Nniso a Ɛde Abrabɔ Gyinapɛn a Ɛkorɔn Bɛyɛ Adwuma
YƐ WIASE bi a nniso biako pɛ na edi nnipa a wofi mmusua ne kasa nyinaa mu so ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Twa nniso bi a wonim no yiye sɛ ɛbɔ abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn sen biara ho ban na eyi ɔko, nitan, nsɛmmɔnedi, ohia, efĩ, nyarewa, ne owu mpo fi hɔ ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ!
Ebia wobɛka sɛ ‘ɛbɛyɛ nwonwa, nanso entumi mma saa.’ Dabi, yebetumi anya nniso a ɛte saa. Nokwasɛm ne sɛ, ɛbɛba ɔkwan biara so. Yesu Kristo hyɛɛ nniso a ɛte saa ho bɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.
Ebia wunim saa mpae no mu nsɛm, efisɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no nim saa mpae yi anaasɛ wɔate pɛn. Nanso, so woasusuw nea saa nsɛm no kyerɛ ankasa ho pɛn? Hyɛ no nsow sɛ wɔde Ahenni no bata Onyankopɔn apɛde a ɛbɛyɛ hɔ wɔ asase yi so no ho. Ɛnde, dɛn ne Onyankopɔn Ahenni no? Na dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma yɛn asase yi?
Nea Onyankopɔn Ahenni no Kyerɛ
Ahenni nkyerɛase biako ne aban a ɔhene bi di so. Onyankopɔn Ahenni yɛ ɔkwan a Yehowa Nyankopɔn nam so bɛda n’amansan tumidi adi. Ɛyɛ ahenni nniso a ne Ba, Yesu Kristo, di so. Ɛdefa Onyankopɔn apɛde ma asase no ho no, wɔakyerɛkyerɛ eyi mu fann ma emu ada hɔ wɔ Dwom 37:10, 11 sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”
Enti sɛ wote nka sɛ w’abam abu esiane sɛnea abrabɔ gyinapɛn ahorow resɛe wɔ wiase yi mu nti a, ka wo koma to wo yam. Bible no hyɛ bɔ sɛ ɛnkyɛ wiase no tebea ne abrabɔ gyinapɛn ahorow no bɛsakra koraa. Bɔhyɛ a ɛne sɛ ɛnkyɛ Onyankopɔn Ahenni bedi tumi wɔ asase so na ahwɛ ma Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ayɛ adwuma no yɛ anidaso a enni huammɔ.
Onyankopɔn Ahenni ho bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a yebenya no betumi ama yɛate ahobammɔ nka kɛse. Susuw gyinapɛn ahorow a ɛbata saa Ahenni no tumidi ho no ho hwɛ: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa, NW] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano.” (Dwom 46:8, 9) Asomdwoe ne ahobammɔ ho bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni!
Wɔ bɔhyɛ bi a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no so Hene, Yesu Kristo, ho mu no, Dwom 72:12-14 ka sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”
Bible Gyinapɛn Ahorow
Susuw gyinapɛn ahorow a Bible kamfo kyerɛ no bi ho hwɛ: ‘Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.’ (Mateo 5:3) Foforo nso ne: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.
Bible no san kyerɛkyerɛ sɛ yɛn nyinaa bebu akontaa wɔ abrabɔ gyinapɛn a yɛpaw sɛ yɛde bɛtra ase no ho. Susuw Ɔsɛnkafo 11:9 ho hwɛ: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu mu.” Wɔaka yɛn nneyɛe ho akontaa a yebebu no ho asɛm tee wɔ Mmebusɛm 2:21, 22: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.”
Esiane trenee nniso ho anidaso a ɛhyɛ nkuran a yɛanya nti, hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so sɛ yɛne Onyankopɔn benya abusuabɔ a emu yɛ den! Afoforo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw no nso bɛboa yɛn ma yɛatra ase wɔ ɔkwan bi a ɛbɛma yɛahu n’anuonyam Ahenni no tumidi ne mfaso a ebefi abrabɔ gyinapɛn a ɛyɛ anigye a ɛde bɛyɛ adwuma mu aba no.
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Ahobrɛasefo “benya asase no adi” na “wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—DWOM 37:11.