Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 3/8 kr. 28
  • Mmonaato—Nea Ɔkenkanee Bɔɔ Ne Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmonaato—Nea Ɔkenkanee Bɔɔ Ne Ho Ban
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔamma Mmonnaatofo Kwan
    Nyan!—1984
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Sɛnea Wosiw Mmonnaato Ano
    Nyan!—1993
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 3/8 kr. 28

Mmonaato​—Nea Ɔkenkanee Bɔɔ Ne Ho Ban

SƐ ƆMONNAATOFO pɛ sɛ ɔto wo mmonnae a dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Afotu ahorow a ɛne wɔn ho wɔn ho bɔ abira wɔ hɔ. Ebinom ka sɛ ɔmonnaatofo a wobɛko atia no no ma ne ho yɛ ne den, nanso Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no ko tia no. (Deuteronomium 22:23-27) Dɛn ne afotu a eye kyɛn so?

Nhwehwɛmu foforo a wɔayɛ a epuei wɔ The American Journal of Public Health mu no ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔko tia no. Asɛm no ka sɛ: “Nhwehwɛmu a wɔayɛ no nyinaa kyerɛ ade biako a ɛho hia titiriw a ɛsɛ sɛ wɔyɛ: ko a wɔko tia no siw adeyɛ no kwan.” Nea ɛtoo ɔbea bi wɔ Japan September a atwam mu no yɛ eyi ho nhwɛso. Na afei na wabedu ofi a ne nkutoo te mu no mu anadwo.

Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔmonnaatofo baa me fi na ɔtoo ɔpon no mu. Esiane sɛ ɛyɛ mpofirim na me misuroe pii nti, migrowe koraa. Ɔbarima no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe me akɔ dan mu nanso misoo adum bi mu na meko tiaa no.

“Saa bere no na mekaee kyerɛwsɛm a ɛwɔ Deuteronomium ti 22 no. Ɛka sɛ sɛ obi tow hyɛ ɔbea so na sɛ wanteɛteɛm a, na ɛkyerɛ sɛ ɔpene nea ɔbarima no reyɛ no so na na ɔreyɛ bɔne atia Yehowa. Afei mekaee nea makan afi Nyan! mu asɛm ‘Mmonnaato​—Ɔkwan Bɛn So Na Wubetumi Abɔ Wo Ho Ban?’ mu no.​—October 8, 1980 Japan de; July 8, 1980 Brɔfo de.

Ɔkwan biara so no, misusuwii sɛ: Ɛsɛ sɛ meteɛteɛm na meko tia no. Enti meteɛɛm sɛ: Yehowa boa me! mpɛn pii na memaa mu yɛɛ den bere nyinaa. Sɛ ɔmmonnaatofo no de me nsa kɔ nifa a, na mede akɔ benkum, sɛ ɔtwe me kɔ anim a na makɔ m’akyi, sɛ ɔkata m’ano de bɔ mmɔden sɛ menteɛteɛm a, na maka no. Ɔkwan biara so no, mekɔɔ so siw no kwan.

“Nkakrankakra no mebrɛe. Na mintumi nhome, na misusuw sɛ me koma begyae bɔ, nanso mekɔɔ so yɛɛ nea metumi nyinaa de siw no kwan na me kɔɔ so frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me. Enti ɔmmonnaatofo no gyaee, na ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔpon no ano na ofi kɔe.

“Migye di sɛ metumi kwatii mmonnaa a anka ɔto me no, efisɛ Yehowa boaa me na afei esiane sɛ me de nea makan afi Nyan! mu no dii dwuma no nti. Sɛ anka mankan Nyan! no mu asɛm no a, misusuw sɛ anka ehu nti mɛyɛ komm na mayɛ nea nsɛmɔnedifo no kae no. Meda mo ase pii.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena