Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 4/8 kr. 15-18
  • Nkɔmmɔbɔ Gye Ahokokwaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkɔmmɔbɔ Gye Ahokokwaw
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ehia sɛ Yɛbɔ Nkɔmmɔ!
  • Nkɔmmɔbɔ mu Akwanside Ahorow
  • ‘Dɛn na Metumi Aka?’
  • Yɛ Otiefo Pa
  • Anigye a Efi Komam Ma Wɔyɛ ho Biribi
  • Tema—Nkɔmmɔbɔ Fapem
  • Wubetumi Abɔ Nkɔmmɔ!
  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Mintwa Nkɔmmɔ No So Anaa?
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Wo ne Nkurɔfo Nni Nkɔmmɔ na Fa So Di Wɔn Adanse
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Me Ho Akɔ Nnipa Mu Pii?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 4/8 kr. 15-18

Nkɔmmɔbɔ Gye Ahokokwaw

ADIDI, nna, adwumayɛ, eyinom ne nnipa ahiade titiriw. Nanso biribi foforo wɔ hɔ a ehia sɛ yedi ho dwuma. Ɛno ne dɛn?

Susuw ɔbarima bi a wɔde ne nkutoo too afiase dan biako mu mfe anum, na wɔde asetrade a ɛsom bo yiye kamee no asɛm a ɔkae no ho. Ogye tom sɛ: “Me kɔn dɔe sɛ me ne obi benya ayɔnkofa. Mifii ase hui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ biribi de di ankonamyɛ no so. M’adwene ho bɛka wɔ m’ankonamyɛ no mu.”

Yiw, yɛwɔ ahiade bi fi awo mu a ɛne nkitahodi. Nkɔmmɔbɔ boa ma yedi saa ahiade no ho dwuma. Nhwehwɛmufo Dennis R. Smith ne L. Keith Williamson ka sɛ: “Ehia sɛ yenya nkurɔfo a yebetumi anya wɔn mu ahotoso kɛse, a yebetumi aka yɛn anigye a ɛsen biara ne nneɛma a ɛma ehu ka yɛn yiye ho asɛm akyerɛ wɔn na yɛatumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ.”

Ehia sɛ Yɛbɔ Nkɔmmɔ!

Wɔde akyɛde a ɛyɛ nwonwa a ɛne kasa ama nnipa. Yiw, wɔyɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ nkɔmmɔ. Ɔbarima bi kaa saa asɛm yi: “Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛne afoforo mmɔ fekuw. Sɛ wunni hokwan a wode kasa, anaasɛ obi gye tumi a wode kasa fi wo nsam a, ɛte sɛ asotwe. Sɛ wobɔ nkɔmmɔ a, wo nsa ka biribi a ɛsom bo. W’ani gye, na wunya mfaso fi nea afoforo dwen ho ne sɛnea wɔte nka a wuhu no mu.”

Elaine a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo bi yere no ka sɛ: “Nsɛm da nkate horow adi. Yentumi mfa yɛn adwene nhu sɛ yɛn hokafo nim sɛnea ɔsom bo ma yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛka; ehia sɛ ɔte nsɛm no. Ehia sɛ yɛbɔ nkɔmmɔ.”

David a ɔyɛ Kristoni panyin bi ba ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, meyɛ basaa araa ma mintumi nhu sɛnea mete nka ankasa. Midi kan yɛ dinn, na afei ɔhaw no yɛ kɛse wɔ me mu. Mihu sɛ sɛ me ne obi kasa a, ɛte sɛ ɔkwan a menam so yi ɔhaw no fi hɔ. Bere a mekasa no, minya hokwan de hu nea ɛhaw me ankasa, na mitumi di ho dwuma.”

Nkɔmmɔbɔ mu Akwanside Ahorow

Ampa, nkɔmmɔbɔ di ahiade bi ho dwuma. Nanso, akwanside ahorow wɔ nkɔmmɔbɔ mu. Nokwarem, wɔ ebinom fam no, nkɔmmɔbɔ bɛyɛ ade a egye mmɔdenbɔ—adeyɛ a ɛsɛ sɛ wɔkwati.

Gary ka sɛ: “Bere dodow ara wɔ m’asetra mu no, na ɛyɛ mmerɛw kɛse ma me sɛ mɛkwati sɛ me ne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ade titiriw nti ne sɛ minni ahotoso. Meda so ara suro sɛ sɛ me ne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ a, mɛka nkwaseasɛm anaasɛ ebia obi bebu me animtiaa wɔ nea maka no ho.”

Elaine ka sɛ nea ɛhaw no ne fɛre. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔtetee me wɔ abusua bi a na yɛmmɔ nkɔmmɔ mu. Ná me papa pɛ ahunahuna yiye. Enti bere a minyinii no, na mete nka sɛ minni biribi pa bi a mɛka.” Yiw, fɛre betumi ayɛ akwanside kɛse ama nkɔmmɔbɔ mu anigye. Yiw, ebetumi ama woayɛ komm komm!

John, Kristoni panyin bi a ogye tom sɛ ɔrebɔ mmɔden adi obu kɛse a onni ma ne ho so no ka sɛ: “Ɛte sɛ yare. Sɛ wugyaa wo ho mu ma fɛre a, wotew wo ho. Sɛ nnipa ɔha na wɔwɔ ɔdan bi mu mpo a, worenkasa. Na wohwere ade kɛse!”

Ɔkwan foforo so no, ɔpanyin bi a ne din de Daniel wɔ eyi ka: “Ɛnyɛ den sɛ mɛkasa. Nanso ansa na m’ani bɛba me ho so no, na magye obi asɛm reka. Mihu eyi bere a me yere twa n’ani bɛhwɛ m’anim no, na meka sɛ ‘Yiee, masan ayɛ bio.’ Mihu sɛ ɔhwere anigye wɔ nkɔmmɔbɔ no mu kosi sɛ ɛbɛba awiei.”

Wobɛyɛ dɛn atumi adi eyi ne nkɔmmɔbɔ mu akwanside foforo so? Nneɛma bɛn na ehia ma saa adeyɛ yi? Wobɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma?

‘Dɛn na Metumi Aka?’

‘Dɛn na metumi abɔ ho nkɔmmɔ?’ ‘Minnim biribiara.’ ‘Obiara mpɛ sɛ otie nea mewɔ ka.’ Ɛwom sɛ ebia wubenya saa adwene yi de, nanso ebetumi aba sɛ ɛnyɛ nokware. Wunim pii sen sɛnea wuhu no, na ɛda adi sɛ afoforo ani begye saa nsɛm no bi ho. Sɛ nhwɛso no, ebia wutuu kwan kɔɔ baabi nnansa yi. Ebia nkurɔfo bɛpɛ sɛ wohu sɛnea saa beae no ne baabi a wɔte no sɛ fa.

Nea ɛka ho no, ɛsɛ sɛ wutumi nya nneɛma a egu ahorow ho nimdeɛ pii denam akenkan so. Ɛyɛ su pa sɛ wubegye bere de akenkan biribi da biara. Bible mu nsɛm ne nneɛma a nnipa dodow no ara ani gye ho ho nsɛm wɔ Yehowa Adansefo nhoma ahorow mu. Dodow a wunya nsɛm pii no, dodow no ara na wubetumi abɔ ho nkɔmmɔ. Nhwɛso pa biako ne da biara asɛm a ɛwɔ nhomawa Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa a Yehowa Adansefo de di dwuma mu no. Da biara da no, ɛno ma wo biribi foforo a wubesusuw ho na wode adi nkɔmmɔ.

Nkɔmmɔbɔ a wode wo ho bɛhyɛ mu no nkyerɛ sɛ wo nkutoo na ɛsɛ sɛ wokasa. Ɛsɛ sɛ mo baanu nyinaa ka bi. Ma ɔfoforo no kwan ma ɔnkasa. Sɛ ɔyɛ komm a, wubetumi de anifere abisa no nsɛm ahyɛ no nkuran. Fa no sɛ wo ne ɔpanyin bi rekasa. Wubetumi abisa no nsɛm a asisi a atwam ne sɛnea wiase no anaa abusua asetra asakra fi ne mmofra bere mu ho nsɛm. W’ani begye sɛ woretie no, na wubesua biribi.

Yɛ Otiefo Pa

Asɛm a wotie no yiye yɛ ade titiriw wɔ nkɔmmɔbɔ mu. Ɔkwan a yɛfa so tie afoforo no betumi aboa wɔn a wɔhwehwɛ wɔn haw ahorow ho mmoa no. Ná ɔbarima bi a osusuw sɛ ‘ɔnsɛ hwee’ no redi awerɛhow, na ɔfrɛɛ n’adamfo bi wɔ telefon so de hwehwɛɛ mmoa. Ɛwom mpo sɛ na ɛnyɛ bere a ɛfata koraa mu de, nanso n’adamfo no fi ayamye mu tiei—nnɔnhwerew abien! Ɔbarima no bu saa nkɔmmɔbɔ no seesei sɛ n’asetra mu nsakrae titiriw. Dɛn na ɛma otumi boaa no? Adamfo a otiee no yiye no ka sɛ: “Esiane otiefo pa a meyɛe nti. Menkae sɛ mekaa nyansasɛm bi. Mibisaa nsɛm a ɛfata kɛkɛ sɛ, ‘Dɛn nti na wote nka saa?’ ‘Dɛn nti na ɛno haw wo?’ ‘Dɛn na ebetumi aboa?’ Bere a obuaa me nsemmisa no na n’ankasa de nyinaa na wabua no!”

Mmofra bu awofo a wonya bere ne wɔn bɔ nkɔmmɔ no. Abarimaa bi a ne din de Scott ka sɛ: “Ɛyɛ papa, sɛ w’awofo ba wo nkyɛn na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛhaw wo a. Me papa reyɛ saa nnansa yi, na ɛboa efisɛ nneɛma bi wɔ hɔ a w’ankasa ntumi nni ho dwuma.”

Ɔbarima bi ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ woma tebea bi ba a ɛbɛma wo mma ne wo akasa.” Ɔtaa de bere si hɔ ne ne mma baanan no mu biara nkutoo bom yɛ ade, efisɛ ɔte nka sɛ tie a awofo fi tema mu tie wɔn mma yiye no ho hia, sɛ mmofra benya nipasu a ɛfata a. Dɛn na ɔkamfo kyerɛ? Sɛ hokwan ahorow bue, na wo ba pɛ sɛ ɔne wo kasa a, yɛ krado sɛ wubetie. Ɔka sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea woabrɛ anaasɛ biribi aden wo so afa no, nka sɛ wɔnyɛ komm! Tie.”

Anigye a Efi Komam Ma Wɔyɛ ho Biribi

Nkurɔfo pii hia nkate mu mmoa na wɔatumi abɔ nkɔmmɔ. Aberante bi kae sɛ: ‘Ehia sɛ me ne obi kasa, nanso hena nkyɛn na menkɔ? Ɛnyɛ mmerɛw mma me sɛ mɛkasa. Mihia obi a ɔbɛkyerɛ me ho anigye!’ Nokware anigye a ɛfata no betumi de awerɛhyem ne ahobammɔ tebea a ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama obi sɛ ɔbɛkasa na wada ne nkate adi akyerɛ ɔfoforo aba.

Ɔbarima bi ka sɛ: “Bere a na merehyia nsɛnnennen bi wɔ m’abusua nsɛm ho dwumadi mu wɔ mfe dodow bi a atwam no, mebɔɔ mmɔden sɛ medi ho nkɔmmɔ akyerɛ m’adamfo bi. Nea ɔkae ara ne sɛ, ‘Mia w’ani gyina tebea bɔne no ano, na ma w’ani nyɛ den na biribiara bɛyɛ yiye.’ Yɛammɔ ho nkɔmmɔ, yɛansusuw ho, enti anyɛ me mmoa. Nokwarem no, ɛsan ma mekɔɔ me dedaw mu. Nea ɛne ɛno bɔ abira no, midii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo bi akyiri yi. Ɛdenam sɛnea osi hwɛɛ me, n’anim hwɛbea, ne n’ayamye su so no, mihui sɛ ɔwɔ mmɔborohunu. Ɛmaa mitumi ne no bɔɔ nkɔmmɔ pii esiane sɛ ɔkyerɛɛ ho nokware anigye nti. Ɔkae sɛ: ‘Yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de aboa wo wɔ wo tebea no mu.’ Nnipa a wɔte saa ma wutumi yɛ wo tebea no ho biribi!”

Yɛn mu pii betumi abue yɛn koma mu na yɛne afoforo adi nkɔmmɔ pa? Sɛ yehu sɛ obi mfa ne ho nhyɛ kuw nkɔmmɔbɔ mu, ɔfɛre dodo sɛ ɔbɛkasa a, yɛbɔ mmɔden de onii ko no ba yɛn nkɔmmɔbɔ no mu? John a yɛbɔɔ ne din mfiase no ka sɛ: “Metumi ahu saa nkate no efisɛ ɔyɛ me mmɔbɔ, na midi yaw ma no!” Ɔde ka ho sɛ: “Hwɛ hia a ehia sɛ yɛbɛbɛn no na yɛde no aka nkɔmmɔbɔ no ho. Yebetumi abɔ mpae wɔ yɛn tirim mpo wɔ asɛm no ho.”

Dan ka fa n’adamfo bi ho sɛ: “Ná Roy nni ahotoso a ɛte saa sɛ obetumi abɔ nkɔmmɔ ma enti sɛ kuw bi rebɔ nkɔmmɔ a, na okogyina akyiri baabi kakra bere nyinaa. Enti mibisaa no asɛm, ‘Roy, dɛn na woka faa saa ade yi anaa saa asɛm no ho?’ Afei, ofii ase kasae. Ɛmaa afoforo huu biribi a na wonnim wɔ ne ho.” Dan hyɛ nkuran sɛ: “Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den sɛ wo ne obi bɛbɔ nkɔmmɔ a, mpa abaw. Ma ɛnna wadwenem sɛ nkate bi wɔ ne mu a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔkasa. Kɔ so ne no mmɔ nkɔmmɔ na munni ho dwuma.”

Sɛ wunya afoforo ho nokware anigye a ɔdɔ wom a, wunya mu mfaso—sɛ wofɛre ade mpo a. John hui sɛ eyi na ɛboaa no ma odii su a na ɔwɔ sɛ ɔbɛtew ne ho no so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔdɔ nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.” (1 Korintofo 13:5) “Sɛ wobɛyɛ ade a ɔdɔ wom a, ɛsɛ sɛ wo ne afoforo kasa na wubisa wɔn ase. Wo ho mu a wubegyae ama wo sintɔ ahorow no renyi ɔhaw no mfi hɔ. Wubetumi adi wo su ahorow so denam mpaebɔ so.” Ɔde ka ho sɛ: “Nhyira pii wɔ saa a wobɛyɛ no mu. Sɛ wuhu sɛnea afoforo yɛ ho biribi ne sɛnea ɛhyɛ wɔn den no a, ɛhyɛ wo nso den. Na ɛsɛ sɛ ɛno ma wunya akokoduru sɛ wobɛbɛn no mmere foforo.”

Tema—Nkɔmmɔbɔ Fapem

Nnipa su horow a ɛsom bo yiye mu biako ne tema. Dɛn koraa ne tema? Ɔbenfo Bernard Guerney a ɔwɔ Pennsylvania Mantam Sukuupɔn mu no ka sɛ tema yɛ ‘tumi a wɔde te obi foforo nkate ne n’adwenhorow ase yiye—sɛ́ ebia mo adwene hyia anaasɛ enhyia no.’ Tema ho hia dɛn wɔ nkɔmmɔbɔ mu? “Ɛno ne fapem! Ɛno ne fapem a biribiara gyina so.”

Ɔbenfo Guerney kyerɛkyerɛ mu sɛ nkɔmmɔbɔ ne ade a abusuabɔ pa nyinaa gyina so. Nokwarem no, adwene a enhyia yɛ biribi a abu so. Sɛ yebedi ho dwuma na yɛama abusuabɔ no atra hɔ a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛka ɔhaw no ho asɛm. Nnipa pii pow sɛ wɔbɛyɛ saa esiane sɛ wonnim sɛnea wɔbɛkasa a wɔremma ɔfoforo no mmɔ mmɔden sɛ obeyi ne ho ano na ne bo afuw no nti. Sɛnea Ɔbenfo Guerney kyerɛ no, “nnipa dodow no ara nhu nsonsonoe a ɛda anisɔ ne obu a wobenya ama ɔfoforo no gyinabea ne gye a wobegye saa gyinabea no atom ntam. Enti, sɛ wɔn adwene anhyia a, wɔnkyerɛ anisɔ ne obu. Tema boa wo ma wuhu nsonsonoe a ɛwɔ ntease ne anisɔ mu.”

Sɛ wofa no sɛ wowɔ onipa foforo no tebea mu a, wobɛte nka na woadwen sɛnea ɔyɛ no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, wubehu sɛ ntease, anisɔ ne obu betumi ayɛ kɛse, sɛ mo adwene nhyia mpo a.

Susuw Janet a ɔwɔ mma baanan no ho hwɛ. Bere bi n’abam bui, na osusuwii sɛ ɔnsɛ hwee. Afei, ohu sɛnea tema ho hia bere a woreboa obi no. Ɔka sɛ: “Mekae sɛ, me kunu ne me bɔɔ nkɔmmɔ na ɔkyerɛkyerɛɛ akwan ahorow a mefa so boa no nyinaa mu kyerɛɛ me, bere a na misusuw sɛ mfaso biara nni nea meyɛ so no. Ofi ɔdɔ mu tiee me yiye bere a na meresu mpo no, na afei ɔkyekyee me werɛ. Nanso sɛ obuu me nsusuwii no animtiaa anaasɛ ɔkae sɛ ‘O, ɛno yɛ nkwaseasɛm,’ anaasɛ ɔkaa biribi te saa a, anka mɛyɛ dinn na mafi hɔ akɔ. Nanso, saa anadwo no yɛbɔɔ nkɔmmɔ pa bere tenten.”

Ɔbenfo Guerney wie asɛm no sɛ: ‘Tema kyerɛ sɛ wudwen afoforo ho. Ɛno ma nkitahodi, nea nnipa pii pɛ na wohia nya nkɔso.’

Wubetumi Abɔ Nkɔmmɔ!

Wubetumi ayɛ nkɔmmɔbɔfo pa. Yɛasusuw nneɛma atitiriw bi a ɛbɛma woatumi abɔ nkɔmmɔ yiye ho, nanso afoforo pii wɔ hɔ. Nea ɛka ho ne adamfofa su, aseresɛmyi, ne anifere, sɛ yɛbɛka kakraa bi a. Nanso te sɛ mfoniniyɛfo a ɔnam nea wasua ne ahokokwaw so de ne tui yɛ mfonini ma ɛyɛ fɛ no, ehia sɛ yɛbɔ mmɔden nya su ahorow a ehia yi.

Sɛ́ nhwɛso no, Daniel abɛyɛ nkɔmmɔbɔfo pa. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam sua a osuaa sɛ obedi ne su a ɛne sɛ obegye nkurɔfo nsɛm aka no so. Ɔka sɛ: “Ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden sɛ minnye nkɔmmɔbɔ no mfa. Wɔ me fam no, ɛno kyerɛ sɛ mesianka me tɛkrɛma. Sɛ mihu sɛ mepɛ sɛ mede nsɛm bi ka ho a, meka wɔ me tirim sɛ gyae! Sɛ mihu sɛ asɛm bi a mɛka bɛsakra nkɔmmɔbɔ no anaasɛ merema obi asɛm aka ne tirim a, megyae ka koraa!”

Dɛn na ɛboaa Elaine? Bere a onyaa Bible mu nokware nimdeɛ akyi no, ohui sɛ wanya biribi a ɛsom bo na ɛfata sɛ odi ho nkɔmmɔ. Ɔka sɛ: “Mihu sɛ sɛ migyae me ho dwen na me ne afoforo bɔ honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ a, metumi abɔ nkɔmmɔ a memmrɛ ho. Ɛboa me nso ma mekenkan nhoma ahorow a egyina Bible so a yɛn nsa ka daa no. Sɛ mekɔ so yɛ saa daa a, minya biribi foforo ka kyerɛ afoforo na ɛnyɛ me den koraa sɛ mɛbɔ nkɔmmɔ.”

Bɔ mmɔden sɛ wubenya su atitiriw yi wɔ wo nkɔmmɔbɔ mu. Afei, wo nso wubetumi ama afoforo anya ahotɔ ne anigye, na woanya akomatɔyam a ɛne sɛ wode ahokokwaw di onipa ahiade bi ho dwuma ampa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena