Yɛn Ɔhaw Mmere Yi Mu Agyapade
OGUANFO ɔhaw no nyɛ asɛm foforo. Nnipadɔm pii aguan afi wɔn aman mu mpɛn pii wɔ abakɔsɛm mu. Sɛ nhwɛso no, nea ɛma yenyaa Europa no fã kɛse no ara fi tu a nkurɔfo tu kɔe bere a Roma Ahemman hwee ase no. Nanso, obi besusuw sɛ adesamma akwantu a emu yɛ den sɛɛ yi fi tete. Nanso, obi a na kan ɔyɛ Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ aguanfo ho nsɛm so no panyin kae nnansa yi sɛ “nnipadɔm kɛse a wotu kɔ aman afoforo so reyɛ ade a ɛkɔ so bere nyinaa a ɛyɛ hu wɔ yɛn mmere yi mu.” Dɛn ntia?
Oguanfo Bere
Sɛnea Bible ka too hɔ no, wɔayi asomdwoe afi asase so fi 1914. (Adiyisɛm 6:4) Tuo a edi kan a wɔtowee wɔ Wiase Ko I mu no bɛyɛɛ nsakrae horow wɔ asetra, amammuisɛm ne sikasɛm mu no mfiase. Wiase ko a ɛto so abien a ɛbae no besii nokwasɛm yi so dua, na egyaw Europafo aguanfo bɛyɛ ɔpepem 11 guu n’akyi.
Wiase Ko I akyi no, wɔde adwene sii mmɔden a wɔbɛbɔ apɛ baabi ama nnipa a wɔatutu afi wɔn atrae yi so. Nanso na ɔko no ama anidaso a ɛwɔ hɔ ma atubrafo tumidi no nso ho aba asɛm kɛse. Wɔ Asia ne Afrika nyinaa no, aman afoforo fii ase sɔree, na wɔnam mogyahwiegu ne asetra ne sikasɛm mu basabasayɛ so hwehwɛɛ “ahofadi.” Wɔpamoo Europafo mpempem pii fii aman ahorow a wɔde ayɛ wɔn kurom ankasa no so. Amansɛmdi mu ntawntawdi ahorow a ɛkɔɔ so wɔ ɔman mu maa ɔman mma mpempem pii nso fii wɔn aman mu. Na saa ara na ɛrekɔ so nnɛ. Wɔ mfirihyia asia a atwam no mu no, nnipa ɔpepem biako aguan afi Ethiopia esiane ɔko ne ɔpɛ a asi wɔ hɔ no nti. Nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem fã mu fã guan fii Zimbabwe bere a ntawntawdi ahorow kɔɔ so wɔ ɔman no mu wɔ 1972-1979 mu no.
Nnipadɔm pii nso atu afi Asia, Mfinimfini ne Kesee fam Amerika esiane amammuisɛm mu nsakrae nti. Sɛ nhwɛso no, India nyaa ahofadi wɔ Engiresi Aburokyiri nsam wɔ afe 1947 mu. Nanso, mpaapaemu a edii akyi bae wɔ asasepɔn kɛse yi so no ma wɔkyekyɛɛ mu nyamesom kwan so ma wonyaa India ne Pakistan, na ɛno fii mogyahwiegu kɛse ase wɔ ɔman no nyinaa mu. Hindufo ne Nkramofo a wɔwɔ aman abien no nyinaa so guan kɔɔ wɔn aman ankasa mu kɔhwehwɛɛ ogye. Ɛno ne nnipa dodow a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu a wɔadi “nsesa” a ɛte saa—nnipa 18,000,000. Wokunkum aguanfo yi mu bɛyɛ ɔha biara mu 10 anaasɛ ɔkɔm ne ɔbrɛ ma wowuwui ansa na wɔredu wɔn atrae foforo no. Saa ara na North ne South Korea mu nkyekyem no ma wonyaa aguanfo pii—nnipa ɔpepem 1.8. Na nnɛ ɛsɛ sɛ Thailand hwehwɛ atrae ma nnipa bɛyɛ 200,000 a wɔaguan afi ɔko a ɛrekɔ so wɔ Cambodia, Vietnam ne Laos no mu no.
Nnipadɔm pii a wotu kɔ mmeae afoforo yi yɛ adanse biako a ɛkyerɛ sɛ ɔhaw ahorow a akã onipa fi 1914 no yɛ nea wɔrentumi nyɛ ho hwee! Sɛ́ eyi ho adanse foforo no, susuw nnɛyi sikasɛm mu aguanfo no ho hwɛ.
Ani Nnye Wɔn Ho Bio?
“MOMPAM TURKEYFO NO MA WONKƆ,” saa na asɛm a wɔde nsa akyerɛw no akɛse no kae. Ɛda ɔtan a ɛrekɔ so a Germanfo anya wɔ nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem 1.4 a wɔatu afi Turkey no ho no adi. Na eyi akɔ so a ɛmfa ho sɛ Germany ankasa na ɛtoo nsa frɛɛ wɔn ma wɔbaa hɔ! Wɔn haw no yɛ aguanfo kuw foforo de no bi ankasa—sikasɛm mu oguanfo. Saafo yi nyɛ wɔn a wɔreguan nniso bi a ɛyɛ nhyɛso anaa nyamesom mu ɔtaa bi, ma enti wommu wɔn sɛ aguanfo ankasa. Nanso woreguan sikasɛm nhyehyɛe horow a asɛe, adwuma a wonnya nyɛ, nneɛma bo a ɛrekɔ soro a wontumi nnyina ano—ne mpo ɔkɔm. Te sɛ aguanfo ankasa no, wɔtaa hyia nitan wɔ ɔman a wɔpaw sɛ wɔde bɛyɛ guankɔbea no mu.
Eyi kae yɛn tebea bi a ɛbae bere tenten a atwam ni wɔ Misraim. Kae sɛ Israel man no kɔɔ hɔ nea edi kan sɛ ‘ahɔho,’ bere a ɔkɔm ma wotuu kwan kɔɔ Misraim kɔhwehwɛɛ aduan no. Esiane sɛ ɛyɛ Israelni Yosef na ɔhyɛɛ aduankɔm no ho nkɔm na ɔyɛɛ ho nhyehyɛe nti, Farao too nsa frɛɛ Israelfo no sɛ wɔmmɛtra Gosen. (Genesis, ti 41, 42 ne 47) Nanso anigye a wɔde gyee wɔn no ankyɛ.
“Aguanfo a Wɔmpɛ Wɔn ho Nkate a Emu Reyɛ Den”
Nneɛma mu bɛyɛɛ den wɔ Israelfo ne Misraimfo no ntam bere a kasa, amammerɛ ne nyamesom mu ntawntawdi ahorow sɔree no. Misraim akuafo dii yaw titiriw wɔ asase a Israelfo nyɛmmoa didi so no ho. Afei nsakrae bae wɔ Misraim ahenni no mu. Mpofirim ara Israelfo no hui sɛ nnipa a wɔde wɔn yɛɛ nnamfo yi ara de wɔn ayɛ nkoa.—Exodus 1:8-11.
Saa ara na nnɛ, bere a ɔman bi di yiye no, wogye ahɔho tom mpɛn pii, efisɛ wɔtaa pene so sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a ɔman mma mpɛ no. Sɛ nhwɛso no, ahɔho bɛyɛ ɔpepem 12.5 yɛ adwuma wɔ Europa. Business Week kae sɛ: “Sikasɛm mu nkɔso a ano abrɛ ase, nnwuma akɛseakɛse pii a akɔ fam wɔ mfirihyia abien ne fã yi mu, ne mfiri horow pii a wɔde yɛ adwuma mprempren no rema adwuma ho ayɛ nã, na ɛrema ahohɔ a wokura adwuma no nhyɛso no mu ayɛ den.”
Nea ɛba bɛka asɛm a emu yɛ den no ho ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sikasɛm mu aguanfo pii aba United States a mmara mma wɔn kwan no. Wobu akontaa sɛ efi 1972 mu no Haitifo a wɔn dodow fi 40,000 kosi 50,000 atu aba hɔ a mmara mma wɔn kwan. Na mpempem pii nso fi Mexico a ne sikasɛm nhyehyɛe ayɛ basaa no mu ba da biara a wɔn ani abere rehwehwɛ adwuma.
Nanso aguanfo pii a wotu kɔ ɔman foforo so—aguanfo ankasa ne sikasɛm mu aguanfo—ma ɔman no nneɛma ne wɔn anigye so huan. Sɛ nhwɛso no, Time bɔɔ “aguanfo a wɔmpɛ wɔn ho nkate a emu reyɛ den wɔ Amerika mmarahyɛ bagua ase . . . esiane wɔn sikasɛm ne asetra ho nhyehyɛe horow a ɛrekɔ fam nti” ho amanneɛ. Na saa ara na aman afoforo pii nso ani nnye ho sɛ wobegye wɔn bio.
Asɛm bi a esii nnansa yi wɔ Nigeria yɛ sɛnea sikasɛm mu aguanfo betumi ayɛ wɔn a wɔmpɛ wɔn bio mpofirim ara no ho nhwɛso.
[Kratafa 6 mfoni]
Sikasɛm mu aguanfo pii kɔ ɔman bi mu kɔhwehwɛ adwuma bere a mmara mma wɔn kwan