Siesie Wo Ho Mprenpren Na Woatwa Harmagedon
ESIANE wiase nsɛm tebea horow ne Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya mmamu no nti, ɛho hia sɛ worensɛe bere biara wɔ nhyehyɛe horow a ɛbɛma woatwa no mu. Nanso nhyehyɛe a ɛbɛma woatwa dɛn?
Ɛnyɛ nhyehyɛe horow a ɛbɛma woatwa nuklea ɔsɛe
—a ɛremma da,
—a sɛ ɛba a, ɛremma wunnya hokwan biara a wode betwa,
—a ebia worempɛ sɛ wubetwa mpo, efisɛ biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ asetra pa bɛba wɔ ɛno akyi.
Na mmom ahosiesie ma twa a wubetwa Harmagedon, ɔko a
—ɛbɛba wɔ ɔkwan biara so,
—ɛma wonya ogye ho kwan, sɛ woyɛ w’ade ntɛm ara a, na
—wobɛpɛ sɛ wutwa efisɛ ɛhyɛ asetra pa wɔ ɛno akyi ho bɔ.
Ɔkwan a Wobɛfa So Asiesie Wo Ho
Esiane sɛ Harmagedon ne bere ne beae a Onyankopɔn bɛyɛ ade de atia wɔn a wɔsɔre tia no no nti, ɔno na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama watumi atwa. Emu bi ni:
Mommma [Yehowa] abufuw da no mma mo so ansa. Monhwehwɛ [Yehowa], asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, [Yehowa.] abufuw da no.”—Sefania 2:2, 3.
Yiw, ‘hwehwɛ Yehowa’ denam n’Asɛm Bible no a wo ankasa ne afoforo besua no so. Hu Onyankopɔn. Bra bɛyɛ n’adamfo denam nneɛma a ɔhwehwɛ a ɔde asi hɔ ama wɔn a wɔbɛyɛ ne nnamfo no a wobɛyɛ na woatwe wo ho afi nneɛma a n’ani nnye ho a wobɛyɛ ho no so. (Fa Dwom 15 toto Galatifo 5:19-21 ho.) ‘Hwehwɛ trenee’ denam ɔbɔadeɛ no gyinapɛn horow a ɛyɛ pɛ no a wode besi adesamma a wɔnyɛ pɛ abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a wɔagye atom no ananmu no so. ‘Hwehwɛ ahobrɛase’ denam wo ho ase a wobɛbrɛ sɛnea ɛsɛ, sɛ wubegye ɔsoro akwankyerɛ atom no so.
Wɔ “[Yehowa] da kɛse a, ɛyɛ hu no” mu no, ɛbɛba sɛ “obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no, wobegye no nkwa.”—Yoel 2:31, 32.
Yebetumi ‘abɔ Yeowa din’ denam hu a yebehu, na yɛadi no ni na yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn a din no yɛ ne de no so koraa no so. Ɛsɛ sɛ osuahu a nnipa anya wɔ mfirihyia mpem nsia mu no ma yehu sɛ nnipa anaa onipa ahyehyɛde biara rentumi mma yennya ahobammɔ anaasɛ ogye. Dwom 146:3 bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni no mu so.”
“Me man, kɔ na kɔhyɛ wo mpia mu, na toto akyi apon mu; fa wo ho hintaw kakraa bi kosi sɛ abufuw no betwam akɔ.”—Yesaia 26:20.
Ahyɛde a ɛne “kɔ,” “kɔhyɛ,” “toto” ne “hintaw” no kyerɛ sɛ adeyɛ ho hia. Onyankopɔn ahyɛde horow nyinaa—bere a ɔda no adi kyerɛ yɛn nkakrankakra no yɛ nea ɛsɛ sɛ yedi akyi pɛpɛɛpɛ, na yɛnam saa yɛ so ma no kwan ma ɔdan yɛn kɔ beae a ogye wɔ a ɔno ankasa asiesie no. “Na ɔkora me ne sese mu hiada, ɔde me hintaw ne ntamadan ahintawee.” saa na Ɔhene Dawid kae.—Dwom 27:5.
Nhyira Horow a Harmagedon a Wotwa De Ba
Harmagedon ko no besiesie ɔkwan mu ama san a wɔbɛsan de trenee tebea horow aba asase so. Wɔ Onyankopɔn Mesia Ahenni denam Kristo Yesu so no ase no, wɔde nkakrankakra bɛma onipa afi tebea horow a ɔwom no mu asan aba pɛyɛ tebea a bɔne biara nni mu a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim wɔ ho wɔ mfiase no mu. (Adiyisɛm 21:1-5; Genesis 1:28) Wobenyan nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu no na wɔama wɔn kwan ma wɔama wɔn asetra ne nneɛma ahorow a Onyankopɔn hwehwɛ no ahyia. Nea ɛyɛ anigye no, nnipa a Hiroshima ne Nagasaki atomik ɔtopae no kunkum wɔn no mu pii mpo bɛka ho. (Asomafo no Nnwuma 24:1-5) So ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wobɛma wɔn akwaaba aba wiase a nuklea akodi—nokwarem no, ɔko biara ɔko—bɛyɛ nea atwam no mu?—Dwom 46:9.
Sɛ ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wobɛtra wiase a ɛte sɛɛ mu a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua pii wɔ nea wɔhwehwɛ na ama obi atwa Harmagedon no ho. Yehowa Adansefo asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua eyi ho ade afi w’ankasa wo Bible no mu. Siesie wo ho mprempren ara, sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso wubetumi atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.