Yesu Awonwade Ahorow—So Esisii Ankasa?
EBIA wugye anwonwade ahorow a Yesu yɛe a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no di; afei de ebia wunnye nni bio. Anaasɛ ebia wobɛkã wo mmati na woabisa sɛ: ‘So ɛho hia ankasa?’ Nanso ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu nsɛm a ɛfa anwonwade ahorow ho no so. Sɛ Yesu anwonwade ahorow no ansisi a, ɛnde na ɔbarima a wagye din sen obiara a watra ase pɛn no nkyerɛkyerɛ ahorow no pii bɛyɛ nea asɛm wɔ ho. Nanso sɛ esisii de a, ɛnde wo daakye betumi asakra.
Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ no, anwonwade yɛ “biribi soronko a esi a ɛkyerɛ sɛ wofi soro de wɔn ho agye adesamma nsɛm mu.” Biribi a ɛma nnipa ho dwiriw wɔn a wontumi mfa onipa adwene nkyerɛkyerɛ mu. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow a ɛtete saa pii. Eyi yɛ ahorow anan sɛnea yebehu wɔ nsɛm a wɔahyehyɛ no mu wɔ kratafa a edi hɔ no mu no. Ɛnnɛ mpo, obiara nni hɔ a obetumi akyerɛkyerɛ ɔkwan a Yesu tumi faa so yɛɛ nneɛma a ɛtete saa no mu.
So Esisii Ampa?
Pii gye di sɛ ansisi. Ɔsɔfo biako kyerɛe sɛ anwonwade no ho kyerɛwtohɔ no yɛ nsɛm a wogugu mu ara kwa anaasɛ nsɛm ara kwa a esisii a wɔante ase. So ɛyɛ nokware? Anaasɛ so wɔnam ɔkwan bi so daadaa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ anwonwade ahorow no ho adansefo no? Anaasɛ so ɛsɛ sɛ yebu anwonwade no ho kyerɛwtohɔ ahorow no sɛ sɛnkyerɛnnede ara kwa, ɔkwan a wɔfa so da nokwasɛm ahorow a emu dɔ adi wɔ mfonini kwan so? Eye, susuw ho hwɛ.
Ɛyɛ den sɛ yebetumi abu Yesu anwonwade ahorow ho asɛm no sɛ ɛyɛ “nsɛm a esisii ara kwa a wɔante ase.” Wɔkyerɛ sɛ bere bi Yesu nyanee okunafo bi babarima fii awufo mu bere a wɔso funu no rekɔ amusie no. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ bere foforo nso, Yesu nantew Galilea Po no so bere a ahum retu. (Luka 7:11-17; Yohane 6:16-21) “Nsɛm ara kwa a esisii” bɛn na wobetumi aka ma atra so anaasɛ wɔrente ase ma abɛyɛ asɛm a ɛte sɛɛ?
Anaasɛ ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ wɔnam ɔkwan bi so daadaa ɛho adansefo no? Ɛwom, ntafoayifo ho akokwaw wo sɛnea wɔdaadaa wɔn atiefo no mu de. Mpo nnaadaafo atumi adaadaa nnɛyi nyansahufo. Nanso Yesu anwonwade ahorow a woaka ho asɛm no nyɛ nea wɔde adaadaa nnɛɛmafo no bi. Wɔkaa Yesu ho asɛm sɛ ɔsaa ɔbarima bi a “kwata ayɛ ne ho ma” yare, na ɔmaa mogya a na atu ɔbea bi mfe pii no gyaee. (Luka 5:12-16; 8:43-48) Ntafoayifo bɛn na obetumi ayɛ saa? Bere a nkonyaayifo betumi ayɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa bere a wahyehyɛ ne nneɛma a ɔde di dwuma wɔ adehwɛ pon so no, obiara nni hɔ a obetumi ama ahum a ɛretu ayɛ komm anaasɛ wanantew po a mframa a ɛrebɔ nti asɔre ani wɔ nnaadaa kwan so.
