So Mmeamudua No Yɛ Kristofo De Ankasa?
NÁ ROMA ɔhempɔn bi resiesie ne ho ama ɔko na ɔtee nka sɛ ohia anyame no mmoa. Sɛnea asɛm no kyerɛ no, ohuu hann bi wɔ wim a ɛte sɛ mmeamudua a wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ so sɛ: “Ɛdenam eyi so no, di nkonim.” Bere a ɔde sɛnkyerɛnne no ayɛ nnyinasode ama n’asraafo no, okodii nkonim ahorow akɛse pii a ɛmaa ne nkutoo bɛyɛɛ Roma Ahemman no sodifo wɔ afe 324 Y.B. mu.
Ɔdɔmmarima a ɔwɔ abakɔsɛm a agye din yi mu ne Konstantino Ɔkɛseɛ no. Efi saa bere no, Roman Asɔre no bɛyɛɛ Ahemman no asɔre titiriw, na anuonyam, din ne tumi a enyae yɛɛ kɛse ntɛmntɛm. Wɔ bere koro no ara mu no, mmeamudua no bɛyɛɛ sɛnkyerɛnne titiriw maa Asɔre no—nkakrankakra wɔde siesiee asɔre adan ahorow mu, wɔde sisii mmepɔw atifi, nkwanta so ne mmorɔn so. Nnipa ɔpepem pii de sensɛn afasu a ɛwɔ wɔn afi mu ho ne wɔn kɔn mu.
Gu a Egu Ahorow ne ne Fibea
Nokwarem no, mmeamudua ahorow pii wɔ hɔ, na emu kakraa bi na yɛayɛ ho mfonini wɔ ha no. Nea asɔre ahorow pii de di dwuma nnɛ ne Latin mmeamudua no, esiane sɛ wogye di sɛ ɛte sɛ ade a Yesu Kristo wuu owu yawyaw wɔ so no nti. Ɛwom sɛ mpɛn pii no wɔde mmeamudua ankasa di dwuma wɔ nyamesom amanne ne guasodeyɛ ahorow mu de, nanso ɛtɔ bere bi a nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɛyɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne no ara kwa denam obi nsateaa anaa ne nsa a ɔde kyerɛ sɛnea mmeamudua no te no so.
Nanso mmeamudua a wode di dwuma sɛ nyamesom mu sɛnkyerɛnne no kɔ akyiri sen Yesu bere so ma enti emfi Kristosom mu. Nhwɛso biako ne dwuma a na wɔde di wɔ India wɔ tete mmere no mu no. Wɔ hɔ no, wubetumi ahu mmeamudua a esi ohoni bi a ɔrekunkum mmofra ti so wɔ Elephanta Ɔbodan mu. Wɔ tete India mfonini foforo mu no, onyame Krishna wɔ nsa asia a emu abiɛsa kurakura mmeamudua
Bere a Spania asraafo dii Amerika fã bi so nkonim no, wɔn ho dwiriw wɔn bere a wohuu nyamesom mmeamudua wɔ mmeae ahorow no. Ɔkyerɛwfo Baring-Gould kyerɛw wɔ ne nhoma Curious Myths of the Midlle Ages no mu sɛ: “Wɔ Oaxaca (Mexico) man mu no, Spaniafo hui sɛ wɔde mmeamudua asisi hɔ sɛ sɛnkyerɛnnede kronkron . . . Wɔ South America no wobuu sɛnkyerɛnne koro no ara sɛ ɛyɛ ade kronkron. Ná wɔsom wɔ Paraguay. Wɔ Peru no, Incafo de nidi maa mmeamudua a wɔde bɔwerɛbo biako na ayɛ . . . Wɔ Muyscafo a wɔwɔ Cumana no mu no, wogye dii . . . sɛ mmeamudua no wɔ tumi bi a etumi pam ahonhommɔne; enti wɔde mmofra a wɔawo wɔn foforo too ase.”
Wɔ mmeae horow wɔ wiase no mu no, saa ara na wɔasom mmeamudua afi teteete na wɔabu no sɛ ɛwɔ tumi a ɛyɛ nwonwa. Cyclopaedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature ka sɛ: “Wohu mmeamudua no sɛ sɛnkyerɛnnede kronkron wɔ tete aman pii a ebia yɛbɛfrɛ wɔn sɛ wɔn a wɔsom mmeamudua no mu. . . . Ɛda adi sɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne no gu ahorow wɔ nea ɛkyerɛ no mu. Ɛtɔ bere bi a ɛyɛ Phallus [wɔde dii dwuma wɔ bɔbeasu som mu], ɛtɔ bere bi a ɛyɛ okyinsoromma a ɛne Venus no.”
Nanso Kristofo a wodii kan asafo no nso ɛ? So wɔde dii dwuma?
So Afeha a Edi Kan Kristofo De Mmeamudua no Dii Dwuma?
Ɛrekyerɛ sɛ na mmeamudua no nyɛ sɛnkyerɛnnede a wɔde dii dwuma wɔ afeha a edi kan Kristosom mu no, nhoma a wɔfrɛ no Records of Christianity no ka sɛ: “Wɔanhyɛ da amfa mmeamudua ansiesie asɔredan mu mpo . . . Na Kristo sɛnkyerɛnnede a edi kan yɛ apataa (afeha a ɛto so abien) ; wɔyɛɛ no sɛ Oguanhwɛfo Pa wɔ aboda a wɔyɛ dii kan no so (afeha a ɛto so abiɛsa) .” Bio nso J. Hall kyerɛw wɔ ne Dictionary of Subjects and Symbols in Art mu sɛ: “Bere a Konstantino Ɔkɛseɛ no gyee Kristosom toom akyi, ne titiriw no, efi afeha a ɛto so 5 no mu, na wofii ase de mmeamudua sisii sarcophagi [afunu nnaka a wɔde abo ayeyɛ], akanea, adakawa ne nneɛma afoforo so.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.) Ɔdenimfo E. A. Wallis Budge de ka ho wɔ Amulets and Talisman nhoma no mu sɛ: “Mmeamudua no ammɛyɛ Kristosom agyiraehyɛde ne sɛnkyerɛnnede kɛse kosii afeha a ɛto so IV mu.” Dabi, kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ afeha a edi kan Kristofo no de mmeamudua dii dwuma.
Nea ɛyɛ nwonwa no, mmeamudua a wogye di sɛ Konstantino hui wɔ wim na ɔde dii dwuma sɛ n’asraafo frankaa no nyɛ Latin mmeamudua no na mmom ɛyɛ agyiraehyɛde yi a ebinom de bata owia som ho (Konstantino ankasa som owia) na afoforo de bata Chi-Rho nkyerɛwee—nkyerɛwde abien a edi kan wɔ asɛmfua “Kristo” mu wɔ Hela mu ho no. Efi saa bere no wɔtaa de mmeamudua no di dwuma wɔ nneɛma ahorow a ɛteɛ a wɔde ka sraadi mu nneyɛe ahorow a emfi Kristosom mu te sɛ mmeamudua ho akodi no ho, bere a “mmeamudua ho asraafo” di atirimɔdensɛm ahorow pii no.
Dɛn Na Bible no Kyerɛ?
Wɔka sɛ, ‘Nanso me Bible no ka sɛ Yesu wui wɔ mmeamudua so ankasa.’ Wɔ nokwarem no, Bible nkyerɛase ahorow pii de asɛmfua mmeamudua no di dwuma. Nanso asɛmfua bɛn na mfitiase Bible akyerɛwfo no de dii dwuma? Yɛwɔ Hela nsɛmfua abien a wɔde gyinaa hɔ maa ade a Kristo wui wɔ so no—staurós ne xylon. Strongs Exhaustive Concordance of the Bible a wogye tom kɛse no kyerɛ staurós ase sɛ “mpuran anaa dua” ne xylon ase sɛ “dua sin bi” anaa “dua.” The New Bible Dictionary ka sɛ: “Hela asɛmfua ma ‘mmeamudua’ (staurós, adeyɛ stauróo) kyerɛ mpuran anaa dua a wɔama so asi hɔ, na nea etia abien no wɔde dii dwuma sɛ biribi a wɔtwe obi aso wɔ so ne nea wokum obi wɔ so.”
Latin asɛmfua a wode gyinaa hɔ maa ade a Kristo wui wɔ so no ne crux, a sɛnea Livy a na ɔyɛ Romani abakɔsɛm kyerɛwfo a wagye din wo afeha a edi kan Y.B. mu no kyerɛ no, ɛkyerɛ mpuran kɛkɛ. Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature ka sɛ na crux simplex no yɛ “mpuran ara kwa, ɛyɛ ‘dua biako a ebi mmea mu.’” (Hwɛ mfonini no.)
Bere a ɛresi eyi so dua no, The Companion Bible no nkekaho a ɛto so 162 ka fa staurós ho sɛ, “ɛkyerɛ dua anaa mpuran a wɔama so asi hɔ a wɔbɔ nsɛmmɔnedifo no fam ho kum no. . . . Ɛnkyerɛ nnua abien a wɔde abea mu koraa, na mmom bere nyinaa ɛyɛ dua koro pɛ.” (Wɔn na wode nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.) Nkekaho no de ba awiei sɛ: “Ne saa nti adanse no wie du sɛ, wokum Awurade wɔ dua sin biako a wɔama so asi hɔ so, na ɛnyɛ mpuran abien a wɔde abea mu so.”
Esiane fi a efi tete abosonsom mu ne adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔankum Kristo wɔ tete mmeamudua so na tete Kristofo no amfa sɛnkyerɛnnede a ɛte sɛɛ anni dwuma nti, ɛma obi nya adwene no sɛ: Mmeamudua no nyɛ Kristofo de ankasa.
Dɛn Na Wobɛyɛ?
Egye akokoduru na wode atwe wo ho afi nyamesom mu atetesɛm a agye ntini a efi tete abosonsom mu ho. Nhwɛso biako a ɛte sɛɛ wɔ twe a wɔtwe wɔn ho no ho wɔ New World Translation no mu a ɛkyerɛ Staurós ase sɛ “asɛndua” ne adeyɛ stauróo no ase sɛ “wokum no dua so” na ɛnyɛ “wokum no mmeamudua so.” Eyi yi abosonsom mu nneyɛe a ɛyɛ fĩ nyinaa fi afɔre a ɛsom bo a yɛn Awurade ne Agyenkwa bɔe no ho.
Ɔkwan bɛn so na saa nimdeɛ yi bɛka wo wɔ som a wosom mmeamudua no anaa wo kɔn mu a wode to anaa ɛho sɛnkyerɛnne a woyɛ no mu? Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonguan abosonsom.’ (1 Korintofo 10:14) Ɔsomafo Yohane de kaa ho sɛ: “Monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.” (1 Yohane 5:21) Enti obi a ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔhwɛ yiye sɛ obekwati ɔsom a ɔde bɛma ahoni a ɛyɛ “dwetɛ’ ne sika, nnipa nsa ano adwuma” anaa gyidi hunu a obenya wɔ ho no.—Dwom 115:4, 8, 11.
Wɔn a na wɔwɔ tete Efeso yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn bere a wotiee asɛm a Paulo kae no na wohui sɛ nneɛma a wɔde dii dwuma no ne nokware Kristosom nhyia na wɔde ne nyinaa bae “bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim” no. (Asomafo no Nnwuma 19:18, 19) Dɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ wudi ade a wususuw sɛ wokum Awurade Yesu Kristo wɔ so no ni na wosom no?
[Kratafa 28 mfoni]
(For fully formatted text, see publication.)
Paapa mmeamudua
Latin mmeamudua
Crux simplex, anaasɛ mpuran
Hela mmeamudua
Ɔkronkroni Andrew mmeamudua
Celtic mmeamudua
Ankh, anaasɛ Misrifo mmeamudua
Maltafo mmeamudua
Tau
[Kratafa 29 mfoni]
Crux simplex no, sɛnea Roman Katolekni nhomanimfo a wɔfrɛ no Justus Lipsius ayɛ ho mfonini wɔ ne nhoma De Cruce Libri Tres no mu