Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Agyina Nna Ho Nsɛm a Wɔde Guan Me Ho no Ano?
“Mmarimaa bobɔ hwirema na wɔteɛteɛm de kyerɛ me ho anigye.”—Carla, Ireland.
“Mmeawa frɛ wɔ telefon so mpɛn pii. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma woayɛ nea wɔrebisa no.”—Jason, United States.
“Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeso me nsa bere nyinaa.”—Yukiko, Japan.
“Mmeawa keka ɔbrasɛe ho nsɛm kyerɛ me.”—Alexander, Ireland.
“Na abarimaa bi keka nsɛm kyerɛ me bere a yɛte sukuu bɔs mu no. Na ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pue. Na ɔrehaw me kɛkɛ.”—Rosilyn, United States.
AGUAMAN ani a wɔde hwɛ obi, nna ho akɔnnɔ a wɔde “kamfo” obi, nguamansɛm a wɔka serew, ne so a wosuso obi mu—eyinom yɛ nna ho nsɛm a wɔde guan obi ho, bere a n’ani nnye ho na wɔkɔ so yɛ no. Ɛwom sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobehu sɛnea eyi ho asɛm te wɔ wiase nyinaa de, nanso akontaabu kyerɛ sɛ mmerante ne mmabaa a wɔkɔ sukuu wɔ United States no mu pii hyia ɔhaw yi.
Dɛn ankasa ne nna ho nsɛm a wɔde guan nkurɔfo ho no? Coping With Sexual Harassment and Gender Bias nhoma a Ɔbenfo Victoria Shaw kyerɛwee no kyerɛ ase sɛ “nna ho nneɛma a wɔyɛ de guan obi ho . . . Ebetumi ayɛ biribi a wɔyɛ ma obiara hu (te sɛ obi mu a wosuso), nea wɔde ano ka (nsɛm a obi ani nnye ho a wɔka fa ne ho), anaa nea wɔmfa ano nka.” Ɛtɔ da a, nna ho nsɛm a wɔkeka no mfata koraa.
Mpɛn pii no, wo mfɛfo sukuufo na ɛtaa keka nna ho nsɛm guan wo ho. Nanso, ɛtɔ da a, mpanyimfo te sɛ akyerɛkyerɛfo na wɔda su bɔne a ɛte saa no adi. Asɛm bi a ɛwɔ Redbook nsɛmma nhoma no mu ka sɛ akyerɛkyerɛfo a wobu wɔn fɔ sɛ wɔne nkurɔfo ada no mu “kakraa bi na wohu wɔn.”
Na wɔde nna ho nsɛm guan mmea—ne ɛtɔ da bi a, mmarima—ho wɔ Bible mmere mu. (Genesis 39:7; Rut 2:8, 9, 15) Bible no nso kaa nsɛm yi too hɔ pefee: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, adifudepɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo; abususɛnkafo . . . ; bonniayɛfo, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, basabasayɛfo, ne wɔn a wɔyɛ keka.” (2 Timoteo 3:1-3, Today’s English Version) Enti, sɛnea ɛte biara no, wɔde nna ho nsɛm beguan wo ho.
Onyankopɔn Adwene
Nokwarem no, ɛnyɛ mmofra nyinaa na wodi nna ho nsɛm a wɔde guan wɔn ho no ho yaw. Ebinom betumi abu no anigyede—anaa agodie mpo. Nhwehwɛmu bi a ɛyɛ ahodwiriw a wɔyɛe wɔ U.S. kyerɛe sɛ wɔn a wɔde nna ho nsɛm haw wɔn no mu ɔha mu 75 kaa no pen sɛ wɔn nso de bi adi afoforo. Mpanyimfo binom ma nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho no yɛ nea aniberesɛm biara nnim denam bu a wobu wɔn ani gu so na wɔka sɛ mfomso biara nni ho no so. Nanso, Onyankopɔn bu no dɛn?
Onyankopɔn Asɛm Bible no kasa tia nna ho nsɛm biara a ɛmfata no pefee. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛtra so kosisi’ afoforo wɔ nna fam. (1 Tesalonika 4:3-8) Nokwarem no, ɛhyɛ mmerante titiriw sɛ ‘wommu mmabaa sɛ nuabeanom wɔ ahotew nyinaa mu.’ (1 Timoteo 5:1, 2) Afei nso, Bible no kasa tia “asereseresɛm a ɛnsɛ.” (Efesofo 5:3, 4) Enti, sɛ wɔde nna ho nsɛm haw wo a, mfomso biara nni ho sɛ wo bo befuw, ahaw wo, woadwen ho na ahyɛ wo aniwu mpo!
Menka Dɛn?
Ɛnde, sɛ obi de nna ho nsɛm haw wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛtɔ da a, sɛ woankasa anibere so a, onipa no bɛkɔ so de nna ho nsɛm no ahaw wo. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Yosef wura yere kae sɛ ɔne no mmɛda no, wanka sɛ dabi ara kɛkɛ. Mmom no, wampene ɔbrasɛe ho adeyɛ biara so koraa. (Genesis 39:8, 9, 12) Ɛnnɛ nso, akokoduru a obi benya de aka n’asɛm pen no yɛ ɔkwan a ɛsen biara a obetumi afa so na wɔamfa nna ho nsɛm anguan ne ho.
Nokwarem no, ebia na ɛnyɛ onipa no adwene ne sɛ ɔrekeka nsɛm de ahaw wo. Ebetumi aba sɛ nea wofa no sɛ nna ho nsɛm no yɛ ɔkwan bi a wɔfa so ma wuhu sɛ wɔpɛ w’asɛm. Enti, nnya adwene sɛ ɛsɛ woyɛ ade a enye bi na ama woatumi de asiw nna ho nsɛm a wompɛ no kwan. Nsɛm bi te sɛ, ‘M’ani nnye saa nsɛm no ho’ anaa ‘Mesrɛ wo, nso me mu,’ no ara betumi ama wɔate wo ase. Ka no anibere kwan so, mma ɛnyɛ sɛ nea woreka adi agoru. Ma wo dabi, nyɛ dabi! Ababaa Andrea kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wɔnte nea woka no bɔkɔɔ no ase a, ɛsɛ sɛ woka no pen. Mpɛn pii no, saa na ɛsɛ sɛ woyɛ.” Ka a wobɛka no pen sɛ, ‘Gyae nea woreyɛ no!’ bɛma wɔate ase.
Sɛ wɔkɔ so ara keka nsɛm guan wo ho a, ɛnsɛ sɛ wo nkutoo di ɔhaw no ho dwuma. Bɔ mmɔden sɛ wo ne w’awofo anaa mpanyimfo foforo a wɔn ho akokwaw besusuw ho. Wobetumi ama wo nyansahyɛ a wubetumi de adi tebea no ho dwuma. Wobetumi de asɛm no akɔdan sukuufo mpanyimfo no mpo. Ɛmfa ho sɛ saa a wɔbɛyɛ betumi de ɔhaw kakraa bi abrɛ wo no, ɛremma wɔmfa nna ho nsɛm nhaw wo bio.
Ahoguan Ano a Wubesiw
Nokwarem no, ɛyɛ papa sɛ wubedi kan ayɛ biribi a ɛmma wonguan wo ho. Dɛn na ebetumi aboa wɔ eyi yɛ mu? Andrea de afotu ma sɛ: “Nka biribi a ɛkyerɛ sɛ w’ani gye nea wɔaka akyerɛ wo no ho. Afoforo bɛte na ɛbɛma wɔagyina so akɔ so ahaw wo.” W’ahosiesie nso ho hia kɛse. Ababaa Mara ka sɛ: “Menhyɛ ntade a atwam, nanso menhyɛ nea ɛbɛtwetwe adwene aba me so.” Sɛ wompɛ sɛ wɔka nna ho nsɛm kyerɛ wo nanso wohyɛ ntade a ɛtwe afoforo adwene ba wo so a, ɛmma wonhu nea worepɛ akyerɛ. Bible hyɛ nyansa sɛ yɛmfa ‘ahobrɛase ne adwenemtew’ nsiesie yɛn ho.—1 Timoteo 2:9.
Nnamfo a wopaw nso kyerɛ sɛnea afoforo bebu wo. (Mmebusɛm 13:20) Rosilyn ka sɛ: “Sɛ mmeawa a wɔyɛ wo nnamfo no ani gye mmarimaa ho a, ɛbɛma mmarimaa no abu mo nyinaa sɛ mote saa.” Carla kaa asɛm koro no ara: “Sɛ wo ne wɔn a wɔkyerɛ nna ho nsɛm a nkurɔfo keka no ho anigye bɔ a, wɔde nsɛm a ɛte saa bɛhaw wo nso.”
Bible ka abeawa bi a wɔfrɛ no Dina a ɔde ne ho kɔbɔɔ Kanaanfo mmeawa—a na wɔn bra asɛe, ho asɛm. Eyi ma wɔtoo no mmonnaa. (Genesis 34:1, 2) Edi sɛ Bible ka sɛ: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo.” (Efesofo 5:15) Yiw, wo ntadehyɛ, wo kasa, ne wo fekubɔ, a ‘wobɛhwɛ no yiye’ no betumi abɔ wo ho ban kɛse wɔ nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho no ho.
Nanso, wɔ mmerante ne mmabaa a wɔyɛ Kristofo fam no, ɔkwampa a wobetumi afa so asiw nna ho nsɛm a wɔde beguan wɔn ho ano ne sɛ wɔbɛma wɔahu wɔn som. Aberante Timon a ɔyɛ Yehowa Dansefo no, ka sɛ: “Na mmofra no nim sɛ meyɛ Ɔdansefo, enti ɛno ma wogyaee me haw koraa.” Andrea ka sɛ: “Ma a wobɛma wɔahu sɛ woyɛ Ɔdansefo no ara dɔɔso kɛse. Wobehu sɛ woda nsow wɔ akwan pii mu, na wowɔ abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn paa.”—Mateo 5:15, 16.
Sɛ Wɔde Nna Ho Nsɛm Guan Wo Ho A
Ɛmfa ho mmɔden biara a wobɛbɔ no, wuntumi nkwati nnipa a wɔka kasafi no koraa. Nanso, sɛ obi da so ara de nna ho nsɛm haw wo a, enhia sɛ wobɛma w’ahonim abu wo fɔ—bere dodow a wobɔ wo bra sɛ Kristoni no. (1 Petro 3:16, 17) Sɛ asɛm no ma w’ahonim haw wo a, ka kyerɛ w’awofo anaa Kristofo asafo no mufo a wɔn ho akokwaw no. Rosilyn gye tom sɛ ɛyɛ den sɛ w’ani begye bere a wɔde nna ho nsɛm haw wo no. Ɔka sɛ: “Wɔ a wowɔ yɔnko bi a wubetumi aka ho asɛm akyerɛ no no betumi aboa kɛse.” Kae nso sɛ ‘Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.’—Dwom 145:18, 19.
Basabasayɛ ano a wubegyina no nyɛ mmerɛw, nanso ɛso betumi aba wo mfaso. Sɛ nhwɛso no, susuw Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa ababaa bi a ofi Sunem ho no ho. Ɛwom sɛ wɔamfa nna ho nsɛm anguan ne ho te sɛ nea wɔyɛ nnɛ no de, nanso Yuda hene Salomo a na ɔyɛ ɔdefo na ɔwɔ tumi no de ɔdɔ ho nsɛm a na n’ani nnye ho haw no. Esiane sɛ na ɔdɔ ɔbarima foforo nti, wampene so. Enti na obetumi de anigye aka sɛ: “Me de, meyɛ ɔfasu.”—Nnwom mu Dwom 8:4, 10.
Da abrabɔ pa ne akokoduru a ɛte saa ara adi. Da wo ho adi sɛ “ɔfasu” bere a wɔde nna ho nsɛm haw wo no. Ma obiara nhu sɛ woyɛ Kristoni. Sɛ woyɛ saa a, wobɛyɛ ‘onipa a wonnunu no, na ɔyɛ kronn’ na woanya awerɛhyem sɛ woayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani.—Filipifo 2:15.a
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔde afotu pii a ɛfa nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho ho ama wɔ Nyan! a ɛbaa June 8, 1996; September 8, 1995; ne May 22, 1991, (Engiresi de) mu.
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Ma a wobɛma obiara ahu wo gyidi sɛ Kristoni no betumi abɔ wo ho ban
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Wo ho a wobɛtwe afi fekubɔne ho no bɛma woakwati nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho no