Abrabɔ Gyinapɛn a Asakra—So Wote Nka sɛ Yɛahwere Biribi?
“DƐN ne ɔhaw titiriw a ɔman no rehyia?” Bere a wobisaa saa asɛm yi no, nnipa dodow a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ United States no mu fã kɛse no ara kae sɛ nneɛma a ɛhaw wɔn no mu nea edi kan ne abusua ne abrabɔ pa a aba fam no. Ɛdefa eyi ho no, ɛnyɛ wɔn nko na wɔte nka saa.
Sɛ nhwɛso no, Paris atesɛm krataa International Herald Tribune a wotintim no daa no kae sɛ: “Nnipa pii, titiriw mmerante ne mmabaa, kɔn dɔ sɛ wobenya daakye bi a biakoyɛ wom ho anidaso, sɛ wobenya gyinapɛn ahorow bi a wɔnam so bedi nkɛntɛnso a adifudepɛ, pɛsɛmenkominya, mpaapaemu, a ɛte sɛ nea ɛregye ntini wɔ wiase nyinaa no so. . . . Akyinnyegye a asɔre denneennen fa hia a abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn a wogye tom wɔ wiase nyinaa ho hia ho no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ biribi atoto.”
So wususuw sɛ nniso ahorow ne wiase akannifo, ne wɔn a wodi aguadi anim wɔ gyinapɛn pa a ehia a wɔde bedi yɛn anim ma yɛanya daakye a ɛyɛ anigye, asiane biara nnim, na ahobammɔ kɛse wom? So wote nka sɛ yɛahwere biribi, anyɛ yiye koraa no wɔ ɔkwan bi so, esiane abrabɔ gyinapɛn a wuhu sɛ ɛresakra wɔ baabiara no nti?
Ade biako a ɛho hia paa no betumi ayɛ w’ankasa ahobammɔ. So wote baabi a ahobammɔ wɔ a sɛ woanto wo pon mu a biribiara rensi? So wutumi nantew mmorɔn so wɔ wo mpɔtam anadwo a wunsuro? Sɛ wo ti ye na wote baabi a akodi, mmusua ntam basabasayɛ, anaasɛ basabasayɛfo kuw a wɔn ho yɛ hu nni mpo a, wusuro sɛ ebia nnipa bi bɛba abɛtow ahyɛ wo so, atwa wo dwow, abewia wo fie nneɛma anaa wɔabɔ wo korɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi betumi ama obi ate abasamtu ne adehwere nka.
Nea ɛka eyi ho no, wubetumi ahwere—anyɛ yiye koraa no wɔ ɔkwan bi so—ahotoso a bere bi na anka wowɔ wɔ afoforo mu no. Ɛdenam osuahu so, sɛ ebia adwumam ne w’ankasa w’asetra mu no, ebetumi aba sɛ ankorankoro bi abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wɔbɛyɛ wo bɔne, sɛ ebedi wɔn anigye ho dwuma kakraa bi mpo a.
Aban Nhwɛso Ho Hia
Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, yɛahu sɛ abrabɔ gyinapɛn a ɔmanfo da no adi no ne nea aban a edi ɔmanfo no so da no adi no wɔ abusuabɔ. Calvin Coolidge, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ United States mampanyin no kae sɛ: “Nnipa ka adebɔ mu hokwan ahorow a adesamma abusua no wɔ ho asɛm, nanso mepɛ obi a obetumi akyerɛ me wiase yi mu baabi a na hokwan a ɛtete saa wɔ anaa wɔapene so dedaw a sɛ wɔamfa ansi hɔ amfa ɛho mmara a ɛbata ho anka ho a anka ebetumi ayɛ adwuma.”
Awiei koraa no, ɛyɛ aban a edi tumi no—ɛmfa ho ɔkwan a ɛfaa so bedii tumi no—na ebetumi ama nnipa hokwan te sɛ nsɛm ho amanneɛbɔ mu ahofadi, ahofadi a wɔde yɛ nhyiam, ɔsom mu ahofadi, ne ahofadi a wɔde kasa wɔ baguam, kyere a wɔmma wɔnkyere obi anaa wɔnyɛ no ayayade a ɛnyɛ mmara kwan so, ne atemmu a animhwɛ nnim no anya nkɔso anaasɛ wɔasiw ano.
Abraham Lincoln, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ United States mampanyin, no kae bere bi sɛ: “Aban botae titiriw ne sɛ ɛbɛyɛ nea anka ɛsɛ sɛ ɔmanfo yɛ nanso wontumi nyɛ koraa anaasɛ wontumi nyɛ no yiye mma wɔn ankasa ho anaa—sɛ ankorankoro.” Sɛ nniso ahorow no bɔ mmɔden di atirimpɔw a ɛkorɔn saa ho dwuma a, nkurɔfo nya wɔn a wodi tumi no mu ahotoso.
Nanso, ɛte sɛ nea ɔkasatia ne adwemmɔne abesi ahotoso ne awerɛhyem a na anka ɛwɔ hɔ no ananmu nnɛ. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ United States bɔɔ amanneɛ sɛ nnipa dodow a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu 68 kae sɛ aban mpanyimfo dwumadi wɔ nneɛma a ɛfa abrabɔ pa ne abrabɔ bɔne ho no nni mu papa anaasɛ enye koraa mpo. Wɔ aman pii so no adwene a ɔmanfo wɔ wɔ aban mpanyimfo ho ne sɛ wodi fɔ kɛse wɔ adanmudegye ho aniwusɛm ne dwowtwa ho. Sɛnea ntease wom no, eyi ama nnipa pii ahwere ahotoso kɛse.
Ɔhene Salomo Nhwɛso Pa
Tete nhwɛso biako kyerɛ sɛnea gyinapɛn pa a wɔn a wodi tumi bɛda no adi no betumi anya afoforo so nkɛntɛn so afa. Ɔhene Salomo dii Israel mmusuakuw 12 no so fi afe 1037 kosi 998 A.Y.B. Ná ne papa, Ɔhene Dawid, yɛ Israel ahemfo a wɔda nsow no mu biako. Bible no ka Dawid ho asɛm sɛ obi a na ɔdɔ nokware ne trenee, na nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ ɔbarima a ɔwɔ ne Nyankopɔn, Yehowa mu awerɛhyem na ɔde ne ho too ne so koraa. Dawid de gyinapɛn pa a ɛte saa ara kyerɛkyerɛɛ Salomo.
Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ dae mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Srɛ nea memma wo.” (2 Beresosɛm 1:7) Sɛ́ anka Salomo bebisa ahonyade, anuonyam, anaa n’atamfo so nkonimdi no, ɔdaa nneɛma a na n’ani gye ho kɛse adi denam nyansa, ntease, ne osetie koma a obisae so, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi Israel man no so wɔ ɔkwampa so.
Nkɛntɛnso bɛn na Salomo nniso no nyae wɔ nkurɔfo no so? Onyankopɔn maa no nyansa, anuonyam, ne ahonyade—bere tenten a ɔkɔɔ so dii ɔman no honhom fam gyinapɛn ahorow ho dwuma wɔ nokwaredi mu no. Nneɛma a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu di honam fam ahonyade a Salomo nyae wɔ ne nniso mu no ho adanse. The Archaeology of the Land of Israel nhoma no ka sɛ: “Ahode a efi mmaa nyinaa baa ahemfie hɔ, ne aguadi a na ɛkɔ so yiye . . . no maa nsakrae a ɛda nsow baa wɔn honam fam yiyedi mu wɔ biribiara mu.”
Yiw, Salomo nniso pa no maa ne manfo nyaa asomdwoe, ahobammɔ, ne anigye. “Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-Seba, Salomo nna nyinaa.”—1 Ahene 4:20, 25.
Ɔhene Salomo Nhwɛso Bɔne
Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, te sɛ akannifo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ abrabɔ no, awiei koraa no suban pa a na Salomo wɔ no sakrae. Bible kyerɛwtohɔ kenkan sɛ: “Na ɔwɔ yerenom ahenemma ahanson ne yefam nso ahasa; na ne yerenom no kom ne koma. Na Salomo nkwakoraabere mu no, ne yerenom kom ne koma kodii anyame foforo akyi, na ne koma anni mũ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma.”—1 Ahene 11:3, 4.
Nkɛntɛnso bɛn na Ɔhene Salomo suban pa a ɛsakrae no nyae wɔ ne nkurɔfo so? Ɛmfa ho mmɔden kɛse a Salomo bɔe ne nyansa a na ɔwɔ no, ɔbɛyɛɛ sodifo a ne tirim yɛ den wɔ n’ahenni nna a edi akyiri mu. Ɛka akɛse a na ɔbɔ wɔ ne nniso no ho no maa ɔman no sikasɛm yɛɛ basaa. Adwumayɛfo bo fuwii. Amammui mu asɔretiafo ko tiaa ɔhene no na wɔpɛe sɛ wogye tumi no fi ne nsam. Biakoyɛ a na anka ɛwɔ ɔman no mu no sɛee. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ Salomo ankasa kyerɛwee sɛ: “Treneefo redɔɔso a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.”—Mmebusɛm 29:2.
Wɔ Salomo wu akyi bere tiaa bi no, amammui mu basabasayɛ ne afoforo mu ahotoso a wonni maa ɔman no mu paapaee na ɛde ahokyere, ne tebea a emu yɛ den baa ɔman no mu. Israelfo no tee nka sɛ wɔahwere ade kɛse. Na wɔn nniso no asesa gyinapɛn pa a ɛde yɛ adwuma no, na ensusuw nnipa no ahiade ho bio. Mfomso titiriw a ɛma no baa saa ne sɛ na wɔn akannifo no abu wɔn ani agu Yehowa ne ne mmara ahorow so. Enti, ɔman mũ no nyinaa huu amanne.
Nnipa Mu Ahotoso a Enni Hɔ Koraa Nnɛ
Wɔ aban, nnwuma, ne nyamesom kuw ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ mu no, pii bu wɔn ani gu abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma no so. Eyi nso ama nnipa dodow no ara te adehwere nka wɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu. Nniso ne akannifo dodow no ara na wontumi nni wɔn aman no haw ahorow ho dwuma.
Sɛ nhwɛso no, wontumi mmaa ɔko to ntwae anaasɛ wɔmmaa ayaresa ka a ɛkɔ soro no mmaa fam anaasɛ wonsiw nkɛntɛnso bɔne a nnubɔne aguadi de ba no ano. Na nhomasua ho nhyehyɛe pa nso atɔ nsu mu. Nniso ahorow bi mpo bɔ kyakyatow ho ka. Nnwuma ne nyamesom mu akannifo pii nso ama nkurɔfo ho adwiriw wɔn saa ara na wɔn abam bu esiane wɔn amumɔyɛ ne wɔn brabɔne nti. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii nni wɔn a nkurɔfo hwɛ kwan sɛ wobedi wɔn anim mu no ahotoso koraa.
So yebetumi anya nniso bi a ebetumi abɔ hokwan a nnipa wɔ ho ban na mpo ahwɛ ma wɔde abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn adi dwuma? Yiw, yebetumi anya. Yɛn asɛm a etwa to no bɛkyerɛ nea nti a ɛte saa no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
‘Ɛte Sɛ Nea Adifudepɛ, Pɛsɛmenkominya, Ne Ahotoso A Ɔmanfo Nni Regye Ntini Wɔ Wiase Nyinaa.’—INTERNATIONAL HERALD TRIBUNE
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]
Bere a Ɔhene Salomo yɛɛ osetie maa Onyankopɔn mmara ahorow no, ɔde abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn kyerɛkyerɛɛ ne manfo