Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Ɛyɛ Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
NÁ ADWUMA abɛyɛ ahude ama ababaa kyerɛwfo bi a ne din de Rena Weeks. Nokwarem no, na mmara adwumakuw a wɔfaa no wom no wɔ din pa ne nnwuma wɔ aman bɛboro aduonu anan mu. Nanso na ɔyɛ adwuma ma ɔbarima bi a sɛnea ɔkyerɛ no, na osuso ne mu miamia no. Na ɔkeka kasafĩ ne nsɛm a ɛkanyan akɔnnɔ de ka animguasesɛm no ho.
Mfe bi a atwam no, na mmea a wɔwɔ tebea a ɛte sɛ eyi mu no nni baabi a wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ mmoa—gye ebia adwuma a wobegyae. Na adwumam mpanyimfo bɛka sɛ ɛyɛ ‘ɔbea ne ɔbarima ntam asɛm.’ Na wɔn a ebia wobegye ɔbea no asɛm adi mpo no remmu no asɛnhia biara na wɔaka sɛ, ‘Aniberesɛm bɛn na ɛwom?’ Nanso mmere adane. Rena Weeks yɛɛ ade kɔɔ akyiri sen sɛ ɔbɛfa abufuw kɛkɛ na wagyae adwuma. Ɔsamanaa no.
U.S. atemmufo bi gyee $50,000 de pataa no wɔ nkate fam yaw a odii no ho san bɔɔ ne kan adwumam panyin no ka $225,000. Afei, atemmufo no faa kwan bi so a ɛtwee nnwumakuw ne mmara nnwumakuw a ɛwɔ wiase nyinaa adwene so, bere a wɔhyɛe sɛ mmara adwumakuw no ntua ka kɛse a ɛyɛ dɔla ɔpepem 6.9 de twee wɔn asõ sɛ wɔanhwɛ anni ɔhaw no ho dwuma no!
Akyinnye biara nni ho sɛ Weeks asɛm no nyɛ asɛm biako bi a asi. Asɛm foforo bi a wɔde kɔɔ asɛnnibea nnansa yi fa (U.S.) ɔman no aguadidan ahorow a wɔtew nneɛma bo so ho. Odwumayɛni bi a ne din de Peggy Kimzey kyerɛe sɛ n’adwumam panyin kaa nna ho kasafĩ pii kyerɛɛ no. Wɔ 1993 mu no, Peggy Kimzey gyaee n’adwuma no, na ɔsamanaa no. Wogyee $35,000 maa no wɔ animguase ne adwennwene a ɛbaa ne so ne sɛnkyerɛnne kwan so $ 1 a ɔhweree wɔ n’akatua a na ogye mu no ho. Atemmufo no sii gyinae nso sɛ ne kan adwumawura no nam ahoguan no ho kwan a ɔmae so ama nitan aba adwumayɛbea hɔ. N’asotwe ne dɛn? Wɔbɔɔ no ka dɔla ɔpepem aduonum!
Men’s Health nsɛmma nhoma ka sɛ: “Nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho redɔɔso ntɛmntɛm te sɛ ɔyare mmoawa. Wɔ 1990 mu no, EEOC [Bagua a Ɛhwɛ Ma Obiara Nya Adwuma Yɛ] no dii nsɛm a ɛtete saa 6,127 ho dwuma; ebeduu afe a etwaam [1993] no, na afe no nyinaa de reyɛ abu abɔ ho, na akodu 11,908.”
Tumi a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So
Bere a ɛka a ɛyɛ ahodwiriw a atemmufo bɔ nkurɔfo pue sɛ nsɛntitiriw wɔ atesɛm nkrataa anim no, nokwasɛm no ne sɛ nsɛm no mu kakraa bi na etumi kodu asɛnnibea. Wɔn a woguan wɔn ho no mu dodow no ara di wɔn animguase no ho yaw wɔ wɔn mu—atantanne a wɔnam tumi a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne ahunahuna so yɛ wɔ adwumayɛ adan mu, mmɔnten so, bɔs mu, apon a wogye awia bere aduan ho, ne nnwinnan mu. Ɛtɔ da bi a, wɔhyɛ obi sɛ wɔne no bɛda ankasa. Nanso, mpɛn pii no, wɔnam anifere kwan so nneyɛe a ɛyɛ aniwu na eguan nkurɔfo ho so: nsusomu a obi ani nnye ho anaa ɛmfata, aguamansɛm, ne nhwɛbɔne.
Nokwarem no, ebinom pow sɛ wɔbɛfrɛ nneyɛe a ɛtete saa no ahoguan, na wɔka sɛ ɛyɛ mmɔden kɛkɛ a mmarima bi bɔ sɛ wɔbɛtwetwe mmea adwene aba wɔn so a ɛnyɛ fɛ. Nanso, nnipa pii te sɛ nhoma kyerɛwfo Martha Langelan, pow ɔkwan a ɛte saa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa so ayi wɔn ho ano wɔ nneyɛe a ɛyɛ abofono no ho no. Ɔkyerɛw sɛ: “Ɛnyɛ nantew a edi aware anim a enye, anaa nantew a edi aware anim a wɔnyɛ no ɔkwampa so, anaa nantew a edi aware anim a wɔde di agoru, anaa nantew a edi aware anim a ‘wɔnte ase.’ Wɔmfa nkanyan mmea anigye; ɛyɛ nneyɛe a edi biribi foforo ho dwuma koraa. Te sɛ mmonnaato no, wɔde nna ho nsɛm guan mmea ho de hyɛ wɔn so, na ɛnyɛ nea wɔde twetwe wɔn adwene. . . . [Ɛyɛ] tumi a wɔda no adi.” Yiw, mpɛn pii na basabasayɛ a ɛte saa no yɛ atirimɔden kwan foforo a ‘onipa nam so adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’—Ɔsɛnkafo 8:9; fa toto Ɔsɛnkafo 4:1 ho.
Mmea ntaa nkyerɛ nna ho nsɛm a wɔde guan wɔn ho no ho anigye, na mmom eyi wɔn ahi hyɛ wɔn abufuw, na ɛma wɔn adwene mu haw wɔn hyɛ wɔn aniwu. Obi a wɔde bi dii no ka sɛ: “Tebea no sɛee me. Mehweree m’ahotoso, m’awerɛhyem, obu a mewɔ ma me ho, ne m’adwuma ho botae horow a mewɔ. Me nipasu sesae koraa. Na meyɛ obi a hwee mfa me ho. Mebɛyɛɛ obufufafo, ne obi a ɔmmɛn afoforo, na mebɛfɛree ade.” Na sɛ ɔhoguanfo no yɛ adwumawura anaa obi foforo a ɔwɔ tumi a, ahoguan no bɛyɛ ahoyeraw kɛse.
Enti ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ asɛnnibea ahorow ahyɛ ase retwe nsɛmmɔnedifo aso na wɔrepata wɔn a woguan wɔn ho no. Efi bere a U.S. Asɛnnibea Kunini no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ basabasayɛ a ɛte saa yɛ hokwan a obi wɔ a wɔsɛe no no, wɔakɔ so akyerɛ adwumawuranom sɛ mmara hwehwɛ sɛ wɔhyehyɛ adwumayɛbea a “nitan anaa abufusɛm” nni hɔ.
Nea ebetumi ato nnwumakuw a wɔma nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho kwan ne sɛ wɔn adwumayɛfo anigye bɛkɔ fam, wɔbɛtoto adwumakɔ mu kɛse, adwumayɛ bɛkɔ fam, na adwumayɛfo foforo a ɛho behia sɛ wɔfa wɔn no bɛdɔɔso—sɛ ɛka kɛse a sɛ wɔn a woguan wɔn ho no samana wɔn a wɔbɛbɔ wɔn no da nkyɛn mpo a.
Abu So Dɛn?
Nna a wɔde guan afoforo ho no abu so dɛn? Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ United States kyerɛ sɛ nea ɛboro mmea a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no mu fã na wɔayɛ wɔn saa. Enti nhoma bi kyerɛ sɛ: “Nna a wɔde guan afoforo ho yɛ ɔhaw a ahyeta. Ɛto mmea a wɔyɛ adwuma biara, efi adidibea hwɛfo so kosi adwumam panyin so. Ɛkɔ so wɔ adwumam dibea nyinaa mu, na ɛwɔ aguadi ne mfiridwuma biara mu.” Nanso, ɛnyɛ United States nkutoo na ɔhaw no wɔ. Shockwaves: The Global Impact of Sexual Harassment nhoma a Susan L. Webb kyerɛwee no de akontaabu a edidi so yi ma:a
CANADA: “Nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ wɔde nna ho nsɛm guan mmea 10 biara a wɔkasae no mu 4 ho wɔ adwumam.”
JAPAN: “Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ August 1991 mu daa no adi sɛ mmea a wɔkasae no ɔha biara mu 70” na wɔaguan wɔn ho wɔ adwumam. “Ɔha biara mu aduɔkron kae sɛ wɔde nna ho nsɛm guan wɔn ho bere a wɔnam kwan so rekɔ adwuma ne bere a wɔresan aba.”
AUSTRIA: “Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1986 mu daa no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ mmea ɔha biara mu 31 kaa ahoguan a anibere wom a esisii ho asɛm.”
FRANCE: “Wɔ 1991 mu no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi . . . hui sɛ mmea 1,300 a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 21 kae sɛ wɔde nna ho nsɛm aguan wɔn ho pɛn.”
NETHERLANDS: Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ “mmea a wɔkasae [wɔ nhwehwɛmu no mu] no mu ɔha biara mu 58 kae sɛ wɔde nna ho nsɛm aguan wɔn ho pɛn.”
Mmere no Ho Sɛnkyerɛnne
Nokwarem no, adwumam haw ne ahoguan nyɛ ade foforo. Wɔyɛɛ mmea—ne ɛtɔ da bi a mmarima—basabasa saa wɔ Bible mmere mu mpo. (Genesis 39:7, 8; Rut 2:8, 9, 15) Nanso ɛte sɛ nea nneyɛe bɔne a ɛte saa no abu so nnɛ. Dɛn nti na ɛte saa?
Ade biako ne sɛ, mmea pii de wɔn ho ahyɛ adwumayɛ mu wɔ nnansa yi mfe mu. Enti mmea pii wɔ tebea horow a ɛbɛma wɔatumi ayɛ wɔn basabasa saa mu. Nanso, nea ɛho hia kɛse koraa ne nkɔm a Bible hyɛe bere tenten a atwam no: “Kae eyi! Nna a edi akyiri no mmere mu bɛyɛ den. Nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominyafo, adifudepɛfo, ahohoahoafo, ne ahopɛfo; wɔbɛyɛ animtiaabufo . . . ; wɔbɛyɛ wɔn a wonni dɔ, atirimɔdenfo, ntwirifo, basabasayɛfo, ne wɔn a wɔyɛ keka.” (2 Timoteo 3:1-3, Today’s English Version) Nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho a abu so no yɛ adanse biako pɛ a ɛkyerɛ sɛ saa nsɛm yi renya mmamu nnɛ. Nea ehia sɛ yɛhyɛ no nsow no, Men’s Health nsɛmma nhoma mu asɛm bi ka sɛ “nna a wɔde guan afoforo ho ho nsɛm a adɔɔso no ka anibue a akɔ fam ma ɛyɛ nwonwa no ho. Subammɔne wɔ baabiara.”
Nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho a abu so no nso da “abrabɔ foforo” a ɛhyetaa wiase wɔ 1960 mfe no mu no adi. Nea aka toto a wɔtoto ɔbrasu a ɛwɔ hɔ dedaw ase ho aba ne hokwan a afoforo wɔ ne wɔn nkate a wobu ani gu so ma ɛyɛ nwonwa. Ɛmfa ho nea ɛde nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho ba biara no, ɛyɛ ade a ɛyɛ hu a ɛrekɔ so ankasa wɔ adwuma mu. Dɛn na mmarima ne mmea betumi ayɛ de abɔ wɔn ho ban? So bere bi bɛba a nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho befi hɔ?
[Ase hɔ asɛm]
a Akontaabu no gu ahorow, efisɛ nhwehwɛmufo no fa akwan soronko so na edi ho dwuma, na wokura nna a wɔde guan afoforo ho no ho ntease a egu ahorow.
[Kratafa 22 mfonini]
Nna Ho Nsɛm a Wɔde Guan Afoforo Ho—Atosɛm ne Nokwasɛm
Atosɛm: Wɔbɔ nna a wɔde guan afoforo ho ho amanneɛ ma ɛtra so dodo. Ɛyɛ ade a aba so foforo, ɛyɛ asɛm a nsɛm ho amanneɛbɔfo bɔ ho dawuru de kanyan nkurɔfo.
Nokwasɛm: Mpɛn pii no, sɛ ɔbea bɔ ahoguan ho amanneɛ a, ohu ho amane sen mfaso a onya. Nokwarem no, mmea kakraa bi (sɛnea nhwehwɛmu biako kyerɛ no, ɔha biara mu 22) na wɔbɔ so kyerɛ obi sɛ wɔaguan wɔn ho. Ehu, fɛre, asodi a wɔde to wɔn ho so, wɔn ani a ɛtan, ne mmara kwan so hokwan a wɔwɔ a wonnim ma mmea pii ka wɔn ano tom. Enti animdefo pii gye di sɛ wɔmmɔ ɔhaw no ho amanneɛ koraa!
Atosɛm: Mmea pii ani gye wɔn ho anigye a wɔkyerɛ ho. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔaguan wɔn ho no yɛ ahokyerɛ kɛkɛ.
Nokwasɛm: Nhwehwɛmu a wɔyɛ kɔ so da no adi sɛ aniwude a ɛte saa hyɛ mmea abufuw. Wɔ nhwehwɛmu bi mu no, “mmea no baanum biara mu baanu kae sɛ ɛyɛɛ wɔn abofono, na bɛyɛ wɔn mu baasa biara mu biako kae sɛ wɔn bo fuwii.” Afoforo bɔɔ amanneɛ sɛ egyaw wɔn adwennwen, wodii yaw, na wonyaa adwenemhaw.
Atosɛm: Woguan mmarima ne mmea nyinaa ho pɛ.
Nokwasɛm: Ɔman Mmea Adwumayɛfo Fekuw (U.S.) no nhwehwɛmufo bɔ amanneɛ sɛ “ahoguan ho akontaa bi a wobui daa no adi sɛ mmarima a woguan mmea ho yɛ nsɛm a esisii no ɔha biara mu 90, wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam de yɛ ɔha biara mu 9 . . . , na mmea a woguan mmarima ho yɛ ɔha biara mu 1 pɛ.”
[Kratafa 23 mfonini]
Nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho mfa ɔbarima ne ɔbea nna nkutoo ho