Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 12/8 kr. 6-7
  • Sika—Ɛnnɔɔso Da!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sika—Ɛnnɔɔso Da!
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Petrol-Sika Dwumadi
  • Wiase no Fa a Afei na Ɛrenya Nkɔso no ho Ka a Wɔbɔ
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
  • Dɛn Nti Na Asetra-Mu-Ayɛ Den?
    Nyan!—1989
  • Sika—Ɔkwan Bɛn Na Wɔfaa So Yɛe?
    Nyan!—1983
  • Nneɛma Bo A Ɛkɔ Soro—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 12/8 kr. 6-7

Sika​—Ɛnnɔɔso Da!

ƆHENE SALOMO kae sɛ: “Wo sika betumi afi wo nsa prɛko pɛ, te sɛ nea afuw ntaban na atu kɔ te sɛ ɔkɔre.” (Mmebusɛm 23:5, Today’s English Version) Nnipa pii sɛe wɔn sika, te sɛ asraafo panyin a na ogye akatua kɛse nanso ne sika nyinaa sae bere a ɔkɔtɔɔ “Cadillac (kar bi a ne bo yɛ den yiye) abien ne atade nguguso bi a ne bo yɛ den a ɛto so abien maa ne yere” akyi no.

Saa nso na aban betumi adi sika asen nea ɔwɔ. Sɛ nhwɛso no, Amerika de ka bɛboro dɔla ɔpepepem 1,000 wɔ ɔman no ara mu. Aman afoforo nso dede aka akɛse saa ara, a ɛka a wɔde aman afoforo ka ho, te sɛ Rusia (dɔla ɔpepepem 16) ne Philippines (dɔla ɔpepepem 10) .

Wubisa sɛ: ‘Na dɛn nti na aman no mfa nyansa nni dwuma?’ Ade biako ne sɛ, yɛn bere yi ayɛ nea ɔhonam fam nneɛma a nkurɔfo hwehwɛ dɔɔso. Enti sikasɛm ho nimdefo Irving S. Friedman kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wiase Nyinaa Ko II akyi no, nniso horow ntumi nkɔ so ntra hɔ, anaasɛ amanyɛ akuw a wɔsɔre tia aban no ntumi nnya tumidi, gye sɛ wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛma ɔhonam fam yiye pii aba ntɛmntɛm.” Enti nniso horow hia sika​—sika pii​—na wɔde ayiyi akwan, de asisi sukuu, ayaresabea ahorow ne adan a nkurɔfo hwehwɛ. Dɛn na ɛde aba? Boseabɔ akɛse, a ama wɔadede aka akɛse. Tebea no sɛee koraa wɔ 1973 akyi.

Saa afe no mu no, aman horow a wɔwɔ ngo a wɔde yɛ petrol no tew dodow a wɔde ma wiase a aka no so. Eyi haw wiase no kɛse. Ngo a wɔde yɛ petrol no bo kɔɔ soro. Nanso wɔn a ɛkaa wɔn kɛse ne aman a afei na wɔrenya nkɔanim no.

Petrol-Sika Dwumadi

Anifere kwan a aman a wɔwɔ petrol faa so no yɛɛ nea tumi wom, na saa aman yi nyaa wɔn ho ntɛmntɛm (ɛwom sɛ mprempren wɔn nso wɔn ho rekyere wɔn sika fam esiane petrol ngo a abu so ne ne bo a ɛrekɔ fam no nti) . Saa bere no de wɔn agyapade foforo a na woanya no maa aman a afei na wɔrenya nkɔso a na wonni sika no ho kyeree wɔn. Nanso saa mfaso a wobenya ho akɔnnɔ yi bɛdaa adi sɛ ɛyɛ ‘nsɛmmɔnedi pii ntini.’​—1 Timoteo 6:10.

Saa sika yi nyinaa boa maa nneɛma bɔ kɔɔ soro kɛse, a aman pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma akɔ fam denam mfɛntom a wɔde si sika ho a wɔma ɛkɔ soro no so. Nanso, aman a wɔde afoforo ka no ho kaa mu​—ná wohia sika pii nanso na wontumi ntua bosea dedaw a wɔabobɔ no ho mfɛntom no mpo. Sɛnea yebehu akyiri yi no, ɛka ahorow yi de wiase nyinaa sikasɛm nhyehyɛe no reto asiane mu!

Wiase no Fa a Afei na Ɛrenya Nkɔso no ho Ka a Wɔbɔ

Wiase Nyinaa Ko II akyi no, wɔde Wiase Nyinaa Sikakorabea ne International Monetary Fund (IMF) sii hɔ na abɔ aman a wohia mmoa no bosea. Aman a wɔwɔ sika no na wɔde sika gu ahyehyɛde ahorow yi fotow mu. Nnansa yi, Wiase Nyinaa Sikakorabea no titrani, A. W. Clausen, kae sɛ “Wiase Nyinaa Sikakorabea no botae titiriw ne sɛ ebeyi ohia afi hɔ.” Na ahyehyɛde ahorow yi de sika pii a ɛho hia amema aman a afei na wɔrenya nkɔso. Nanso wɔkae yɛn nyansasɛm bi a ɛwɔ Mmebusɛm 22:7 no: “Ɔdefo di ahiafo so, na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.” Enti aman bi a afei na wɔrenya nkɔso no pow sɛ wobegye mmoa afi ahyehyɛde ahorow yi nkyɛn. Dɛn ntia?

Sɛnea ɛbɛyɛ na abɔ ne sika ho ban no, IMF no taa hwehwɛ sɛ ɔman biara a ɛbɛba abegye bosea no sakra ne sikasɛm nhyehyɛe denam mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtoto wɔn sikasɛm yiye, atew sika a aban de di dwuma no so na wɔatew ɛbo a wɔn sika som no so. Ebia eyinom bɛyɛ nea nyansa wom wɔ sikasɛm ho nhyehyɛe mu, nanso ebetumi de ahokyere kɛse nso aba wɔ ɔman a wonni sika mu. Enti sikasɛm ho nimdefo bi kae sɛ saa nsusuwii horow yi a wɔde hyɛ ɔman a afei na ɛrenya nkɔso so no te sɛ “sɛkyɛ a wɔtow ma onipa a ɔremem.”

Sika pii a wotintim ara kwa no yɛ nea ɛho nni mfaso​—ɛno ara ne sɛ ɛma nneɛma bo yɛ den kɛse wɔ wiase. Enti, ebia na nea aman a wɔn ho akyere wɔn kɛse no betumi ayɛ ara ne sɛ wobegye amanaman ntam ahyehyɛde horow a wɔbɔ bosea no nhyehyɛe horow no atom.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena