Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 7/8 kr. 18-19
  • Adwuma Kɛse Ne Abrabɔ Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma Kɛse Ne Abrabɔ Pa
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmara Ma Ho Kwan De Nanso . . .
  • Nufu A Wɔma—Ɛnã “Afɔrebɔ” A Efi Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1984
  • “Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”
    Nyan!—1983
  • Ma Wo Ba Nnum Wo Nufu!
    Nyan!—1986
  • Nea Enti A Nufu A Wɔde Ma Ye Sen Biara
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 7/8 kr. 18-19

Adwuma Kɛse Ne Abrabɔ Pa

ƆKWAN bɛn so na wobetumi atwa nkurɔfo odwow bere mpo a adwuma kɛse di mmara so no? Efisɛ adwuma a ɛyɛ aguade botae ara ne sɛ ebenya mfaso. Ɛte sɛ nea nnwumawuranom pii mmu sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛhwehwɛ faako a mfaso no fi ba mu.

Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu ahorow pii a wɔayɛ ada no adi sɛ tawanom ma nyarewa ahorow a ano yɛ den ka nnipa pii. Nanso, tawa adwumayɛkuw akɛse no kɔ so ara nya mfaso fi ade a enye yi a wɔyɛ na wɔtɔn no mu. Na wɔkɔ so bɔ ho dawuru hyɛ nnipa pii nkuran sɛ wɔnnom bi. Ɛte sɛnea nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛma wonya sika no yɛ asɛm a enti ɛmma wontumi mma ho mmuae wɔ wɔn adwene mu. Na bere a adwumayɛkuw ahorow no ne aman afoforo yɛ adwuma no, nea wɔn adeyɛ no de ba mfa wɔn ho koraa.

Adwuma kɛse a ɛyɛ aguade betumi apira nkurɔfo wɔ ɔkwan foforo so. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atɔn aguade bi a obiara nhia ankasa no, adwumayɛ akuw binom sɛe sika pii de bɔ ho dawuru sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma nkurɔfo ate nka sɛ saa aguade a ɛho nhia yi yɛ nea wohia wɔ ɔkwan bi so. Eyi ho nhwɛso da adi wɔ nnansa yi mfe no mu wɔ nkokoaa aduan ho aguadi no mu​—fi a wobefi ase de ntoaa mu aduan ama nkokoaa​—wɔ aman a ahia wɔn no so.

Abenfo nyinaa gye tom sɛ aduan a eye ma akokoaa a wɔawo no foforo ne n’ankasa ne na nufusu. Nanso, asodi no da adwumakuw akɛse no so sɛ wɔde atirimmɔden atɔn ntoaa mu nnuan yi wɔ aman ahorow a ahia wɔn no so na wɔakɔ so adaadaa ɛnanom no sɛ wɔn mma benya ahoɔden kɛse, sɛ wɔma wɔn ntoaa mu aduan a. Dɛn na ɛde aba? Ɛnanom de sika kakra a wɔwɔ no tɔ ade a ɛho nhia yi. Mpɛn pii wɔnte ɛho akwankyerɛ horow no ase yiye na wonhu hia a ɛho hia sɛ wɔhohoro abofra no toaa no mu yiye no. Enti, ebia ɛremma abofra no nnya aduan pa nni anaasɛ ɛbɛma ayamtu aka no.

Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔkwan biako a wɔfaa so maa mmofra ntoaa mu aduan ho aguadi no nyaa nkɔso ne sɛ, wɔde bi ma ɔbaatan no kwa bere a wawo ne ba no akyi no ara pɛ. Bere a nea wɔde akyɛ no yi asa no, ɛna no hu sɛ ɔrentumi mma ne ba no nufusu bio na enti ɛsɛ sɛ ɔkɔ so ara de ntoaa mu aduan no ma no (bere a afei de ɛsɛ sɛ ɔtɔ) . Dɛn ntia? Efisɛ ɛna no nufu mu nsu betumi asa wɔ bɛyɛ dapɛn biako mu, sɛ wogyae nom a.

Mmara Ma Ho Kwan De Nanso . . .

Nokwarem, nkurɔfo akasa atia adwumayɛkuw akɛse no kɛse wɔ sɛnea wɔne aman ahorow a ahia wɔn no di no ho. Sɛ nhwɛso no, dɛn na wɔyɛɛ mmofra ntade ɔpepem 2.4 a wɔbarae wɔ United States esiane sɛ na wɔde biribi a ebetumi ama obi anya yare a wɔfrɛ no kisikuru na ɛyɛe nti no? Wɔde kɔɔ aman ahorow a wonni nneɛma ho mmara horow pii a ɛtete saa no so.

Britaniafo atesɛm krataa a wɔfrɛ no The Guardian no bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ: “Oxfam kasa tiaa amanaman ntam adwumayɛ akuw a wɔyɛ nnuru no a Britania akuw akɛse no bi ka ho wɔ dapɛn a etwaam no mu sɛ wɔde nkakrankakra sisi Wiase a Ɛto So Abiɛsa no ma wodi hia na wɔnam saa yɛ so nya aguadi mu mfaso.” Atesɛm krataa no kɔɔ so sɛ: “Ɛyɛ nea ntease nnim koraa wɔ nnuruyɛ akuw akɛse no fam sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛtontɔn nnuru a enye koraa a ebetumi apira nnipa no ama Wiase a Ɛto So Abiɛsa no​—a wɔtaa ka sɛ asiane biara nni ho na eye, nanso wamma wɔntɔn wɔ Atɔe Fam no.”

Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ Atɔe Fam adwumayɛkuw ahorow de nnuru ahorow kɔ Wiase a Ɛto So Abiɛsa no aman ahorow so, ɛwom mpo sɛ wɔabara wɔ Atɔe Fam wiase no mu esiane asiane ahorow a wonim sɛ ɛwɔ ho nti. Aduru bi a wɔtɔn no kɛse wɔ Asia yɛ nea ebetumi ama obi mogya so atew kɛse. Aduru bi a wɔtɔn wɔ Afrika betumi ama mmea afuw abogyesɛ na ama wɔn atifi apa na ama mmeawa nso ananmu ayɛ kɛse. Aduru bi a wɔde ko tia ayamtu a wɔtɔnee wɔ Indonesia yɛ nea wɔampene so ma wɔantɔn wɔ United States ne Japan efisɛ ɛyɛ nea ebetumi ama adwene asɛe anaa aniwa afura.

Bio nso, adwumayɛkuw ahorow a wɔyɛ nnuru no ananmusifo binom kɔ so ara ma wɔde nnuru ahorow yi kɔ aguadidan ahorow mu ma wɔtontɔn wɔ hɔ. Wɔma nnuruyɛfo ne ayaresabea mpanyimfo ademude ahorow a nea ɛka ho ne “kar ahorow anaa wɔn mma a wɔbɛhwɛ wɔn kwa wɔ sukuupɔn mu.”

Nanso, adwuma kɛse abrabɔ mu ɔhaw ahorow no nna adi kɛse wɔ baabiara nsen adwuma kɛse a ɛsen ne nyinaa no mu​—adwuma a ɛne akode tɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena