Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 8/8 kr. 21-24
  • Mɛyɛ Dɛn Na Mmofra Agyae Me Haw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Na Mmofra Agyae Me Haw?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wɔyɛ Saa
  • Fɛwdi no Ano a Wubesiw
  • “Ntuatuaano” Ano a Wubegyina
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Mu sɛ Wubedi Were?
    Nyan!—2001
  • Dɛn na Ɛsɛ sɛ Mihu Fa Mmonnaato Ho?
    Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Na sɛ Mihyia Me Sukuuni Bi Ɛ?
    Nyan!—2002
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina Nna Ho Nsɛm a Wɔde Guan Me Ho no Ano?
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 8/8 kr. 21-24

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Mɛyɛ Dɛn Na Mmofra Agyae Me Haw?

Abarimaa no nantew ma wuhu sɛ ɔyɛ ɔfoforo koraa. Ehu aka no, wayɛ basaa, na na ɛda adi sɛ nneɛma afoforo a atwa ne ho ahyia no ama ne ho adwiriw no. Enti sukuufo a wɔwɔ hɔ dedaw no hui sɛ ɔyɛ abarimaa foforo wɔ sukuu no mu. Ankyɛ na mmeawa no mu binom twaa ne ho hyiae bɔɔ no ntaneani de maa no “akwaaba,” na wɔkaa kasa fĩ ahorow guu no so! Esiane sɛ na wafɛre nti, oguan kohintaw faako a ɛbɛn a obenya ogye​—tiafi so. Wɔserew denneennen wɔ ɔdan no mu.

NEA yɛaka wɔ atifi hɔ no yɛ nea ɛrekɔ so wɔ sukuu ahorow pii mu no ho nhwɛso. Ateetee, fɛwdi, ne ɔyaw yɛ nneɛma a mmofra pii de gye wɔn ani. Abofra biako kae sɛ: “Mmofra no hu wo a na wɔafi ase reserew na ɛma mete nka sɛ minkum me ho.”

Salomo kae bere bi sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.” (Mmebusɛm 12:18) Obi atipɛnfo nsɛm a wɔka de di ne ho fɛw betumi ahwirow ahotoso a obi wɔ wɔ n’ankasa mu no mu te sɛ nkrante. Na nea ebefi mu aba no betumi akyɛ. Ɔbarima bi kae sɛ, ‘Bere a na mekɔ sukuu no, nkurɔfo pii serew me efisɛ na me kasa mu nna hɔ. Eyi ma mefɛree na na misuro sɛ mɛkasa wɔ nnipa anim.’ Ne ho fɛw a wodii no ahaw no besi nnɛ.

Enti ebia abofra bi bebisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn na wɔagyae me haw?’ Ebia ɛsɛ sɛ wususw nea enti a wodi wo ho fɛw no ho kan.

Nea Enti a Wɔyɛ Saa

Bible no ka wɔ Mmebusɛm 14:13 sɛ, “Ɔserew mu mpo koma hu yaw.” Serew fi ase bere a mmofra kuw bi redi obi ho fɛw no. Nanso ‘ɛnyɛ koma pa nti na wɔreto ahurusi dwom!’ (Yesaia 65:14) Mpɛn pii wɔde serew kata koma mu yaw so ara kwa. Wɔ adeyɛ bɔne yi akyi no, ebia na fɛwdifo no reka ankasa sɛ: ‘Yenni anigye, nanso bere a yɛserew obi no, ɛma yɛn ho tɔ yɛn.’

Ɔkyerɛkyerɛfo biako a wɔfrɛ no Edward C. Martin, kae asɛm bi a na wɔ “bɛyɛ nnawɔtwe abien mu no na mmeawa bi redi abeawa foforo ho fɛw wɔ sukuu mu ne bere a wɔapɔn sukuu.” Nea wodii ne ho fɛw no “yɛɛ basaa.” Martin de baa awiei sɛ: “Nanso wɔ fɛwdifo no fam no, na eyi kyerɛ sɛ wɔyɛ biako na wɔyɛ nnamfo nso. Wonyaa anigye wɔ bere a woyii wɔn anim haw no ne bere a wɔnam anifere kwan so dii ne ho fɛw no mu. Ankorankoro gyee din wɔ ne yɛ mu na kuw no kamfoo wɔn na eyi ma wɔhwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so atumi adi wɔn tamfo no ho fɛw ma ayɛ anigye.” Abofra biako a wɔfrɛ no Shelley a ɔde ne ho hyɛɛ fɛwdi a ɛtete sɛɛ mu de baa awiei saa ara sɛ: “Na yesusuw sɛ ɛno ne ade a ‘eye’ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ . . . Ɛma wote nka sɛ wo ne wɔn wɔ ayɔnkofa. Sɛ woka kuw no ho.”

Ninkuntwe nso de ɔsɔretia ba. Bible no ka abarimaa a na onnii mfe aduonu a wɔfrɛ no Yosef a n’ankasa nuanom sɔre tiaa no esiane sɛ n’agya dɔ no sen wɔn nyinaa nti no ho asɛm. Ɛnyɛ sɛ ninkuntwe a emu yɛ den ma wɔyeyaw no nko, na mmom wonyaa adwene sɛ wobekum no mpo! (Genesis 37:4, 11, 20) Saa ara na ɛte nnɛ, sukuuni a onim nhoma yiye anaasɛ n’akyerɛkyerɛfo pɛ n’asɛm no mfɛfo bɛtwe ne ho ninkunu. Wɔde ɔyaw ‘bɛbrɛ n’ase.’

Mpɛn pii, ehu, ninkuntwe, ne bu a wommu wɔn ho titiriw biara na ɛma wodi fɛw no. Afei, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wugyae obu a wowɔ ma wo ho no mu esiane sɛ abofra bi a onni ahotɔ ahwere ne de nti?

Fɛwdi no Ano a Wubesiw

Odwontofo no se: “Nhyira ne onipa a . . . ɔntra fɛwdifo trabea.” (Dwom 1:1) Wo ho a wode bɛhyɛ fɛwdi no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛdan adwene afi wo so no bɛma ɔyaw no akɔ so.

Salomo de nyansahyɛ ahorow bi a mfaso wɔ so ma. “Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te.”​—Ɔsɛnkafo 7:9.

Yiw, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wubu fɛwdi aniberesɛm saa? Mpɛn pii adwemmɔne biara nni akyi ankasa. Enti sɛ obi anhyɛ da​—anaasɛ ɔhyɛ da mpo​—di wo ho fɛw wɔ biribi a wompɛ ho a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛhaw wo? Sɛ ɛnyɛ kasafĩ na ɔkae de a, bɔ mmɔden na fa no aserewsɛm. “Ɔserew wɔ ne bere,” na wo bo a wobɛma afuw wɔ fɛwdi a ɛyɛ agorudi mu no betumi akyerɛ ade a woyɛ ma ɛtra so.​—Ɔsɛnkafo 3:4.

Nanso sɛ fɛwdi no nyɛ nea wɔde redi agoru nso ɛ? Ebia bere a muredi agoru anaasɛ mowɔ ɔdan ketewa a musiesie mo ho wɔ mu no mu no, obi di wo ho fɛw esiane dɛm bi a ɛwɔ wo ho no nti. Anaasɛ ebia na woyɛ abeawa a mfoa haw wo na obi de w’anim a ayeyɛ tuntum no serew wo. Sɛ wobɛfa no sɛ aserewsɛm no nyɛ mmerɛw, efisɛ ‘ɛyɛ nipasu a yenim sɛ obi bɛpɛ sɛ oyi ne ho ano bere a wɔkasa tia no no. Enti ɔbenfo Manuel J. Smith ka sɛ: “Mekyerɛ nkurɔfo sɛ wonnyi wɔn ano wɔ asɛm biara a wɔbɛka atia wɔn ho (ɛne sɛ wobɛpene so wɔ ayamye mu) , wɔmmmɔ mmɔden sɛ wobeyi ano na wɔnka bi ntua wɔn so ka.” Yiw fɛwdifo no pɛ sɛ onya nea wobɛyɛ no mu anigye, ɔpɛ sɛ ohu sɛ woayɛ mmɔbɔ. Ka a wobɛka bi akyerɛ no, yi a wubeyi w’ano anaasɛ su a wubesu no bɛhyɛ no nkuran ma wakɔ so adi wo ho fɛw.

Ɔkyerɛwfo Kathleen McCoy ka abeawa bi a wɔfrɛ no Carol a na wɔne no di akameakame bere nyinaa esiane sɛ ɔso ware nti ho asɛm. Carol maame bisae sɛ: “Esiane sɛ worentumi nsakra obi suban nti, so wubetumi asusuw biribi a wubetumi ayɛ na ama nkurɔfo agyae wo haw ho?” Obuae sɛ: “Sɛ́ meremma wonhu sɛ ahaw me?” Mmofra afoforo nso atumi adi yaw a wɔyaw wɔn no so denam bu a wobu wɔn ani gu so de kyerɛ sɛ ɛmfa wɔn ho no so.

Ɔhene Salomo kɔ so ka sɛ: “Nso mfa wo koma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, [“Ntie nea nnipa ka nyinaa”​—Todays English Version], na woante sɛ w’akoa redome wo. Na wo koma nim mpɛn bebree a wo nso wodomee ebinom.” (Ɔsɛnkafo 7:21, 22) Sɛ́ ‘wode wo koma besi’ fɛwdifo nsɛm a ɛyɛ yaw so no bɛkyerɛ sɛ wususuw sɛnea wobu wo no ho dodo. So wɔn atemmu no wɔ nnyinaso pa? Ɔsomafo Paulo atipɛnfo ninkuntwefo no kasa tiaa no wɔ ɔkwan a ɛmfata so, nanso obuae sɛ: “Na me de, ɛyɛ me ade ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bi hyɛ da bu me atɛn . . . nea obu me atɛn ne [Yehowa].” (1 Korintofo 4:3, 4) Na Paulo abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ no mu yɛ den yiye, ma enti na ɔwɔ ne ho mu ahotoso na na ogye di sɛ obetumi agyina ɔkasatia a ɛmfata no ano.

“Ntuatuaano” Ano a Wubegyina

Ebia ɛtɔ bere bi a wobedi wo ho fɛw esiane sɛ woyɛ Kristoni nti. Ná ɛsɛ sɛ Yesu Kristo ankasa gyina “ntuatuaano” a ɛte sɛɛ ano. (Hebrifo 12:3) Ɛwom sɛ wɔyeyaw no, guu n’anim ase de, nanso Yesu anyaw wɔn bi. (1 Petro 2:22, 23) Ɔde afotu koro no ara a ɔkaa ho asɛm wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no dii dwuma, a ɛne ‘dan w’aso biako no nso ma’ no.​—Mateo 5:38-42.

Ebia, ɛsɛ sɛ wo nso wugyina fɛwdi ano na wubu w’ani gu so. Nanso, nkɔpɛ asɛm mma wo ho denam afoforo a wobɛkasa atia wɔn bere nyinaa anaasɛ wobɛma wɔanya adwene sɛ wote nka sɛ wokorɔn sen wɔn no so. Sɛ wunya hokwan sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm akyerɛ a, yɛ saa nanso fa “odwo ne osuro” yɛ saa. (1 Petro 3:15) Abrabɔ pa mu a wubekura no betumi ayɛ ahobammɔ kɛse ama wo bere a wowɔ sukuu mu no. Ɛwom sɛ afoforo rempɛ w’adeyɛ a akokoduru wom no, nanso mpɛn pii no wɔde amemenemfe bebu wo esiane ɛno nti.

Nea mmeawa kuw bi a wɔhaw Kristoni abeawaa bi a wɔfrɛ no Vanessa yɛe ne sɛ wɔbobɔɔ no, sunsum no, kaa ne nhoma a ɛkura no no gui​—sɛnea ɛbɛyɛ na wɔne no ako. Mpo, wohwiee chocolate a wɔayɛ no sɛ nufusu guu ne tirim ne n’atade fitaa a ani tew no mu. Nanso nea wɔyɛe no amma ne bo amfuw. Nanso asram bi akyi no, Vanessa hyiaa nea na odi kuw no anim wɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse bi ase! Nea na kan ɔyɛ osisifo no kae sɛ, “Na mempɛ w’asɛm. Na mepɛ sɛ wo bo fuw da koro.” Nanso pɛ a na ɔpɛ sɛ ohu nea enti a Vanessa kɔɔ so yɛɛ dinn no ma ɔpenee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no. Ɔtoaa so sɛ, “m’ani gyee nea misuae no ho, na merekɔbɔ asu ɔkyena.”

Enti mma “ntuatuaano” nhaw wo. Faako a ɛfata no, fa no sɛ agorudi. Fa ayamye si bɔne ananmu. Nhwanyan atutuw, na wɔ bere a ɛsɛ mu no, wɔn a wɔhaw wo no ani rennye ho pii sɛ wobedi wo ho fɛw. Efisɛ “nnyina sã a, ogya dum.”​—Mmebusɛm 26:20.

[Kratafa 22 mfoni]

Fɛwdifo no pɛ sɛ woyɛ mmɔbɔ. Ka a wobɛka bi atua wɔn so ka anaasɛ su a wubesu bɛhyɛ wɔn nkuran ma ebia wɔakɔ so ahaw wo

[Kratafa 23 mfoni]

Wɔ nsɛm pii mu no, ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so adi ɔyaw ahorow so ne sɛ wubebu w’ani agu so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena