Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 10/8 kr. 9-12
  • So Basabasayɛ A Wɔmpɛ Bɛba Ankasa Wɔ Wiase Da Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Basabasayɛ A Wɔmpɛ Bɛba Ankasa Wɔ Wiase Da Bi?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Asiane Mmere’
  • Koma no a Wɔbɛsan Atete No
  • Henanom Ne Wɔn a Wɔpɛ Asomdwoe No?
  • So Wopɛ Atɛntrenee?
  • Nniso a Ɛde Abrabɔ Gyinapɛn a Ɛkorɔn Bɛyɛ Adwuma
    Nyan!—2003
  • Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso Wɔ So Ankasa
    Nyan!—2013
  • Abrabɔ Gyinapɛn A Entwam Da Boa Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Basabasayɛ a Ɛbɛba Awiei Koraa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 10/8 kr. 9-12

So Basabasayɛ A Wɔmpɛ Bɛba Ankasa Wɔ Wiase Da Bi?

ƆBEA no kae sɛ, “Asetra ne sɛ wote nkwa mu,” bere a keteke a ayɛ ma no de n’ani kyerɛɛ Bombay no. Na ɔrehwɛ nkurow nketewa a wɔasisi nnuadan wɔ mu a ɛsesa so a esisi osutɔ bere nsu a ɛretɔ no mu a asɛe asase no fɛ no. Ɔtoaa so sɛ, “Nnipa nni abrabɔ pa ho akwankyerɛ wɔ saa bere yi mu. Obiara nsusuw obi ho na mmom n’ankasa ho. Wonni tete abrabɔ pa ho mmara so bio.”

Nea ɔkae no kyerɛ sɛnea ɔpepem pii a wonni abrabɔ pa ho akwankyerɛ pɔtee wɔ asetra mu no asetra te. Adefo ne ahiafo apow abrabɔ pa ho mmara a wonya fii awo mu mpo no, na wobu no sɛ ɛho nni mfaso anaasɛ ɛyɛ katee dodo ma nnɛyi asetra. Wɔde wɔn ankasa mmara asi ananmu​—fi a obi ankasa befi mu aka ne anigye a ɔno ankasa benya.

Esiane mmara pɔtee bi a enni hɔ bere nyinaa nti, ama nnipa pii ayɛ basaa anaasɛ wɔn bo afuw. Wɔ wiase a basabasayɛ wom yi mu no, obi ankasa ho ban a ɔbɛbɔ abɛyɛ ade titiriw. Na esiane sɛ pii gye di sɛ ‘tow a wɔbɛtow ahyɛ obi so ne ɔkwan a eye sen biara a wɔnam so bɔ wɔn ho ban nti,’ basabasayɛ de basabasayɛ ba, wɔ nsɛm a wɔka mu ne honam fam nyinaa.

‘Asiane Mmere’

Adesamma nyinaa Bɔfo no dii kan huu bere bi a ɛte sɛ eyi siei​—bere a nnipa bɛpow mmara horow a efi Onyankopɔn hɔ no ma enti wɔayɛ basabasa no. Wɔakyerɛw nea ebefi mu aba no ato hɔ ama yɛn wɔ nyansasɛm bi a wɔkae wɔ bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no mu: “Nanso ɛsɛ sɛ wuhu eyi sɛ, wɔ awiei nna no mu no, mmere no bɛyɛ mmere a emu yɛ hu. Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, wɔn a wɔn ani bere sika, ahohoahoafo. Wɔbɛyɛ ahantanfo ne abususɛnkafo, wɔrenkyerɛ obu mma nea wɔn awofo akyerɛkyerɛ wɔn no. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔnni dɔ . . . Wɔbɛkyerɛ sɛ wokura ‘onyamesom’ pa mu de, nanso wɔn asetra ne mu nokware no bɔ abira.”​—2 Timoteo 3:1-5, The New Testament in Modern English, J. B. Philips.

So yentumi nhu nokware a asɛm yi yɛ wɔn yɛn da biara da asetra mu? Wɔ nnipa pii fam no, so wiase no nyɛ beae a wɔbɔ atirimɔden a onipa “nni dɔ?” Wɔayɛ nnipa ayayade wɔ honam mu ne adwene mu. Wɔabu wɔn ani agu obu a wɔwɔ ma onipa no so kɛse. Mpɛn pii no nneɛma binom a wɔyɛ de kyerɛ ayamye yɛ nea wɔntaa nyɛ wɔ saa nna a nnipa kura ahopɛ adwene yi mu ma enti sɛ obi yɛ biribi a ɛkyerɛ ayamye a mpɛn pii wobu oniiko no sɛ wayɛ ade soronko bi!

So ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔbɛfa so ama eyi nyinaa asakra? So tumi bi wɔ hɔ a ebetumi ayi basabasayɛ afi adesamma koma mu? So nkate bi a ano ayɛ den wɔ hɔ a ɛbɛma nsakrae aba?

Koma no a Wɔbɛsan Atete No

Wɔka sɛ ɛsɛ sɛ ntetee de suban pa a wobenya yɛ ne botae​—na yebetumi de hu a wobehu nsonsonoe a ɛda nneɛma a ɛsom bo ne nea ɛnsom bo ntam aka ho. Sɛnea ɛbɛyɛ a basabasayɛ a wɔmpɛ bɛyɛ nea ɛsen nokwasɛm ara kwa a wɔka no, ɛsɛ sɛ wɔsan tete nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko ankasa. Ɛnsɛ sɛ saa ntetee yi ka adwene a esusuw nneɛma ho no nkutoo, na mmom ne titiriw no, koma no a etumi kanyan obi no.

Nanso so wubegye abrabɔ pa ho mmara afi obiara kwa hɔ? Ɛda adi sɛ worenyɛ saa. Wobɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ onii no yɛ obi a obu atɛntrenee a ne ho nni asɛm biara wɔ ne ho kyerɛwtohɔ mu. Ɛsɛ sɛ ne mmara horow no tumi tra hɔ bere nyinaa na adesamma nyinaa tumi de di dwuma. Ɛsɛ sɛ ɛfa nnipa a wofi aman nyinaa mu na wɔwɔ tebea horow mu ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ edu wɔn koma mu.

Hena na obetumi de akwankyerɛ a ɛte saa ama yɛn wɔ mmere a ɛyɛ hu na ɔhaw ahorow abu so wom yi mu? Hena na obetumi ama yɛn mmara horow a ɛbɛma yɛatumi agyina ano a ɛbɛma yɛde anidaso atra ase na ɛnyɛ abasamtu mmom? Hena na obetumi adu yɛn koma mu na ɔde asomdwoe ne ayamye ahyɛ mu a ɛnyɛ basabasayɛ ne nitan mmom?

Abakɔsɛm akyerɛ sɛ saa ade yi yɛ nea ɔdesani biara rentumi nyɛ. Enti momma yensusuw nea ɔbarima Mose a na wanyin a wobu no no kyerɛwee wɔ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn ho no ho tiaa: “Na [Yehowa] din na mɛbɔ: momfa nidi mma yɛn Nyankopɔn. Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” Susuw ɛno ho​—teefo ne Onyankopɔn a ɔyɛ pɛ a ɔyɛ ɔnokwafo nso​—Deuteronomium 32:3, 4.

Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete mmere mu no kyerɛw sɛ: “[Yehowa] mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. [Yehowa] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. [Yehowa] ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, [Yehowa] mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.” (Dwom 19:7, 8) Yiw, Yehowa mmara ne n’ahyɛde ahorow betumi adu koma no mu na asakra yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe. Nnipa a wɔyɛ basabasa betumi abɛyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe ne ayamyefo.

Henanom Ne Wɔn a Wɔpɛ Asomdwoe No?

Bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔdɔ adesamma sen biara, Yesu Kristo, ka kyerɛɛ nnipakuw bi a wɔwɔ bepɔw bi ase sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wɔn na wobenya asase no adi. . . . Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe, efisɛ wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn mma.’” (Mateo 5:5-9, New World Translation) So nnipa a wodwo, wɔpɛ asomdwoe a wɔte sɛɛ wɔ asase so nnɛ? Nokwarem no, yɛrentumi mmu Kristoman a ɔde ɔko ba no sɛ emufo ne nnipa a wɔte saa.

Nanso wɔ wiase afanan nyinaa nnɛ no, yɛwɔ nnipa a wofi aman horow nyinaa mu a wɔasakra wɔn kan basabasayɛ adwene no na wɔagye nnyinasosɛm ahorow a efi Onyankopɔn ho no atom. Wɔasan atete wɔn. Wɔadu wɔn koma mu na woafi wɔn pɛ mu agye nsa a wɔato afrɛ wɔn no so sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so. . . . Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobo nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Sɛnea saa nkɔmhyɛ yi kyerɛ no, wɔbɛboaboa nnipa bi a wɔmpɛ basabasayɛ ano “wɔ nna a edi akyiri no mu.” Wɔne henanom?​—Yesaia 2:2-4.

Wonim wɔn sɛ Yehowa Adansefo, na wɔyɛ ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa. Ebia na wɔwɔ kurow a wote mu no mu. Wɔyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe a wɔkɔ afie afie kɔka Yehowa trenee akwan ho asɛm kyerɛ afoforo. Wɔmfa akode nni dwuma wɔ ɔman biara mu. Wɔmmfa wɔn ho nhyɛ amammui ne ne basabasayɛ mu. Wɔyɛ nnipa a wɔdɔ asomdwoe, wosuro Onyankopɔn a wɔmpɛ basabasayɛ ampa wɔka Onyankopɔn Ahenni nniso a ɛnam Kristo so no ho asɛm sɛ ɛne adesamma haw ahorow no ano aduru. Wonim sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni beyi basabasayɛ ne wɔn a wɔyɛ saa nyinaa afi asase so. Wɔn abrabɔ di nokwasɛm no ho adanse sɛ basabasayɛ a wɔmpɛ nyɛ nsusuwii bi ara kwa na mmom ɛyɛ ampa.​—Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:3, 4.

Yehowa Adansefo nim sɛ, Bible no ka sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Enti wɔkyerɛ obu ma ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a abusua a ofi mu anaasɛ sɛnea ne honam ani hwɛbea te mfa ho. Kuw anaasɛ nyamesom biara mpaapae wɔn nuayɛ no mu.

So Wopɛ Atɛntrenee?

Na wo nso ɛ? So woyɛ obi a wɔyɛ nyiyimu tia wo a obiara nnim? So wo koma di awerɛhow wɔ nsisi a wuhu na wote nka no ho? So wo ani gye sɛ wode atɛntrenee bedi dwuma a onipa animhwɛ biara nni hɔ? So ‘wusi apini na wudi akyide a wɔyɛ no ho nkɔmmɔ,’ esiane sɛ wɔyɛ wɔ nyamesom din mu nti? Ɛnde nya ahotoso sɛ Onyankopɔn nim wo ahiade horow no.​—Hesekiel 9:4.

Wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase no, odwontofo no kyerɛwee wɔ Bible no mu sɛ: “[Yehowa], woate nea ahobrɛasefo pɛ, woahyɛ wɔn koma den, woama w’aso aba so.” So wopɛ sɛ Yehowa siesie wo koma mprempren ma nneɛma nhyehyɛe foforo bi a basabasayɛ nni mu a ɛrenkyɛ ɛbɛba no? Sɛ saa de a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ wo ne wɔn a wotintim saa nsɛmma nhoma yi anaasɛ Yehowa Adansefo mu biara nni nkitaho. Wɔde anigye bɛboa wo ma woate sɛnea ɛrenkyɛ Onyankopon Ahenni bɛma basabasayɛ a enni hɔ ayɛ nea ɛbɛba wɔ wiase nyinaa ankasa no ase.​—Dwom 10:17.

[Kratafa 12 adaka/mfoni]

Sɛnea Wohu Asetra wɔ Obi a Wobu No Sɛ Ne Ho Ntew Fam

Rukhmani adi mfe 40. Ɔka Marathi kasa. Wubehu no sɛ ɔte kwankyɛn baabi a nnipa ayɛ hɔ ma wɔ Bombay aguadibea dan bi nkyɛn mu retɔn nnuadewa.

Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Wɔwoo me sɛ Hinduni. Yɛyɛ Harijanfo [onyame Vishnu nkurɔfo], a wobu wɔn sɛ nnipakuw bi a wɔba fam wɔ Hindufo mu. Bere a meyɛ abeawa no, na metaa susuw nea enti a wɔmma me kwan mma me ne mmeawa afoforo a wɔyɛ m’atipɛnfo no nni agoru no ho. Me papa ka kyerɛɛ me sɛ, ɛte saa, efisɛ yɛn nyamesom kuw no ba fam sen wɔn de no. Ɛhaw me yiye, efisɛ wɔ sukuu mu mpo no, ɛsɛ sɛ yɛn Harijanfo mmofra tra nkongua foforo so. Sukuufo afoforo renhwɛ yɛn anaasɛ wɔne yɛn nkasa. Wɔmmma yɛn kwan mpo mma yɛnhyɛn Hindufo asɔredan mu anaasɛ yɛnnsaw nsu mfi mmura a ɛyɛ Hindufo nyamesom kuw a ɛkorɔn mufo de mu. Yɛyɛ Wɔn a Wobu Wɔn Sɛ Wɔn Ho Ntew, na eyi de amanehunu baa me ne m’abusuafo so.

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asetra pa no, Rukhmani ne n’abusuafo fii ase dii Hinduni ɔsesɛwfo a wɔfrɛ no Ɔbenfo Ambedkar akyi. Wɔ 1966 mu no, ɔhyɛɛ Harijanfo kuw no nyinaa sɛ wɔnnan mɛyɛ Buddafo. Mpo wɔ bere a ɔdan bɛyɛɛ Buddani akyi no, Rukhmani ani annye. Dɛn ntia? Ɔka sɛ: “Ɛwom mpo sɛ Hindufo ne Buddafo bu wɔn ho wɔn ho sɛ wɔyɛ pɛ de, nanso na ɛnte saa ankasa. Na yentumi nware Hindufo, efisɛ na wɔda so ara bu yɛn sɛ yɛba fam.”

Wɔ bere bi akyi no, Rukhmani gyaee ne Buddasom no na ofii ase som ɔbenfo Ambedkar a wawu no. Ɔyɛɛ basaa na ne werɛ howee. “Afei de mafi ase resom onipa. Da biara mekɔtɔ nhwiren begu ne mfonini anim na mebɔ mpae wɔ anim.” Nanso so eyi maa Rukhmani ani gyei? “Dabi. Wɔ me koma mu no na m’ani nnye. Na daakye biara nni hɔ mma me. Mehwehwɛɛ akwankyerɛ a eye ma m’asetra, nanso mantumi annya mmoa biara.

“Afei da koro bi, yɛn yɔnko bi de nhomawa bi a wɔfrɛ no So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho? brɛɛ yɛn. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔka ahyehyɛde a ɛho tew a emu nnipa no som nokware Nyankopɔn Yehowa no ho. Mekyerɛɛ anigye wɔ saa asɛm yi ho na mifii ase de nhomawa no suaa Bible no. Ɛsakraa m’asetra nyinaa. Ankyɛ, mesɛee Budda ahoni ne Ɔbenfo Ambedkar mfonini no. Mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ mpɔtam hɔ no so. Susuw me nkate horow ho, bere a memaa simma anum Bible mu ɔkasa wɔ atiefo bi anim nea edi kan no! Wɔ ha no, obi a wobu no sɛ ne ho ntew rema ɔkasa wɔ Yehowa Adansefo asafo no mu!”

Dɛn na ɛtwetwee Rukhmani kɔɔ Adansefo no nkyɛn? Obua sɛ “Ɛyɛ ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no. Mpaapaemu biara nni saa nyamesom yi mu. Na eyi ho hia me yiye, efisɛ bɛyɛ mfe pii no na meyɛ saa mpaapaemu no ho ɔmanehunufo a obiara nnim. Wɔ Adansefo no fam no, menyɛ obi a wobu no sɛ ne ho ntew bio​—meyɛ onuawa! Da biara da midi hu a mahu saa Onyankopɔn yamyefo Yehowa no ho ahurusi.”

[Kratafa 11 mfoni]

Ɛrenkyɛ basabasayɛ, nsisi ne ohia nyinaa bɛyɛ nneɛma a atwam a ɛremma bio

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena