Onyankopɔn Ahenni—Ɛyɛ Paara Ma Wo Dɛn?
SƐNEA atesɛm krataa Modern Churchman kyerɛ no, asɔfo ka sɛ afei de wɔasan ahu sɛ Onyankopɔn Ahenni no ne “Apam Foforo” no asɛmti titiriw. So asɛm yi ma wo ho dwiriw wo? Ebia saa na ɛte ma nnipa pii a wosusuw sɛ Onyankopɔn Ahenni fa ɔsoro a wɔkɔ ho bere a wɔawu no. Momma yensusuw yɛn haw ahorow ankasa a ɛwɔ hɔ no ho. Wɔka sɛ, Onyankopɔn Ahenni no wɔ soro. Yebenya bere akyiri yi de adwene ɛno ho.
Onyankopɔn Ahenni ho adwene yi teɛ kosi baabi nkutoo. Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ ɔsoro de, efisɛ ɛhɔ na Onyankopɔn wɔ. Nanso ɛkã yɛn asase yi. Nokwarem no, Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso paara te sɛ nea nea edi wo man so nnɛ no yɛ no. Bible no se: “[Ɔhene a Onyankopɔn apaw no no] benya nkoa afi po so akosi po so, de afi Asubɔnten no so akosi asase ano.” (Dwom 72:8) Nanso so saa Ahenni yi yɛ paara?
Ɛyɛ Anidaso Paara Dɛn?
Yesu Kristo kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kɛse. Ɔbɔɔ dawuru wɔ Palestina asase no so sɛ: “Ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:17) Dɛn nti na na obetumi aka saa? Efisɛ na ɔno ankasa na ɔrebɛyɛ saa Ahenni no Hene. Wɔ a na ɔwɔ hɔ no kyerɛ bɛn a na abɛn.
Sɛ́ Yesu bɛka sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene no yɛ asɛm a emu yɛ den! So na ɔredi mfomso? Dabi, anyɛ yiye koraa no esiane ntease ahorow abien nti: Nea edi kan no, nea Yesu kyerɛkyerɛe no gyina Bible no fã a na ɛwɔ hɔ no so. Na, nea ɛtɔ so abien no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow a tumi a efi Onyankopɔn hɔ nkutoo so na ɛnam betumi ayɛ yiye de kyerɛe sɛ na Onyankopɔn gyina nea ɔreka no akyi.
Ɔkwan bɛn so na Yesu betumi ayɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene bere a abakɔsɛm kyerɛ yɛn sɛ owui wɔ asɛndua so no? Sɛnea ebia wunim no, Bible bɔ amanneɛ sɛ wonyanee no fii awufo mu na ɔforo kɔɔ soro, na ɔkɔtwɛnee bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no besi hɔ. (Asomafo no Nnwuma 2:32-35) So ɛno bae ankasa?
Yiw, na wɔanyɛ wɔ kokoam. Adansefo pii huu Yesu wusɔre no. Wɔ ne wu akyi bere bi no, nnipa bɛyɛ 500 huu no sɛ wasɔre. (1 Korintofo 15:6) Wɔn a wohuu no yi binom kyerɛw nhoma horow a ɛda so ara wɔ hɔ. Nhoma horow a ɔsomafo Mateo, Yohane ne Petro kyerɛwee no yɛ Bible no fã nnɛ.
Sɛnea Yesu akyidifo no yɛɛ wɔn ade nso kyerɛ sɛ wobetumi agye wɔn adi, sɛ wɔka sɛ wohuu Yesu a wɔanyan no no a. Bere a owui akyi ara pɛ na wɔn aba mu bui, pɛe sɛ wɔbɛsan akɔyɛ wɔn kan nnwuma ahorow no. Nanso ɛno akyi bere tiaa bi no, wonyaa anigye ne ahotoso a na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ amanaman nyinaa wɔ tebea horow a emu yɛ den ne ɔtaa mu. Dɛn na ɛmaa nsakrae a ɛte sɛɛ bae? Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wohuu Yesu a wɔanyan no no na enti wohui sɛ nea na ɔka kyerɛ wɔn wɔ Onyankopɔn Ahenni ho no yɛ nokware no ara kwa.
Ɛyɛ Paara Dɛn Nnɛ?
Nanso, pii ho hia wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho sen sɛ wobegye atom ara kwa sɛ Yesu da so ara te ase. Wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no, wɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnka sɛ: “W’ahenni nmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) So nneɛma horow a ɛyɛ hu a ɛresisi wɔ asase so nnɛ no yɛ nea Onyankopɔn pɛ? Dabida. Enti, Onyankopɔn Ahenni no da so ara wɔ nneɛma yɛ.
Adeyɛ kɛse a ɛbɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ wɔ asase so ne Satan a wɔtow no fii soro, a ɛyɛ biribi a edi ne sɛe anim no. Nea ɛde bae? ‘Amanehunu ma asase’ bere tiaa bi. (Adiyisɛm 12:7-12) Nea ɛka ‘amanehunu’ yi ho ne ɔhaw bere a emu yɛ den ma adesamma: wiase ko ahorow, ɔkɔm a ɛreka ɔpepem pii, nyarewa ahorow a wontumi nsiw ano, daakye ho hu a emu retrɛw kɛse, ne nea ɛkeka ho. Wo ankasa kenkan sɛnea Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 24, Marko 13 ne Luka 21 no. Bere a waka ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.”—Luka 21:31.
Nea Yesu bɔɔ ho kɔkɔ no reba mu mprempren. Nokwasɛm yi di adanse sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ paara. Ɛkyerɛ nso sɛ wɔatow Satan afi soro dedaw na ɛrenkyɛ Ahenni no bɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ wɔ asase so nyinaa.
Nanso Ahenni a enni nkoa anaa mma no nni mũ. So Onyankopɔn Ahenni no wɔ nkoa? Yiw. Wɔ nsase boro 200 so no Kristofo a wɔboro 2,000,000 yɛ ne nkoa. Bere a wodi asase a wɔte so no mmara so no, wosua Onyankopɔn Hene a wapaw no, Kristo Yesu, ahyɛde horow no yiye na wodi so. Na wɔde anigye ka Ahenni yi ho asɛm kyerɛ wɔn mfɛfo na wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ne nkoa. Wɔ a amanaman ntam nkoa kuw yi wɔ hɔ no ma ɛda adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ paara.
Saa Ahenni yi di dwuma. Akyerɛkyerɛ ne nkoa no ma wobu bra a ɛho tew, wodi nokware na wɔwɔ su pa wɔ asetra mu. Ama wɔabɛyɛ aman ne aman ntam anuanom, faako a yɔnko dɔ ankasa wɔ. Nanso dwuma horow a ɛyɛ nwonwa a ebedi no da so ara wɔ yɛn anim, bere a ɛbɛsɔre atia Satan ne nsɛmmɔnedifo afoforo a wɔwɔ asase so nyinaa na asɛe wɔn no.
Wɔaka nea ebefi ne dwumadi yi nyinaa mu aba no ho asɛm wɔ bɔhyɛ a ɛkanyan koma yi mu: “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) So wobɛpɛ sɛ woyɛ nniso a ɛde mfaso horow a ɛte sɛɛ bɛba akoa? Wubetumi. Nokwasɛm no ne sɛ Onyankopɔn reto nsa afrɛ wo ma woayɛ saa. Dɛn nti na wunnye bere nkenkan Bible no na wunhu ɔkwan a wobɛfa so adi ho dwuma? Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ani begye sɛ wɔde mmoa biara a wuhia bɛma wo.