Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 9/8 kr. 24-26
  • Nna a Wɔde Guan Afoforo Ho—Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Me Ho Ban?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nna a Wɔde Guan Afoforo Ho—Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Me Ho Ban?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan a Wɔfa so Kwati Nna Ahoguan No
  • Sɛ Wɔde Nna Guan Wo Ho A
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina Nna Ho Nsɛm a Wɔde Guan Me Ho no Ano?
    Nyan!—2000
  • Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban
    Nyan!—1996
  • Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Ɛyɛ Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1996
  • Kristofo Mmea​—Wɔn Mudi Mu A Wokura Wɔ Adwumayɛbea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 9/8 kr. 24-26

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Nna a Wɔde Guan Afoforo Ho—Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Me Ho Ban?

ANITA yɛ abeawa a wadi mfe 16 a ne ho yɛ anika na ɔpɛ serew. Nanso, sɛ ɔka nsɛm a asisi nnansa yi wɔ ne sukuu mu a, omuna. Ɔka sɛ: “Abarimaa bi a wagye din yiye kaa me hyɛɛ abrannaa no so baabi na ofii ase sosoo me mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Na wayɛ mmeawa afoforo bi saa afa ne ho adi—wɔn ho anigye a ɔkyerɛe no maa wɔn tirim yɛɛ wɔn dɛ, nanso manyɛ saa! Wamfa ka a mede obu ka kyerɛɛ no sɛ onnsoso me mu no anyɛ asɛm. Wansusuw sɛ mibu nea meka no aniberesɛm.”

Ɛda adi sɛ asɛm a ɛhaw Anita yi taa si. Ebetumi aba sɛ na wɔtaa de nna guan afoforo ho wɔ Bible mmere no mu. (Fa toto Rut 2:8, 9, 15 ho.) Na abu so nnɛ ma ɛyɛ hu. Abeawa bi ka sɛ: “Mmarima bi a me ne wɔn yɛ adwuma aka me nipadua ho nsɛm a ɛmfata.” Nanso mpɛn pii no ahoguan no nyɛ nsɛm kɛkɛ a wɔka. Ɔde ka ho sɛ: “Ebinom abɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nsa bɛka me anaa wobeso me mu.” Abeawa bi a wɔfrɛ no René ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Wɔhaw me denneennen wɔ adwumam araa ma migyaee adwuma no.”

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ nnansa yi kae sɛ sukuufo a wogyina mangoo 8 kosi 11 mu ɔha biara mu 81 kae sɛ anyɛ yiye koraa no wɔde nna aguan wɔn ho pɛnkoro. U.S.News & World Report bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn mu mmeawa ɔha biara mu 65 ne mmarimaa ɔha biara mu 42 kae sɛ wɔde nsa aka wɔn, wɔaso wɔn mu anaa wɔamiamia wɔn wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wɔn da so.” Yiw wɔde nna guan mmarimaa ne mmeawa nyinaa ho. Sɛnea abarimaa biako papa ka no: “Sɛnea mmeawa no ani yɛ den wɔ me babarima sukuu mu no ama me ho adwiriw me. Efi bere a odii mfe 12 anaa nea ɛte saa no, wɔakɔ so afrɛ yɛn wɔ telefon so mpɛn pii, wɔato nsa afrɛ no sɛ ɔne wɔn mfi adi, na wɔne no aka nna ho asɛm a ɛmfata—ne nea ɛkeka ho.”

Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubebu abufusɛm yi sɛ agoru. Abofra biako kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, wɔyɛ de di agoru.” Nanso Kristofo mmu no sɛ ɛyɛ agodie! Wonim sɛ mpɛn pii no nna a wɔde guan obi ho no yɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛdaadaa no ma wabɔ aguaman, ade a Yehowa Onyankopɔn kasa tia. (1 Korintofo 6:9, 10) Afei nso, Onyankopɔn Asɛm de ahyɛde ma sɛ wɔne mmabaa nni “wɔ ahotew nyinaa mu.” (1 Timoteo 5:2) Afei nso, mma “asereseresɛm a ɛnsɛ” ho kwan. (Efesofo 5:3, 4) Enti ɛnsɛ sɛ Kristofo mmofra ma nna a wɔde guan wɔn ho no ho kwan! Asɛm no ne sɛ, Wobɛyɛ dɛn atumi abɔ wo ho ban na wɔamfa anhaw wo? Ma yensusuw nea wubetumi ayɛ de asiw ano ho.

Akwan a Wɔfa so Kwati Nna Ahoguan No

Ma wonhu sɛ wukura Kristofo abrabɔ mu. Yesu tuu fo sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim.” (Mateo 5:16) Ɔkwan biako a wobɛfa so ayɛ eyi ne sɛ wobɛka wo gyidi ho asɛm akyerɛ wo mfɛfo sukuufo ne adwumayɛfo. Sɛ wohu sɛ woyɛ obi a wowɔ gyidi a emu yɛ den ne abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn a, ebetumi aba sɛ wɔmfa nna nguan wo ho pii.

Hwɛ wo ntadehyɛ ne w’ahosiesie yiye. Wɔ Bible mmere mu no, na ntade bi ma wobu ɔbea bi sɛ ne bra asɛe. (Fa toto Mmebusɛm 7:10 ho.) Ɛnnɛ nso, ntade a ɛkanyan akɔnnɔ bɛma w’atipɛnfo ani agye wo ho yiye, nanso ebetumi ama wɔanya adwene a ɛnteɛ. Wubetumi ahu sɛ worema wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu akyerɛ wo ho anigye a ɛnteɛ. Sɛ abeawa bi keka n’anim ne n’ano ma ɛyɛ sɛnea wanyin sen sɛnea ɔte ankasa no a, ɔhaw a ɛte saa ara betumi asɔre. Bible no tu fo sɛ ‘fa ani a ewu ade ne adwenemtew keka wo ho.’—1 Timoteo 2:9.

Fa ahwɛyiye paw w’ayɔnkofo. (Mmebusɛm 13:20) Biribiara mu no, wo nnamfo so na nkurɔfo gyina de kyerɛ onipa ko a woyɛ. Na sɛ wonim sɛ wo nnamfo de bere pii ka wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho asɛm a, nkurɔfo betumi anya wo ho adwene a ɛnteɛ.—Fa toto Genesis 34:1, 2 ho.

Mfa wo ho nhyehyɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu. Ɛyɛ nokware sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ wobɛyɛ obi a ɔpɛ nnipa, nanso ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte w’ani a wode hwɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu haa ne wɔn mu a wuso no ase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Ɛho nhia sɛ wubeso obi mu na ama wo ne no abɔ nkɔmmɔ. Di Mmara Pa no so, na wo ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu nni sɛnea wopɛ sɛ wɔne wo bedi—ahotew ne obu mu. (Mateo 7:12) Bɔ mmɔden sɛ wobɛkwati twe a wobɛtwetwe wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu adwene aba wo ho so de agye w’ani kɛkɛ no. Ɛnyɛ atirimɔdensɛm ne nnaadaa nko na saayɛ betumi ayɛ, na asiane wom nso. Bible bisa wɔ Mmebusɛm 6:27 sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew?”

Sɛ Wɔde Nna Guan Wo Ho A

Nokwarem no, sɛ ɛfata mpo sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo ntadehyɛ, w’ahosiesie anaa w’abrabɔ mu mpo a, afoforo nni hokwan sɛ wobesuso wo mu anaasɛ wobɛka nna ho nsɛm a ɛmfata akyerɛ wo. Wɔde nna aguan mmofra a wɔn ahosiesie ne wɔn suban yɛ papa mpo mu binom ho. Sɛ eyi to wo a, ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade dɛn? Nyansahyɛ ahorow bi ni.

Mma kwan koraa. Wonim pefee sɛ sɛ wɔka nna ho asɛm kyerɛ nnipa bi a, wɔbɛka dabi bere a wɔpɛ ankasa no. Enti ebia wɔn a wɔde anuɔden ka ho asɛm no besusuw sɛ sɛnea wonhyɛ da nka pefee sɛ dabi no kyerɛ sɛ wopɛ—anaa anyɛ yiye koraa no ebia wobɛpɛ—kosi sɛ wobɛma wɔagye adi sɛ wompɛ. Yesu afotu a ɛne sɛ ma wo dabi nyɛ dabi no ho wɔ mfaso kɛse wɔ asɛm yi mu. (Mateo 5:37) Nsereserew anaa mfa nni agoru. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wode wo nipadua, wo nne, ne w’anim yɛbea yɛ biribi a ɛbɔ nea woka no abira.

Ko tia no. Wɔn a wɔde nna guan afoforo ho anuɔden so taa gyina pɛ a wɔn a wɔhaw wɔn no mpɛ sɛ wɔko tia wɔn no so na ɛyɛ ade. Nanso, wɔmaa Israelfo mmea hokwan, nokwarem no asɛyɛde, wɔ Bible mmere mu, sɛ wɔnko ntia mmonnaa a wɔpɛ sɛ wɔto wɔn no. (Deuteronomium 22:23, 24) Ɛnnɛ nso, ɛnsɛ sɛ Kristoni bi te nka sɛ so a wɔso no mu anaa nsa a wɔde fefa ne ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so no nyɛ hwee. Ɛnteɛ, ɛyɛ ntua a wɔde ba nidi a wowɔ sɛ onipa ne Kristoni no so. Ɛnsɛ sɛ woma ho kwan! Bible tu fo sɛ: “Munkyi bɔne.”—Romafo 12:9.

Ɔkwan biako a etu mpɔn a wobɛfa so ama nea oguan wo ho no agyae basabasayɛ no ne sɛ wobɛko atia no ahyɛ no aniwu; ebia obegyae. Kae Anita a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no suahu no. Obu a ɔde ka kyerɛɛ nea oguan no ho no sɛ onnyae ne mu suso no ankosi hwee. Anita ka sɛ: “Memaa n’ani wui wɔ ne nnamfo anim denam ka a mekaa no denneennen sɛ ONNSO me mu wɔ saa kwan no so no so!” Dɛn na efii mu bae? “Ne nnamfo nyinaa serew no. Wanka ne ho amma me ho kosii bere bi, nanso nna kakraa bi akyi no, ɔpaa me kyɛw wɔ nea ɔyɛe no ho, na akyiri yi a obi foforo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhaw me no, obegyinaa m’akyi.”

Sɛ nea woka ankosi hwee a, wubetumi agyaw nea ɔhaw wo no hɔ—anaa woatu mmirika aguan afi ne nkyɛn akɔ. Sɛ wuntumi nguan a, wowɔ hokwan sɛ wofa ɔkwan biara a ɛho hia so ko tia haw a ɔhaw wo no. Kristoni abeawa bi kaa no pen sɛɛ se: “Bere a abarimaa bi bɔɔ mmɔden sɛ obeso me mu no, mebɔɔ no denneennen sɛnea metumi, na mituu mmirika kɔe!” Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ nea ɔhaw no remmɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa bio. Enti ɛda adi sɛ wubehia mmoa bi.

Ka kyerɛ obi. Adrienne a wadi mfe 16 no gye tom sɛ: “Awiei koraa no na ɛsɛ sɛ meyɛ saa. Bere a abarimaa bi a misusuw sɛ ɔyɛ adamfo pa kɔɔ so de nna guan me ho no, mibisaa ɛho afotu fii m’awofo hɔ. Dodow a mekae sɛ mempɛ saa no, mpɛn dodow ara na ɔkɔɔ so yɛe, te sɛ nea ebia ɛyɛ agodie bi.” Adrienne awofo maa no afotu pa a ɛboaa no ma otumi gyinaa ɔhaw no ano yiye.

W’awofo nso betumi aboa wo ma woagyina nkate mu haw biara a ebia ebefi ahoguan no mu aba no, te sɛ ehu anaa aniwu, no ano. Wobetumi ama woanya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ wo na woyɛ maa oguan wo ho. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe bi nso de aboa abɔ wo ho ban daakye.

Sɛ nhwɛso no, ebia wobesi gyinae sɛ ɛyɛ papa sɛ wobɛka ɔhaw no ho asɛm akyerɛ wo kyerɛkyerɛfo anaa sukuu mpanyimfo. Sukuu a ɛwɔ United States no pii bu nna a wɔde guan afoforo ho nsɛm a wɔka kyerɛ wɔn no aniberesɛm, na wɔwɔ nhyehyɛe a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye a wɔnam so di ho dwuma wɔ sukuufo mu.

Ɛwom, ɛnyɛ sukuu mpanyimfo nyinaa na wobu eyi asɛnhia. Earlisha a wadi mfe 14 ka sɛ: “Wɔ me sukuu mu no, ɛtɔ mmere bi a akyerɛkyerɛfo no yɛ nea ɛtra so koraa sen mmofra no. Wunhu faako a ɛsɛ sɛ wugye mmoa.” Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a ɔkɔkae sɛ wɔreguan ne ho no, wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔma nneɛma haw no dodo. Nanso, Earlisha ampa abaw. Ɔboaboaa mmeawa afoforo baasia a na abarimaa koro no ara amiamia wɔn de ne nsa afefa wɔn ho no ano. Ɔka sɛ: “Egyee yɛn baasia no ansa na yɛrema sukuu panyin no agye adi sɛ ɔhaw bi rekɔ so ankasa.” Awiei koraa no, otumi maa basabasayɛ no gyaee.

Fa wo ho to Onyankopɔn so ma ɔmmoa wo. Sɛ ɛtɔ mmere bi na wote nka wɔ sukuu mu te sɛ gyama woda gyata amoa mu a, kae sɛ Yehowa Nyankopɔn bɔɔ odiyifo Daniel ho ban wɔ agyata amoa ankasa mu. (Daniel 6:16-22) Yehowa betumi aboa wo nso. Onim nhyɛso a wuhyia wɔ sukuu no. Na sɛ tebea no mu yɛ den a, wubetumi asrɛ no ma waboa wo—sɛ ɛho hia a, ka asɛm no den! Nsuro anaa mma w’ani nwu sɛ wobehu sɛ woyɛ nokware Nyankopɔn no somfo. Bible no hyɛ Yehowa nokware asomfo bɔ sɛ: “Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam.”—Dwom 97:10.

Eyi nkyerɛ sɛ wobegye wo anwonwakwan so. Yɛ nea wubetumi biara fa bɔ wo ho ban. Di Bible nnyinasosɛm so. Ma wo kasa ne w’ahosiesie nyɛ nea ɛfata. Sɛ wo ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu redi a, yɛ ahwɛyiye. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi ayɛ pii de abɔ wo ho ban wɔ nna a wɔde guan wo ho no ho.

[Kratafa 26 mfonini]

Sɛ worepo nna ho asɛm a wɔka kyerɛ wo no a, ka no anibere so; ma wo dabi nyɛ dabi!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena