Wo Sika—So Ɛwɔ Ahobammɔ Wɔ Sikakorabea?
‘DWODA anɔpa no wofii ase too santen. Wogyinaa awɔw no mu twɛnee bɛyɛ nnɔnhwerew anum. Asɛm a sikakorabea hɔ mpanyimfo, sika ho nimdefo ne amammui mpanyimfo keka no mpo maa wɔn suro no kɔɔ anim. Ɔman no nyinaa mu ne wiase nyinaa mpo no, nnipa pii kɔ sikakorabea ahorow, kɔka asɛm koro no ara—MOMFA YƐN SIKA MMA YƐN!’
So eyi betumi ayɛ asɛm a wobɛkenkan no da bi a enni akyiri? The Wall street Journal kaa no nnansa yi sɛ sikasɛm ho nimdefo Alan Greenspan kae sɛ “hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ sikakorabea ahorow bedwiriw agu fam ma ayɛ awerɛhow no betumi aba wɔ mfirihyia aduonum bere mu.” Dɛn ntia?
Faako a Sika no Kɔ
Bere a etwa to a wubisae sɛ wɔmma wo bosea ketewaa bi wɔ sikakorabea no, kae sɛnea wobisabisaa wo nsɛm. Nea ɛyɛ nwonwa no, sikakorafo ntaa nyɛ nhwehwɛmu pii saa bere a ɛfa sika akɛse ho no. Sɛ nhwɛso no, Mexico a ɛwɔ ngo pii a wɔde yɛ petrol no tumi nyaa bosea bɛyɛ dɔla ɔpepepem 57. Afei mfɛntom a wɔde si boseabɔ ho no kɔɔ anim wiase nyinaa na ngo bo no nso baa fam. Afei na ɛka remene Mexico. Ehu kaa nnipa a wɔn sika wɔ sikakorabea nyinaa bere a nkurɔfo fii ase kekaa no huhuhuhu sɛ ebia Mexico rentumi ntua saa ka ahorow yi no. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛe horow sɛnea ɛbɛyɛ na ɔman yi asan anya sika. Bere a ɛyɛɛ te sɛ nea ɔhaw no ano abrɛ ase no, aman afoforo, te sɛ Poland ne Brazil nso ho akyere wɔn wɔ wɔn ka akɛse no tua mu.
Wɔde ɔpepepem pii nso hyehyɛ nnwuma ahorow mu. Mmere a atwam no mu no, nnwuma akɛse gyigyee sika fii amanfo hɔ a na wotua ho mfɛntom na wɔde ayɛ wɔn nnwuma ahorow. Nanso, bere a mfɛntom no kɔɔ soro no, wogyaee eyi na wɔde wɔn sika no yɛɛ nneɛma afoforo a ɛho wɔ mfaso. Nnwuma ahorow dan kɔɔ bosea ahorow a wogye fi sikakorabea bere tiaa bi a ɛno nso ɛho mfɛntom kɔ soro so. Nanso, na sikakorabea ahorow betumi ahwere ade kɛse, sɛ nnwuma ahorow yi bɔ ka a. Nnansa yi ɛka kɛse a Drysdale Government Securities Corporation bɔe no yɛ nhwɛso a ɛyɛ hu a ɛkyerɛ sɛnea sikakorabea ahorow ho tumi ka mu—ɛma wɔbɔɔ ka dɔla ɔpepem 285!
Wiase Nyinaa Asehwe Anaa?
Enti sikasɛm ho animdefo suro sɛ saa nneɛma yi betumi de ɔhaw kɛse aba wiase nyinaa. Yɛmfa no sɛ ɔman bi anaa nnwuma akɛse bi bɔ ka. Ebetumi ama sikakorabea kɛse biako anaa akɛse abien abɔ ka saa ara. Eyi nso betumi ma ehu aka wɔn a wɔn sika wɔ sikakorabea foforo no. Na ebia wɔde mmirika befi ase ayi wɔn sika. Esiane sɛ sika kakraa bi pɛ na sikakorabea ahorow de sie ankasa nti, ebetumi ayɛ ɔhaw kɛse. Sikakorabea ahorow ani bɛbere a wɔhwehwɛ sika. Na eyinom betumi de wiase nyinaa sikasɛm nhyehyɛe no asehwe aba!
Nanso sikakorafo se ade a ɛte saa rentumi mma. David Rockefeller a na anka ɔyɛ Chase Manhattan Bank no guamtrani no kae wɔ nnansa yi nkɔmmɔbɔ bi mu sɛ sikakora nhyehyɛe no “di mu.” Ampa, “sikakorabea ahorow ne wɔn ho wɔn ho di dwuma, na enti wɔde wɔn ho to wɔn ho wɔn ho so kɛse.” Nanso ɔtee nka sɛ, ɛrentumi mma sɛ ade a ɛte sɛɛ bɛba ma adwiriw wiase sikasɛm nhyehyɛe no nyinaa agu fam. Esiane sɛ sikakora nhyehyɛe no yiyedi gyina ahotoso a ɔmanfo wɔ wɔ mu no so nti, ɛyɛ nea ntease wom sɛ sikakorafo mpanyimfo betumi akasa ahotoso mu saa.
Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso nokwarem no ɔman biara remma ne sikakorabea titiriw no nsa nsi fam.’ Saa ara na Italy ɔman sikakorabea titiriw no yɛe. Banco Ambrosiano no asehwe yɛ nea wɔkaa ho asɛm pii esiane nkitahodi kɛse a na ɛne Vatican wɔ no nti. Bere a sikakorabea no bɔɔ ka no, Italy ɔman sikakorabea no fii n’akyi na ɛyɛɛ Europa sikakorafo nyinaa nwonwa ne ahodwiriw. Sikakorafo suro sɛ ebia eyi bɛyɛ nhwɛso bɔne.
“Asomdwoe ne Ahotɔ” wɔ Wiase Sikasɛm mu Anaa?
October 10, 1982, The New York Times no kae sɛ “emufo kyerɛ sɛ awiei koraa no suro a wosuro sɛ amanaman ntam sikasɛm nhyehyɛe bedwiriw agu no bɛka akuw ahorow no ma wɔaka abom.” Nanso, wɔ sikasɛm nhyehyɛe a ɛsɛee wɔ 1930 mfe no mu no mu no, amanaman no ne wɔn ho wɔn ho anni nkitaho, na mmom “wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wiase nyinaa sikasɛm mu ɔhaw a ɛkɔɔ so bere tenten no ho, a nea ɛde bɛba aman afoforo so no mfa ho.” Na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ aman horow no adwene asesa. Sɛ nhwɛso no, nniso horow a nneɛma bo a ɛkɔ soro kɛse aka wɔn no ama kwan ma mfɛntom a wogye wɔ boseabɔ ho no akɔ soro, a sɛnea ɛhaw aman a wonni sika no mfa ho.
Nanso Bible no hyɛ nkɔm sɛ ɛrenkyɛ wiase mpanyimfo a wɔagye din bɛka sɛ “Asomdwoe ne ahotɔ!” (1 Tesalonikafo 5:3) Faako a ebia wiase nyinaa sikasɛm bɛsakra akodu no de, yɛbɛtwɛn ahwɛ. Ɛnkosi saa bere no, ɔkwan bɛn so na obi di wiase sikasɛm a ehinhim no ho dwuma?