Nufu A Wɔma—Ɛnã “Afɔrebɔ” A Efi Ɔdɔ Mu
NA me ne me kunu wɔ gyinae horow a ɛsɛ sɛ yesisi. Ná yɛrehwɛ yɛn ba a odi kan no kwan! Nanso saa awo a na ɛrebɛn yi maa nsɛm ahorow sɔree a na ɛsɛ sɛ yesisi ho gyinae. So m’ankasa mɛwo a wɔmma me nnuru a ekum yaw a ɛma obi yɛ te sɛ nea wada no bi anaa? So me kunu bɛka me ho wɔ faako a wogye awo no anaa? Ayaresabea bɛn na yɛbɛpaw? Ná nneɛma ahorow a ɛtete sɛɛ wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesisi ho gyinae.
Na gyinae biako a yesii maa m’ani gyei yiye—gyinae a yesii sɛ mɛma me ba no nufu no. Ebia w’ani begye sɛ wubehu ɔkwan ko ne nea enti a yesii saa gyinae no—ne nea enti a m’ani agye sɛ yɛyɛɛ saa.
Nea edi kan no, mekenkan nhoma ahorow a ɛfa asɛm no ho na me ne me nnamfonom a wɔma wɔn mma nufu anaasɛ wɔama nufu pɛn no bɔɔ nkɔmmɔ. Mihui sɛ ayaresafo ne mmofra ahwɛfo pii gye tom sɛ ɛnã nufusu ye sen biribi foforo biara a wɔde ma abofra, ɛnyɛ ahoɔden a ɛwom wɔ aduan fam nko nti, na mmom abusuabɔ pa a ɛma ɛnã ne abofra no nya nti. Misuaa nsakrae horow a ɛba ɔbea nipadua mu bere a wanyinsɛn ho ade. Me ne me kunu boom kosuaa awo ho ade mpo.
Nsakrae No
Nneɛma a yedii kan suae no boaa me ma mihuu sɛnea nufu a mɛma me ba no besi ayɛ: sɛ ɛyɛ adwuma kɛse. Ɛyɛ abayɛn fã bi a ɔyere biara ntumi ne okunu a ɔwɔ mmɔborohunu kɛse mpo nkyɛ! Nanso me ne me kunu bɔɔ ho nkɔmmɔ na yesii gyinae sɛ yɛbɛma yɛn ba no nufu nkutoo.
Me werɛ mfi da sɛnea na ɛte bere a yɛwoo yɛn abakan no. Awoko yaw no twaam no, oduruyɛfo no de onipa foforo—ɔbabea—brɛɛ me! Mehwɛɛ ne nsateaa ne ne nansoa nyinaa ansa na ayarefo hwɛfo no de no rekɔ akoguare no. Nokwarem no, ná nufu a edi kan a mɛma no no haw me kakra. Ná mate sɛ mmofra binom ani nnye adidi a edi kan no ho, ebinom mpo fa mu da wɔ wɔn nã so.
Nanso amma saa wɔ yɛn babea yi fam. Sɛnea na ɔtwe nufu no yɛɛ me nwonwa. Ɛmaa me nufu ano yɛɛ me yaw kakra. Nanso ɛkokwaw me na mihui sɛ sɛ́ mede nufu no bɛma no bere a ɔhwehwɛ mmom sen sɛ mede bɛma no bere pɔtee bi no amma me nufu anhyehyɛ antra so, ade a etumi haw mmea a wɔawo foforo.
Awo akyi no egye nna kakraa ansa na nsu aba nufu no mu. Nanso ɛno nhaw abofra no, efisɛ onya ahoɔden fi nsu a ani te sɛ akokɔ srade a wɔfrɛ no Borɔfo mu colostrum a edi kan fi nufu no mu ba no mu. Sɛnea nhoma Nursing Your Body ka no, saa nufusu a ani te sɛ akokɔ srade no “bɔ abofra no ho ban fi nyarewa ahorow ho. Mmoawa ahorow bi a ɛko tia ɔyare mmoawa ahorow wɔ mu, titiriw nea ɛko tia ɔyare mmoawa a ɛwɔ mframa mu, na wɔahu sɛ ɛboa mmofra na ɛbɔ wɔn ho ban tia nyarewa pɔtee bi wɔ asram asia a edi kan wɔ wɔn asetra mu no mu, sɛ́ wɔkɔ so ma wɔn nufu wɔ nna kakra a edi kan no akyi anaasɛ wogyae.”
Eyi a wubehu no yɛ nkuranhyɛ a ɛho hia ma wo bere a worema wo ba nufu no, efisɛ nokwarem no, ɛtɔ da bi a aduan a edi hɔ a mɛma no no haw me. Dɔkta a ɔhwɛ me no tuu me fo sɛ metumi de srade bi a wɔfrɛ no Lanolin ayeyɛ me nufu ano bere biara a mɛma no nufu akyi no. Me ankasa mihui sɛ eye se mɛto me bo ase adi me tirim kosi sɛ ɛbɛkokwaw me. Ɛyɛɛ me dɛ sɛ mogya amma me nufu ano da, ɛwom sɛ ɛyɛ mmea binom saa. Na ɛtaa yɛ den ma mmea a wɔn honam ani yɛ kɔkɔɔ kɛse, efisɛ mpɛn pii no wɔn honam yɛ mmerɛw. Egye mmɔdenbɔ wɔ eyinom fam na wɔatumi akɔ so ama nufu no.
Ɛsɛ sɛ ɔkwan a nipadua no fa so ma wosan nya nufusu a abofra no twe no nso kokwaw wo. Nea edi kan a me babea no da kyɛe no, me nufu no yɛɛ me yaw araa ma na ɛsɛ sɛ mesɔre na m’ankasa mikyikyi nufusu no. Nanso mpɛn pii no wɔ adapɛn anan kosi asia a edi kan no mu no abofra no ne ɛnã no hu wɔn ho wɔn ho yiye, na efi hɔ reba no nufusu no fi ase ba sɛnea ɛsɛ.
Ɛsɛ sɛ meka no pefee sɛ mmere bi wɔ hɔ a ɛkaa kakraa ma mifii ase de ntoa mu nnuan maa me ba no. Ɛkame ayɛ sɛ ɛho hia sɛ wɔma abofra aduan da mu nyinaa. Ɛno kyerɛ sɛ na minni ahomegye biara. Na bere a ɛsɛ sɛ wosɔre ɔdasu mu ma no nufu no, ɛtɔ da bi a na wo yam a anka obi foforo betumi ama abofra no aduan ama wo. Nanso na mayɛ m’adwene sɛ meremfa ntoa mu nnuan afoforo nka nufu a mema no no ho. Enti mihui sɛ eye sɛ mentotɔ saa nnuan no bi mma fie mpo koraa.
Ampa, afoforo a wokura adwempa taa de afotu a wummisae mpo ma, sɛ: “Ebia na nufusu no nsõ no” anaasɛ “Woyɛ dɛn hu sɛ ɔrenya ahoɔden sɛnea ɛsɛ, esiane sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛma woahu dodow a ɔnom no nti?” Anaa mpo sɛ, “Ebia srade wɔ wo nufusu no mu dodo.” Nanso, bere dodow a abofra no mu duru kɔ anim na ɔrenyin fɛfɛɛfɛ, na ɛnã no nso wɔ ahoɔden na onya aduan a ɛsɛ di no, obetumi anya ahotoso sɛ ne nufusu no yɛ aduan pa ma ne ba no.
Nea Edi Kan a Migyaw No
Nea edi kan a mifii fie bere a mewoe akyi no yɛ gua so a mekɔe. Bere a mebae no mihui sɛ agya ne ɔba nyinaa retwɛn me wɔ mfɛnsere no mu a na wɔn ani abere. Na makyikyi nufusu a ɛdɔɔso asi hɔ, nanso na minnim sɛ ne nyinaa behwie agu, na na agya nso nnim saa. Misii gyinae ntɛm ara sɛ wɔ asram asia a edi kan no mu, anaasɛ anyɛ yiye koraa no kosi sɛ obetumi adi aduan a ɛyɛ den no, ɛnsɛ sɛ migyaw me ba no ma ɛkyɛ boro nnɔnhwerew kakraa bi pɛ.
Nanso, abofra no a wode no befi adi akɔ baguam no nso wɔ ne nsɛm a emu yɛ den. Mpɛn pii no abofra yɛ n’adwene sɛ obedidi ansa na woahwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ saa, a etumi ma wo ho kyere wo. Ɛnanom bi de nyansa di dwuma wɔ nufu a wɔde ma wɔn mma ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenhaw afoforo. Nanso mmofra no binom mpɛ sɛ wɔde ntama kata wɔn ti bere a wɔredidi. Ebia na ɛsɛ sɛ ɛnã no kɔhyɛ baabi komm kosi sɛ ne ba no bɛmee.
Afɔrebɔ no Fata
Ɛda adi sɛ gyinae a wubesi sɛ wobɛma wo ba nufu no gye mmɔdenbɔ. Ɛho hia sɛ wode nneɛma pii bɔ afɔre. Nanso, me fam no, na mfaso a ɛwɔ so no sen ɔhaw ahorow a ɛwɔ mu no. Sɛ nhwɛso no, mekae m’adamfo bi a ne ho kɔkyeree no wɔ kurom esiane kar pii a na edi n’anim ne n’akyi a enti na ontumi nnu fie ntɛm nti no. Ne werɛ remfi da sɛnea ne ho hiahiaa no wɔ kar no mu bere a na onni aduan a ɔde bɛma ne ba a ɔresu no. Ná ntoa mu nnuan nkutoo na ɔde ma ne ba no. Afei de hwɛ sɛnea ne yam a anka ɔmaa abofra no nufu! Ampa, ɛto da bi a na ntoa mu nnuan a ɛte saa yɛ nea ɛfata, titiriw bere a ɛnã no yare anaa wanom nnubɔne ma aka ne ho no.
Nufu a wɔde ma mmofra ho wɔ mfaso afoforo nso. Ɛho nhia sɛ wohaw wo ho sɛ nufusu no bɛsã. Dodow a abofra no hia no, dodow ara na ɛba. Ntoa biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhohoro mu yiye na ankɔfa nyarewa ahorow bi amma. (Minnim awofo dodow a mpofirim ara aduan a wɔayɛ agu toa mu no ahwie agu anaasɛ toa no abɔ anadwo bɛyɛ nnɔn abien ma wɔasũ wɔ ho.) Ɛho nhia nso sɛ wohaw wo ho wɔ saa nnuan yi a wobɛsesa mu na ama abofra no atumi anyin no ho. Wubetumi anya ahotoso sɛ abofra no renya nea ohia nyinaa, bere tenten a wudi aduan pa na wonom nneɛma a ɛyɛ nsunsu pii no.
Nanso, mete nka sɛ mfaso a ɛsõ sen biara ne sɛnea ɛma abusuabɔ a ɛda wo ne wo ba ntam no mu yɛ den no. Mo ho mu a mosuso na moda ɔdɔ adi kyerɛ mo ho no yɛ nea ɛsom bo kɛse wɔ ɛnã ne ɔba ntam.
Nanso minnye nni sɛ anka metumi ayɛ, sɛ me kunu ammoa na wanhyɛ me nkuran a. Okununom bi nso mpɛ adwene a ɛnã de kɔ abofra a wɔawo no foforo so bere nyinaa no. Na awo to nneɛma a obi tumi yɛ no ano hye ampa. Sɛ nhwɛso no, mmeae a nkurɔfo fi adi kodidi wɔ hɔ no pii da no adi sɛ wɔmpɛ mmofra wɔ hɔ. Enti okunu a ɔde abufuw bisa sɛ, “Bere bɛn na wubetwa abofra no nufu?” no betumi abu ne yere abam. Na mmom, sɛ nhwɛso no, sɛ́ ɔboa denam abofra no a ɔde no brɛ ne nã ma ɔma no aduan, anaasɛ ɔboa ma wɔsesa no bere a ne ho afɔw no ma ne yere ani gye ne ho.
Enti saa osuahu a manya yi ma m’ani gye. Me fam no, anigye kɛse a manya wɔ nufu a mede ma me ba yi mu no sen nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ mede bɔ afɔre no koraa.—Wɔkyerɛw mae.
[Box on page 19]
“Hwɛ, [Yehowa] agyapade ne mmabanin (anaasɛ mma) , na yafunu mu aba yɛ akatua.”—Dwom 127:3.