Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ
“Nea Oyankopɔn dɔ kyerɛ ni, sɛ yenni n’ahyɛde so.”—1 YOHANE 5:3, NEW WORLD TRANSLATION.
1. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi, na dɛn na ebefi mu aba?
YESU kaa asɛyɛde a nnipa wɔ sɛ wɔsom Onyankopɔn no ho asɛm sɛ: “Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!” (Mateo 22:37) Ɛsɛ sɛ yɛda saa ɔdɔ yi adi dɛn? Bible no bua sɛ: “Nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ ni, sɛ yenni n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3, NW) Adepa bɛn na wɔn a wɔyɛ saa no benya afi mu? Yohane kae sɛ: “Nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu.”—1 Yohane 4:16b.
2. Hena nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no?
2 Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, yɛremfa ɔsom mma abɔde biara, nea wawu anaa nea ɔte nkwa mu, na mmom Onyankopɔn nkutoo. (Luka 4:7, 8) Ɔsomafo Petro ne ɔbɔfo bi mpo ampene so sɛ wɔbɛma nnipa de ɔsom ama wɔn. (Asomafo no Nnwuma 10:25, 26; Adiyisɛm 22:8, 9) Afei nso, Yesu kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nidi a ɛkyerɛ ɔsom ma ne na, Maria, efisɛ Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔde ɔsom a ɛte saa ma no. (Luka 11:27, 28; Yohane 2:3, 4; Adiyisɛm 4:11) Ɔsom a obi de bɛma nea ɛnsɛ no no bɛma wato Onyankopɔn mmara, efisɛ “obiara ntumi nsom awuranom baanu.”—Mateo 6:24.
Mmeamudua a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔsom Mu
3. Kristoman bu mmeamudua a wɔde di dwuma no dɛn?
3 Nneɛma a nkwa nnim nso wɔ hɔ a sɛ obi som a, ɛbɛma wabu Onyankopɔn mmara so. Nea ɛyɛ atitiriw wom no mu biako ne mmeamudua. Kristoman mufo de adi dwuma sɛ wɔn som fã mfehaha pii ni. The New Encyclopœdia Britannica frɛ mmeamudua no sɛ “Kristosom agyiraehyɛde titiriw.” Greek Ortdoks Asɔre no kae wɔ asɛm bi a wodii wɔ Asennibea wɔ Greece no mu sɛ wɔn a wɔpow ‘Mmeamudua Kronkron’ no nyɛ Kristofo. Nanso so mmeamudua no yɛ Kristofo agyiraehyɛde ankasa? Ɛhe na efi?
4, 5. Dɛn na nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka wɔ asɛmfua stau·rosʹ a wɔakyerɛ ase “mmeamudua” wɔ Engiresi Bible ahorow bi mu no ho? (b) Ɛhe na mmeamudua a wɔde di dwuma no fi?
4 Wɔaka ade a wɔde kum Yesu no ho asɛm wɔ Bible mu nsɛm te sɛ nea a ɛwɔ Mateo 27:32 ne 40 no mu. Wɔkyerɛ Hela asɛmfua stau·rosʹ ase wɔ hɔ sɛ “mmeamudua” wɔ Engiresi Bible pii mu. Nanso na dɛn na stau·rosʹ kyerɛ wɔ afeha a edi kan no mu bere a wɔkyerɛw Hela Kyerɛwnsɛm no? An Expository Dictionary of New Testament Words a W. E. Vine yɛe no ka sɛ: “Stauros . . . kyerɛ dua anaa mpuran a wɔama so asi hɔ titiriw. Wɔde abɔnefo fam ho kum wɔn. Mfiase no na ɛsono edin [stau·rosʹ] ne adeyɛsɛm stauroō, sɛ wɔbɛkyekyere biribi afam dua anaa mpuran ho no wɔ dua abien a wɔde abeam ho. Wonyaa sɛnea wɔyɛ nea etwa to no fii tete Kaldea na na wɔde dii dwuma sɛ onyame Tamus agyiraehyɛde (a na wɔayɛ no sɛ Tau, nkyerɛwde a edi ne din no kan no) wɔ saa ɔman no mu ne nsase a ɛbemmɛn no so a Misraim ka ho.”
5 Vine toa so ka sɛ: “Ebeduu afeha 3 Y.B. mfinimfini no na asɔre asɔre no awae afi Kristofo gyidi ahorow no bi ho anaasɛ wɔayeyɛ nkyerɛkyerɛ no bi bisibasaa. Sɛnea ɛbɛyɛ na asɔre nhyehyɛe a awae afi gyidi ho no anuonyam akɔ anim no, wogyee abosonsomfo baa asɔre ahorow no mu, a gyidi mu awo foforo biara nni mu, na wɔmaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ so de wɔn abosonsom sɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde ahorow no dii dwuma. Enti wogyee Tau anaa T a wonim no yiye a na wɔayi nea ɛbea atifi no aba fam kakra no toom sɛ egyina hɔ ma Kristo mmeamudua no.”
6, 7. (a) Asɛmfua “mmeamudua” no fi he, na dɛn nti na dwuma a wɔde di wɔ Engiresi Bible ahorow mu no nteɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na dwuma a Bible no de asɛmfua xyʹlon di no kyerɛ sɛ na stau·rosʹ yɛ mpuran a wɔama so asi hɔ?
6 The Companion Bible no ka wɔ asɛmti a ɛne “Mmeamudua ne Mmeamudua Mu Bɔ” ase sɛ: “Yɛn Engiresi asɛmfua ‘mmeamudua’ no yɛ Latin asɛmfua crux nkyerɛase; nanso Hela stauros no nkyerɛ crux bio te sɛ nea asɛmfua ‘dua’ nkyerɛ ‘apakye dua’ no. Homer de asɛmfua stauros a ɛyɛ dua kɛkɛ anaa mpuran, anaa dua sin bi no di dwuma. Na eyi ne asɛmfua no nkyerɛase ne ɔkwan a wɔfa so de di dwuma wɔ tete Hela nkyerɛwee ahorow nyinaa mu. Ɛnkyerɛ nnua abien a wɔde abea mu koraa. . . . Biribiara nni Hela Apam Foforo no mu mpo a ɛbɛkyerɛ mpuran abien.”
7 Wɔde Hela asɛmfua foforo, xyʹlon di dwuma wɔ Bible no mu de ka ade a Yesu wui wɔ so no ho asɛm. Asɛmfua yi boa ma ɛda adi sɛ na stauros yɛ mpuran a wɔama so asi hɔ a ebi mmea mu. Sɛnea Companion Bible no ka no: “Asɛmfua [xyʹlon] . . . taa kyerɛ dua sin bi a awu anaa mpuran a wɔde sɔ gya anaasɛ wɔde yɛ ade foforo bi. . . . Esiane sɛ wɔde asɛmfua a etwa to a ɛne [xyʹlon] yi gyina hɔ ma kan stauros no nti, ɛkyerɛ yɛn sɛ n’abien nyinaa kyerɛ ade koro. . . . Enti wɔde asɛmfua [xyʹlon] di dwuma . . . kyerɛ ɔkwan a yɛn Awurade no faa so wui, na wɔakyerɛ ase sɛ ‘dua’ wɔ Asomafo no Nnwuma 5:30; 10:39; 13:29; Galatifo 3:13; 1 Petro 2:24.”
8. Dɛn na nhoma afoforo ka wɔ mmeamudua ne faako a efi no ho?
8 Fransefo Dictionnaire Encyclopédique Universel ka sɛ: “Yefi bere tenten agye mmeamudua no adi, abu no sɛ ɔsom mu agyiraehyɛde, ne titiriw ma Kristofo. Asɛm no nte saa.” Dual Heritage—The Bible and the British Museum nhoma no ka sɛ: “Ebia ɛbɛyɛ wo ahodwiriw sɛ wubehu sɛ asɛmfua te sɛ ‘mmeamudua’ biara nni Apam Foforo no mu Hela no mu. Asɛmfua a wɔakyerɛ ase ‘mmeamudua’ no yɛ Hela asɛmfua [stau·rosʹ] a ɛkyerɛ ‘mpuran’ anaa ‘dua’ a wɔama so asi hɔ bere nyinaa. Mfiase no na mmeamudua nyɛ Kristofo agyiraehyɛde; wonya fii Misraim ne Konstantino nkyɛn.” New Catholic Encyclopedia no ka sɛ: “Kristo wu a ɔnam so de ogye ma wɔ Golgota ho agyiraehyɛde no mpue wɔ afeha a edi kan Kristofo no mfonini ahorow mu. Esiane sɛ na ahoni a wɔabara wɔ Apam Dedaw no mu no anya Kristofo a wodi kan no so nkɛntɛnso nti, wɔampɛ sɛ wɔbɛyɛ ade a Awurade [wui] wɔ ho no mfonini. . . . Wofii ase de mmeamudua dii dwuma wɔ Konstantino bere so.”
Konstantino Mmeamudua No
9. Ɔkwan bɛn so na Ɔhempɔn Konstantino ho wɔ mmeamudua ho asɛm no mu?
9 Na Konstantino ne Roman ɔhempɔn a ɔfrɛɛ Nicaea Bagua nhyiam no wɔ 325 Y.B. mu na ɔma wogyee nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so a ɛkyerɛ sɛ Kristo ne Onyankopɔn no toom no. Ɔyɛɛ saa de hyɛɛ n’abosonsomfo ne Kristofo awaefo ahemman no den. The New Encyclopœdia Britannica ka ne ho asɛm sɛ: “Bere a ade rebɛkye ama Konstantino adi Maxentius so nkonim wɔ 312 mu no, onyaa ‘ɔsoro sɛnkyerɛnne’ a ɛfa mmeamudua ho ho anisoadehu a ogye dii sɛ ɛyɛ ne nkonimdi ho ɔsoro bɔhyɛ.” Ɛka nso sɛ Konstantino maa mmeamudua som nyaa nkɔso wɔ ɛno akyi.
10. Dɛn nti na ntease nnim anaasɛ ennyina Kyerɛwnsɛm so sɛ wobegye adi sɛ Onyankopɔn anaa Kristo de sɛnkyerɛnne a ɛfa “mmeamudua” ho maa Konstantino?
10 Nanso, so Onyankopɔn de sɛnkyerɛnne bɛma ɔbosonsonni kannifo a na ɔnyɛ Onyankopɔn apɛde, a ade no san yɛ abosonsom sɛnkyerɛnne nso? Yesu kaa n’ankasa manfo anim wɔ sɛnkyerɛnne a na wɔhwehwɛ no ho. (Mateo 12:38-40) Afei nso, na saa ɔbosonsonni sodifo yi nam honam fam akode so rehwie mogya a edi bem agu na ama wanya amammui tumi, na ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wokunkum n’abusuafo ne ne nnamfo wɔ amammui mu atirisopam mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu kae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko.” (Yohane 18:36) Ɛno nti na ɔhyɛɛ Petro sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu” no.—Mateo 26:52.
11. Dɛn na ɛkanyan Konstantino ma ɔmaa mmeamudua a wɔde di dwuma nyaa nkɔanim?
11 Strange Survivals nhoma no ka Konstantino ne ne mmeamudua no ho asɛm sɛ: ‘Na ahyɛde bi wɔ n’abrabɔ mu a ɛyɛ den sɛ yebetumi agye ho kyim; agyiraehyɛde a ɔde sii hɔ no sɔɔ n’asraafo a wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ ɔfã biako ne Gaulfo [abosonsomfo] a wɔwɔ ɔfã foforo no ani. Wɔ wɔn a wotwa to no fam no, na ɛyɛ wɔn owia nyame a wɔsom no no anim dom ho sɛnkyerɛnne.’ Dabi, na Konstantino ‘ɔsoro sɛnkyerɛnne’ no mfa Onyankopɔn ne Kristo ho hwee na mmom efi abosonsom mu.
So Ɛsɛ sɛ Wɔsom Ade a Wɔde Kum Obi?
12, 13. Ntease afoforo bɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔsom mmeamudua no?
12 Sɛ yebu yɛn ani gu adanse no so mpo na yɛfa no sɛ wokum Yesu wɔ mmeamudua so a, so ɛsɛ sɛ yɛsom mmeamudua no? Dabi, efisɛ wokum Yesu sɛ ɔsɛmmɔnedifo, te sɛ mmarima a wokum wɔn dua so kaa ne ho no, na ɔkwan a ɔfaa so wui no daa no adi wɔ ɔkwan a enye sen biara so. Na afeha a edi kan Kristofo no remmu ade a wɔde kum no no sɛ kronkron. Som a anka wɔbɛsom no bɛkyerɛ sɛ na wɔrekamfo bɔne a wɔyɛe wɔ so a ɛne kum a wokum Yesu no.
13 Sɛ wɔnam atosɛm so kum w’adamfo a wodɔ no sen biara a, so wobɛyɛ ade a wɔde kum no (sɛ ebia hentia a wɔde sɛn no anaa anyinam ahoɔden akongua anaasɛ otuo a wɔde kum no no) nsɛso na afei wɔafifew ho, wɔahyew kyɛnɛre wɔ anim anaa wode bɛto wo kɔn mu sɛ ade kronkron? Ɛbɛyɛ nea ntease nnim. Saa ara nso na ɛte wɔ mmeamudua som ho. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mmeamudua no fi abosonsom mu no sɛe asɛm no koraa.
14. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ mmeamudua no ho esiane adanse a wiase no ne Bible de ma no nti?
14 Mmeamudua som nyɛ nea ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyem. Ɛnkyerɛ ɔdɔ mma Onyankopɔn ne Kristo na mmom edi nea wogyina hɔ ma no ho fɛw. Ebu Onyankopɔn mmara a etia abosonsom no so. Ɛde ɔsom ma abosonsomfo agyiraehyɛde a asakra ayɛ te sɛ Kristofo de. (Exodus 20:4, 5; Dwom 115:4-8; 1 Korintofo 10:14) Sɛ wobebu abosonsom agyiraehyɛde sɛ ade kronkron no bu Onyankopɔn mmara yi so: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? . . . Monnka nea ɛyɛ fi.”—2 Korintofo 6:14, 17.
Asɛm a Efi Honhom Mu no Mu a Wobekura
15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpow atetesɛm ahorow a ɛne Onyankopɔn Asɛm bɔ abira?
15 Asɔre ahorow no ka sɛ nneyɛe ahorow te sɛ mmeamudua som yɛ “atetesɛm kronkron” bi fã. Nanso sɛ atetesɛm ne Onyankopɔn Asɛm bɔ abira a, wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no pow atetesɛm no. Nea ɛho hia ankasa ma yɛn wɔ nokware som mu no wɔ Onyankopɔn Asɛm mu dedaw. Sɛnea Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no: “Na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu. Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso, ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” (2 Timoteo 3:15-17)Bible no nka wɔ baabiara sɛ atetesɛm a ɛne Onyankopɔn Asɛm bɔ abira no ho hia yiye ma nkwagye.
16. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo wɔ wɔn atetesɛm ahorow ho?
16 Abira a Kyerɛwnsɛm no ne nnipa atetesɛm bɔ no nyɛ ade foforo. Efi bere a wowiee Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no kyerɛw besi Yesu ba so no. Yudafo nyamesom akannifo de atetesɛm pii a wɔde wɔn ano kae a akyiri yi wɔkyerɛw too hɔ a ɛnyɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa wɔn ma wɔyɛ saa kaa ho. Saa atetesɛm no taa ne Kyerɛwnsɛm no bɔ abira. Enti Yesu ka kyerɛɛ nyamesom akannifo no sɛ: “Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so? . . . Mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm.” Ɔde Onyankopɔn Asɛm dii dwuma wɔ wɔn ho bere a ɔkaa eyi no: “Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.” (Mateo 15:1-6, 9) Yesu amfa asɛm bi amfi atetesɛm a ɛte saa mu anka da wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Ɔdan adwene kɔɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw a efi honhom mu no so.—Mateo 4:4-10; Marko 12:10; Luka 10:26.
17. Dɛn nti na yebetumi anya Bible no mu ahotoso sɛ yɛn anidaso sɛkyɛ a ɛyɛ den?
17 Onyankopɔn annyaw “nkwa asɛm” no so kora amma nyamesom mu atetesɛmfo a wɔrentumi mmɔ ho ban no. (Filipifo 2:16) Mmom no, ɔnam ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi no so de honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛw Bible no na ama ‘yɛafa kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.’ (Romafo 15:4) Sɛ yɛbɛka sɛ Bible no nni mũ ne sɛ ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to nnipa a wɔnyɛ pɛ a ɛnyɛ nea wɔde honhom kaa wɔn nsusuwii a ehinhim so no kyerɛ sɛ yɛrepow Onyankopɔn tumi. Ampa, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔne Amansan no Bɔfo a ne ho yɛ hu no betumi akyerɛw nhoma! Na ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya sɛkyɛ a ɛyɛ den ama anidaso a yɛwɔ no, na amma yɛamfa yɛn ho anto nnipa atetesɛm ahorow a ɛma nnipa bu Onyankopɔn mmara so no so. Enti Onyankopɔn Asɛm se: “Munnnwen nntra nea wɔakyerɛw so.” (1 Korintofo 4:6) Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ampa no bedi saa afotu no so.—Hwɛ Mmebusɛm 30:5, 6 nso.
‘Di N’ahyɛde So’
18. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ampa a, mmara bɛn na ɛsɛ sɛ yedi so?
18 1 Yohane 5:3, NW ka sɛ: “Nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ni, sɛ yenni n’ahyɛde so.” Sɛ nyamesom akannifo gow saa mmara no mu anaa wobu wɔn ani gu so anaasɛ wɔde nnipa atetesɛm a abirabɔ wom si ɛno ananmu a, wɔma wɔn akyidifo yɛ nea ɛne Onyankopɔn apɛde bɔ abira. Sɛ nhwɛso no, susuw Kristosom mu nnyinasosɛm titiriw bi ho: ɔdɔ. Na eyi yɛ Yesu nkyerɛkyerɛ fã titiriw. Ɔkae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Mateo 22:39.
19. (a) Ɔdɔ a nokware Kristofo benya ama wɔn ho wɔn ho no ho hia dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na “ahyɛde foforo” a Yesu de mae no yɛ soronko wɔ dedaw no ho?
19 Saa ɔyɔnko dɔ yi ho hia dɛn? Yesu kyerɛe sɛ wobetumi ahu nokware Kristofo denam ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no so. Ose: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Ampa, na mmara a ɛne sɛ “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no ka Mmara a wɔde maa tete Israel no ho. (Leviticus 19:18) Nanso nea na ɛyɛ foforo wɔ Yesu ahyɛde no mu ne asɛm a ɔkae sɛ “sɛnea medɔɔ mo no.” Eyi maa Kristofo dɔ nyaa tumi kɛse, efisɛ ɛsɛ sɛ Kristoni nya ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama ne mfɛfo gyidifo mpo te sɛ nea Yesu yɛe no.
20. Henanom na afeha yi mu abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ ma wohu wɔn sɛ wodi mmara a ɛne sɛ ‘wɔnnɔ wɔn ho wɔn ho’ no so?
20 Enti wobetumi de ɔdɔ biakoyɛ hama a entumi ntew a wohu wɔ amanaman mu no ahu Onyankopɔn nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no. Henanom na wɔyɛ Onyankopɔn mmara a ɛfa ɔdɔ ho no ho osetie saa wɔ yɛn bere yi mu? Henanom na wɔataa wɔn, wɔde wɔn agu afiase, adwumayɛban mu, anaasɛ wɔakunkum wɔn esiane sɛ wɔremfa akode nsɔre nhyɛ wɔn mfɛfo gyidifo—anaa wɔn a wɔnnyɛ gyidifo mpo—a wofi aman afoforo mu no nti? Saa afeha yi abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ bua: Yehowa Adansefo nkutoo.
21. Kyerɛwtohɔ bɛn na Kristoman asɔre ahorow no annya wɔ ahyɛde a ese wɔnnɔ wɔn mfɛfo gyidifo no ho?
21 Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kristoman asɔre ahorow no bu Onyankopɔn mmara a ɛfa ɔdɔ ho no so bere nyinaa. Kristoman mu asɔre ahorow asɔfo adi wɔn nkurɔfo anim ma wɔne wɔn atamfo akɔko wɔ akono ma wɔakunkum wɔn mu ɔpepem pii wɔ afeha yi mu ɔko ahorow nyinaa mu. Protestantfo kunkum wɔn mfɛfo Protestantfo, Katolekfo kunkum wɔn mfɛfo Katolekfo, nanso wɔn nyinaa kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Nanso Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ? Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.”—1 Yohane 4:20, 21.
22. Sɛnea 1 Yohane 3:10-12 kyerɛ no, Kristoman mu asɔrekɔfo no yɛ hena mma, na dɛn ntia?
22 Onyankopɔn Asɛm ka nso sɛ: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. . . . Yɛnnodɔ yɛn ho . . . ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.” (1 Yohane 3:10-12) Kristoman asɔre ahorow no kyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mma, nanso wɔrentumi nyɛ ne mma, efisɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɛfa ɔdɔ ho no so kɛse na ‘wokunkum wɔn nuanom.’ Wobetumi ayɛ “ɔbɔne” no nkutoo mma. Enti Onyankopɔn Asɛm hyɛ nnipa komapafo a wɔwɔ ɔsom a ɛte saa mu no nkuran sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moannye ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.” (Adiyisɛm 18:4) Ɛrenkyɛ Onyankopɔn bebu atoro som nyinaa atɛn. Wobebu wɔn a wɔkɔ so tra mu no nso ntɛn saa ara. (Adiyisɛm 17:16) Nea ɛne eyi bɔ abira no, “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na Engiresi asɛmfua a ɛkyerɛ “mmeamudua” no yɛ Hela asɛmfua stauros nkyerɛase a ɛnteɛ?
◻ Ɛhe na mmeamudua a wɔsom no no fi, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpow?
◻ Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ nyamesom mu atetesɛm ho?
◻ Adanse bɛn na ɛma wohu wɔn a wodi mmara a ɛfa onuadɔ ho so no?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]
MMEAMUDUA NO FIBEA AHOROW
Bere tenten ansa na Kristofo mmere no reba no, na ɛkame ayɛ sɛ wɔde mmeamudua ahorow ahorow di dwuma wɔ asase no afanan nyinaa sɛ ɔsom mu agyiraehyɛde ahorow
Tete Misrifo de Crux Ansata dii dwuma sɛ daakye asetra ho sɛnkyerɛnne
Na Crux Quadrata yɛ nneɛma anan a na wogye di sɛ wɔde bɔɔ nneɛma nyinaa no ho sɛnkyerɛnne
Wosusuw sɛ na Crux Gammata yɛ ogya, anaasɛ awia ho sɛnkyerɛnne, ma enti ɛyɛ nkwa
Latin mmeamudua a agye din wɔ Kristoman mu no
Mmeamudua yi yɛ Hela nkyerɛde abien a edi kan wɔ asɛmfua “Kristo” mu
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Kristo wui wɔ mpuran a wɔama so asi hɔ so na ɛnyɛ mmeamudua so
[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]
“Wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.”—Tito 1:16