Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 4/8 kr. 6-7
  • Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow A Ɛresakra Wɔ Abakɔsɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow A Ɛresakra Wɔ Abakɔsɛm Mu
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abrabɔ Pa Gyinapɛn Ahorow wɔ Tete Mmere Mu
  • Nnɛyi Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow a Ɛsononsonoe
  • Onipa Ayɛ N’ankasa Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow
  • Ehia Sɛ Wɔbɔ Bra Pa
    Nyan!—2019
  • Yɛte Wiase Bi a Ne Gyinapɛn Resesa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow A Ɛde Anigye Ba
    Nyan!—1991
  • 7 Ma Wo Ba Nnya Suban Pa
    Nyan!—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 4/8 kr. 6-7

Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow A Ɛresakra Wɔ Abakɔsɛm Mu

“MMARA nhyehyɛe a obi di so (anaasɛ ɛsɛ sɛ odi so) wɔ n’ankasa asetra ne ne fekubɔ mu.” Saa na Fransefo Encyclopædia Universalis kyerɛ asɛm “abrabɔ” no ase.

Nkyerɛase yi fa obiara ho ankasa. Ɛfa gyidini a odi ne nyamesom mu nnyinasosɛm ahorow so no ne obi a onni ahyehyɛde anaasɛ nyamesom biara mu nanso ɔwɔ nnyinasosɛm ahorow a ɛkyerɛ n’asetra kwan no ho. Obi a ɔnhyɛ tumi biara ase, a ɔka sɛ onni “Onyankopɔn anaasɛ owura biara” no mpo apaw ne gyinapɛn ahorow esiane sɛ ɔwɔ hokwan sɛ osisi n’ankasa gyinae ahorow nti.

Nanso dɛn ne ɔbra yi nnyinaso? Dɛn so na wogyina sisi abrabɔ pa ho gyinae ahorow yi? Sɛ ɛkyɛ a, so ɛsakra?

Abrabɔ Pa Gyinapɛn Ahorow wɔ Tete Mmere Mu

“Spartan” yɛ asɛmfua a wɔde di dwuma wɔ kasa horow pii mu de gyinahɔ ma awerɛhow. Asɛmfua no fa atirimɔden kwan so a wɔtetee mmofra wɔ nhomasua mu wɔ tete Hela kurow Sparta no ho. Wɔtew wɔn fi wɔn awofo ho bere a wɔyɛ nkokoaa, na wɔma wosuaa osetie koraa a wɔbɛyɛ. Ná ntetee yi atirimpɔw ne sɛ wɔbɛyɛ wɔn asraafo.

Nnipa afoforo de abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛyɛ soronko dii dwuma. Sɛ nhwɛso no, na tete Israel wɔ mmara nhyehyɛe a Onyankopɔn de maa Mose. Na ná ɛka mmara yi ho ne aduan, ɔhonam, abrabɔ ne honhom mu anohyeto ahorow. Na ɛsɛ sɛ Israelfo no som Yehowa Nyankopɔn nkutoo.

Wɔ nna fam no, Mose Mmara no baraa aguamammɔ, awaresɛe, mmarima a wɔne wɔn ho da ne nnipa a wɔne mmoa da ketee. Ná eyi ho atirimpɔw ne sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛsono Israelfo no wɔ wɔn mfɛfo mu, ɛnyɛ nyamesom mu nko na mmom abrabɔ mu nso. Na eyi te saa efisɛ ná nnipa a wɔatwa Israelfo ho ahyia no de wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho som a ɛyɛ ahohorabɔ na epira a mmarima ne mmea a wɔyɛ wɔn asɔrefi nguaman ka ho mu. Ebinom de wɔn ankasa mma mpo bɔɔ afɔre maa wɔn atoro anyame.

Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, mmara a Kristofo asomafo ne mpanyimfo bagua hyɛe wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Yerusalem ase no hyɛɛ Kristofo sɛ wonni Yudafo ɔbarima ne ɔbea nna ho mmara koro no ara so bere a wɔkae sɛ wonyi wɔn ho mfi aguamammɔ mu’ no. Sɛnea Vigouroux’s Dictionnaire de la Bible ka no, na ahyɛde yi som bo yiye efisɛ na aguamammɔ abu so pii wɔ saa bere no mu abosonsomfo no mu.​—Asomafo no Nnwuma 15:29.

Abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛsononsonoe no akɔ so wɔ abakɔsɛm mu nyinaa a nea ɛka ho ne abrabɔ bɔne a wɔma ho kwan ne abrabɔ pa ho mmara a emu yɛ den a wɔhyɛ a ɛba bere ne bere mu no. Na wɔma mmarima a wɔne wɔn ho da a wɔbaraa no ketee wɔ Mfinimfini Mmere no mu no ho kwan pii wɔ Ɔsesɛw mmere no mu wɔ Europa. Wɔ Switzerland no, bere a Calvin kɔtraa Geneva wɔ Ɔsesɛw no mu no, ɔde abrabɔ pa ho mmara a wontumi nsakra no bere bi too gua. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ ɛno akyi mfirihyia 200 no, Franse Ɔman Anidan no maa nea wobuu no sɛ abrabɔ bɔne no ho kwan. Ɛboaa “ɔbra biara a wɔma ho kwan” foforo no, na ama awaregyae ayɛ mmerɛw.

Nnɛyi Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow a Ɛsononsonoe

Ɛnnɛ, wɔ ɔman biako mu mpo no, nnipa no wɔ abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛsononsonoe. Ebinom di abrabɔ ho mmara a emu yɛ den so, bere a afoforo pene ɔbra biara a “wɔma hokwan” no so.

Abrabɔ pa ho mmara sakra ntɛmntɛm. Franse nhoma Francoscopie ka sɛ, “wɔ Fransefo pii fam no, awaresɛe wɔ nkyerɛase pɔtee bi. Enye na ɛyɛ ɔbra bɔne.” Nanso nhoma koro no ara ka sɛ wɔ nnipa pii fam no “wommu nokware a wonni wɔ aware mu no sɛ enye bio na mmom sɛ hokwan a obi wɔ, hokwan a ɛnsɛ sɛ ɛsɛe ɔdɔ a awarefo baanu no wɔ ma wɔn ho wɔn ho no, na mmom, nea ɛne no bɔ abira no, ɛsɛ sɛ ɛma ɛyɛ kɛse na ɛhyɛ mu den mpo.”

Nyinsɛn a wɔsɛe no no nso yɛ beae foforo a abrabɔ gyinapɛn asakra kɛse. Bere a wobu nyinsɛn a wɔsɛe no sɛ nsɛmmɔnedi wɔ aman bi so no, wɔma ho kwan​—wɔhwehwɛ mpo sɛ wɔyɛ​—wɔ afoforo so. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ ná French Medical Association no bu nyinsɛn a wɔsɛe no no nsɛmmɔnedi kosii sɛ wɔmaa ho kwan wɔ 1974 mu. Ɛnnɛ, Fransefo pii bu no sɛ eye.

Nanso, abrabɔ yi gyina dɛn so? So ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ gyinapɛn ahorow yɛ nea enni mũ na etumi sakra sɛnea nsɛm tebea ahorow bɛkyerɛ?

Onipa Ayɛ N’ankasa Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow

Wɔ mfehaha no nyinaa mu no, nyansapɛfo akyerɛ adwen horow de abɔ mmɔden sɛ wobebua nsɛmmisa yi. Ebinom akyerɛ sɛ wɔnhyɛ ‘abrabɔ pa ho mmara a wɔde bedi dwuma wɔ baabiara’ nanso wontumi nhu onii a ɛsɛ sɛ wɔde n’abrabɔ yɛ nhwɛso.

Afoforo nso ate nka sɛ ɛsɛ sɛ nea obi dwen wɔ ne yɔnko nnipa ho no na ɛkyerɛ n’abrabɔ kwan. Nanso ebia obi remmu nea onipa bi bu sɛ afoforo ho adwempa no sɛ ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, mfehaha pii no, nkoa wuranom susuwii sɛ eye sɛ wɔbɛma wɔn nkoa aduan ne dabere, nanso nkoa no tee nka sɛ nea ɛyɛ papa mmom ne sɛ wɔbɛma wɔade wɔn ho afi nkoasom mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ adwen horow a ɛsonosonoe na enhyia a nyansapɛfo wɔ wɔ abrabɔ gyinapɛn ahorow ho yi mma nnipa pii nhu nea wɔnyɛ. Wɔn adwen horow no mfaa abrabɔ gyinapɛn koro mmae, na wɔn nyansapɛ no mmaa adesamma abusua no nyaa asomdwoe ne biakoyɛ nso. Nea aba ara ne sɛ, wɔn adwene a enhyia no ma nnipa pii ka sɛ obi ankasa abrabɔ gyinapɛn te sɛ “abenfo” de no ara.

Ɛno nti na ɛnnɛ nnipa pii kura adwene a na Franseni nyansapɛfo Jean-Paul Sartre a osusuwii sɛ ɛsɛ sɛ onipa ankasa yɛ n’abrabɔ ho temmufo wɔ no bi no. Asɔrekɔfo pii mpo anya adwene yi bi. Sɛ nhwɛso no, Katolek mpanyimfo abaw mu abu efisɛ Katolekfo pii mfa asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm ho no nni dwuma na wɔfa nnuru a wɔde siw nyinsɛn kwan a asɔre no kasa tia no.

Nea yehu fi abakɔsɛm mu ne sɛ nnipa ahyehyɛ abrabɔ ho mmara pii, nanso ɛnkyɛ na wɔakasa atia mmara yi, wɔasakra no anaasɛ werɛ afi. Nanso nyansapɛfo adwene a ɛnkyɛ anaasɛ adesamma mmusua horow a ɛkɔ so sakra no nni Bible mu nnyinasosɛm a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no so nkɛntɛnso. Bible nnyinasosɛm yi som bo dɛn nnɛ? So wobetumi de adi dwuma?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

“WOMMU NOKWARE A WONNI WƆ AWARE MU NO SƐ ENYE BIO NA MMOM SƐ HOKWAN A OBI WƆ”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena