Fa Survival Nhoma Di Dwuma July Mu
1 Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii susuw nkwa a wobenya ho wɔ ntease pa mu. Aduankɔm, efi, basabasayɛ ne tebea horow a ɛma nkwa ho ba asɛm ama ehu aka nnipa wɔ nea ɛbɛba daakye ho. Nanso nnipa a wosusuw nkwa a wobenya ho no mu pii nnim asiane kɛse a ɛsen eyinom a ɛwɔ hɔ no ho hwee mpo. Yesu frɛɛ no sɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da.” (Mat. 24:21) So asemmisa bi a ɛda adesamma anim betumi ayɛ nea egye ntɛmpɛ kɛse sen nea ɛfa NKWA A WOBENYA ho no?
2 Dɛn na ebetumi ayɛ ne bere mu de a wɔde bebua asemmisa a egye ntɛmpɛ kɛse yi sen Survival Into a New Earth nhoma foforo no. Bere a woyii adi wɔ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam no ase afe a etwaam no, ɔkasafo no kae sɛ: “Nkwa a wobenya abɛyɛ asɛnhia kɛse wɔ yɛn bere yi mu. Nanso nea ɛrehyia adesamma no yɛ hu koraa sen nuklea ɔko. Ɛyɛ akontaa a wɔne Ɔbɔadeɛ no ankasa bebu. Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa kyerɛ pefee sɛ nnipa bi benya nkwa. Wɔatintim nhoma yi na aboa wo ma woaka wɔn ho.’
BOA MA WONNI AHIADE A EGYE NTƐMPƐ HO DWUMA
3 Nanso pii ho hia wɔ nnipa no ahiade a egye ntɛmpɛ kɛse no ho dwuma a wodi mu sen nhoma a ɛfa nkwa a wobenya ho ara kwa a wobetintim. Ɛsɛ sɛ wɔte ho asɛm, ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka bi na wɔkenkan na wɔte ase, na afei wɔyɛ ade sɛnea nsɛm a ɛho hia a ɛwom no te. Eyi na na ɛwɔ nhyiam no ɔkasafo no adwene mu bere a ɔkae sɛ: “Tebea no hia adeyɛ a egye ntɛmpɛ wɔ wɔn a wobenya nkwa no nyinaa fam. . . . Eyi yɛ nhoma a wɔasiesie ma yɛde ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu, na yɛn ankasa nso asua.” Yiw, anuanom, ‘sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?’—Rom. 10:14.
4 Nnipa dodow ahe na wobesua nokware no na wɔagye wɔn nkwa denam nhoma foforo yi mmoa so? Mmuae no fã kɛse gyina kyekyɛ a yɛbɛbɔ mmɔden akyekyɛ, ne tu a yɛn asɛm no betu mpɔn no so. Yɛde bɛma wɔ July ne August mu de agye ntoboa ¢40. Ebia mmɔden a yɛbɛbɔ de nhoma foforo ama yɛn afipamfo, abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo anaa afoforo no begyina nneɛma ahorow pii so, te sɛ apɔwmuden, mfe, ahoɔden anaa abusua mu asɛyɛde ahorow so. Ne fã kɛse begyina ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo ne te a yɛbɛte nka sɛ nkwa a wobenya no gye ntɛmpɛ no so.—2 Tim. 4:2a.
5 Mpɛn pii mpɔn a yɛn som adwuma no tu no gyina sɛnea yenim nhoma a yɛde rema no mu nsɛm yiye no so. Ebedu mprempren de ebia yɛanya hokwan akenkan Survival nhoma no nyinaa awie, na yɛasua fã awie dedaw wɔ yɛn Asafo Nhoma Adesua no ase. Enti ɛsɛ sɛ yehu nhoma no mu nsɛm yiye. Nanso, so yɛasusuw nsɛntitiriw, nsɛm a nkurɔfo aka anaa mfonini ahorow a ɛwom a ɛbɛma yɛn asɛm no atu mpɔn no ho? Akontaabu pon a ɛwɔ kratafa 27 a ɛkyerɛ sɛ 1914 yɛ afe a wɔahyɛ no agyirae no ne nsɛm a wɔaka a ɛwɔ kratafa 29 a ɛkyerɛ sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo bu saa afe no yɛ nea nnipa a nkwa a wobenya ho hia wɔn ani begye ho. Wubetumi aka nea wɔhwehwɛ na ama wɔanya “agyiraehyɛ” a ɛho hia ma nkwagye no ho asɛm denam mfonini a ɛwɔ kratafa 95 no ho a mubesusuw no so.—Fa toto Hesekiel 9:4, 6 ho.
6 Nsɛmti ahorow no yɛ nea ɛbɛkanyan nnipa a wosusuw nneɛma ho no anigye. Nsɛmti te sɛ “Dɛn Na Ɛbɛba Asase Okyinsoromma So?”, “Mprempren Nhyehyɛe Yi Bɛtra Hɔ Bere Tenten Ahe?”, “Yɛ Ade Nyansam wɔ Asiane Bere Mu” ne “Bere a Wɔhwɛ Kwan no Reyɛ Adu!” yɛ nsɛm a ɛyɛ anigye a wɔaka ho asɛm wɔ nhoma no mu no bi. Bɔ mmɔden fa nhoma no ma ofiewura no na bisa no asɛmti ko a n’ani gye ho kɛse. Wɔn a wɔasɔ eyi ahwɛ wɔ yɛn nhoma afoforo ho no ahu sɛ mpɛn pii nneɛma pa fi mu ba.
MMA W’ABA MU MMU
7 Yɛn nyinaa bɔɔ yɛn nsam wɔ nsɛm a etwa to a nhyiam no ɔkasafo no kae no ho, sɛ: “Bere a bere da so wɔ hɔ yi, momma yɛmfa hokwan no mmoa pii ma wɔmmɛka Adansefo a wɔwɔ anigye a wɔn dodow rekɔ anim yi ho. Bere a Onyankopɔn asɛe wiase bɔne yi no, afei ɛmmra sɛ ɛdenam n’ayamye a ɛnsɛ no so no, yɛbɛka wɔn a wobenya nkwa akɔ ‘n’asase foforo’ a ɛyɛ anigye so no ho!” Ɛnde momma yɛmfa hokwan no mmoa nnipa pii denam kyɛfa kɛse a yebenya wɔ Survival nhoma a yɛbɛkyekyɛ wɔ July ne August mu no so.