Mmofra Bisa Sɛ . . .
Ɔkwan Bɛn na Mɛfa so Agye M’ani?
“Mete nka sɛ yenya kwan yɛ nneɛma pii de sɛpɛw yɛn ho. Wɔ yɛn asafo no mu no, yɛbɔ mmɔden kɛse hyiam. Yenya kwan sɛpɛw yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛfata so. Wiase no mu mmofra dodow no ara ntumi nka saa.”—Jennifer.
AHOMEGYE—obiara hia no bere ne bere mu. The World Book Encyclopedia ka sɛ ahomegye betumi mpo “adi dwuma titiriw wɔ obi adwene ne ne honam fam akwahosan mu.” Ɛnyɛ nwonwa, Bible no ankasa ka sɛ “ɔserew wɔ ne bere,” a ɛkyerɛ bere a obi de begye n’ani!—Ɔsɛnkafo 3:1, 4.a
Wonyaa Engiresi asɛmfua a ɛkyerɛ “ahomegye” no fii Latin asɛmfua bi a ɛkyerɛ “sɛ wɔbɛbɔ biribi foforo, wobesiesie biribi, wɔbɛma no ahoɔden foforo.” (Webster’s New Collegiate Dictionary) Awerɛhosɛm ne sɛ, nneɛma a mmofra de “sɛpɛw” wɔn ho no pii—te sɛ apontow gyegyeegye a wɔyɛ anaasɛ nnubɔne ne asabow, anaa ɔbarima ne ɔbea nna a ɛmfata a wɔde wɔn ho hyem—no mma ahoɔden foforo koraa, ɛsɛe ade mmom. Enti anigyede ahorow a ahomeka wom na ɛfata nso a wobenya no betumi ayɛ den ankasa. Nanso sɛnea Jennifer a yɛfaa n’asɛm kae wɔ atifi hɔ no kyerɛ no, ebetumi ayɛ yiye!
Nneɛma a Wɔbom Yɛ
Nnansa yi, Nyan! bisabisaa mmofra bi nsɛm wɔ saa asɛm yi ho. Wɔn mu dodow no ara kae sɛ wɔne mmofra foforo hyiam a wɔn ani gye. Wo nso wote nka saa—nanso wunnya obi nto nsa mfrɛ wo? Ɛnde dɛn nti na wunni kan nyɛ ho biribi? Sɛ́ nhwɛso no, South Africani abeawa bi a wɔfrɛ no Leigh ka sɛ: “Sɛ m’ani gye ho sɛ mɛhwɛ sini bi a, mefrɛ me nnamfo no biako wɔ telefon so, na yɛkeka kyerɛ yɛn nnamfo a aka no.” Mpɛn pii no, wɔkɔhwɛ sini a woyi no ntɛm no. Ɛno akyi no, wɔn awofo bɛfa wɔn, na wɔn nyinaa bom kodidi wɔ adidibea bi a ɛbɛn.
Agumadi ahorow nso ma wonya hokwan yɛ apɔw-mu-teɛteɛ a ɛma ahoɔden, na wonya fekubɔ pa. (1 Timoteo 4:8) Ababaa Roelien ka sɛ: “Nea edi kan no, me ne m’abusua susuw baabi a mepɛ sɛ yɛkɔ no ho, na afei yɛto nsa frɛ nnipa kakraa bi bɛka yɛn ho.” Nokwasɛm ne sɛ, Kristofo mmofra ahu sɛ agumadi a ɛfata a wobetumi ne afoforo anya mu kyɛfa no nni ano: sɛ yɛbɛbobɔ emu kakraa bi din a, sukyerɛmma so mmirikatu, sakre so tra, mmirikatu, ne tennis bɔ, baseball, bɔɔlbɔ, ne volleyball.
Nokwarem no, ɛho nhia sɛ wobɔ ka pii anaasɛ wosɛe sika kɛse wɔ afɛfɛde ho ansa na woagye w’ani. Kristoni abeawa bi a wadu mpanyin afe so ka sɛ: “Me ne m’awofo ne me nnamfo de nnɔnhwerew pii akɔnantenantew mmepɔw ne sare ahorow a ɛbɛn yɛn so ama yɛn ani agye. Mframa a wo ne wo nnamfo pa bɛbom agye kɛkɛ no yɛ anigye!”
Apontow Ahorow a Ɛma Denhyɛ
Nanso, mmofra pii fam no, ahosɛpɛw kyerɛ apontow ase a wɔbɛkɔ. Ababaa Aveda ka sɛ: “Yɛn ani gye sɛ nnamfo bɛba abɛsra yɛn ma yɛadidi atie nnwom.” Apontow ahorow wɔ n’afã wɔ Kristofo mu. Yesu Kristo ankasa kɔɔ adidi atitiriw, ayeforohyia, ne apontow foforo ase. (Luka 5:27-29; Yohane 2:1-10) Saa ara na tete Kristofo nso ani gyei bere a wohyiaam didii na wonyaa fekubɔ a ɛma denhyɛ no.—Fa toto Yuda 12 ho.
Sɛ w’awofo ma wo kwan ma wotow pon a, dɛn na wubetumi ayɛ de akwati ɔhaw ahorow, na woahwɛ ama obiara ani agye? Ahwɛyiye a wode bɛyɛ nhyehyɛe no ne ano aduru. (Mmebusɛm 21:5) Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Ntease wom sɛ wobɛto nsa afrɛ wo nnamfo dodow a wo nsa bɛsõ wɔn so yiye. Ɛyɛ den sɛ apontow nketewa bɛdan “agobɔne,” anaa “apontow gyegyeegye.”—Galatifo 5:21; Byington.
Wɔbɔɔ Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu kɔkɔ sɛ wɔnkwati sɛ wɔne wɔn a “wɔnennam basabasa” no bɛbɔ. (2 Tesalonikafo 3:11-15) Na ɛnnɛ ade a ɛbɛsɛe apontow bi ɔkwan biara so ne sɛ wobɛto nsa afrɛ mmofra a wonim wɔn sɛ wɔn ani so yɛ hyew, na wɔbara wɔn a ɛmmara. Ɛmfa ho sɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ nnipa a woto nsa frɛ wɔn no yiye no, ɛnsɛ sɛ wofrɛ wo nnamfo dedaw no nkutoo. ‘Trɛw mu,’ na hu afoforo wɔ asafo no mu, a mpanyimfo ka ho.—2 Korintofo 6:13.
Wobɛkyekyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade? Sɛ saa a, ɛho nhia sɛ ɛbɛyɛ kuntann anaa nea ne bo yɛ den ansa na w’ahɔho no ani agye. (Luka 10:38-42) Sanchia, abeawa bi a ɔwɔ South Africa, ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a yetu anadwo bi si hɔ de di pizza.” Mpɛn pii no, ahɔho no befi wɔn pɛ mu de nneɛma kakra aba.
Dɛn ne nneɛma a wubetumi ayɛ wɔ apontow ase no bi—sɛ TV a mobɛhwɛ, nnwom a mubetie, anaa nkɔmmɔ a mobɛbɔ kɛkɛ da nkyɛn a? Sanchia ka sɛ: “Yɛtaa di kan yɛ anwummere no ho nhyehyɛe to hɔ. Yetumi di agoru ahorow anaa yɛma obi bɔ sanku na yɛabom ato nnwom.” Afrikani abofra bi a wɔfrɛ no Masene ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a yɛto sopaa, dame, ne chess.”
Jennifer a yɛadi kan afa n’asɛm aka no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Yɛwɔ ɔpanyin bi wɔ yɛn asafo mu a ɔto nsa frɛ yɛn ma yekodi Bible mu agoru ahorow. Wuhia Bible mu nimdeɛ pii na woatumi adi agoru no yiye.” Nyan! ananmusifo no bisaa mmofra foforo sɛ: “Munsusuw sɛ Bible agoru ahorow a wobedi nyɛ ne kwan so?” Wɔde nne a emu yɛ den na ɛmaa mmuae sɛ, “Dabi!”
Abeawa bi a wadu mpanyin afe so kae sɛ: “Egye mmɔdenbɔ.” Ɔfoforo kae sɛ: “Ɛyɛ anigye!” Sɛ wodi Bible agoru ahorow de gye wɔn ani, na sɛ anohyeto ba akansi honhom no mu a, ebetumi ayɛ anigye, na ama nimdeɛ!—Hwɛ “Apontow Ahorow a Yɛbɛma Ayɛ Anigye na Mfaso Aba So,” a ɛwɔ June 22, 1972, Engiresi Nyan! mu no.
Abusua Agodie
Wɔ Bible mmere mu no, na ɛnyɛ den sɛ mmusua begye wɔn ani wɔ ɔkwan bi so. (Luka 15:25) Nanso, mmofra a wɔkyerɛw The Kids’ Book About Parents no ka sɛ “nnansa yi, awofo ne mmofra nni adagyew araa ma obiara nnya bere nyɛ dwumadi ahorow ho nhyehyɛe . . . Yesusuw sɛ ɛho hia sɛ awofo ne mmofra hwɛ hu sɛ wɔbɛbom ayɛ nneɛma dapɛn biara a ɛyɛ agodie ankasa.”
Afrikani abofra bi a wɔfrɛ no Paki ka sɛ: “Fida na yɛn abusua de gye yɛn ani. Yɛtaa bom di agoru ahorow.” Na ɛnsɛ sɛ yɛn ani pa wo nuanom so. Ababaa Bronwyn ka sɛ: “M’ani gye ho sɛ me ne me nuabea kumaa no bɛbom ayeyɛ mfonini anaa adwinne foforo.” So wubetumi adi kan de biribi a wopɛ sɛ wo ne w’abusua yɛ de gye mo ani ho nyansahyɛ ama?
Bere a Aka Wo Nkutoo No
Na sɛ ɛka wo nkutoo nso ɛ? Ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ w’ani haw na woyɛ ankonam. Nneɛma a mfaso wɔ so na ɛyɛ anigye pii wɔ hɔ a wubetumi de mmere a ɛte saa no adi dwuma. Ɛho nhwɛso ne nneɛma a w’ani gye ho a wobɛyɛ. Efi Bible mmere mu no, mmarima ne mmea ahu sɛ nnwom sua hyɛ nkuran. (Genesis 4:21; 1 Samuel 16:16, 18) Rachel ka sɛ: “Minim sanku bɔ. Ɛyɛ biribi a wubetumi ayɛ bere a w’ani nka.” Sɛ wompɛ nnwom a, ebia w’ani begye adepam, turoyɛ, stamp ano boaboa, anaa kasa foforo sua ho. Nea wubenya aka ho ne sɛ ebia wubetumi asua nnwuma bi a ɛso bɛba wo mfaso mfe bi akyi.
Bible ka kyerɛ yɛn sɛ mmarima a na wɔwɔ gyidi te sɛ Isak, tew wɔn ho mmere bi de dwennwen nsɛm ho. (Genesis 24:63) Austriani aberante bi a wɔfrɛ no Hans ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, mipue kɔ turo no fã bi a ɛhɔ yɛ dinn, na metra ase hwɛ owitɔe. Eyi ma minya anigye kɛse, na ɛboa me ma mebɛn me Nyankopɔn, Yehowa.”
“Anigye” Wɔ Yehowa Som Mu
Bible hyɛɛ nkɔm sɛ Kristo benya “anigye” wɔ Yehowa Nyankopɔn som mu. (Yesaia 11:3, NW) Na bere a ɔsom kronn a wɔde ma Onyankopɔn no nyɛ ade a wɔde gye ani ankasa no, ebetumi ayɛ nea abotɔyam wom na ɛyɛ anigye.—Mateo 11:28-30.
Hans a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka osuahu foforo a ɛyɛ anigye ho asɛm. Ɔka sɛ: “Me ne me nnamfo taa kae adapɛn awiei a yekodii wɔ baabi a na wɔresi Nhyiam Asa [a wɔbɛsom wom] no. Yesuaa sɛnea yɛbɛbom ayɛ adwuma, na yehuu yɛn ho yɛn ho yiye. Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi a, yenya akomatɔyam sɛ yɛyɛɛ ade pa maa yɛn ho sɛpɛw yɛn nso.”
Saa Kristofo nkumaa yi adanse no ma nokwasɛm bi da adi pefee: Ɛho nhia sɛ anigyede bɛbɔ wo. Fa Bible akwankyerɛ ahorow yɛ adwuma. Bɔ wo tirim yɛ nneɛma! Di kan yɛ nneɛma papa bi! Wubehu sɛ wubetumi agye w’ani wɔ akwan a ɛbɛhyɛ wo den na empira wo so.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Mmofra Foforo Gye Wɔn Ani Pii Saa?” a ɛwɔ August 8, 1996 de no mu no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]
“Mframa a wo ne wo nnamfo pa bɛbom agye kɛkɛ no yɛ anigye!”
[Kratafa 30 mfonini]
Ɛho nhia sɛ wosɛe sika pii ansa na wo ne wo nnamfo atumi agye mo ani