Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow A Ɛde Anigye Ba
SƐ WOGYAW abofra nkutoo wɔ ɔpon a nnuan pa ne adɔkɔdɔkɔde sisi so ho a, dɛn na ɔbɛyɛ? Sɛ obiara anhwɛ no a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛkɔ so adi nea ɔpɛ no araa—ebia adɔkɔdɔkɔde no—kosi sɛ ɔbɛyare.
Wɔ abrabɔ fam no, onipa wɔ hokwan ahorow pii. Dɛn na ɔhwehwɛ titiriw? Abusua asetra a ɛyɛ anigye ne daakye ahotɔ anaasɛ, da biara da asetra a wɔde di anigyede akyi a nea ebefi mu aba biara mfa ho? Nea ɔbɛpaw biara no bɛka n’asetra na anya ne daakye so nkɛntɛnso—papa anaasɛ bɔne.
Nea Afi Mu Aba
Ɔbarima ne ɔbea nna biara a wɔma hokwan ne ahofadi a anohyeto nni mu no ansow aba pa. Nnipa a wɔyɛɛ nea wɔpɛ no ahyia nsɛnneennen pii a wɔmpɛ: afie a asomdwoe nni mu, nyinsɛn a wɔmpɛ, owu a wonya fi AIDS ne ɔbarima ne ɔbea nna mu nyarewa afoforo mu, nnubɔne a wɔde sɛe wɔn ho ne nneɛma afoforo a afi mu aba. Nea afi mu aba a enye yi ne nea Bible ka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 16:25 no hyia: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.”—Hwɛ Galatifo 5:19-21 nso.
Pɛsɛmenkominya a abu so ne ahofadi a asɛyɛde biara nni mu no nso ne nea wɔaka afa yɛn bere yi ho wɔ 2 Timoteo 3:1-4 no hyia: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”
Abrabɔ Pa a Eye Sen Biara no Fapem
Eyi nyinaa kyerɛ sɛ abrabɔ pa fibea a ɛkorɔn sen ɔdesani de ho hia na ama yɛanantew nyansam wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Yeremia, Bible akyerɛwfo no mu biako, huu eyi bere a ɔkae sɛ: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam.”—Yeremia 10:23.
Nanso hena na obetumi de abrabɔ pa a ɛsen biara nhyɛase ama? Franseni ɔbenfo Armand Cuvillier kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne nhoma Cours de philosophie no mu sɛ, te sɛ nyansapɛfo afoforo no, wafa “onipa desani sɛ ɔbra pa fapem.” Nanso ɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ abrabɔ ho mmara nyinaa a egyina onipa so no mu nyɛ den na ɛyɛ nea nnipa afoforo sakra no akyiri yi.
Ɛtaa ba sɛ afiri bi yɛfo ne onipa a ɔfata sɛ obetumi ama ayɛ adwuma yiye. Saa ara na ɛte wɔ Onyankopɔn ne onipa ho. Yehowa Nyankopɔn ne nea ɔfata sɛ ɔkyerɛ onipa ɔbra a ɛsɛ sɛ ɔbɔ, sɛ ne bɔfo. Wɔ Bible mu no, Yehowa frɛ ne ho sɛ ‘nea ɔkyerɛ yɛn nea eye ma yɛn na ogya yɛn kɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so no so.’—Yesaia 48:17.
So Ɛyɛ Gyinapɛn a Ne Bere Atwam?
So wobetumi de Bible mu abrabɔ pa gyinapɛn no adi dwuma wɔ yɛn bere yi mu? Wɔ nea ɛboro mfirihyia 1,900 a atwam ni no, ɔsomafo Paulo kyerɛɛ su ahorow a wɔhwehwɛ wɔ Onyankopɔn nkoa ho no. Ɔkae sɛ ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, boasetɔ, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” So su ahorow yi ho nhia nnɛ? Dabida! Bere a tebea horow asakra no, nnyinasosɛm a ɛkorɔn yi da so ara yɛ nea eye sen biara.—Galatifo 5:22, 23.
Wobetumi aka saa ara afa nneɛma a Bible no bara no ho. Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na Onyankopɔn sɛee Sodom ne Gomora nkurow no? Osuani Yuda kyerɛkyerɛɛ mu sɛ efisɛ ɛhɔfo no “de wɔn ho maa aguamammɔ ne ɔbra bɔne.” Yuda de ka ho sɛ wɔn sɛe no yɛ “daa sɛnnahɔ.” Esiane sɛ wɔakyerɛw amanneɛbɔ yi ne afoforo a ɛte saa “ama yɛn kyerɛkyerɛ,” “afotu” nti, abrabɔ ho asuade a ɛwɔ mu no ho da so ara hia.—Yuda 7, Phillips; Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:11.
Abrabɔ A Ɛbɛma W’ani Agye
Ma ɛntra w’adwenem sɛ Bible no yɛ soronko. Gye tom, “ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.” (1 Tesalonikafo 2:13) Wɔ nhoma ɔpepem pii a ɛwɔ wiase no mu no, Bible nkutoo na ‘efi Nyankopɔn home mu na etumi teɛteɛ.’ (2 Timoteo 3:16) Ɛno nkutoo na etumi de abrabɔ pa gyinapɛn a eye sen biara ma yɛn na ɛkyerɛ sɛnea ɛde bɛkɔ daa nkwa mu wɔ wiase foforo bi mu. Nokwarem no, nea efi nyasa mu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɛhwehwɛ mu.
Ɛno ne nea aberantewaa bi a wɔfrɛ no Joël yɛe. Mfe kakraa a atwam ni no, na ɔne mmerantewa afoforo nenam ne kurom mmɔnten so—na wokurakura akode ahorow. Na ɔyɛ obufufafo, ná ɔyɛ obi a odi nnubɔne ho sum ase gua na ɔfrɛ tuutuufo ma mmarima. Joël tee Bible ne anidaso a ɛde ma ho asɛm no, ankyɛ na ɔsakrae koraa, ogyaee nneyɛe a Bible bara no. Ne kan nnamfo no mu pii hui sɛ wahu nokware no, enti wɔn nso wɔyɛɛ nsakrae ntɛmntɛm wɔ wɔn asetra mu na wɔbɔɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo.
Nokwarem no, wɔn a wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo no mu pii ammɔ ɔbra a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia koraa te sɛ na Joël ne ne nnamfo no yɛe no. Nanso wɔn a wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo no nyinaa gye tom sɛ wɔsan susuw ɔbra a ná wɔbɔ no ho—sɛ ná ɛnyɛ bɔne ankasa mpo a—wogye di sɛ wɔahu abrabɔ pa ho mmara a ebetumi ama wɔn anigye.
Wɔ wiase nyinaa no, Adansefo bɛyɛ nnipa ɔpepem anan bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne nnyinasosɛm yi ahyia a ɔman ne abusua a wofi mu no mfa ho. Wɔde Onyankopɔn Ahenni no nso di biribiara kan na wɔnam saayɛ so di honhom mu nneɛma ho dwuma kan wɔ wɔn asetra mu. Dɛn nti na wompene nsa a wɔto frɛ wo sɛ wɔbɛboa wo ma wahwehwɛ abrabɔ pa gyinapɛn ahorow a ebia ɛso bɛba wo mfaso yi mu no so? Wɔde “asomdwoe pii” ahyɛ wɔn a wosi saa gyinae yi bɔ.—Dwom 119:165; Mateo 6:33.
[Kratafa 9 mfoni]
Nnipa hia abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn sen adesamma nyansapɛ ahorow