Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 11/8 kr. 14-18
  • Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Ɔbaatan Nufusu Ye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Ɔbaatan Nufusu Ye
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aduan a Ɛsen Biara
  • Nufuma Gye Nkwa
  • Mfaso Horow ma Mmaatan
  • Nufuma ho Gyinaesi
  • Nea Enti A Nufu A Wɔde Ma Ye Sen Biara
    Nyan!—1982
  • Nufuma ho Nsɛntitiriw
    Nyan!—1994
  • Nufu A Wɔma—Ɛnã “Afɔrebɔ” A Efi Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1984
  • Ɛnanom a AIDS Ayɛ Wɔn no Wɔ Nsɛnnennen
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 11/8 kr. 14-18

Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Ɔbaatan Nufusu Ye

Efi Nigeria Nyan! kyerɛwfo hɔ

SUSUW akokoaa aduan a ɛyɛ dɛ, ɛnyɛ den sɛ nsono bɛyam, na ɛma nkokoaa a wɔrenyin nya aduan mu nneɛma a wohia nyinaa ho. Susuw aduan a ɛyɛ “aduru a ɛyɛ nwonwa” a ɛbɔ nnipa ho ban wɔ nyarewa ho na ɛsa nyarewa no ho. Susuw aduan a wɔntɔn a mmusua a wɔte baabiara wɔ asase so betumi anya bi ntɛm ara no ho.

So woka sɛ wontumi nnya aduan a ɛte saa? Aduan a ɛte saa wɔ hɔ, ɛwom sɛ ɛnyɛ mfiridwuma ho nyansahufo na ɛyɛɛ de. Ɛyɛ ɔbaatan nufusu.

Wɔabu aduan a ɛyɛ nwonwa yi wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu sɛ ɛho hia yiye wɔ abofra hwɛ mu. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Farao babea no huu akokoaa Mose no, ɔhyɛɛ ne nuabea sɛ ɔnkɔfrɛ “nufumafo bi” mma ɔmmɛhwɛ no. (Exodus 2:5-9) Akyiri yi wɔ Hela ne Roma no, na wɔtaa fa nkokoaa ahwɛfo ma wɔma awofo a wɔyɛ adefo mma nufu. Nanso, wɔ nnansa yi mfe yi mu no, nufuma so atew koraa, na ne fã bi fi aguade ho dawurubɔ a ɛma nnipa susuw sɛ nkokoaa nnuan a nnɛyi mfiridwuma ama wɔatumi ayɛ no ye sen ɔbaatan nufusu. Ɛnnɛ, tebea no resakra bio bere a ɛnanom pii hu sɛ “nufuma ye sen biara no.”

Aduan a Ɛsen Biara

So nyansahufo ama nipadua no mu aduan a wɔde ma nkokoaa no ayɛ papa asen sɛnea ɛte? Dabida. UNICEF (Amanaman Nkabom Mmofra Foto Ahyehyɛde no) se: “Ɔbaatan nufusu nkutoo ne nkokoaa aduan ne annone a eye sen biara wɔ wɔn asetra mu asram anan kosi asia a edi kan no mu.” Ɔbaatan nufusu kura aduannuru a wɔfrɛ no protein ahorow no nyinaa bi, nea ɛma nipadua nyin, srade, staakye, vitamin ne nnuru a ehia na akokoaa anyin ahoɔden so wɔ n’asetra mu asram kakra a edi kan no mu.

Ɛnyɛ sɛ ɔbaatan nufusu ne aduan a eye sen biara ma nkokoaa a wɔawo wɔn foforo nko, na mmom ɛne aduan biako pɛ a wohia nso. Wiase Akwahosan Nhyiam sii so dua bio wɔ May 1992 mu sɛ “wɔ akokoaa asetra mu asram anan kosi asia a edi kan no mu no, onhia aduan anaa anonne biara, onhia nsu mpo sɛ ɔbaatan nufusu nkutoo na ama wanya nnuan mu nneɛma a ohia no.” Nsu a ɛwɔ nufu mu no dɔɔso sɛnea ɛsɛ a ebekum akokoaa no sukɔm ano wɔ wim tebea a emu yɛ hyew mpo mu. Ɛnyɛ sɛ nsu anaa annone a asikyire wom a wɔde gu toa mu ma akokoaa ho nhia nko, na mmom ebetumi ama watwa nufu koraa, efisɛ nkokoaa taa pɛ toa mu aduan a ne di nyɛ den no. Nokwarem no, akokoaa no asetra mu asram kakra a edi kan akyi no, ebehia sɛ wɔde nnuan afoforo ne annone ka n’aduan ho nkakrankakra.

Aduan biara nni hɔ a sɛ wɔde si ɔbaatan nufusu ananmu a, ɛde aduan mu nneɛma a ɛkari pɛ a ɛma nkokoaa nyin ahoɔden so ma. Nhoma Reproductive Health​—Global Issues se: “Mmɔden ahorow a wɔabɔ sɛ wɔde aduan fof oro besi ɔbaatan nufusu ananmu no anyɛ yiye. Adanse a ɛkyerɛ sɛ nkokoaa a wɔmma wɔn nufu tumi nya nyarewa na wɔfonfɔn sen nkokoaa a wɔma wɔn nufu ayɛ nkokoaa aduanma ho abakɔsɛm nhoma ahorow mu ma.”

Nufuma Gye Nkwa

Sɛnea WHO (wiase nyinaa akwahosan ahyehyɛde) kyerɛ no, sɛ mmaatan ma wɔn mma nufu nkutoo wɔ wɔn asetra mu asram anan kosi asia a edi kan no mu a, anka wobetumi asiw wu a nkokoaa ɔpepem biako bewu afe biara wɔ wiase nyinaa no ano. UNICEF amanneɛbɔ a ɛne State of the World’s Children 1992 no se: “Tumi a nyarewa a ɛma ayamtu betumi akum akokoaa a wɔma no toa mu aduan wɔ mmeae a wodi hia no bɛyɛ sɛnea ebetumi akum akokoaa a wɔma no nufu nkutoo no mmɔho 15, na tumi a mpafe betumi akum akokoaa a wɔma no toa mu aduan no yɛ sɛnea ebetumi akum nea wɔma no nufu nkutoo no mmɔho 4.”

Dɛn nti na ɛte saa? Ade biako ne sɛ wɔ ahoɔden a ɛwɔ ɔbaatan nufusu mu a ɛsen nufusu a wɔde nsu hono mu akyi no, wɔtaa de nsu a emu ntew a ɛdɔɔso dodo fra mu na afei wɔde gu toa a emu ntew mu ma wɔn. Enti nyarewa mmoawa a wɔma ayamtu ne nyarewa a ɛka ɔhome nkwaadɔm no, nyarewa a ekunkum aman a afei na ɛrenya nkɔso mu mmofra kɛse no betumi akɔ toa mu nufusu mu ntɛm. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛyɛ den sɛ efĩ bɛkɔ ɔbaatan nufusu mu, enhia sɛ wɔfra mu, ɛnsɛe, na wontumi mfa nsu a ɛdɔɔso dodo mfra mu.

Ade a ɛto so abien nti a nufuma gye nkwa ne sɛ tumi bi a ɛbɔ mmofra ho ban wɔ nyarewa ho wɔ ɔbaatan nufusu mu. Sɛ nkokoaa a wɔma wɔn nufu nya nyarewa a ɛma ayamtu anaa nyarewa afoforo a, emu ntaa nyɛ den na ɛnyɛ den pii sɛ wɔbɛsa. Nhwehwɛmufo ka nso sɛ ɛte sɛ nea nkokoaa a wɔmaa wɔn nufu ntaa nnya ɛsẽ yare, akisikuru, asikyire yare, ne nneɛma a nipadua no mpɛ. Na esiane sɛ ɛho hia sɛ nkokoaa no num ahoɔden so nti, nufuma betumi ama wɔn anim nnompe ne honam no anyin sɛnea ɛsɛ.

Mfaso Horow ma Mmaatan

Ɛnyɛ akokoaa nkutoo na onya nufuma mu mfaso; ɔbaatan no nso nya mu mfaso. Ade biako ne sɛ nufu a akokoaa no num no ma nea wɔfrɛ no oxytocin, a ɛnyɛ nsu nko na ɛboa ma ɛba nufu no mu, na mmom ɛma awotwaa nso ka dwom no ba nipadua no mu. Sɛ awotwaa no ka dwom ntɛm ara wɔ awo akyi a, ɛmma mogya ntu ɔbaatan no nkyɛ. Nufuma mma mmadwoa mfi mmadwoa kotoku no mu mpue na wɔnsan mmu wɔn nsa ntɛmntɛm. Eyi ma ɛkyɛ ansa na ɔbea no asan anyinsɛn. Mmofra a wɔwo wɔn no a wɔtetew wɔn ntam yiye no ma mmaatan ne nkokoaa nya apɔwmuden kɛse.

Mfaso kɛse foforo a mmea nya ne sɛ nufuma ma tumi a wobetumi anya mmadwoa kotoku ne nufu mu akisikuru no so tew. Abenfo binom ka sɛ asiane a ɛwom sɛ ɔbea a ɔma ne ba nufu benya nufu mu akisikuru no yɛ ma a anka ɔremma no no mu asiane no fa.

Nea ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so wɔ nufuma mu mfaso horow ho asɛm ka mu ne ɛna ne ɔba ntam abusuabɔ. Esiane sɛ ɛnyɛ aduanma nkutoo na ɛwɔ nufuma mu na mmom ano a ɛka ano, honam a ɛka honam ne nipadua mu ɔhyew ka ho nti, ebetumi ama ɛna ne ɔba anya abusuabɔ a ɛho hia na aboa ma abofra no anyin wɔ nkate ne asetra mu.

Nufuma ho Gyinaesi

Ɛkame ayɛ sɛ mmaatan nyinaa tumi de nufu mu nsu a ɛsɛ ma wɔn mma, sɛ wodu ahwehwɛde ahorow bi ho a. Ɛsɛ sɛ wofi ase ma abofra no nufu wɔ awo akyi pɛɛ, dɔnhwerew a edi kan wɔ abofra no awo akyi no mu. (Nufu no mu nsu a edi kan, nsu pikaa bi a ɛyɛ akokɔsrade a wɔfrɛ no colostrum no ye ma nkokoaa na ɛboa bɔ wɔn ho ban wɔ nyarewa ho.) Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔma nkokoaa aduan bere biara a ɔkɔm de wɔn, a anadwo ka ho, na ɛnyɛ bere a wɔahyehyɛ. Beae a ɛfata a ɛsɛ sɛ akokoaa no da num nufu no nso ho hia. Ɔfotufo a ne ho akokwaw na ɔwɔ tema betumi aboa wɔ nsɛm yi mu.

Nokwarem no, sɛ ebia ɔbaatan bi si gyinae sɛ ɔbɛma ne ba nufu anaa ɔremma no no nnyina ahoɔden a ɔwɔ sɛ ɔde bɛma no ara kwa so. The State of the World’s Children 1992 ka sɛ: “Sɛ mmaatan bɛma wɔn mma anya nhyɛase pa a ɛsen biara a, wohia ayaresabea mmoa; nanso sɛ wɔbɛkɔ so ama wɔn mma nufu a, wobehia adwumawuranom, adwumam akuw, ɔmanfo​—ne mmarima nso mmoa.”

[Adaka wɔ kratafa 17]

Nufuma wɔ Aman a Afei na Ɛrenya Nkɔso Mu

1. Ɔbaatan nufusu nkutoo ne aduan ne annone a eye sen biara ma akokoaa wɔ n’asetra mu asram anan kosi asia a edi kan no mu.

2. Ɛsɛ sɛ wofi ase ma mmofra num wɔ wɔn awo akyi pɛɛ. Ɛkame ayɛ

3. Ɛho hia sɛ wɔma akokoaa num mpɛn pii na wanya nufusu a ehia sɛ onya no.

4. Toa mu aduan a wɔde ma betumi ama akokoaa anya ɔyare a emu yɛ den na wawu.

5. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ma akokoaa nufu kosi ne mfe abien mu anaa nea ɛboro saa, sɛ ebetumi ayɛ yiye a.

Nsɛm no Fibea: Facts for Life, a UNICEF, WHO, ne UNESCO boom tintimii.

[Adaka wɔ kratafa 14]

Nufuma ne AIDS

Wɔ 1992 April awiei mu ho no, WHO ne UNICEF maa aman ahorow mu abenfo hyia susuw AIDS ne nufuma ntam abusuabɔ ho. Oduruyɛfo Michael Merson, WHO Wiase Nyinaa Dwumadi a ɛfa AIDS ho panyin kyerɛkyerɛɛ nea enti a na ehia sɛ wohyiam no mu. Ɔkae sɛ: “Nufuma ho hia yiye na abofra atra nkwa mu. Ɛsɛ sɛ wɔde asiane a ɛwom sɛ AIDS betumi akum akokoaa bi denam nufuma so no toto asiane a ɛwom sɛ nyarewa afoforo betumi akum no bere a wɔamma no nufu no ho.”

Sɛnea WHO kyerɛ no, nkokoaa nyinaa a mmea a wɔwo HIV (AIDS mmoawa) no bi wo wɔn no mu nkyem abiɛsa mu biako nso nya HIV no bi. Ɛwom sɛ ɔyare no a mmaatan de san nkokoaa no mu pii si wɔn nyinsɛn ne awo mu de, nanso wowɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ wobetumi anya afi nufuma mu nso. Nanso, WHO ka sɛ “nkokoaa a mmaatan a wowɔ HIV no bi maa wɔn nufu no dodow no ara annya bi denam nufuma so.”

Abenfo kuw no de baa awiei sɛ: “Faako a nsanyare ne aduan pa a wonnya nni na ekunkum nkokoaa tititiw, na sɛnea nkokoaa wuwu no kɔ soro no, ɛsɛ sɛ wotu apemfo a wɔn a wɔwɔ HIV no bi ka ho fo sɛ wɔmma wɔn mma nufu. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa efisɛ asiane a ɛwom sɛ akokoaa no betumi anya HIV no bi denam nufuma so no nyɛ kɛse sɛ asiane a ɛwom sɛ nyarewa afoforo betumi akum no bere a wɔmma no nufu no.

“Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ tebea horow a ɛnyɛ nsanyare titiriw na ekunkum nkokoaa na sɛnea nkokoaa wuwu no ba fam no. . . afotu a wɔde ma apemfo a wonim sɛ wɔwɔ HIV no bi ne sɛ wɔmfa akwan afoforo a asiane nnim so mma wɔn ba aduan sen sɛ wobɛma no nufu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena