Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g18 nɔma 2 kr. 10
  • 7 Ma Wo Ba Nnya Suban Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 7 Ma Wo Ba Nnya Suban Pa
  • Nyan!—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐKYERƐ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Ehia Sɛ Wɔbɔ Bra Pa
    Nyan!—2019
  • Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso Wɔ So Ankasa
    Nyan!—2013
  • Yɛte Wiase Bi a Ne Gyinapɛn Resesa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow A Ɛde Anigye Ba
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2018
g18 nɔma 2 kr. 10
Agya bi ne ne babarima de kɔmpase redi dwuma ahu baabi a wɔbɛfa

Sɛnea kɔmpase a ɛyɛ papa tumi kyerɛ obi kwan no, saa ara na suban pa betumi aboa wo mma ma wɔabɔ bra pa

AWOFO

7 Momma Mo Mma Nnya Suban Pa

NEA ƐKYERƐ

Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛnyɛ dɛn ara a wowɔ nea wubu no sɛ ɛyɛ suban pa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia wobɔ mmɔden sɛ wubedi nokware wɔ biribiara mu. Sɛ saa a, ɛnde yegye di sɛ wopɛ sɛ wode saa suban pa no dua wo mma mu.

Afei nso, ɛsɛ sɛ woboa wo mma ma wohu sɛ ehia sɛ wɔyɛ nsiyɛfo, wodwen afoforo ho, na ɛsɛ sɛ wɔne obiara di no yiye. Obi mmofrase pa ara na wubetumi de saa suban pa yi atete no yiye.

BIBLE MU ASƐM: “Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so; sɛ onyin a, ɔremfi ho.”—Mmebusɛm 22:6.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Saa bere yi a mfiridwuma akɔ n’anim yi, suban pa ho hia. Maame bi a yɛfrɛ no Karyn kaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ biribi a enye mu a, obetumi de ɛlɛtrɔnik afiri biara ayɛ saa wɔ bere biara mu. Ebetumi aba sɛ yɛn mma te yɛn nkyɛn pɛɛ nanso na wɔrehwɛ biribi a enye!.”

BIBLE MU ASƐM: ‘Wɔn a wɔn ho akokwaw no de wɔn adwene yɛ adwuma, enti wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’—Hebrifo 5:14.

Ehia sɛ yedwen afoforo ho. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma afoforo (ebi ne sɛ yɛbɛka “mesrɛ wo” ne “meda wo ase”) na yɛkyerɛ sɛ wɔn ho hia yɛn. Nnansa yi, nkurɔfo ntaa nna saa suban pa yi adi, efisɛ nkurɔfo ani abegye ɛlɛtrɔnik mfiri ho asen nnipa.

BIBLE MU ASƐM: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.”—Luka 6:31.

NEA WUBETUMI AYƐ

Nea wubu no sɛ ɛyɛ suban pa no, ma wo ba nhu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, mmofra a wonnii mfe aduonu no, sɛ woka kyerɛ wɔn pen sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wɔne obi bɛda ansa na wɔaware a, wɔtaa twe wɔn ho fi saa brabɔne no ho.

NYANSAHYƐ: Ka asɛm bi a esii nkyɛe, na gyina so ne wo ba no mmɔ suban pa ho nkɔmmɔ. Nhwɛso bi ni. Sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo ka sɛ ɔtan nti obi akum nipa a, wubetumi aka sɛ: “Ebinom bo fuw a, nea wɔde yɛ nkurɔfo no nye koraa. Wohwɛ a, dɛn na ɛma ebinom yɛ saa?”

“Sɛ mmofra nnim nea ɛyɛ papa anaa bɔne a, ɛyɛ den ma wɔn pa ara sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ.”—Brandon.

Boa wo mma ma wonnwen afoforo ho. Mmofra nkumaa mpo betumi asua sɛnea yɛka “mesrɛ wo” ne “mepa wo kyɛw,” na wɔakyerɛ sɛ wobu afoforo. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ mmofra hu pa ara sɛ ɛnyɛ wɔn nko ara na wɔte wɔn baabi na mmom wɔne afoforo—abusuafo, sukuufo ne mpɔtamfo—na ɛbom yɛ ade a, wɔnyɛ nneɛma a wɔn nko ara benya so mfaso, mmom wofi wɔn pɛ mu yɛ nneɛma a obiara benya so mfaso.”—Parenting Without Borders.

NYANSAHYƐ: Ma wo mma nyɛ efie nnwuma na aboa wɔn ma wɔahu sɛ ɛho hia sɛ wɔboa afoforo.

“Sɛ yɛn mma yɛ efie nnwuma ma ɛkokwaw wɔn saa bere yi a, wonyin na wɔtew wɔn ho a, ɛrenyɛ adesoa mma wɔn. Ebedu hɔ no, sɛ woso asɛyɛde mu a, ɛrenyɛ wɔn ade foforo.”—Tara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena