Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 7/8 kr. 22-23
  • Adwuma Kɛse Ne Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma Kɛse Ne Wo
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na W’adwuma Bɛma Woahwere?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Kristofo Biakoyɛ Mu A Yebekura Wɔ Adwuma Mu Nkitahodi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Monkɔ So Nkwati Adifudepɛ Afiri No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Adwuma Kɛse Ne Abrabɔ Pa
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 7/8 kr. 22-23

Adwuma Kɛse Ne Wo

ADWUMA yɛ ade a nnipa na ɛyɛ, na ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ nnipa betumi ayɛ mfomso ahorow a anibere wom. Enti, adwuma kɛse nso taa yɛ mfomso ahorow a anibere wom wɔ abrabɔ mu. Adwuma kɛse gye sika kɛse, enti akyinnye biara nni ho sɛ adifudepɛfo ne wɔn a wɔpɛ tumidi ani begye ho. Na sɛ́ ade a ɛyɛ wiase yi fã no, ɛyɛ nea ɔkwan biara so ɛbɛda wiase yi nyame no nsusuwii adi. Kae, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.”​—1 Yohane 5:19.

Nanso, wɔn a wɔyɛ mfomso ahorow no na asodi no da wɔn so. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔde tumi a ɔwɔ wɔ sika fam no di dwuma de sisi ahiafo no kae kɔkɔbɔ no sɛ: “Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora.” (Mmebusɛm 14:31) Sɛ nea efi wɔn nneyɛe no mu ba no yɛ nea wohu wɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri no so a ɛyɛ nea ebia wɔn ankasa renhu mpo a, Bible nnyinasosɛm no da so ara yɛ nokware sɛ: “Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so de dɔre n’ade, . . . no, ohia na ebehia no.” (Mmebusɛm 22:16) Ahonyade biara a ebefi nsisi a ɛte sɛɛ mu aba no rennye nnebɔneyɛfo no mfi Nyankopɔn atemmu a etwa to no mu.

Eyi te saa titiriw wɔ wɔn a wɔyɛ akode ne wɔn a wɔtɔn no ho. Ampa, ɛnyɛ wɔn na wɔtow atuo anaa atopae ahorow a wɔde kunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm no de. Nanso esiane sɛ wɔn na wɔde akode no ma nti, wɔn nso wodi fɔ. Nokwasɛm no ne sɛ, nnɛyi akodi ahorow no pii wɔ hɔ a sɛ ɛnyɛ nnwuma akɛse no na ɛreboa wɔn a anka ɛrentumi nyɛ yiye. Esiane sɛ nnwuma horow no boa nti, wiase no nyinaa te sɛ tete Israel asase no, ‘mogya agu asase no ho fi.’ (Dwom 106:38) Awiei koraa no, te sɛ nea ɛbae wɔ saa nna no mu no, Yehowa bebu wɔn a wodi fɔ no atɛn: “Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; [Yehowa] kyi mogyapɛfo ne asisifo.”​—Dwom 5:6.

Nanso dɛn na obi betumi ayɛ? So ɛsɛ sɛ ogyae nkitahodi nyinaa a ɔne aguadifo wɔ no? Ɛnte saa ankasa. Bible no nkasa ntia nnwuma akɛse. (Mmebusɛm 31:18; Mateo 25: 14-27) Nanso, ɔkwan a wɔfa so yɛ adwuma no yɛ nea ho hia. Bible mu abebusɛm no bɔ kɔkɔ sɛ: “Amim mu mfasopɛfo sɛe ne fi.” Na abrabɔ mu asiane horow a ɛretwɛn obiara a ne botae titiriw wɔ asetra mu ne sɛ obenya ne ho no yɛ nea wɔada no adi pefee wɔ asɛm no mu sɛ: “Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso, na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.”​—Mmebusɛm 15:27; 28:20.

Ɛnsɛ sɛ adwumawura a ɔwɔ adwempa ma adifudepɛ kanyan no, na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛbɛhyɛ adifudepɛ ho nkuran wɔ afoforo mu nso. (Efesofo 5:3) Ɔremfa ne sika nni gua wɔ nneɛma a edi awu mu. Kristoni bɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn, gye me fi mogya ho fɔ mu, na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom.” (Dwom 51:14) Enti, ɔkwan bɛn so na obetumi ahyɛ da ama kwan ma wɔde ne sika ayɛ akode, tawa anaa biribi foforo biara a ɛde owu anaa ɔyare ba afoforo so no? Eyi bɛma wadi mogya ho fɔ.

Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Nea ɛwɔ wiase nyinaa, ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yohane 2:16) “Ɔhonam akɔnnɔ,” “aniwa akɔnnɔ,” obi ahonyade ho “ahohoahoa”​—eyinom ne nneɛma atitiriw a nnwuma akɛse hyɛ ho nkuran wɔ mfaso horow a wɔhwehwɛ a wonni tema biara wom no mu. Nanso onipa a ɔkari pɛ remma wonsisi no denam ne ho mu a obegyaa ama nneɛma ahorow a wɔbɔ ho dawuru wɔ anifere kwan so anaa nneɛma afoforo a wɔahyɛ da ayɛ na ahyɛ no ma wayi sika a ɛho yɛ den de atɔ a ɛho nhia nanso abɛyɛ nea aba so mpofirim ara no so.

Saa kwan yi so no, yebetumi akwati nnaadaa a adwuma akuw akɛse no de bɛma yɛasuasua mfomso ahorow a wɔtaa yɛ wɔ wɔn din mu no akosi baabi. Ɛwom sɛ ankorankoro rentumi nyɛ pii mfa nsiesie abrabɔ ne mmara mu bɔne ahorow akɛse a nnwuma akɛse binom ayɛ no. Amammuisɛm mu ɔporɔw, nsɛmmɔnedi wɔ mmorɔn so, wiase ɔkɔm, ɔko ho ahunahuna ne wiase yi nneɛma nhyehyɛe no ɔhaw afoforo no mu pii yɛ nea yɛn, sɛ́ ankorankoro no rentumi nyɛ ho hwee.

Nanso, wɔ eyi mu mpo no ɛnyɛ nea yenni anidaso. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ ɔde nhyehyɛe foforo wɔ n’Ahenni no ase besi saa nhyehyɛe yi ananmu. Ɔsomafo Petro kaa eyi ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” no. (2 Petro 3:13) Wɔ saa trenee nhyehyɛe no ase no, wɔremma nnwuma akɛse a amimdi wom ne nsɛmmɔnedi afoforo biara kwan.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

“[Yehowa] kyi mogyapɛfo ne asisifo.”​—Dwom 5:6”

[Kratafa 23 adaka]

“Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na aman asen yuu aba so. Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so; na Sion na mmara befi, na [Yehowa] asɛm afi Yerusalem. Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa] ano na aka.”​—Mika 4:1-4

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena