Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 1/8 kr. 20-21
  • Munni Nkitaho Denam Nkɔmmɔbɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munni Nkitaho Denam Nkɔmmɔbɔ So
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɛwɔ Sɛnea Mekasa”
  • So Ɛyɛ Den Sɛ Wubetie?
  • Nkɔmmɔbɔ Gye Ahokokwaw
    Nyan!—1995
  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Wo ne Nkurɔfo Nni Nkɔmmɔ na Fa So Di Wɔn Adanse
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Me Ho Akɔ Nnipa Mu Pii?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 1/8 kr. 20-21

Munni Nkitaho Denam Nkɔmmɔbɔ So

OBIARA kasa, enti nkɔmmɔbɔ nyɛ den, ɛnte saa anaa? Ɛnte saa! Nokwarem no, nkɔmmɔ a wɔbɔ, titiriw nea wɔne ɔhɔho bɔ no yɛ ebinom fɛre. Nsemmisa ahorow pii a ɛhaw adwene sɔre: Mefi ase dɛn? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm? Na sɛnea misi kasa yi nso ɛ?” Eyinom ne nsemmisa afoforo pii ba obi a nkɔmmɔbɔ yɛ no den no adwene mu. Dɛn ne ano aduru?

Fa no sɛ woretwɛn bɔs. Ɛyɛ anwummere a owia rekɔtɔ na wim ayɛ fɛfɛɛfɛ. Ɔhɔho bi nso gyina baabi komm. Mo baanu pɛ. Mobɛyɛ dɛn​—so ɛbɛyɛ te sɛ nea fasu bi twa mo ntam anaasɛ mubedi nkitaho? Obiara bɛyɛ komm anaasɛ mobɛbɔ nkɔmmɔ?

“Ebinom kyerɛ sɛ kurow no sõ na emu nyɛ dɛ, nanso owia a ɛrekɔtɔ no yɛ fɛ wɔ ha sɛnea na ɛte wɔ kurow ketewa a minyinii wɔ mu no mu no.”

Woafi nkɔmmɔ a wo ne w’adamfo no bɛbɔ ase. Na mpɛn pii no ɔno nso bɛka biribi, na na nkitahodi no adi mu. Ampa sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔpɛ sɛ wɔkasa. Nanso anyɛ yiye koraa no wode hokwan no maa no denam owia a ɛrekɔtɔ no ho asɛm a wokae no so. Ɛyɛ ade a obiara ani gye ho.

Nanso ade biako wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ woka ho asɛm pii wɔ nkɔmmɔbɔ mu, na ɛno ne WO ANKASA wo ho asɛm. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wo tiefo no ani gye nea woka no ho nti, ɛnsɛ sɛ asɛmti no yɛ nea ɛfa WO ho bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, wɔka obi a ɔtaa nya sini mu dwumadi mu kyɛfa ho asɛm sɛ ɔkaa nneɛma nketenkete a asisi n’asetra mu fi bere a wohyiae nea etwa to no ho nsɛm kyerɛɛ n’adamfo no bɛyɛ dɔnhwerew biako ma ɛfonoo no, na afei ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Migye di sɛ nea maka wɔ me ho no dɔɔso. Na, ka kyerɛ me, so woahu sini a meyɛɛ no nnansa yi no?” Kwati wo ho nsɛm pii a wobɛka.

Enti ma asɛm no nyɛ nea ɛmfa wo ho, ne ebia ɛnyɛ biribi a woyɛe mpo, na mmom nea esii, nea ebesi, atesɛm bi, wim tebea, wiase nsɛm ne sɛnea ɛka wo ne wo tiefo no.

Ampa, ade biako ne sɛ wobɛka biribi a obiara ani gye ho, na nea ɛka ho ne sɛ wobɛka no ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Ɛsɛ sɛ woboa wo tiefo no ma ohu nneɛma sɛnea wuhu no no. Wubetumi ayɛ eyi ɔkwan bɛn so? Denam biribi a wopɛ a wode anigye bɛka ho asɛm so. Sɛ wuhu sɛ woaka biribi a w’adamfo no nso ani gye ho a, ɛnde bisabisa no nsɛm wɔ ho. Twe no bra nkɔmmɔbɔ no mu. Eyi ho bɛba mo baanu nyinaa mfaso.

“Ɛwɔ Sɛnea Mekasa”

Ebinom te nka sɛ wɔrentumi nyɛ nkɔmmɔbɔfo pa efisɛ sɛnea wɔkasa anaa wɔbobɔ nneɛma din no yɛ soronko wɔ sɛnea wogye tom sɛ eye no ho. Ɛtɔ da bi a ebia nnipa a wɔyɛ ahɔho wɔ ɔman bi mu no bɛte nka saa, aka sɛ, “Wunim sɛ ɛwɔ sɛnea mekasa, na ebia nkurɔfo rente me ase yiye.” Nokwarem no, pii ani gye ɔkwan soronko a ɛte saa a obi nam so kasa no ho. Sɛ nhwɛso no, Engiresini bi a ɔtraa Spain ne Portugal mfe pii no kae sɛ: “Ɛwom sɛ na misusuw sɛnea meka Spanish anaa Portuguese no ho pii de, nanso mpɛn pii no na ɛma nkurɔfo ani gye nea meka no ho mmom. Mmere horow bi wɔ hɔ a ebia ebegye bere kakra ansa na obi ate nea woka no, nanso ɛno akyi no wɔn ani gye sɛ woasua wɔn kasa.”

Aman horow pii so no nnipa pii kasa akwan horow so. Ɛnhaw obiara. Mma sɛnea wokasa no nsiw wo kwan. Mmom no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wufi ɔman foforo so no betumi ama wo nneɛma ahorow pii a wubetumi aka ho asɛm.

Aman pii so no kasa horow pii wɔ hɔ. Ɛyɛ nneɛma ahorow ahorow a ɛyɛ anigye a wohu wɔ adesamma abusua no mu no bi. Ɛtɔ da bi a nkuraasefo kasa yɛ wɔn a wɔwɔ “kurow kɛse” mu no anika, a wonnim sɛ sɛnea nkurow akɛse mufo kasa no nso yɛ nkuraasefo anika! Ade a ɛho hia ara ne sɛ wɔrekasa.

So Ɛyɛ Den Sɛ Wubetie?

Nkɔmmɔbɔ pa fã foforo nso ne tie a wotie, na ɛho hia te sɛ ɔkasa. Nea ɛhaw adwene ne sɛ ebinom ntie. Wodwen asɛm a edi hɔ a wɔbɛka no ho, na wɔtwɛn kosi sɛ wobenya hokwan afi ase​—na mpɛn pii no ɛyɛ nea ɛfa asɛm foforo ho koraa. Eyi ma nkɔmmɔbɔ no yɛ nsɛm asinasin a ɛsono emu biara. Hwɛ fata ara a afotu yi fata: “Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa.”​—Yakobo 1:19.

Asõ a obi yɛ tie no yɛ suban pa. Ɛde adwene a emu da hɔ susuw nea ɔfoforo ka no ho. Ɛma nokwaredi ankasa da adi. So otiefo no rebɔ mmɔden sɛ obekura asɛm pɔtee bi mu ɔkwan biara so anaa? Anaa so ogye tom bere a wɔada nokwasɛm bi adi pefee no? Yiw, nokwaredi ne pene a obi pene so sɛ obegye nea ɔfoforo ka a ɛyɛ nokware atom no ma nkɔmmɔbɔ pa kɔ so.

Baabiara nni hɔ a koma pa a wɔde tie asɛm ho hia sen aware mu. So woakasa akyerɛ wo kunu pɛn ma ɛdenam mmuae bi a ɔmae so no woahu sɛ nea wokae no biako mpo ankɔ mu anaa? Etumi yɛ abufuw yiye. Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ na aware akɔ so no, nkɔmmɔbɔ ho hia. Ɛsɛ sɛ wonya wɔn ho wɔn ho mu ahotoso ne awerɛhyem, a egyina nkɔmmɔbɔ ne nkitahodi pa so.

Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebinom ntaa mmɔ nkɔmmɔ a ɛte saa. Wɔwɔ tɛkrɛma a ano yɛ yaw, a etumi de nnamyɛ yeyaw afoforo. Nkurɔfo ani nnye sɛ wɔne nnipa a wɔte saa bɛbɔ nkɔmmɔ efisɛ wonnim bere ko a wɔbɛdan tɛkrɛma a ano yɛ nnam no aba wɔn so. Sɛnea ɛbɛ a efi Bible mu no ka no: “Ɛwɔ nea ɔworow kasa sɛ nkrante nwowɔe.” Ɛnde hwɛ oye ara a eye sɛ yebedi afotu a edi so yi akyi: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” Yiw, ɔkasa a anim wɔ nyam renhyɛ obi abufuw efisɛ ɛmmɔ no ahohora sɛnea ɛnsɛ.​—Mmebusɛm 12:18; Kolosefo 4:6.

Enti yɛ nkɔmmɔbɔfo. Nsuro sɛ wubefi nkɔmmɔbɔ ase na wo ne afoforo adi nkitaho. Kae sɛ wɔaka nkɔmmɔbɔ ho asɛm sɛ ɛyɛ “adwene mu apontow a ɛyɛ dɛ,” “nsusuwii afahyɛ ne ɔkra adifi.” Enti ma wo ‘kra mfi adi’ denam nkurɔfo a wubehu wɔn na woama wɔn nso ahu wo no so. Na nea etwa to nso ne sɛ​—mma ɛmmoro wo tiefo no so​—hu bere a ɛsɛ sɛ wugyae!

[[Box on page 21]

“Nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, onyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, na n’ano anka nnaadaasɛm. . . . ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi.”​—1 Petro 3:10, 11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena