Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 6/8 kr. 9-11
  • Paapa No Nkrasɛm—So Ɛne Ano Aduru?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paapa No Nkrasɛm—So Ɛne Ano Aduru?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nkate a Emu Yɛ Den ma Ɔbaabun Maria”
  • Katolekfo Binom Ho Dwiriw Wɔn
  • Petro Sii Hena So Dua?
  • Nokwasɛm no ne Ntamgyinafo Pa
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Ɔbaabun Maria Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • So Onyankopɔn Wɔ Ɛnã?
    Nyan!—1983
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 6/8 kr. 9-11

Paapa No Nkrasɛm​—So Ɛne Ano Aduru?

“BERE a merekra me man mufo wɔ Cracow no, . . . me yam a anka papa wɔ Ɔbaabun Kronkron a ɔwɔ Jasna Gora no hwɛ ase mu betumi ayɛ den bio asen bɔne wɔ Polandfo asase so.”

Eyi ne nsɛm a Paapa John Paul II de wiee ne 1983 Poland nsrahwɛ no. The New York Times amanneɛbɔfo bi kae sɛ: “Ka a ɔbɛka Black Madonna a ɔwɔ Czestochowa a ɛyɛ Poland nyamesom ne ɔmampɛ ho sɛnkyerɛnne a wodi no ni kɛse no ho asɛm no, abɛyɛ Paapa no akwantu no asɛmti titiriw.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

“Nkate a Emu Yɛ Den ma Ɔbaabun Maria”

Katolekni ɔkyerɛwfo Peter Hebblethwaite ka sɛ: “Ahofama ma Maria yɛ biribi foforo nso a Wojtyla nya fii Polandfo tete amanne mu. . . . Wɔ asɛm kakraa bi a ɔbɛka mu mpo no ɔbɔ Maria din.” Saa asɛm a ɛkyerɛ biribi a ɔka yi ma yehu nea na agye ntini wɔ mprempren paapa no nyamesom ho nsɛm mu​—pɛ a ɔpɛ ɔbaabun Maria asɛm wɔ akwan horow pii so a wɔda no adi wɔ Katolekfo mu wɔ wiase.

Wɔ ne nhoma a ɛfa paapa no asetra ho mu no, Lord Longford ka sɛ: “Ahofama ma Ɔbaabun Maria yɛ n’asetra fã titiriw. . . . Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobesusuw ne ho a ɔnka ho. Wɔ eyi mu no, n’adwene mu nyɛ no naa wɔ Polandfo atetesɛm a emu yɛ den ho. Ɔbaabun Maria ho dɔ a ɔwɔ no fii ase wɔ ne mmofraberem.” Asɛm no ne sɛ, ne na wui bere a na ɔyɛ abofra, enti ɔkyerɛwfo koro no ara se: “Wɔkyerɛ sɛ ebia ne na a owui ntɛm no na ɛmaa Wojtyla nyaa nkate a emu yɛ den maa Ɔbaabun Maria akyiri yi no.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Peter Hebbletswaite ka sɛ: “Maria gyina hɔ ma mmea nkate a ɛwɔ n’asetra mu no.”

Katolekfo Binom Ho Dwiriw Wɔn

Nanso sɛnea Hebblethwaite gye tom no: “Katolekfo binom hu sɛ Maria ho adeyɛ a ɛte sɛɛ yɛ nea ɛtra so; Protestantfo binom kasa tia sɛ ɛne Kyerɛwsɛm nhyia, ɛyɛ gyidihunu na mpo sɛnea ɛte no, ɛyɛ abususɛm.” Mexiconi Sɔfo panyin Sergio Mendez Arceo mpo kasa tiaa paapa no ahofama ma Maria a ɛtra so no: Gudalupe ɔbaabun no ho asɛm a ɔka mpɛn pii no yɛ nea “ɛdɔɔso dodo.” Eyi te saa kɛse mpo bere a yɛkae sɛ nyamesom ne nnipa asetra ho nhwehwɛmufo de saa Ɔbaabun, ‘la Morenita’ yi ka ‘sweet lady of Tepeyac’ a ɔno nso ka Aztec tete nyamewa Tonantzin ho no ho no. Katolek sɔfo Andrew Greeley gye tom “sɛ Maria, yɛ nyamesom mu sɛnkyerɛnnede ahorow a ɛwɔ tumi kɛse wɔ Atɔe fam wiase no so no mu biako. . . . Maria sɛnkyerɛnnede no ma Kristosom ne tete nyamewaa a wɔyɛ ɛnanom no nya nkitahodi tẽe.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Italy Katolekfo binom yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Polandfo Katoleksom yi ho? Ɔkyerɛwfo Peter Nichols kyerɛkyerɛ sɛnea kuw bi a wɔkɔɔ Poland kɔhwɛɛ nsakrae ahorow wɔ Katoleksommu wɔ hɔ yɛɛ wɔn ade no ho asɛm. “Asɛm a edi kan a ɛyɛ ahodwiriw​—ne Yesu dibea a ɛba fam no​—ná foforo nso wɔ hɔ. Ɔbaabun Maria na odi kan na paapa a ofi Poland no tɔ so abien, na sɛnea mmerante ne mmabaa yi kae no, Yesu na ɔto so abiɛsa a enye.” Wɔ eyi mu no, Amansan Hene, Yehowa, “Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so” no, annya anan a enye koraa so antɔ!​—Dwom 83:18, Catholic Jerusalem Bible.

Petro Sii Hena So Dua?

Nea yɛadi kan aka no nyinaa ma yenya mprempren paapa no Poland nyamesom ho asɛm ne nkrasɛm titiriw a ɔwɔ ma adesamma no ho ntease bi. Ɔka “Onyankopɔn Na” dwumadi sɛ Onyankopɔn ne onipa ntam gyinafo no ho asɛm kɛse. Nanso so ɔrekyerɛkyerɛ asɛm a ɛteɛ ma mmere a yɛte mu yi? So ɛsɛ sɛ ɔka Kristo ne na ho asɛm kɛse? Anaasɛ so ɛsɛ sɛ ɔbɔ nea ɔsomafo Petro ne tete Kristofo no kaa ho asɛm sɛ adesamma anidaso koro pɛ a ɛne Onyankopɔn Ahenni, anaa nniso denam Kristo so no ho dawuru?

Nea ɛyɛ anigye no, esiane sɛ paapa no ka sɛ ɔyɛ ɔsomafo Petro ɔdedifo a ɔfata nti, dɛn na Petro kae wɔ Maria ho? So ɔdan adwene kɔɔ no so sɛ ɔno na ɔwɔ adesamma haw ahorow no ano aduru? So ɔde no dii dwuma sɛ ɔmampɛ ho sɛnkyerɛnnede? So ɔma ɔbɛyɛɛ obi a ɔkorɔn sen Onyankopɔn ne Kristo wɔ ne som mu?

Nokware a ɛwɔ asɛm no mu ne sɛ ɔnka Maria ho asɛm pɛnkoro pɛ mpo wɔ ne nkrataa abien a akyerɛwee no mu! Na wɔbɔ ne din wɔ Hela Kyerɛwsɛm mu nhoma horow 27 no 5 pɛ mu. Ɛwom sɛ wɔka ne ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu wɔ nidi ne ɔdom kwan so wɔ yɛ a ɔbɛyɛɛ Mesia no na wɔ ahobrɛase mu no ho de, nanso akyerɛwfo no mu biara nni hɔ a ɔde ɔsom kwan so nidi bi maa no.

Nea ɛne ɛno bɔ abira no, Petro ma Onyankopɔn dibea no mu da hɔ pefee. Ɔka wɔ ne krataa a edi kan no mu sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a, ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo wɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu no.” Na ɛdefa Yesu ho no, ɔka kyerɛɛ mfɛfo gyidifo sɛ: “Momma mo ani nna ɔdom a wɔde rebrɛ mo wɔ Yesu Kristo ahoyi mu no so koraa.” “Yesu Kristo ahoyi,” na ɛbɛkyerɛ nneɛma nhyehyɛe a asɛe yi awiei, na ɛnyɛ Maria. Ɛdenam “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” a wɔde besiesie nneɛma no so no, ebeyi nsɛmmɔnedi nyinaa afi asase so. Ɛbɛma atɛntrenee asanaba denam Kristo Ahenni nniso a efi soro no so.​—1 Petro 1:3, 13; Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11.

Petro kyerɛwee wɔ saa Ahenni no ho sɛ: “Saa na wɔbɛma mo nkwa aboro so ‘akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.” Saa ɔsoro Ahenni koro yi ara rebeyi nnipa a wogu Yehowa din ho fĩ na wɔsɛe asase yi no nyinaa afi asase so. Sɛnea Petro si so dua no: “Yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”​—2 Petro 1:11; 3:13; Daniel 2:44.

Nokwasɛm no ne Ntamgyinafo Pa

Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae mma saa Ahenni no mmra bere a otuu wɔn fo sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ wɔ soro” no.

So Yesu kae sɛ n’akyidifo nsrɛ Onyankopɔn Ahenni denam ne na Maria so? N’ankasa mmuae ne sɛ: “Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam Ɔba [ɛnyɛ ɛna] no mu. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, mede mɛyɛ.” Ampa, Kristo ne Onyankopɔn ne onipa ntam gyinafo biako pɛ te sɛ nea ɔsomafo Paulo mpo sii so dua no, sɛ: “Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne onipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu.”​—Mateo 6:9, 10; Yohane 14:13, 14; 1 Timoteo 2:5.

Enti, sɛ yɛpɛ anidaso a ɛyɛ den ma adesamma ne asase yi daakye a, hena nkyɛn na ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ? So ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ? ‘Poland Ɔhemmea,” sɛnea paapa no ahyɛ ho nyansa mpɛn pii no nkyɛn? Dɛn na Yesu kae? “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” Yiw, daa nkwa nam Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo so, efisɛ Ahenni no nso nam wɔn so na ɛba. Na wonya wɔn ho nimdeɛ denam Onyankopɔn Asɛm, Bible, “nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu” no a wosua no so.​—Yohane 17:3;.2 Timoteo 3:15.

Yɛhyɛ nnipa koma pafo nyinaa, Katolekfo ne afoforo a wɔaka, sɛ wɔnhwehwɛ saa nimdeɛ no. Wo nso, wubetumi ahu Onyankopɔn Ahenni no na wɔahwɛ bere a ɛrebɛn ntɛmntɛm a “ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam” no kwan. Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wowɔ no de anigye bɛboa wo ma woate Bible no ase denam ofie Bible adesua a wonnye ho hwee a asɛyɛde biara nka ho no so.​—Adiyisɛm 21:4.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Sɛ yɛpɛ anidaso a emu yɛ den ma daakye a, hena nkyɛn na ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ​—Maria anaasɛ Onyankopɔn?

[Box on page 11]

“Mommma ahyɛde no mmma ansa, da no resen aba sɛ ntɛtɛwa, mommma[Yehowa] abufuw mu gya no mmma mo so ansa, mommma [Yehowa] abufuw da no mmma mo so ansa. Monhwehwɛ [Yehowa], asase sofo a mabrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora wo so, [Yehowa.] abufuw da no.” Sefania 2: 2, 3.

[Kratafa 10 mfoni]

Paapa no wɔ “nkate a emu yɛ den ma Ɔbaabun Maria”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena