rehyia ɔhaw a, nnipa a wɔde wɔn sika asie wɔ hɔ no rennya mu ahotoso bio na wɔbɛkɔ akoyi wɔn sika. Sikakorabea no rentumi ntua wɔn nyinaa sika mma wɔn na ebetumi abɔ ka—gye sɛ aban de ne ho gye asɛm no mu anaasɛ sikakorabea no de ne ho kɔbɔ sikakorabea a ɛwɔ sika ho. Eyi ama sikakorabea ahorow a na wɔwɔ sika no abɔ ka.
Nneɛma Afoforo a Ɛma Wɔbɔ Ka
Mpɛn pii sika a wɔde bɔ bosea ankasa no ma sikakorabea no hyia sika fam ahokyere, ne titiriw no, bere a wɔde sika no bɔ nkurɔfo bosea mfe pii a mfɛntom a ɛwɔ ho no nnɔɔso no. Sɛ sikasɛm nhyehyɛe no ansakra na mfɛntom a wotua wɔ sika a wɔde asie wɔ sikakorabea hɔ no ho nnɔɔso te sɛ nea wogye wɔ sika a wɔde abɔ nkurɔfo bosea no ho a, wɔntaa nhyia ɔhaw. Nanso sɛ mfɛntom a sikakorabea no tua wɔ sika no ho kɔ anim te sɛ nea ɛbae nnansa yi a, etua sika pii sen nea enya.
Sɛ nkurɔfo a wɔabegye bosea no ntumi ntua a, ɛma asɛm no mu yɛ den. Mprempren akuafo pii a wɔwɔ United States no ntumi ntua bosea a woakogye afi sikakorabea no. Bosea a ɛte saa a wontumi ntua no ma amansin mu sikakorabea nketewa bɔ ka. Sikasɛm ho atesɛm krataa a wɔfrɛ no American Banker no ka sɛ: “Wɔkaa sikakorabea ahorow a wɔbɔɔ ka wɔ 1985 mu no ho asɛm sɛ na emu fã yɛ nea ɛde wɔn sika boa kuadwuma a ɛkyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, sika a wɔde bɔɔ bosea no mu 25% yɛ nea wogye de yɛɛ kuadwuma.”
Ade foforo a ɛma sikakorabea adwuma no bɔ ka ne amimdi ne sika a wowiawia no. Mfiri a wɔnam so de tua sika no ama wotumi wia sika pii a sɛ wɔde toto sika a wɔde akode kowiae wɔ tete bere no mu ho a, ɛma saa bere no mu de no yɛ ketewaa bi. Paris atesɛm krataa a wɔfrɛ no Le Figaro ka sɛ: “Eyi ama Amerika aban bɔ ka dɔla ɔpepem 500 afe biara. Wɔ Europa no, sikakorabea akɛse no ntaa nka sika no dodow ho asɛm na wɔmpɛ sɛ nkurɔfo hu ɔhaw ahorow a wohyia no. Nanso wogye tom sɛ wɔnam computer so ma wɔbɔ ka kɛse sen akode a wɔde wiawia ade wɔ hɔ no so. Computer so a wɔnam wia sika no abɛyɛ ade a ɛsɛe nnɛyi sikasɛm nhyehyɛe no. . . . Sɛ ɛho animdefo nya ano aduru pɛ a, nkurɔfo hu ɔkwan foforo a wɔbɛfa so na ebinom de di dwuma de nya nea wɔpɛ.”
Sɛnea ɛte wɔ adwuma biara ho no, hwɛ a wɔnhwɛ so yiye, ne adwuma no a wɔnyɛ no yiye betumi ama wɔabɔ ka. Nokwarem no, sikakorabea adwuma no a wɔnhwɛ so yiye no ka ho titiriw na ɛma emu pii bɔ ka no. Ebetumi aba sɛ adwuma no mpanyimfo bɔɔ wɔn nnamfo anaasɛ wɔn abusuafo bosea a wɔamfa biribiara ammegyina akyi. Anaasɛ ebia wɔde sika pii bɔ bosea wɔ bere a na wɔwɔ sika pii no mu. Anaasɛ adifudepɛ ne mmɔden a wɔbɔe sɛ wobenya sika pii ntɛm no ma wɔde sika no yɛɛ nneɛma ahorow bi a asiane wom.
Wɔ nsɛm ahorow bi mu no, akansi a emu yɛ den ama sikakorabea ahorow no ayɛ nneɛma a asiane kɛse wom. Sika a ɛdɔɔso pii a ebinom de bɔ bosea no nso ma wɔbɔ ka. Esiane sɛ, sɛ wohyia ɔhaw a, ɛnsɛ sɛ wɔma ɛda adi sɛnea ɛbɛyɛ a sika a wɔayi ato hɔ no bɛdɔɔso nti, sika korabea ahorow bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa nnipa a wɔde sika abesie wɔ hɔ no denam mfɛntom kɛse a wɔtaa tua wɔ wɔn sika no ho anaasɛ wɔkɔ so de sika no yɛ nneɛma a asiane wom no so.
Esiane sɛ aban no hyɛ bɔ sɛ nea ɛbɛyɛ biara wobetua nnipa a wɔde wɔn sika sie wɔ sikakorabea no sika ama wɔn nti, ama sikakorabea ahorow no bi mfa ahwɛyiye nni dwuma. Nanso yennim nea ɛbɛba daakye. Sɛ nhwɛso no, sikakorabea ahorow bi a wɔde wɔn sika yɛɛ petrol ho adwuma bere a na ne bo yɛ den no bɔɔ ka bere a ne bo baa fam anaasɛ adwuma no sɛee no. Anaasɛ sɛ sika bo ba fam a ebetumi ayɛ ɔhaw ama nnipa a wɔhwɛ kwan sɛ wɔde dɔla a ne bo kɔ soro no betua bosea a wɔakɔbɔ no.
Ɛnyɛ sikakorabea a esua no nkutoo na wohyia ɔhaw ahorow yi a ɛma wɔbɔ ka no. Wiase no mu sikakorabea akɛseakɛse no binom nso hyia ɔhaw yi bi. Wɔn mu pii de dɔla ɔpepem anaasɛ ɔpepepem pii mpo abɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa a mprempren wontumi ntua ɛho mfɛntom no na mene sɛ dwetiri no ankasa no bosea. Sikakorabea ahorow a ɛrebɔ ka wɔ nnansa yi mfe no mu no ama wobisa nsɛm pii wɔ wiase nyinaa. So yɛde yɛn ho ato biribi a enni mu so? Sikakorabea ahorow no tumi bɔ sika ho ban dɛn?
[Chart/Picture on page 6]
U.S. Sikakorabea Ahorow a Ɛbɔɔ Kaa
1977 - 6
1978 - 7
1979 - 10
1980 - 10
1981 - 10
1982 - 42
1983 - 48
1984 - 79
1985 - 120
[Ase hɔ nsɛm]
a Sikakorabea ahorow a Federal Deposit Insurance Corporation tua ahobammɔ ho sika wɔ ho. Sikakorabea afoforo a wɔbɔɔ ka no nka eyinom ho. Dwumadibea yi kaa sikakorabea afoforo 1,195 ho asɛm sɛ wohyia ɔhaw, efi March 11,1986 reba.
[Kratafa 5 mfoni]
Wotumi hu Yapfo ɔbo-sika no wɔ ofi yi onim