Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 2/8 kr. 12-13
  • So Asiane Biara Nni Nneyɛe Ahorow A Wobu Sɛ Eye Agorudi No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Asiane Biara Nni Nneyɛe Ahorow A Wobu Sɛ Eye Agorudi No Mu?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Sɛ Ɔbɔdamfo”
  • Ɔkwan a wobɛfa So Agyae
  • Nneyɛe Ahorow Bi A Wobu Sɛ Ɛyɛ Agorudi—Ɛyɛ Anigye Dɛn?
    Nyan!—1984
  • Dɛn Nti na Mmofra Foforo Gye Wɔn Ani Pii Saa?
    Nyan!—1996
  • Ɔkwan Bɛn na Mɛfa so Agye M’ani?
    Nyan!—1996
  • Sua Aseresɛm Yi wɔ W’asetra Mu
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 2/8 kr. 12-13

Mmofra Bisa Sɛ. . .

So Asiane Biara Nni Nneyɛe Ahorow A Wobu Sɛ Eye Agorudi No Mu?

NÁ ƐYƐ agorudi ara kwa. Mmarimaa a wɔyɛɛ saa no serewee denneennen. Ná wɔakyekyere bare dodow bi abom biako de biribi atuatua ho na wɔaka ho nyinaa fitaa. Na wɔakyerɛw nkyerɛwde “C.C.C.P.” a egyina hɔ ma Rusia agu ho. Wɔde kɔtoo ɔbarima bi a wɔfrɛ no Ted fi nkyɛn. Ade kyee no, ɔde hu frɛɛ polisifo na ɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ Rusiafo ɔprɛm bi abɛtɔ ne fi no nkyɛn. Nanso bere a ɔde akomatu rekasa akyerɛ polisifo a wɔaba sɛ wɔrebɛyɛ nhwehwɛmu no mu biako no, agorudi no dan aniberesɛm. Ade tɔɔ Ted so na wɔde no kɔtoo ayaresabea a na tebea a ɔwom no mu yɛ den.

Ampa, ɛnyɛ nneyɛe ahorow bi a wobu sɛ ɛyɛ agorudi nyinaa na ɛbɛma wɔde obi akɔto ayaresabea de, nanso susuw sɛnea wobɛte nka no ho, sɛ wo na womaa asɛm a ɛte sɛɛ sii​—esiane sɛ wɔpɛ sɛ wunya anigye kakraa bi ara kwa nti a. Mmofra pii a mpɛn pii wosusuw sɛ asiane biara nni nneyɛe ahorow a wobu sɛ ɛyɛ agorudi mu a wosusuw sɛ ɛyɛ anigye pii no na wɔtaa de wɔn ho hyem. Nanso so ɛte saa ankasa?

“Sɛ Ɔbɔdamfo”

Wɔkyerɛw Bible nhoma a ɛne Mmebusɛm no “sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew, aberante nso nimdeɛ ne adwempa.” (Mmebusɛm 1:1-4) Asɛm a ɛfa nneyɛe ahorow a wobu sɛ ɛyɛ agorudi ho yi ka emu anyansasɛm no ho: “Sɛ ɔbɔdamfo a ɔtow nnyansramma, agyan ne owu te no, sɛ onipa a ogyigye ne yɔnko, na ɔka sɛ: agoru na meredi, te ne no.” (Mmebusɛm 26:18, 19) Asɛmfua a ɛne “ɔbɔdamfo” no kyerɛ obi a n’adwene asɛe.

Susuw nkwa ne nneɛma a ɔbɔdamfo bi a ɔretotow agyan​—a bɔre wɔ bi ano mpo bɛsɛe no ho. Ebia “ɔbɔdamfo” no renhu aniberesɛm a ne nneyɛe no yɛ no nwie. Ontumi nsusuw nneɛma ho. Saa ara na wɔn a ‘wogyigye wɔn yɔnkonom’ a ebia ɛnyɛ sɛ wɔpɛ sɛ wopira wɔn ankasa no te. Nanso eyi nyɛ awerɛkyekye kɛse biara mma nnipa a wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ adeyɛ yi mu no pira wɔn wɔ honam mu anaasɛ nkate mu no. Ɛnde dɛn nti na nnipa binom di afoforo ho agoru wɔ saa kwan yi so?

Mmebusɛm de anoyi yi mae sɛ, “Agoru na meredi.” Enti ɛtaa yɛ ade a wɔyɛ de di agoru a wɔde di asetra a afono wɔn no ho dwuma anaasɛ wɔde ma nnipa afoforo twe wɔn adwene ba wɔn so. Bio nso, sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Childstress a Mary Susan Miller kyerɛwee kyerɛ no, wɔka nneyɛe ahorow a wobu sɛ ɛyɛ agorudi ho asɛm sɛ ɛka nneɛma a wɔde bɔ adwene no ho ban a mmofra ne mpanyimfo binom de di dwuma de ko tia adwenemhaw no ho. Afoforo nso de wɔn ho hyɛ adeyɛ a ɛte saa mu esiane sɛ obi foforo adi wɔn ho agoru nti. Nokwarem no, ɛdenam nkwaseasɛm a abofra bi bɛma anya nkɔso so no, ɛma ɔbɛyɛ te sɛ nea ɔma efii ase no ara pɛ. Ade a nyansa wom a wobɛyɛ ne sɛ worempene so sɛ wode wo ho bɛhyɛ nneyɛe ahorow a wobu sɛ ɛyɛ agorudi no mu.

Ɔkwan a wobɛfa So Agyae

Bisa wo ho sɛ: “So mɛpɛ sɛ obi de ade koro no ara bi yɛ me?” Yesu kae sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Bible no hyɛ hu a yebehuhu ama yɛn ho yɛn ho na yɛayi ayamhyehye adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho ho nkuran na ɛnhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa bɔne ntua afoforo bɔne so ka. (1 Petro 3:8, 9) Ɛnyɛ sɛ su a ɛte saa a wubenya no remma wunni afoforo ho agoru nko, na mmom ɛbɛma afoforo ani agye wo ho nso. Ebia fɛwdifo no bɛma wɔaserew de, nanso wo na wubenya nnamfo.

Afei nso, hwɛ nnipa a wo ne wɔn bɔ no. Odiyifo Yeremia kae sɛ, “Mantra aserewfo guabɔ mu manni ahurusi.” (Yeremia 15:17) Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn nnamfo bɛdaadaa yɛn. Wo ne nnipa a wonim wɔn sɛ asereserewfo mmɔ fekuw.

Bere a Debbie susuw n’asetra a na ɔhaw wom sɛ obi a onnii mfe aduonu no ho no, ogye toom sɛ, “Na mepɛ sɛ mmofra a me ne wɔn bɔ wɔ sukuu no gye me tom kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a metumi anya obi a me ne no bedi agoru.” Ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔyɛɛ nneɛma ahorow bi a na nyansa nnim koraa no mu: “Efisɛ na ɛyɛ serew. Na ɛsɛ sɛ biribiara yɛ serew. Mansusuw sɛnea eyi bɛka me daakye anaasɛ sɛnea da koro mebu kɔmpɔw ahwɛ m’akyi na masusuw n’agyiraehyɛde ahorow ho no ho.” Aseresɛm a oyii bere nyinaa no amma wannya anigye ankasa. Na ɛte sɛ nea Mmebusɛm 14:13 kae no: “Ɔserew mu po koma hu yaw.” Awiei koraa no, ohuu nyansa a enni ɔkwan a ɔnam so wɔ asetra mu no mu na osii gyinae sɛ ɔde Bible mu nnyinasosɛm bedi dwuma. Anigye ankasa a mprempren ɔwɔ no sen serew a nneyɛe ahorow a wobu sɛ ɛyɛ agorudi a ɔde ne ho hyeem ma ɔserewee pii no.

Enti so asiane biara nni nneyɛe ahorow a wobu sɛ ɛyɛ agorudi no mu? Bible no ne osuahu pii a ɛyɛ awerɛhow bua sɛ dabi. Mma “agoru” a wopɛ sɛ wudi a ɛte saa no ntwe wo mfi asetra mu botae ahorow a eye a wubenya no ho. “Agyimisɛm yɛ ɔkwasea anigye, nanso onyansafo kɔ n’anim tẽẽ.”​—Mmebusɛm 15:21, The Holy Bible in the Language of Today a W. F. Beck yɛe.

[Kratafa 13 mfoni]

Ebia fɛwdifo no bɛma wɔaserew de, nanso hena na obenya nnamfo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena