Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Mma a Wɔremma Mmonnaatofo Kwan
Meda mo ase wɔ asɛm a ɛfa “Wɔamma Mmonnaatofo Kwan” no ho. (August 8, 1984) Mfe dubiako a atwam ni no, nnipa a misiesie wɔn fie no babarima tow hyɛɛ me so. Na madi mfe 16 pɛ wɔ saa bere no mu. Mekaee sɛ ɛsɛ sɛ meteɛm na ɛnsɛ sɛ mema no kwan. Mekaa n’ano na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛteɛm nanso ɔtwee me ti hwi na ɔde ne nsa kataa m’ano. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛka no bio na mebɔɔ Yehowa mpae nso sɛ ɔmmoa me wɔ ɔko a me ne no reko no mu. Mekɔɔ so peree kosii sɛ ɔsɔree mpofirim, na ɔkɔtraa akongua mu a ɔrehwɛ me. Afei ofii fie hɔ. Mete nka sɛ ɛho hia sɛ wobehu sɛ na ɔnyɛ ɔhɔho koraa. Eye sɛ mmea bɛda wɔn ho so na wɔadi kan asusuw nea wɔbɛyɛ ho, sɛ ɛba sɛ biribi a ɛyɛ hu sɛɛ to wɔn a.
C. H., Illinois
Asɛm a ɛfa “Wɔamma Mmonaatofo Kwan” ho no haw me yiye. Ɛhaw me sɛ obi besusuw ho mpo sɛ obi a wɔato no mmonnaa no di aguamammɔ ho fɔ. Kyerɛwsɛm a ɛwɔ Deuteronomium a mofa kaa asɛm no hwehwɛ sɛ ɔbea no teɛm na ɛnyɛ sɛ ɔbɛko akosi owu mu!
C. W., Indiana
Meda mo ase wɔ mo asɛm a ɛfa “Wɔamma Mmonnaatofo Kwan” no ho. M’ani gyee afotu pa a ɛwom a ese “momfa mo ahrawa nni dwuma” na mo nkyerɛ obu mma no no ho ankasa. Misuaa biribi nso fii mmea a wɔamma mmonnaatofo kwan no osuahu ahorow no mu.
T. C., Florida
Sɛ wobebu nea wɔtoo no mmonnaa no sɛ odi aguamammɔ ho fɔ a, ɛho behia sɛ wonya adanse a ɛkyerɛ sɛ ofi ne pɛ mu penee so. Ɛda adi sɛ ahwehwɛde a ɛwɔ Deuteronomium 22:25-27 a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbea no ma kwan denam teɛ a ɔbɛteɛm so no remma wonnya adwene biara sɛ ɔpenee so. Asetra mu nsɛm ho ɔbenfo, Pauline Bart a ɔwɔ Illinois Sukuupɔn mu a ɔyɛɛ nhwehwɛmu faa mmea a wɔamma mmonnaato kwan ho no sii bo a ma a wɔremma kwan som no so dua. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ “The Edmonton Journal” a wotintim wɔ Canada no mu no (November 10, 1983) , ɔka wɔ ne nhwehwɛmu no mu sɛ: “Ɛdenam ko a ɔbɛko atia no so no, ɔbea ma kwan a ɔwɔ sɛ obekwati mmonnaato no yɛ kɛse . . . Ko a ɔrenko ntia no nkyerɛ sɛ ɛno nti ɔrenyɛ no ayayade.” Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Ɛte sɛ nea mmea a wɔtoo wɔn mmonnaa a wɔko tiae no renni awerɛhow kɛse te sɛ wɔn a wɔanka antia wɔn a wɔtow hyɛɛ wɔn so no.” Ɛdefa obu a wɔbɛkyerɛ ama mmonnaatofo ho no, ɛnyɛ sɛ ɔfata obu no na mmom ebia obu a wɔbɛkyerɛ ama no no bɛboa ma watie kakra, na ɛbɛma obi a wɔrebɛyɛ no saa no anya kwan afi tebea bi a asiane wom mu.—ED