Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti na Mmofra Foforo Gye Wɔn Ani Pii Saa?
Jason a wadi mfe 15 nwiinwii sɛ: “Yɛpɛ sɛ yegye yɛn ani kɛkɛ, nanso yennya kwan koraa.”
ƐYƐ awosu sɛ wobɛpɛ sɛ wugye w’ani—titiriw bere a woyɛ abofra no! Wɔ mmofra fam no, wɔn ani a wobegye no ho hia dodow no ara sɛnea adidi ne nna ho hia ara pɛ. Esiane sɛ mmofra atipɛnfo ne nsɛm ho amanneɛbɔfo hyɛ wɔn nkuran nti, wɔde ahopere di agoru ahorow ahorow akyi. Sɛnea nhwehwɛmu biako kyerɛ no, nnamfo a wɔkɔsra wɔn, TV hwɛ, sini kɔ, apontow, ne asaw, ne nneɛma ahorow na mmofra a wɔadu mpanyin afe so de gye wɔn ani titiriw anwummere. Wɔn mu pii ani gye akenkan, agodie ne agumadi ne nnwom tie nso ho.
Esiane sɛ anigyede pii wɔ hɔ nti, ebia ɛbɛyɛ mpanyimfo pii den sɛ wɔbɛte nea enti a mmofra binom, te sɛ Jason, te nka sɛ wontumi nnye wɔn ani sɛnea ɛsɛ no ase. Nanso saa pɛpɛɛpɛ na Kristofo mmofra pii aka! Abofra Casey a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako kaa no sɛɛ sɛ: “Wuhu sɛ wo nnamfo a wɔwɔ sukuu mu nyinaa kɔ apontow ase yɛ nneɛma pii, na wote nka sɛ wohwere biribi.” Nanso, so tebea no nye ankasa saa?
So Bible bara sɛ ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ani? Ɛnte saa koraa. Bible frɛ Yehowa sɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11 NW) Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa sɛ Ɔhene Salomo kae sɛ: “Ade biara wɔ ne bere . . . osũ wɔ ne bere, na ɔserew wɔ ne bere; nkɔmmɔdi wɔ ne bere, na asaw wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Hebri mfitiase asɛmfua ma “serew” wɔ ha ne nsɛmfua a ɛne no sɛ no betumi akyerɛ ‘hyɛ fã,’ ‘di agoru,’ ‘di aguma,’ ‘gye ani,’ ne ‘sɛpɛw wo ho.’—2 Samuel 6:21 NW; Hiob 41:5 NW; Atemmufo 16:25 NW; Exodus 32:6 NW; Genesis 26:8 NW.
Wɔ Bible mmere mu no, Onyankopɔn nkurɔfo nyaa dwumadi a ɛfata te sɛ sankubɔ, dwonto, asaw, nkɔmmɔbɔ, ne agodie ahorow mu anigye. Ná wɔwɔ bere titiriw ma apontow, ne fekubɔ a ɛyɛ anigye nso. (Yeremia 7:34; 16:9; 25:30; Luka 15:25) Hwɛ, Yesu Kristo ankasa kɔɔ ayeforohyia ase!—Yohane 2:1-10.
Enti wɔmmaraa anigye a ɛfata wɔ Kristofo mmofra mu nnɛ. Ɛyɛ nokware, Bible ka sɛ: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu.” Nanso, Salomo de kɔkɔbɔ toa nsɛm yi so sɛ: “Nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu mu.” (Ɔsɛnkafo 11:9) Yiw, wowɔ asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim wɔ nea wopaw ho. Enti ɛsɛ sɛ ‘wohwɛ wo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo,’ wɔ ahomegye ho. (Efesofo 5:15, 16) Dɛn ntia? Mmofra pii mpaw nea eye koraa wɔ eyi mu.
Bere a Anigye Gye Nsam
Susuw nea esii wɔ Bible mmere mu no ho. Israelfo binom ankari pɛ wɔ anigyede ho, wɔde wɔn ho hyɛɛ apontow gyegyeegye mu anadwo mũ nyinaa! Odiyifo Yesaia kae sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsã akyi, wɔn a wosi pɛ ma nsa bow wɔn, na sankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsã wɔ wɔn apontow ase.” Ɛnyɛ sɛ na ɛyɛ mfomso sɛ wobehyia na wɔadidi, ato dwom, na wɔasaw. Nanso Yesaia ka faa ahohwifo yi ho sɛ: “Awurade nneyeɛ de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.”—Yesaia 5:11, 12.
Ɛnnɛ, mmofra pii yɛ saa ara—sɛ wɔrehwehwɛ anigyede a, wonsusuw Onyankopɔn ho. Ebinom bu wɔn ani gu ɔsoro gyinapɛn ahorow so koraa, na wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim, nsɛmmɔnedi, nnubɔne nom, ne su horow a nyansa nnim mu de “gye wɔn ani.” Nanso, wɔ nsɛm foforo mu no, ɛnyɛ sɛ mmofra no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adebɔne ankasa. Nanso wontumi nyɛ wɔn ade sɛnea ɛsɛ na wɔanyɛ ade antra so. (Mmebusɛm 23:20; 1 Timoteo 3:11) Enti sɛ wohyiam sɛ wɔregye wɔn ani a, nneɛma taa gye nsam.—Fa toto 1 Korintofo 10:6-8 ho.
Nnansa yi ara, Nyan! bisaa mmofra bi sɛ, “Dɛn na ɛkɔ so wɔ wiasefo apontow ase nnansa yi?” Abeawa biako buae sɛ: “Nnubɔne nom, asabow. Ɛkɔ so ankasa.” Abofra Andrew kaa mmarimaa bi a wɔtaa kɔ apontow ase a wɔwɔ ne sukuu mu ho asɛm sɛ: “Nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔde nea wotumi nomee tu wɔn ho.” Jason kae mpo sɛ: “Bere nyinaa nneɛma a ɛmfata na ɛkɔ so wɔ wiasefo apontow ase.” Esiane sɛ wɔkasa tia “agobɔne,” anaa “apontow gyegyeegye” wɔ Bible mu nti, mmofra a wosuro Nyankopɔn mfa wɔn ho nhyɛ apontow a nneɛma a ɛte saa kɔ so wɔ ase no mu.—Galatifo 5:21; Byington.
Asiane betumi afi anigyede a ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho mpo mu aba. Woyi nnipa a wɔda adagyaw, ɔbarima ne ɔbea a wɔreda ankasa, ne basabasayɛ a ɛyɛ hu wɔ sini horow a agye din nnɛ no pii mu. Nnwom a agye din mu nsɛm taa yɛ nguamansɛm. Wɔtaa nom nnubɔne, di abɔdamsɛm, yɛ basabasa wɔ Rock kɔnsɛt ahorow ase.a
Bere a Awofo Ka sɛ Dabi
Dɛn ne nokwasɛm a ɛwɔ asɛm yi mu? Sɛ woyɛ Kristoni a, worentumi nyɛ nneɛma a w’atipɛnfo yɛ nyinaa bi. Anyɛ yiye koraa no, Yesu kae sɛ n’akyidifo ‘renyɛ wiase no fã,’ na ɛno kyerɛ sɛ wɔbɛda nsow wɔ nnipa foforo ho. (Yohane 15:19, NW) Sɛ w’awofo suro Nyankopɔn a, wonim saa nokwasɛm yi yiye. Enti esiane sɛ ɛtɔ mmere bi a, w’awofo pɛ sɛ wɔbɔ wo ho ban nti, ebia wɔrenhyɛ wo nkuran anaa wɔbɛbara wo wɔ nneɛma bi ho—nneɛma a wɔma mmofra foforo hokwan ma wɔyɛ. Ɛntaa nyɛ mmerɛw sɛ wubegye eyi atom. Abeawa bi kae sɛ: “Nkurɔfo pɛ sɛ wogye wɔn ani! Yɛn awofo yɛ mmofra no na wogye wɔn ani, nanso ɛtɔ mmere bi a ɛte sɛ nea wɔpɛ sɛ wɔka yɛn hyɛ fie.”
Ebia w’awofo afotu akyi a wubedi wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu no renyɛ mmerɛw, sɛ wo ne wɔn yɛ adwene mpo a. Abofra bi a ɔte apɔw yiye a yɛbɛfrɛ no, Jared ka sɛ: “Ná mepɛ sɛ mebɔ baskɛtbɔɔl wɔ sukuu agumadi kuw no mu. Ná nkurɔfo pii rehyɛ me sɛ menkɔbɔ, na ɛhaw me kakra. Nanso mekɔbɔɔ m’awofo amanneɛ.” Jared awofo ma ohuu asiane a ɛwɔ “fekubɔne” mu, na wɔtwee n’adwene sii sɛnea n’agumadi sɛe bere no so. (1 Korintofo 15:33, NW) Jared de awerɛhow ka sɛ: “Nea ɛkowiei ara nen.” Otiee n’awofo afotu no, nanso ɛda so ara haw no sɛ wankɔbɔ bɔɔl no.
