Ɛnanom a AIDS Ayɛ Wɔn no Wɔ Nsɛnnennen
NÁ ƐSƐ sɛ Cynthia,a ɔbea bi a ɔte West Indies no paw sɛ ɔbɛma ne ba a wawo no foforo koraa no nufu anaa kankyee mu aduan a wɔde gu toa mu ma nkokoaa. Ɛte sɛ nea eyi nyɛ asɛm kɛse biara. Anyɛ yiye koraa no, akwahosan ho abenfo de mfe pii akamfo akyerɛ sɛ ɛnanom nufusu ne “aduan a ahoɔden wom paa” a ɛsɛ sɛ wɔde ma nkokoaa. Afei nso, nkokoaa a wɔde kankyee mu nnuan ma wɔn a ayamtu tumi kunkum wɔn wɔ aman a wodi hia mu no sen wɔn a wɔma wɔn nufu no mpɛn 15. Nokwarem no, Amanaman Nkabom Mmofra Foto Ahyehyɛde (UNICEF) bɔ amanneɛ sɛ mmofra 4,000 wuwu da biara esiane asiane a ɛwɔ nnuan a wɔde si nufusu ananmu no nti.
Nanso, wɔ Cynthia fam no, na ɔhaw foforo koraa nso ho asɛm wɔ paw a ɔbɛpaw sɛ ɔbɛma ne ba no nufu no mu. Ne kunu na ɔde ɔyare mmoawa (HIV) a ɛma obi nya AIDS no san no. Bere a Cynthia woe akyi no, obehui sɛ ɛnanom ason a wɔwɔ HIV yare mmoawa no bi no biako betumi de asan wɔn mma denam nufuma so.b Enti, na gyinae a ɛsɛ sɛ osi no nna fam: sɛ́ ɔbɛma ne ba no nufu ma wanya yare no bi anaasɛ obebu n’ani agu asiane a ɛwɔ kankyee mu aduan a ɔde bɛma no no so.
Wɔ aman a AIDS yare no abu so wɔ hɔ so no, sɛ woyi apemfo 10 gyina hɔ a, emu 2 anaa 3 wɔ HIV yare mmoawa no bi. Wɔ ɔman biako bi mu no, nhwehwɛmu a wɔyɛe no daa no adi sɛ apemfo a wɔwɔ hɔ no mu fa dodow no ara wɔ saa yare mmoawa no bi. UN Radio bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa dodow a wɔrenya ɔyare mmoawa yi bi no ama nyansahufo ayere wɔn ho denneennen repɛ ano aduru.” Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi ɔhaw yi ho dwuma no, UN ahyehyɛde no afã asia bi aka abom atew kuw a ɛne Amanaman Nkabom Dwumadi a Ɛhwɛ HIV/AIDS Ho Nsɛm So, nea wɔfrɛ no UNAIDS no, na wɔde wɔn nimdeɛ, wɔn ahoɔden, ne wɔn sika reboa dwumadi no.c Nanso nea UNAIDS abehu ne sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobedi nsɛnnennen a AIDS de ba no ho dwuma.
Nsɛnnennen a Ɛmma Wontumi Nni Ahyɛde a Ɛnyɛ Den So
Sɛnea Edith White, a ɔyɛ mmofra nufuma ne HIV yare mmoawa a ɛnanom de san wɔn mma ho ɔbenfo kyerɛ no, akwahosan ho adwumayɛfo rehyɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ mmaatan a wɔwɔ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no mu a wɔwɔ HIV ɔyare mmoawa no bi no ma wɔn mma nufu, efisɛ eyi ma ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ abofra no benya HIV ɔyare mmoawa no bi. Nnuan a wɔde si nufusu ananmu ne nea ntease wom sɛ wɔde ma mmofra. Nanso wɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu—a obi nsusuwii tumi nya afoforo so nkɛntɛnso ntɛmntɛm—no ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobedi saa ahyɛde tiawa yi so.
Nsɛnnennen no mu biako fa asetram nneyɛe ho. Wɔ aman a wɔn ani gye nufu a wɔde ma ho mu no, sɛ ɔbea bi de aduan gu toa mu ma ne ba a na ɛkyerɛ sɛ wanya HIV ɔyare mmoawa no bi. Ebia na ɔbea bi rempɛ sɛ ɛno nti wobebu no fɔ, wɔbɛpo no, anaasɛ mpo wɔbɛhwe no. Mmea a wɔte saa no te nka sɛ nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛma wɔn ba nufu na obiara anhu sɛ wɔanya HIV ɔyare mmoawa no bi.
Nsɛnnennen foforo nso wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, susuw Margaret a wadi mfe 20 no ho. Te sɛ mmea a wɔwɔ Uganda nkuraase mu ɔha mu 95 no, ɔnyɛɛ nhwehwɛmu biara nhwɛe sɛ ebia ɔwɔ HIV ɔyare mmoawa no bi anaasɛ onni bi. Nanso ɛfata sɛ asɛm no haw Margaret. N’abakan awu, na nea ɔto so abien no yɛ ɔyarefo. Ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ Margaret anya HIV yare mmoawa no bi de, nanso daa ɔma ne ba a ɔto so abiɛsa no nufu mpɛn du. Ɔka sɛ: “Mintumi ntɔ kankyee mu nnuan mma me ba da.” Dɛn ntia? Margaret ka sɛ, aduan a wɔde ma nkokoaa no biako bo yɛ abusua bi afe ne fã akatua wɔ ne kurom. Sɛ wɔde aduan a ɛte saa kyekyɛ kwa mpo a, anka ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobenya nsu pa a wɔde besiesie aduan no na mmofra atumi adi.d
Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma mmaatan a wɔanya HIV ɔyare mmoawa yi bi anya nneɛma a ɛma wotumi di wɔn ho nni, tumi nya nnuan a ɛdɔɔso a wɔde si nufusu ananmu, ne nsu pa a, nsɛnnennen no so bɛtew. So eyinom bo yɛ den? Ebetumi aba saa. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ saa nneɛma yi a yebetumi anya nnyina sika a yebenya so na mmom egyina nea ɛho hia a yebedi kan ayɛ so. Nokwarem no, UN bɔ amanneɛ sɛ, sika a aman a wodi hia buruburoo no mu bi sɛe no wɔ sraadi ho no yɛ nea wɔsɛe no wɔ akwahosan ne nhomasua ho no mmɔho abien.
Nnuru a Wɔde Ko Tia AIDS no Nso Ɛ?
UN nyansahufo de ato gua sɛ aduru a wɔanya a ne bo nyɛ den a wɔfrɛ no AZT no betumi abrɛ HIV ɔyare mmoawa a ɛnanom de ma wɔn mma no ase koraa. Ɛdenam mmoa a UNAIDS de ma so no, wɔatew aduru yi bo so koraa aba dɔla 50. Bio nso, AIDS nhwehwɛmufo de too gua wɔ July 1999 mu sɛ wɔabehu sɛ aduru a wɔfrɛ no nevirapine a ne bo yɛ dɔla 3 pɛ a wɔde sa ɛnanom a wɔanya HIV ɔyare mmoawa yi bi ne wɔn mma a wɔawo wɔn foforo yare no ano yɛ nnam kɛse mpo sen AZT a wɔde ko tia HIV ɔyare mmoawa no. Akwahosan ho abenfo ka sɛ nevirapine betumi abɔ mmofra a wɔawo wɔn foforo a wɔanya HIV ɔyare mmoawa no bi bɛyɛ 400,000 ho ban afi wɔn mmofra ase pɛɛ.
Nanso, ebinom kasa tia nnuru a ɛte saa a wɔde sa yare no sɛ, esiane sɛ ɛna no wɔ HIV ɔyare mmoawa na abofra no na entumi nnya bi nti, awiei koraa no ɛna no benya AIDS na wawu agya abofra no. UN nso ka sɛ sɛ wɔamfa nnuru yi anni dwuma a nea ɛbɛba ara ne sɛ nkokoaa no benya HIV ɔyare mmoawa no bi na akunkum nkokoaa a wɔn ho nni asɛm yi kwa. Wɔsan ka sɛ ɛnanom a wɔanya HIV ɔyare mmoawa yi bi betumi atra ase mfe pii. Susuw Cynthia a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ho. Obehui sɛ wɔanya HIV ɔyare mmoawa yi bi wɔ 1985 mu, bere a ɔwoe no, nanso wanyare kosi mfe awotwe akyi. Ɛwom mpo sɛ ne ba no nyaa HIV ɔyare mmoawa no bi de, nanso bere a odii mfe abien no na HIV ɔyare mmoawa biara nni no ho.
Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛnkyɛ yebenya asetra a ahobammɔ wom na yare biara te sɛ AIDS befi hɔ koraa. (Adiyisɛm 21:1-4) Yehowa Nyankopɔn de asase foforo a ‘obiara nyare wom’ ahyɛ bɔ. (Yesaia 33:24) Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛka saa asetra a anigye ankasa wom yi ho asɛm akyerɛ wo. Sɛ wopɛ ho asɛm pii a, yɛsrɛ sɛ hu wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi anaa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.
b Sɛnea UNICEF kyerɛ no, nkokoaa bɛyɛ 500 kosi 700 na da biara wonya HIV ɔyare mmoawa no bi fi wɔn nanom a wɔwɔ yare yi bi nufusu mu.
c Ahyehyɛde asia yi ne UNICEF, Amanaman Nkabom Mpɔntudwuma, Amanaman Nkabom no Ɔmanfo Dodow Ho Foto, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde, Wiase Nyinaa Sikakorabea, ne Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So. Wɔde UNAIDS no sii hɔ wɔ 1995 mu.
d Nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi kyerɛ sɛ, sɛ wɔde kankyee mu nnuan ne nufusu bom ma mmofra a, ɛma asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wobenya HIV ɔyare mmoawa no yɛ kɛse, na ebetumi aba sɛ nnuannuru bi wɔ nufusu no mu a ebetumi abrɛ ɔyare mmoawa no ase. Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɛyɛ papa sɛ wɔde nufusu nkutoo bɛma mmofra—ɛmfa ho mpo sɛ—asiane wom no. Nanso, wonnya nnyee nhwehwɛmu a ɛte saa ntoom.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]
WHO/E. Hooper