Yɛrentumi nka sɛ anwonwade no ho kyerɛwtohɔ no yɛ sɛnkyerɛnnede ara kwa anaasɛ nhwɛsode ahorow bi. Ebia ebinom bɛte nka sɛ kyerɛwtohɔ a ɛka owusɔre horow ho asɛm no yɛ mfonini kwan so ade a ɛkyerɛ sɛ Yesu de nnipa baa nkwa mu bio wɔ honhom fam, na ɛma wonyaa atirimpɔw foforo wɔ asetra mu. Nanso saa nsusuwii no ho nhia nhwehwɛmu. Anwonwade ahorow no fa nnipa ankasa ho. Onipa biako a wɔkaa ne ho asɛm sɛ onyan no fii awufo mu ne Lasaro a na ɔyɛ Maria ne Marta nuabarima no. Lasaro traa ase ankasa. “Yesu dɔ Marta ne ne nuabea no ne Lasaro.” (Yohane 11:5) Na bere a onyanee no no akyi no, nyamesom mpanyimfo no bɔɔ mmɔden sɛ wobekum no efisɛ na ne wusɔre no yɛ sɛnkyerɛnne kɛse. Lasaro wusɔre no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔte ase sɛ ɛyɛ paara!—Yohane 12:9-11.
Ɛnde, so na ɛbɛyɛ sɛ adansefo no redi atoro? Ɛrentumi mma saa! Yesu yɛɛ anwonwade ahorow no wɔ nnipadɔm pii anim. Wɔkyerɛw ɛho nsɛm ahorow no wɔ bere a na wɔn a wohui no mu pii da so ara wɔ nkwa mu mu. Saa kyerɛwtohɔ ahorow yi a pii yɛ nea ɛho adansefo na wɔkyerɛwee no, da so ara wɔ hɔ, a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu. W’ankasa kenkan na hu nokware a saa nsɛm yi yɛ no. Wodi nsɛm a anibere wom da biara wɔ asenniibea nsɛm a ɛfa owu ne nkwa mpo ho—a egyina adanse a esua sen nea ɛwɔ hɔ a esi so dua sɛ Yesu yɛɛ anwonwade ahorow ampa no so.
Saa anwonwade ahorow yi kaa pii a wohui no asetra. Anwonwade a ɛsen ne nyinaa, a ɛne Yesu wusɔre no, sakraa n’akyidifo no asetra kɛse. Eyinom abasam tui wɔ ne wu akyi pɛɛ a na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛsan akɔyɛ wɔn nnwuma a na wɔyɛ kan no. Afei, bere a wohuu Yesu a wɔanyan no no na Onyankopɔn honhom hyɛɛ wɔn den akyi no, wɔansuro Yudafo asɔfo no ne Romafo sodifo no abufuw, na wɔde akokoduru kɔkaa ne ho asɛm wɔ Roma Ahemman no mu ne akyi. (Asomafo no Nnwuma 1:6-8; 4:8-13) Wɔn akokoduru yi ho nhwɛso da adi wɔ Petro ne Yohane nsɛm a wɔka kyerɛɛ Yudafo sodifo no mu: “Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” (Asomafo no Nnwuma 4:20) Sɛ wɔredi atoro a, so anka wobetumi anya akokoduru a ɛte saa bere a wɔkae sɛ wɔahu Yesu a wɔanyan no no?
Anwonwade Ahorow ne Nnɛyi Nyansahu
So ɛyɛ nea ntease wom sɛ yebegye anwonwade ahorow adi wɔ nyansahu mmere yi mu? Yiw ntease wom. Bere a yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nim pii wɔ sɛnea abɔde ho nneɛma di dwuma sen nnipa a wɔtraa ase wɔ Yesu bere so no, ɛnyɛ nneɛma nyinaa na yenim. Wɔ nokwarem no, nyansahufo hu sɛ bere a wosua ade pii no, bere koro no ara na wohu sɛ pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosua. Nokwarem no, wonnuu faako a wobetumi aka koraa sɛ: Eyi betumi asi na eyi rentumi nsi. Sɛ nhwɛso no, wɔrentumi nka no pefee sɛ tumi biara nni hɔ a ebetumi ama obi a wawu anyan anaasɛ ɛbɛma nsa a awu asan ateɛ. Nea wobetumi aka nyinaa ne sɛ wonnim ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ no. Enti sɛ esisii a, ɛnde ebedi adanse sɛ tumi bi a ɛkorɔn sen wɔn de no de ne ho gyee mu.
Encyclopedia Britannica ka wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ɛwom sɛ wɔtaa de ahotoso pow anwonwade ahorow a ebetumi asi de, nanso pow a wɔpow no yɛ nea wontumi nkyerɛkyerɛ mu; na esiane sɛ yennim sɛnea abɔde ho nneɛma kɔ so yɛ adwuma yiye nti, yɛrentumi nka sɛ asɛm yi anaa foforo a esii no yɛ nea esiw ano.”
Nyansahufo ahu sɛ wɔ tebea horow a wɔntaa nhu mu no, mpɛn pii nneɛma tumi sisi bere a yɛnhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ ɛba saa no. Sɛ nhwɛso no, aduru bi wɔ hɔ a sɛ wɔde sumpii to mu na ɛkyɛ kakra na woyi de to hɔ ma ɛbɛn twebo a, etumi nya ahoɔden a ɛwɔ twebo mu no bi. Wɔ tebea horow a wɔtaa hu mu no, biribiara a emu yɛ duru sen mframa a wogyaw mu fi soro no hwe fam. Nanso susuw nyansahufo a ɔde wimhyɛn nenam ahunmu ara kwa no ho. Ɛyɛ den sɛ wubegye nneɛma a ɛtete sɛɛ adi, gye sɛ wunim sɛ adebɔ ho mmara ma etumi yɛ saa.
Enti, nnɛ yetumi yɛ nneɛma ahorow a ebetumi ama wɔn a na wonim nhoma a wɔtraa ase wɔ mfe ɔha a atwam no mu ho adwiriw wɔn. Nanso yennim nyansa nsen saa bere no mu nnipa no. Ɛyɛ osuahu ara kwa na yɛanya wɔ mfe ɔha a atwam no mu. Yehowa Nyankopɔn, nea ɔbɔɔ adebɔ mmara horow no wɔ nyansa pii ne osuahu bebree sen yɛn. Nokwarem no, obetumi ama tebea horow bi a wɔntaa nhu aba ma ɛne n’abɔde ho mmara a ɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma no ahyia na ama onipa atumi anantew nsu ani anaasɛ wɔama ahum a ɛretu agyae.
Ɔbenfo Hans Hoppeler, Swissni a ɔkyerɛw nhoma Bibelwunder und Wissenschaft (Bible Mu Anwonwade Ahorow Ne Nyansahu) no kae sɛ: “Obi a ogye Onyankopɔn Tumfoɔ bi a wahyehyɛ abɔde ho mmara horow ato hɔ na ɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma no di no, hu no pefee sɛ efi bere kɔ bere mu no, saa Onyankopɔn yi betumi de ne ho agye n’amansan no nsɛm mu wɔ ɔkwan a yɛnte ase so ne sɛnea ne mmara horow a yennim no kyerɛ no, a atirimpɔw no ne sɛ ɔbɛma ne tumi ne ne nyansa ada adi.”
‘Eye, Anwonwade Ahorow. Nanso Dɛn Ntia?’
Ɛwom sɛ saa anwonwade ahorow no sisii ampa wɔ Apuei Fam Mfinimfini bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni de, nanso nsonsonoe bɛn na ɛwom nnɛ? Nsonsonoe kɛse! Sɛ́ Yesu yɛɛ anwonwade ahorow ampa no kyerɛ sɛ onyaa tumi bi a na ne bere sofo bebree nnim na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ pii nso nnim: Onyankopɔn honhom kronkron. (Mateo 12:28; Luka 4:14; 5:17) Saa nokwasɛm yi kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn penee nea Yesu kae na ɔyɛe no so. Anwonwade ahorow no yɛ adanse a ɛda nsow a ɛkyerɛ sɛ na Yesu reka nokware.
Enti, bere a Yesu kae sɛ ɔne Onyankopɔn Ba ne Mesia a Yudafo atwɛn no bere tenten no, na ɔreka nokware. (Mateo 11:2-6; 16:15-17) Anwonwade ahorow no ma yenya ahotoso sɛ wɔn a wonya Yesu mu gyidi no nyɛ saa kwa.—Yohane 3:16.
Nea ɛka ho no, Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Ɔno ne saa Ahenni no so Hene, na wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so denam ɛno so. Anwonwade ahorow no si nokware a asɛm no yɛ so dua. (Mateo 6:10; 9:35; Yohane 18:36) Nanso ɛyɛɛ nea ɛsen saa. Yesu anownwade ahorow no kyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni nniso bɛyɛ ama wɔn a wɔbɛyɛ ne nkoa no.—Daniel 2:44.
Onyankopɔn Ahenni no ne anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma adesamma daakye, na bere a ɛsɛ sɛ ɛde ne ho gye adesamma nsɛm mu no abɛn. Nnipa rentumi nyɛ anwonwade ahorow denam honhom kronkron so wɔ yɛn bere yi mu. Nanso ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa anokwafo behu nsakrae a ɛyɛ nwonwa wɔ asase yi so ne adesamma a wɔte so no tebea mu. Afei saa Ahenni no bɛyɛ nea ɛsen nea Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so sɛ onipa no, sɛnea nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 29 no kyerɛ no. Eyi nyɛ biribi a obi yam a anka aba ara kwa. Ɛbɛba. Na ade biako nti a yebetumi anya ahotoso koraa ne sɛ Yesu anwonwade ahorow a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no sisii ampa.
[Kratafa 31 adaka]
“Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo na koro no mae, na obiara a ogye no di anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 29]
YESU ANWONWADE AHOROW
Bere a ɔwɔ asase so wɔ Bere a odi asase so tumi
afeha a edi kan no mu wɔ n’Ahenni no mu no
Tumi a Ɔwɔ Wɔ:
NNEƐMA A NKWA NNI MU SO
● Ɔde abodoo anum ne mpataa abien maa nkurɔfokuw dii (Luka 9:10-17) Ɔbɛma aduan abu so na ama aduankɔm ho haw no agyae ama adesamma nyinaa (Dwom 72:16; Yesaia 25:6)
Ɔmaa nsu dan nsã (Yohane 2:1-11)
Ɔmaa ahum a ɛretu yɛɛ dinn (Mateo 8:24-27)
AHONHOM DƆM SO
● Otuu adaemone fii nnipa a wɔwɔ honhom fĩ mu (Marko 1:23-28; Luka 8:26-39) Obesiw adaemone kwan, ne titiriw wɔn panyin Satan, na wɔankɔdaadaa adesamma bio (Adiyisɛm 20:1-3)
ƆDESANI NYAREWA SO
● Ɔmaa mmubuafo nantewee, asotifo tee asɛm, anifuraefo huu ade, akwatafo ho fii, ne nyarewa afoforo pii (Mateo 9:1-8, 27-34; 15:30, 31; Luka 7:21, 22) Ɔbɛsa adesamma nyarewa nyinaa, honam ne honhom mu de nyinaa (Adiyisɛm 22:1, 2)
OWU SO
● Onyanee okunafo bi babarima (Luka 7:11-17) Ɔbɛfrɛ adesamma afi adamoa mu denam owusɔre so, na ɔde daa nkwa wɔ Paradise ama adesamma mu asoɔmmerɛwfo (Yohane 5:28, 29; 17:3; Adiyisɛm 20:12, 13; 21:3-5)
Onyanee Yairo babea (Mateo 9:18-26; Luka 8:41-56)
Onyanee Lasaro (Yohane 11:1-46)