Ma Wo Ba Nnum Wo Nufu!
M’ABA mu abu koraa—saa na mmaatan binom te nka bere a wɔasɔ ahwɛ sɛ wɔbɛma wɔn mma nufu wɔ nna ne adapɛn kakraa a edi kan wɔ wɔn awo akyi no mu. Nanso mihui sɛ ɛdenam ɛho nimdeɛ kakraa ne boasetɔ so no, obi betumi ama ne ba nufu na wanya anigye nso. Enti, ma me ne wo nkyɛ nea masua denam akenkan, nkɔmmɔ a me ne mmaatan afoforo abɔ ne m’ankasa osuahu so.
“Bere bɛn na ɛsɛ sɛ mifi ase ma me ba nufu?”
Ntɛm ara sɛnea wubetumi wɔ bere a woawo akyi. Wɔ nsɛm pii mu no, wubetumi afi ase wɔ awogyebea hɔ. Ebia wubetumi abisa oduruyɛfo no sɛ obetumi ayɛ eyi ho nhyehyɛe. Mfaso biako a ɛwɔ wo a ɔbea ankasa tumi wo so ne sɛ ɔbɛwo abofra no na n’ani so da hɔ kɛse ma enti ofi ase num ntɛm.
“Minni nufusu a ɛdɔɔso.”
Saa na mmea a wɔawo foforo binom ka. Ɛwom, ɛtɔ bere bi a, ɔbaatan a wawo foforo no ho pere no kɛse sɛ nufusu no bɛba nanso ɛmma. Ɛba saa esiane sɛ nam nkwaadɔm a ɛma nufusu no ba no mu yere na ɛmma entumi mma. Enti ɛho hia sɛ wugow wo ho mu. Kae nso sɛ wo ba a woma no nufu no ma wunya nufusu pii. Bere dodow a woma no nufu no, bere dodow no ara na wunya nufusu pii. Enti ma wo ba no nufu nkankrankakra mpɛn pii sen sɛ wobɛma wanum pɛnkoro anaasɛ mprenu. Wɔ nnansa anaa nnanan ntam no, wotaa nya nufusu pii. Ɛdɛn, nananom a wɔyɛ mmea atumi ama wɔn nenanom nufu wɔ tebea a egye ntɛmpɛ mu! Mmea a wɔakogye mmofra afi ayaresabea de wɔn ayɛ mma no mu binom mpo atumi anya nufusu wɔ wɔn nufu mu denam wɔn ba no a wɔma onum no so.
“Me ba no pɛ sɛ adidi wɔ nnɔnhwerew abien biara ntam!”
Ɛno ne asɛm foforo a mmea a wɔawo foforo ka. Wosuro sɛ wɔn nufusu no mmee wɔn ba no. Nanso biribiara nsɛe wɔ ho sɛ akokoaa a wɔawo no foforo no benum wɔ nnɔnhwerew abien biara mu. Nkokoaa binom num mpɛn du wɔ nnɔnhwerew 24 mu! Ebedu bere a akokoaa no benya asram abien anaa abiɛsa no ɛbɛba sɛ na otumi num pɛnkoro wɔ nnɔnhwerew abiɛsa anaa anan biara ntam.
“Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɛba sɛ me nufu hon a?”
Mma wo ba no nnyae num. Mmom no, ma onnum nufu a ahon no sɛnea ɔtaa num daa no mmɔho abien na ama nufusu no asa wom. Ɛda adi sɛ ɔyare no wɔ nufu no mu na ɛnyɛ nufusu no ankasa mu. Ebia wo oduruyɛfo no bɛma wo ano aduru. Menom vitamin C wɔ nnɔnhwerew abien anaasɛ abiɛsa biara ntam bere a midii kan huu ɔyare no na eduu nnanu no, na agyae.
“Na sɛ me nufusu no sa nso ɛ?”
Ɛrentumi mma saa. Nufu no yɛ adwumayɛbea a ɛyɛ adwuma nnɔnhwerew 24 da biara. Ɛwom, nufusu a wunya wɔ wo nufu mu no so betumi atew esiane basaa a wobɛyɛ anaasɛ atiridii a ɛbɛbɔ wo nti. Ano aduru ne sɛ wubegye w’ahome, wobeyi ɔhaw ahorow afi w’adwenem na wode w’adwene asi wo ho a wode bɛma wo ba no so. Ma no nufu mpɛn pii kosi sɛ wubenya nufusu a ɛdɔɔso bio.
“So biribi wɔ hɔ a me kunu betumi ayɛ de aboa?”
Nea ɛsen biara a okunu betumi ayɛ ne sɛ obeyi ɔdɔ adi akyerɛ na waboa. Ɛsɛ sɛ ɔma ɛtra n’adwenem sɛ wo a ɔbea wo no nya ne nipadua so tumi kɛse. Egye bere kakra ansa na ne ho atɔ no. Enti ɛsɛ sɛ ɔma ne yere kae sɛ home a ɔbɛhome ne abofra no yiyedi ho hia kɛse sen ofi a wɔasiesie mu kama kɛse. Obetumi aboa denam gua a ɔbɛkɔ akodi ne nneɛma mu a ɔbɛhohoro wɔ saa bere no mu no so.
“Ɛsɛ sɛ mema me ba nufu kosi bere bɛn?
Ɛno gyina wo ne wo ba no so. Ɛna nufusu yɛ aduan a edi mu na akokoaa nhia biribi foforo biara bio kosi sɛ obenya asram anum. Botae a m’ankasa de sii m’anim ne sɛ mɛma me mma nufu afe biako. Nanso Sara twɛn kosii sɛ Isak nyaa mfe anum ansa na otwa no nufu!—Genesis 21:7, 8.
Ma a ɔbea ma ne ba nufu ma onya hokwan a ɛbɛma wahu ne ba no na wakyerɛ ɔdɔ ama no. Kae, ɛrenkyɛ ɔrenyɛ akokoaa bio. Enti fa saa asram no di dwuma bere a wo ba no sua no.—Wɔkyerɛw mae.