Nufuma ho Nsɛntitiriw
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGERIA HƆ
Te sɛ ɛnanom pii no, sɛ woasi gyinae sɛ wobɛma wo ba nufu a, ɛnde woapaw sɛ wode nsiesie bi a adesamma Bɔfo no fi ɔdɔ mu de ama bedi dwuma. Nufusu a wo nipadua ankasa yɛ no bɛma wo ba no anya aduannuru a ohia no pɛpɛɛpɛ, na aboa ma wanyin yiye. Ɛbɛbɔ wo ba no ho ban afi nyarewa a ɛtaa yɛ nkokoaa ho nso. Ntease pa na WHO (Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde) de ka sɛ: “[Nufusu] ne aduan a eye sen biara a akokoaa betumi anya. Nea wɔde si ananmu biara, a nantwi nufusu, nufusu-siam a wɔahono, ne nnuan te sɛ aburow-siam a wɔka, nto no.”
Nufuma ma wunya mfaso nso. Ntoa biara nni hɔ a wobɛhohoro mu anaa wobɛnoa mu, na saa ara na wonsɔre ɔdasu mu nkɔ gyaade nkɔyɛ aduan mma wo ba. Nufuma so bɛba wo mfaso honam fam nso, efisɛ ɛbɛboa wo ma kɛse a woyɛe bere a woyem no so atew, na ɛbɛboa ma w’awotwaa adwom ayɛ sɛnea na ɛte. Na nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ mmea a wɔma wɔn mma nufu ntaa nnya nufu mu kokoram.
Amanaman Nkabom Mmofra Foto no ma awerɛhyem sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ɔbaatan biara betumi ama ne ba nufu.” Enti ɛda adi sɛ wo nso wubetumi ayɛ saa. Nanso, ebia wubehu sɛ nufuma nyɛ mmerɛw sɛnea na wohwɛ kwan no, titiriw sɛ ɛne bere a edi kan a worebɔ mmɔden ayɛ saa a. Eyi te saa efisɛ ɛmfa ho sɛ nufuma yɛ ɔbrasu mu ade no, ɛnyɛ nea wɔde wo; ɛyɛ adeyɛ a ɛsɛ sɛ wusua. Ebia wubehu sɛ ebegye wo ne wo ba no nna anaa adapɛn pii mpo ansa na moatumi ama no akɔ so yiye ma mo ho atɔ mo.
Ansa na Wɔbɛwo Abofra No
Sɛ wuntumi mmaa akokoaa nufu pɛn a, wo ne ɛnanom bi a wɔayɛ saa pɛn no nkasa. Wobetumi aboa wo ma woakwati anaa woadi ɔhaw ahorow so. Wobetumi aboa wo nso ma woanya ahotoso wɔ sɛnea wubetumi ama wo ba nufu yiye mu.
Ɛho hia sɛ wunya ahomegye a ɛfata bere a woyem ne bere a woawo no. Nea ɛka ho no, ɛsɛ sɛ wohwɛ didi sɛnea ɛsɛ. WHO nsɛmma nhoma Breastfeeding ka sɛ: “Didi a wonnidi yiye ansa na wɔanyinsɛn anaa bere a wɔyem no betumi ayɛ ade a ɛmma abofra ntumi nnyin yiye wɔ awotwaa mu. Ebetumi aba nso sɛ ɛna no ntumi nnya srade a ɛfata a ɛbɛma wanya nufusu a ɛdɔɔso akyiri yi. Enti ehia sɛ ɛna no di nnuan ahorow a ɛfata bere a ɔyem ne bere a ɔma nufu no nyinaa.”
Nufu a wɔbɛhwɛ no yiye no nso ho hia. Wɔ nyinsɛn no asram a etwa to mu no, sɛ woreguare a hohoro wo nufu ho, nanso mfa samena nka. Nea nufusu fi mu ba a ɛwɔ wo nufu ano hankare (beae tuntum a atwa nufu ano ho ahyia no) puw nsu bi a ɛko tia yare mmoawa, na ɛkɔ so ma nufu no ano fɔw na ɛbɔ ho ban fi nyarewa ho. Samena betumi ama nufu no ano awo na apopa anaa adwudwo nsu a ɛfɔw nufu ano no. Sɛ wo nufu ho wo anaa ɛkeka wo a, wubetumi de nku anaa srade bi a ɛma ɛho dwo asra ho. Nanso kwati sɛ wode bɛsra nufu no ano anaa ne hankare no so.
Kan no na dɔktafo kamfo kyerɛ ɛnanom sɛ wɔmposa wɔn nufu ano ma ɛnyɛ “den” bere a wɔyem no. Ɛwom sɛ na wosusuw sɛ eyi a wɔbɛyɛ no remma nufu no ano nyɛ kuru bere a wɔma nufu no de, nanso nhwehwɛmu ada no adi sɛ adeyɛ a ɛte saa no mmoa ahe biara. Nea ɛtaa ma kuru ba ne akokoaa no a wɔmfa no nto nufu no ano yiye.
Ɛnyɛ sɛnea nufu kɛse te na ɛma wotumi ma nufu yiye, nanso akokoaa ntumi ntwe nufu a ano no aka akɔhyem anaa ayɛ tratra. Wubetumi ahwɛ sɛnea wo de te de wo nsa kokurobeti ne akyerɛkyerɛkwan no amiamia nufu no biara ano ahwɛ ahu sɛ ano no apuepue. Sɛ anyɛ saa a, kohu wo dɔkta. Ebia ɔbɛma woahyɛ nufu abon, ade bi a n’afã horow nnɔɔso a wɔde hyɛ nufu ho bere a wɔyem anaa bere a abofra anum awie no. Abon yi taa boa nufu a ano ayɛ tratra anaa akɔhyem no yiye.
Awo Akyi Pɛɛ
Eye sɛ wubefi ase ama wo ba nufu wɔ awo akyi dɔnhwerew no mu. Ebia ebinom besusuw sɛ awoko no akyi pɛɛ de na ɛna ne akokoaa no nyinaa abrɛ dodo sɛ wobenya nkitahodi bi. Nanso ɛna no taa nya ahoɔden foforo ma adeyɛ no, na bere a akokoaa no de simma kakraa ama awo akyi asetra akokwaw no no, ɔde ahopere hwehwɛ nufu no de kyekye ne werɛ.
Ɛnanom a wɔawo foforo betumi ama wɔn nkokoaa no nufusu a ani te sɛ akokɔsrade anaa nea ani tew a wɔfrɛ no colostrum no. Saa “sika nsunsu” yi ye ma akokoaa no yiye. Ekura nneɛma bi a ɛko tia ɔyare mmoawa. Aduannuru bi a wɔfrɛ no protein nso wom kɛse na asikre ne srade nnim pii, na ɛma ɛyɛ aduan a ɛfata wɔ nna kakra a edi kan wɔ asetra mu no mu. Sɛ ɔyare ho asɛm biara nnim a, akokoaa no renhia aduan anaa anonne foforo biara. Toa mu aduan a wɔde bɛma akokoaa no betumi ama wagyae nufu num, efisɛ ne twe nyɛ den.
Ɛnanom taa nya nufusu a colostrum nnim wɔ awo akyi nnanu kosi nnanum. Ebia mogya pii a ɛba wo nufu mu saa bere yi no bɛma wo nufu ayeyɛ akɛse na ama ayɛ wo yaw. Asɛm biara nni eyi ho. Num a akokoaa no benum no bɛma ɛyaw no so atew. Nanso, ɛtɔ da bi a nufu a ahonhon no ma nufu no ano yɛ tratra. Esiane sɛ eyi ma ɛyɛ den ma akokoaa no sɛ obenum nti, ebia ɛho behia sɛ w’ankasa wotwe nufusu no bi. Wubetumi ayɛ eyi denam wo nsa abien a wode bemiamia wo nufu no biara fi soro ba ano no so.
Wuntumi nsusuw nufusu dodow a wo ba no num, nanso mma ɛnnhaw wo—wo nipadua no wɔ ahoɔden a ebetumi ama wo ba no anya nufusu biara a ohia, sɛ wɔyɛ ntafo mpo a! Dodow a woma nufu no, dodow no ara na wunya nufusu pii. Eyi ne ade biako nti a ɛnsɛ sɛ wode ntoa mu nnuan, te sɛ nufusu-siam a wɔahono ne nantwi nufusu ka nufusu a onum no ho no. Sɛ woyɛ saa a, wo ba no nnum kɛse. Eyi nso kyerɛ sɛ wunnya nufusu pii.
Gabrielle Palmer kyerɛw wɔ The Politics of Breastfeeding mu sɛ: “Nkokoaa a wɔwo wɔn asram akron a wɔnyare nyɛ nea wontumi nyɛ hwee bere a wɔawo wɔn foforo sɛnea wɔasusuw no, na wɔn ankasa tumi yɛ wɔn adidi ho nhyehyɛe sɛnea ɛfata wɔn ankasa ne wɔn nanom nipadua, sɛ afoforo bɛma wɔn kwan nkutoo a.” Nnyinasosɛm a ɛwom ne ma a wɔde biribi ma ne gye a wogye—bere a wo ba bisa aduan no (mpɛn pii no ɔde su na ɛyɛ saa), wode ma no. Mfiase no ɔbɛhwehwɛ no nnɔnhwerew abien anaa abiɛsa biara ntam. Ɛsɛ sɛ woma wo ba no num nufu abien no nyinaa ano bere biara a obenum no. Nkokoaa dodow no ara de efi simma 20 kosi 40 na ewie num, ɛwom sɛ nkokoaa binom pɛ sɛ wɔto wɔn bo ase num, ma enti wogyinagyina bere a wonum no. Nkokoaa a wonum nyaa saa no de simma bɛyɛ 60 na ebenum awie. Sɛ anyɛ yiye koraa no wo ba num mpɛn awotwe wɔ nnɔnhwerew 24 mu, na sɛ wutumi te sɛ ɔretwe, na ogu nsu gya n’anan mpɛn awotwe anaa nea ɛsen saa da koro wɔ n’awo akyi nnanum a, ɛnde na wo ba no nya aduan a ɛsɛ di.
Ahokokwaw a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ wunya wɔ nufuma mu ne sɛnea wode wo ba no bɛto yiye bere a otua nufu ano no. Sɛ woamfa wo ba no anto yiye a ontumi nnum kɛse. Nkokoaa binom mpo gyae num.
Akokoaa a wɔmfa no nto yiye betumi de ɔhaw foforo aba: nufu ano a ɛyɛ kuru. Breastfeeding Source Book ka sɛ: “Nneɛma ahorow bi na ɛde nufu ano kuru ba, nanso biako titiriw ne sɛnea akokoaa no ‘so nufu no mu,’ na nea ɛno nso gyina so kɛse ne beae a akokoaa no ti da bere a otua nufu no ano no. Sɛ wode akokoaa no bɛto yiye a, ɛsɛ sɛ woma wo ba no bɛn wo nufu ho na ne ti da yiye (ɛnhwɛ soro, ɛnhwɛ fam anaa ɛnhwɛ nkyɛn), na ɔbɛn nufu no ano pɛɛ na wampia ankɔ nkyɛn.”
Ne yiye mu no, ɛsɛ sɛ akokoaa no anofafa no kata nufu no ano denneennen, anyɛ yiye koraa no ɛkata ano kosi akyi sɛntimita 3. Sɛ wo ba no da hɔ yiye a wubehu sɛ ne nipadua nyinaa ne wo de bedi nhwɛanim, ɔbɛtwe nufu no mee, a ɔda hɔ komm anigye so, na wonte ɛyaw bi wɔ wo nufu ano.
Bere a Ɛsɛ sɛ Wotwa Nufu
Ebedi adapɛn kakra no, na wo ne wo ba no ahu mo ho na ebia moanya nufuma no ho nhyehyɛe a ahotɔ wom na ɛyɛ anigye. Wo ba no renhia aduan anaa anonne foforo bi nka nufusu no ho wɔ asram anan kosi asia a edi hɔ no mu. Efi saa bere no rekɔ no ɛsɛ sɛ woma no nnuan foforo te sɛ nnuadewa, awi, anaa nnuaba a wɔayam nkakrankakra. Nanso, enkosi sɛ wo ba no bedi asram akron anaa du no, wo nufusu no na ɛbɛda so ara ayɛ aduan titiriw a odi; enti eye sɛ bere nyinaa wobɛma wo ba no nufu ansa na woama no nnuan a ɛyɛ den.
Bere tenten bɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ so ma no nufu? WHO kamfo kyerɛ sɛ bere tenten biara a ɛbɛyɛ yiye. Ɛnanom binom kɔ so ma nufu ara kodu afe a ɛto so abien no mu, a wɔma wɔn adwene kũ wɔn mma no ho sen sɛ wobedwen mfe a wadi ho. Nhoma Mothering Your Nursing Toddler ka sɛ: “Ɛnyɛ den sɛ yebehu hia a yɛn mma hia sɛ yɛkɔ so de nufu ma wɔn—wonum a anigye a wonya ne sɛnea wɔhaw bere a wɔde kame wɔn no. Abofra no ani a ebegye ne ntease titiriw a emu yɛ den nti a ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ma nufu.”
Edi Ɔbɔadeɛ a Ɔwɔ Dɔ bi ho Adanse
Bere a woma wo ba nufu, ebia ɔdasum bere a abusua no mufo a aka adeda no, dwen Ɔbɔadeɛ a ɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi no ho. Sɛ wonte akwan horow a emu dɔ a honam fam adeyɛ yi nam so ba no ase mpo a, nufuma no nwonwa a ɛyɛ no bɛboa wo ma woahu yɛn Bɔfo no nyansa ne ne dɔ.
Susuw ho—aduan foforo biara nni hɔ a eye ma nkokoaa sen ɛna nufusu. Edi akokoaa aduan ne anonne mu ahiade ahorow ho dwuma kosi ase wɔ ne nkwa nna mu asram a edi kan no mu. Bere koro no ara no, ɛyɛ aduru a ɛyɛ nnam a ɛko tia nyarewa. Asiane nnim, ɛho tew, enhia sɛ wɔyɛ, na wɔmmɔ ho ka biara. Wotumi nya bi wɔ baabiara, na ɛkɔ so dɔɔso bere a akokoaa no nyin no.
Na susuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nufuma yɛ adeyɛ a ɛyɛ anigye ma ɛna ne abofra nyinaa no ho. Aduan a wɔde ma, ano ne honam a ɛfam ɛna ho, ne ɔhyew nka a wɔte a efi nufuma mu no nyinaa boa ma ɔdɔ ne abusuabɔ a emu yɛ den bɛda ɛna ne ɔba no ntam.
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ woyi Ɔbɔadeɛ a ɔyɛɛ saa nhyehyɛe a ɛyɛ nwonwa yi ayɛ kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ wubetĩ odwontofo Dawid nsɛm a ɔkyerɛw yi mu aka sɛ: “Meda wo ase [Yehowa] sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”—Dwom 139:14.
[Kratafa 1 adaka]
Okununom, Mommoa
• Ma wo yere nhu sɛ wopene nufuma so. Ma no awerɛhyem na fi ayamye mu boa no.
• Boa wo yere ma onni aduan pa bere a ɔyem ne bere a ɔma akokoaa nufu no.
• Hwɛ hu sɛ onya ahomegye a ɛfata. Ɛbɛyɛ den sɛ ɔbea a ɔbrɛ benya nufusu a ɛdɔɔso. So wubetumi aboa no ma n’adesoa so atew denam mmofra a aka no a wobɛhwɛ wɔn anaa ofie nnwuma a wobɛyɛ bi no so?
• Sɛ wo yere gye n’ahome na n’ani gye a, ne nufusu bɛba yiye. Gye n’ani sɛnea wubetumi biara. Tie ne haw ahorow, na boa no ma onni ho dwuma.
[Kratafa 1 adaka]
Nufu ne Toa
“Ahoɔden wɔ nufusu mu, ɛho tew kɛse, ɛbɔ nkokoaa ho ban fi nyarewa a ɛtaa yɛ nkokoaa ho, na ɛtew asiane a ɛwɔ hɔ sɛ ɛna no benya nufu ne awotwaa mu kokoram so. Sɛ yeyi nkokoaa aduan a wɔde si nufusu ananmu bo a ɛyɛ den to nkyɛn a, mpɛn pii no wɔde nsu a emu ntew fra ma ɛboro so na wɔde gu ntoa a wɔnnoaa mu mu na ɛma mmofra. Wɔ ahiafo atrae no, nsonsonoe a ɛwom no ho hia araa ma wobu akontaa sɛ sɛ ɛnanom a wɔwɔ wiase nyinaa bɛsan ama wɔn mma nufusu nkutoo wɔ asram anan kosi asia a edi kan no mu a, anka wobegye mmofra ɔpepem biako nkwa afe biara.”—The State of the World’s Children 1993, nhoma a Amanaman Nkabom Mmofra Foto no tintimii.