‘Mehwere Biribi!’
Sɛnea wo tebea te biara no, ebia ɛtɔ mmere bi a w’aba mu bebu bere a wote sɛ w’atipɛnfo sukuufo ka wɔn anigye ho asɛm de tu wɔn ho no. Ebia wubebisa sɛ ‘Dɛn nti na mmofra foforo gye wɔn ani pii saa?’ Yiw, ɛbɛyɛ dɛn na woatumi adi nkate a ɛne sɛ wohwere biribi no so?
Sɛ wokenkan Dwom 73 na wususuw Bible kyerɛwfo a wɔfrɛ no Asaf suahu no ho a, ebetumi ayɛ mmoa ama wo. Wɔ nkyekyem 2 ne 3 no, ɔka n’asɛm yi sɛ: “Na me de, anka me nan reyɛ aman, m’anammɔn rekame awatiriw. Na metwee ahupoofo ho ninkunu.” Yiw, bere a na Asaf nne ne ho wɔ asetra mu no, afoforo ka de tuu wɔn ho sɛ wobetumi ayɛ biribiara a wɔpɛ—a na ɛte sɛ nea bɔne biara mfi mu mma. Ɛte sɛ nea na wɔn nneɛma dɔɔso na wonya pii bere nyinaa no. (Nkyekyem 12) Asaf aba mu bui araa ma ɔteɛɛm sɛ: “Ampa ara, matew me ho kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa.”—Dwom 73:13.
Anigyesɛm ne sɛ Asaf ani baa ne ho so ma wamfa ahopere anyɛ ade. Ɔkɔɔ “Onyankopɔn kronkron mu hɔ,” na wɔ beae a nneɛma pa atwa ne ho ahyia no, osusuw nsɛm ho anibere so. Ankyɛ, Asaf kaa wɔn a wonsuro Onyankopɔn a wodi anigyede akyi no ho asɛm sɛ: “Ampa ara, wode wɔn gyina nea ɛhɔ yɛ toro, wode wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa.”—Dwom 73:17, 18.
Saa ara na wobetumi aka afa w’atipɛnfo a wodi anigyede akyi no ho. Ebia wosusuw sɛ wɔregye wɔn ani seesei. Nanso bɔne mu anigye tra hɔ bere tiaa bi pɛ! (Hebrifo 11:25) Esiane sɛ wonni Bible gyinapɛn biara akyi nti, wogyina “nea ɛhɔ yɛ toro,” na ahwease pasaa ho asiane da wɔn anim bere nyinaa—mpofirim, na wɔremmɔ wɔn kɔkɔ. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Akyinnye biara nni ho sɛ woate mmofra a wɔyɛ w’atipɛnfo a wɔawu ɔpatuwu, wɔanya ɔyare afi ɔbarima ne ɔbea nna mu, wɔanyinsɛn, anaa wɔde wɔn ato afiase esiane “anigyede” a ɛmfata a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu nti ho asɛm. So mfaso nni so sɛ wobɛtwe wo ho afi nneɛma a ɛtete saa ho?—Yesaia 48:17.
Salomo de afotu pa ma bere a ɔka sɛ: “Mma wo koma mmpere wo nnebɔneyɛfo ho, na mmom Awurade suro ho daa nyinaa. Na ampa ara, akyiri asɛm bi wɔ hɔ, na wɔrentwa nea w’ani da so no nkyene.” (Mmebusɛm 23:17, 18) Yiw, “ahosɛpɛw” biara nsen asetra a enni awiei wɔ Paradise wɔ asase so ho anidaso no.
Ansa na saa bere no bɛba no, wobɛyɛ dɛn adwudwo ɔpɛ a wufi awosu mu wɔ sɛ ɛtɔ mmere bi a wubegye w’ani no ano? Akwan a asɛm biara nni ho na ɛfata wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ saa? Na sɛ wunni sika ne nneɛma foforo pii nso ɛ? Nyan! bisaa mmofra a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa nyansahyɛ ne wɔn adwene. Yebesusuw eyinom ho wɔ asɛm a ɛbɛtoatoa so aba yi mu akyiri yi.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Ɛsɛ sɛ Mekɔ Rock Kɔnsɛt Anaa?” wɔ Engiresi Nyan! December 22, 1995 de no mu.
[Kratafa 27 mfonini]
Ɛsɛ sɛ wote nka sɛ wohwere biribi esiane sɛ wuntumi mfa wo ho nhyɛ nea wiase no frɛ no anigye mu nti?