Nneyɛe Ahorow Bi A Wobu Sɛ Ɛyɛ Agorudi—Ɛyɛ Anigye Dɛn?
NÁ ƆBARIMA bi ani abere reyɛ adwuma, ɔtare ahɔhodan a ɛyɛ abansoro a ɛto so 11 no mfɛnsere ho. Ampa, na wɔde nhama bi akyekyere no yiye a ɛremma ɔnhwe ase. Ɔfrɛɛ n’adamfo bi a ɔwɔ ahɔhodan no mu sɛ ɔmmra ɔdan a ɔreyɛ ho adwuma no mu. Bere a ɔbaa ɔdan no mu na ɔhwɛɛ mfɛnsere no mu no, n’adamfo no huu biribi a ɛmaa ne yam hyee no kɛse. Nhama a wɔde akyekyere no no sanee, na bere a n’adamfo a ɔreyɛ adwuma no teɛɛm no, wanhu no bio.
So ɛyɛ asiane bi a ɛyɛ hu anaa? Dabi, ɛyɛ agoru. Na wɔde nneɛma bi agugu ase hɔ wɔ faako a odwumayɛni no reyɛ adwuma no, na na cushion nso ka ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛba abɛhwe so a ɔrempira. So ɛyɛ anigye? Wɔ nea ohui sɛ watew afi abansoro a ɛto so 11 no ho na osusuwii sɛ ɔrekɔhwe ase awu no fam de, ɛnte saa.
Memeneda anɔpa bi ɔbarima bi kɔɔ mfiridwuma bi mu wɔ faako a ɔyɛ adwuma sɛ ɔde ne nnwinade rekogu hɔ. Ná ɔrekɔ ayeforohyia bi ase saa awia no, na na wahyɛ n’atade a n’ani gye ho sen biara. Ná ne mfɛfo adwumayɛfo no nim sɛ ɔreba. Enti, sɛnea ɛbɛma wɔasrew no, wɔkɔtɛw no wɔ ɔkwan mu na wosum no too nsu bi a na ɛwɔ hɔ mu, ɔne n’atade no nyinaa. Adeyɛ foforo a na wosusuw sɛ ɛyɛ agorudi, nanso so ɛyɛ anigye? Dabi, wɔ ɔbarima a na wɔama ne ntade mu asɛe no fam de na ɛnte saa.
Bible no ka nneɛma ahorow a wɔyɛ na wobu sɛ ɛyɛ agoru no ho asɛm. Ese: “Sɛ ɔbɔdamfo a ɔtow nyansrama, agyan ne owu te no, sɛ onipa a ogyigye ne yɔnko na ɔka sɛ: agoru na meredi te ne no.” (Mmebusɛm 26:18, 19) Nanso nneɛma bi a wobu sɛ ɛyɛ agorudi nyɛ nea wɔntaa nyɛ, wɔ Kristofo mu mpo. Dɛn ntia? Efisɛ ebia ebinom te nka sɛ ɛma nkurɔfo serew na ɛma wɔn ani gye kakra wɔ asetra mu nso. So saa na wote nka? Sɛ saa a, ɛnde susuw asetra mu osuahu ahorow ankasa kakra yi ho wɔ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no fam na hwɛ.
Bere a Nneɛma Nkɔ Yiye
Ɛnkyɛe na nkwaseasɛmdifo bi teɛɛm wɔ beae bi a wɔreyi sini a ɛhɔ yɛ sum sɛ “Ogya redɛw!” Ehu kaa wɔn, na wotiatiaa afoforo so. Nnipa baanum wuwui, na 50 nso pirapirae.
Aberante bi a ɔyɛ okunu kɔɔ adwuma anɔpa bi nanso esiane sɛ na wim tebea no nye nti, ohui sɛ wɔammue wɔn adwuma no na ɔsan baa fie. Ná ne yere wɔ aguaree bere a ɔtee sɛ ɔresan aba no. Esiane sɛ na osusuw sɛ ɛyɛ ɔkorɔnfo nti, ɔde mpopaho bɔɔ ne mu, na ɔfaa tuo kɔhwɛe sɛ ɛyɛ hena. Esiane sɛ na ɔbarima no pɛ sɛ ɔyɛ biribi de di agoru nti, ohintawee. Bere a ne yere bɛnee no no, ohuruwii na ɔteɛɛm sɛ “Hei!” Ne yere a na ne koma atu no tow no tuo.
Ampa, ɛnyɛ nneyɛe ahorow a wobu sɛ ɛyɛ agorudi nyinaa na ekowie asiane mu. Nanso fɛwdi biara a wosusuw sɛ ɛyɛ agorudi betumi ayɛ nea enye, sɛnea Fred hui no. Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛkɔ akɔfɛm motorcycle ketewaa bi wɔ n’akwamma bere no mu. Enti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow bi wɔ n’afirika ho tumi krataa no so. Na eyi hwehwɛ sɛ ɔbɛyɛ sɔhwɛ ahorow bi. Akyiri yi, ɔtraa ase twɛnee ho mmuae. Ankyɛ na krataa bi bae—a na wɔde reka akyerɛ no pen a ayamye biara nni mu sɛ anyɛ yiye amma no.
Fred werɛ howee. Ná wayɛ adwumaden, na na afei nso n’akwamma ho nhyehyɛe ahorow no bi asɛe. Afei nso esiane sɛ na onim sɛ ɔbɔɔ mmɔden yiye wɔ sɔhwɛ ahorow no mu nti, ɔyɛɛ basaa. Ne bo fuw mpanyimfo no, efisɛ wɔanna ayamye biara adi wɔ wɔn krataa no mu. Akyiri yi bere a n’adamfo paa bi hui sɛ ne werɛ ahow no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, krataa no nyɛ nokware. N’adamfo no ankasa na ɔkyerɛwee! Ná osusuw sɛ Fred behu ntɛm ara sɛ ɛyɛ agorudi ara kwa. Nanso Fred anhu no saa. Mmom no, ɔyɛɛ basaa na na ɛno nyɛ asɛm a wɔde di agoru koraa.
Wɔyɛɛ Ron nso bi saa ara. Obi frɛɛ no wɔ telefon so Kwasida anɔpa bi na ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛkasa nkyerɛ asɔre bi a ɛwɔ wɔn hɔ mufo. Esiane sɛ ɔmaa no bere sɛ ɔmfa nsusuw nsa a wɔato afrɛ no no ho nti, ɔsan yɛɛ ne nhyehyɛe foforo na ɔne afoforo susuw nsa a wɔato afrɛ no no ho na ɔyɛɛ nhwehwɛmu ahorow wɔ nea ɔbɛka no ho. Bere a ɔsan frɛɛ onipa no bio wɔ telefon so na ɔkyerɛɛ no sɛ wagye atom sɛ ɔbɛba no, ohui sɛ ɛyɛ adeyɛ bi a na wɔde redi ne ho agoru—a na obi a onhyiaa no da na ɔreyɛ saa, efisɛ na ɔyɛ ɔhɔho wɔ saa beae hɔ.
Ron yɛɛ n’ade dɛn? Ɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ me yaw sɛ mesɛee me bere ne m’ahoɔden. Metee nka kɛse sɛ saa ‘agorudi’ no nye. M’ani wui nso sɛ masɛe afoforo bere wɔ biribi a ɛnte saa ho. Na meyɛɛ m’adwene sɛ mɛhwɛ me ho yiye daakye wɔ me ne saa onipa no nsɛm mu.”
So eyi kyerɛ sɛ Ron ne Fred bu wɔn ho dodo, anaasɛ wonnim agorudi? Dɛn na wususuw? So w’ani gye ho sɛ wɔbɛdaadaa wo? So ɛsɛ sɛ onipa a onni adagyew bu no sɛ ɛnyɛ hwee, bere a wɔsɛe ɔne nnipa afoforo bere sɛnea ɛnsɛ no? So wubetumi afa no sɛ ɛyɛ agorudi bere a wɔama woayɛ basaa na wɔadi wo huammɔ wɔ nnɔnhwerew kakraabi mu mpo no? Anaasɛ sɛ w’abusuani bi wui anaasɛ opirae wɔ saa sinidan a wotiatiaa afoforo so wom no mu ɛ? Ampa, nneyɛe ahorow bi a ɛte sɛɛ a wobu sɛ ɛyɛ agorudi no yɛ nea wɔde bu ahyɛde titiriw no so sɛ: “Na sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara!”—Luka 6:31.
Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso saa agorudi ahorow no de, ɛyɛ nea ɛkɔɔ akyiri dodo.’ Ɛno yɛ nokware. Nanso Al a ɔne mmerante ne mmabaa kuw bi yɛ adwuma no se, nneyɛe ahorow bi a wobu sɛ ɛyɛ agorudi no taa yɛ nea ɛkɔ akyiri dodo. Ɔka sɛnea mmerante bi dii onipa foforo a waba adwuma no mu ho fɛw ma ɔde ne koko bɔɔ fam ma opirae kɛse a wɔ bere bi mu no na ontumi nhome na ɛno nti wantumi amma adwuma nna dodow bi no ho asɛm. Afoforo nso de nsu gu nneɛma ahorow a na nnuru ahorow wom mu na wohwie gu wɔn ho wɔn ho so a etumi ma wɔn aniwa yɛ wɔn hene. Wɔn werɛ afi sɛ nnuru ahorow na na ɛwɔ nneɛma ahorow yi mu. Al se: “Ɔhaw ahorow a nneyɛe bi a wobu sɛ ɛyɛ agorudi de ba no dɔɔso yiye. Nnipa a wɔwɔ faako a meyɛ adwuma no mu pii te asɛm ase ma enti wonni agoru ahorow a ɛte saa bio.”
Dɛn Nti na Nkurɔfo Di Agoru a Ɛte Saa?
Asemmisa yi ho mmuae ahorow pii wɔ hɔ. Nnipa binom ani gye agorudi ho ma ɛtra so ma enti ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobedi wɔn ho so. Fred nte nka sɛ ne ho fɛw a wodii no yɛ nea wɔde adwemmɔne bi na ɛyɛe. Ná n’adamfo no ne no redi agoru ara kwa. Ron tee nka sɛ na onipa a ɔyɛɛ no saa no “rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’ani agye kakra.” Na Al bu agorudi ahorow a ɛte sɛɛ sɛ ɛyɛ mmerantebere mu ade.
Al ka ade foforo nso a ɛma wɔyɛ saa ho asɛm: akansi. Ose: “Obi fi biribi ase, na ɛsɛ sɛ nea ɔyɛɛ no saa no yɛ no bi tua ka wɔ ɔkwan biara so. Afei ɛma obiara ani gye, na nneɛma yɛ nea ɛkɔ akyiri dodo. Sɛ nhwɛso no, ebia obi bemia nsu kakraa bi agu n’adamfo bi so. Sɛ́ nea ɔno nso reyɛ de atua so ka no, ɛsɛ sɛ n’adamfo yi nso hwie nsu bokiti ma gu no so. Afei sɛ ɔno nso bɛyɛ no bi ma ayɛ pɛpɛɛpɛ a, na ɛsɛ sɛ osum n’adamfo a ɔhyɛ atade no to nsu mu!”
Stan a na anka ɔyɛ duadwumfo no kae sɛnea ne mfɛfo adwumayɛfo no mu biako a na n’ani mmuei papa bɛyɛɛ obi a wɔn nyinaa di ne ho fɛw no. Ná adwumayɛfo no mu baanu ani gye ho titiriw sɛ wobedi ne ho fɛw. Dɛn ntia? Stan susuw nneɛma ahorow abien bi a ebia ɛno nti na ɛte saa no ho. Ose: “Ebia esiane sɛ na n’ani mmuei kɛse nti na ɔno na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ na wama wɔaserew.
Anaasɛ ebia na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wayɛ obi a n’ani abue kɛse.”
Sɛ nea na etwa to no ne wɔn adwene a, so wotumi yɛɛ saa? Stan se, “Dabi. Ɔbɛyɛɛ basaa na na osusuw sɛ obiara nni ne ho adwempa. Ɛma onyaa su horow a enye, na ɛkaa adwumayɛfo afoforo wɔ ɔkwan a enye so.”
Kae ɔsomafo Paulo asɛm no: “Yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) So nneyɛe ahorow bi a wobu sɛ ɛyɛ agorudi no yɛ nea wɔde di afotu yi akyi? Dabida.
So Yebetumi Anya ho Adwene a Eye?
Nsɛnkwaa a woyi wɔ bere a ɛsɛ mu ye. Sɛ ɛno nni hɔ a anka ɛremma wiase nyɛ dɛ. Asɛm bi a wɔka wɔ fɛwdi anaasɛ agorudi kwan so betumi ama abufuw anaa basaa a obi ayɛ agyae. Di a wo ne nkurɔfo bedi agoru na ayɛ te sɛ nea wuredi wɔn ho fɛw kakra mpo betumi akyerɛ ɔdɔ a wowɔ ma wɔn. Nanso fɛwdi betumi apira obi nso. Sɛ woredi obi ho fɛw na woka ne mmerɛwyɛ anaa ne sintɔ ahorow ho asɛm a, ɛde nitan ba. Bio nso, agorudi ahorow a ɛma nkurɔfo yɛ basaa, wɔn anim gu ase, wɔde daadaa wɔn, ɛma ehu ka wɔn, ɛma wonya afoforo ho adwemmɔne anaasɛ ɛma wɔn ani wu—sɛ ɛyɛ bere tiaa bi mpo a—yɛ nea ɛda adi sɛ enye. Saa ara nso na yebetumi aka wɔ agorudi ahorow a ɛma onipa foforo no ntade anaa nneɛma afoforo mu sɛe, anaasɛ nea ɛma onipa foforo no sɛe ne bere a ɛho hia kɛse anaasɛ ɛmma onipa bi ntumi nyɛ adwuma bi a wayɛ ho nhyehyɛe anaasɛ ɛma ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ ho no ho. Na Bible no se: “Momma mo yam nyɛ yiye . . . momma mo ho.”—Efesofo 4:32.
Ebia obi a ɔpɛ fɛwdi bɛka sɛ: ‘Nanso sɛ wodi me ho fɛw a ɛnhaw me. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ midi afoforo ho fɛw a ɛhaw wɔn?’ Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ bere bi a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tumi serew yɛn ho yɛn ho. Na ɛsɛ sɛ afoforo a yɛne wɔn bɛserew no ma yenya anigye. Nanso sɛ́ wobɛserew obi esiane sɛ woama n’anim agu ase nti no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ. Afei nso, yɛrentumi nni kan nhu sɛnea onipa a yɛreyɛ no saa no bɛte nka. Ɔbarima bi dii mmea a ɔne wɔn yɛ adwuma ho fɛw kakra. Ɛyɛ nea anhaw kakra bi a wodi kan no, na enti wɔne no serewee. Anyɛ nea otwa to a ɔnte apɔw papa no dɛ. Ɛhaw no na ne bo fuwii na ɛmaa asɛm a na ɔfa no sɛ ɛyɛ agoru no anyɛ anigye bio.
Kae, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenhuhu mma yɛn ho, na yɛnnodɔ yɛn ho sɛ anuanom, na yɛn yam nhyehye yɛn mma yɛn ho na yennwen ahobrɛase adwene.’ (1 Petro 3:8) Sɛ ɛrenhaw wo sɛ afoforo bedi wo ho fɛw mpo a, nnipa pii rempɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn saa. ‘Hu a wubehu ama afoforo’ no bɛboa wo ma woasusuw wɔn nkate ahorow ho. Nokware a ɛyɛ sɛ ebia agoru a ɛte sɛɛ bɛma w’ani agye no mma ɛnyɛ nea ɛteɛ. “Ahobrɛase adwene” a wubenya bɛboa wo ma woahu eyi. Na ‘ayamhyehye’ remma ɛnyɛ nea w’ani gye ho sɛ wobɛhaw wo yɔnko nipa.
Sɛ afoforo a wo ne wɔn wɔ hɔ redi agoru ahorow a ɛte sɛɛ a, ebia ɛho behia sɛ wohyɛ wo ho so kɛse na woamfa wo ho anhyem. Sɛ obi yɛ wo biribi a ɛte saa a obu no sɛ ɛyɛ agorudi a, ebia ebehia sɛ wunya ahosodi na woanyɛ bi antua so ka. (Galatifo 5:22, 23) Na sɛ onipa no yɛ obi a ɔpɛ fɛwdi a, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wo ne no remmɔ. Ebia afoforo bɛka sɛ wofa nneɛma aniberesɛm dodo. Nanso mpɛn pii agoru ahorow a ɛte saa dan bɛyɛ nea anibere wom.
Fred a obi de krataa bi a ɛnyɛ nokware daadaa no no ankasa huu sɛnea nneɛma ahorow bi a wobu sɛ ɛyɛ agorudi no te wɔ mfe bi a atwam no mu. Ɔkɔsraa awarefo bi a na onim wɔn yiye, na esiane sɛ na ɔbea no nni fie nti, okohintawee wɔ wɔn dan a wɔda mu no mu. Bere a ɔbea no baa fie no, ɔhwehwɛɛ hɔ nyinaa hwɛe sɛ obehu no anaa, efisɛ na osusuw sɛ ɔwɔ hɔ. Bere a wanhu no no, ɔkɔɔ ɔdan a wɔda mu no mu. Bere a ogyina ahwehwɛ a ɛwɔ hɔ no anim no, Fred fii mpa no ase na osoo ne nan mu. Ɔteɛɛm a na wasinsen gyina hɔ. Osuroe araa ma ehu kaa Fred ankasa mpo. Ɔkae sɛ: “Masua biribi afi mu. Merenni agoru a ɛte saa bio da.”
Gyinaesi a nyansa wom bɛn ara ni! Ɛyɛ gyinae a obiara a n’adwene mu da hɔ na osusuw ne yɔnko nnipa ho bɛpɛ sɛ ɔbɔ mmɔden si.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
So eye ma Kristoni sɛ obegu afoforo anim ase, ɔbɛma ehu aka wɔn anaa ɔbɛma wɔn ani awu na ama watumi aserew wɔn?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Afoforo a wo ne wɔn bɛserew ye. Nanso sɛ́ wobɛserew wɔn betumi ayɛ nea enye
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Osuahu kyerɛ sɛ nneɛma ahorow a wobu sɛ ɛyɛ agorudi taa yɛ nea ɛkɔ akyiri dodo