Wiase Asɔreasɔre Bagua No—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛnam
“ETIA DEMOKRASE!” “Nnaadaa bere nyinaa, wɔhyɛ da sɔre tia adwene horow a ɛne amanyɛkuw no nhyehyɛe a wɔagye atom no bɔ abira.” Wɔreka atirimɔden nniso bi ho asɛm? Dabi! Ɔnanmusifo bi a ɔyɛ ɔsɔfo asɛm a ɔkae wɔ Wiase Asɔreasɔre Bagua no nhyiam bi ase. Nanso na ogye tom nso sɛ Asɔreasɔre Bagua no nam ɔkwan a ɛteɛ so. Dɛn na esii wɔ saa nhyiam no ase a ɛma wɔkaa nsɛm a ɛne ne ho bɔ abira a ɛtete sɛɛ? Ɔkwan a ɛteɛ no ne nea ɛwɔ he?
Wɔyɛɛ Bagua no wiase nyinaa nhyiam a ɛto so asia wɔ afe a ɛtwaam no mu wɔ Vancouver, Canada bɛyɛ nnafua 18. Wɔn a wɔka wɔn a wɔbaa bi no ho ne ananmusifo 838 a wofi asɔre horow 253 mu a wogyina asɔre horow pii a ɛwɔ nsase bɛboro 90 so ananmu no ne afoforo pii. Wohyiae sɛ wɔbɛhwehwɛ asɛmti a ɛne “Yesu Kristo, Wiase no Nkwa” no mu, na wɔahwehwɛ akwan horow a wɔbɛfa so ayɛ biako.
Asɔreasɔre Bagua no biakoyɛ ho nhyehyɛe no fii ase wɔ mfe a edii Wiase Nyinaa Ko I akyi no mu, bere a nyamesom mu mpanyimfo kakraa bi boom traa ase sɛ wɔbɛhwɛ nea wobetumi ayɛ de asiesie mpaapaemu a ɛwɔ Kristoman mu no. Nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Kristofo biakoyɛ ho no ma wɔbɛhyehyɛɛ Asɔreasɔre Bagua no wɔ Amsterdam, Holland wɔ 1948 mu. Ɛyɛ asɔre ahorow ayɔnkofa na ɛnyɛ asɔre kɛse biako; faako a wɔkyerɛ wɔn adwene horow a biakoyɛ yɛ wɔn botae. N’agyiraehyɛde ne ɔkorow a mmeamudua ne ɔkorow no mu dua; ne fene: oikoumene, ɛkyerɛ sɛ “wiase nyinaa.” “Ecumenical” fi Hela asɛmfua bi a nsɛm asekyerɛ nhoma biako kyerɛ ase sɛ “hwehwɛ a wɔhwehwɛ wiase nyinaa Kristofo biakoyɛ” mu.
Ɛwom sɛ asɔre horow nyinaa a wogye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no di no betumi abɛyɛ emufo de, nanso asɔre a ɛso sen biara wɔ Kristoman mu—Roman Katolek Asɔre—no mmɛyɛɛ emuni. Nanso nnansa yi ɛsoma nnipa kɔ Bagua no nhyiam horow ase sɛ bɛhwɛadefo.
Mfiase no na Bagua no mufo fã kɛse no ara fi atɔe fam wiase no mu. Nanso nkakrankakra wɔn a wofi komunist ne wiase aman a ɛto so abiɛsa no mu abɛka ho ama eyi asakra. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, mprempren “ɛda adi sɛ abɛyɛ asɔre a Amanaman Nkabom no na ahyehyɛ.” Ebeduu 1968 mu no, na Bagua no anya nkɔanim kakraa bi pɛ wɔ “biakoyɛ a wohu” a ɛrehwehwɛ no mu. Na ɔsom ne asɛnka yɛ nsɛm a ɛhaw adwene a esi biako a wɔnyɛ no so dua. Enti wɔtwee adwene sii ɔmanfo asɛmpa no so kɛse. Na eyi ne adeyɛ bi a akyinnye biara nni ho sɛ wobegyina akyi kɛse. Ka atɛntrenee ne ahofadi ho asɛm ma wɔn a wosisi wɔn no.
London Daily Telegraph daa asɛntitiriw bi adi a ne ti ne “Asɔfo a wɔwɔ nsɛmpa afoforo a wɔka kyerɛ.” Ɛkae sɛ: “Wɔn a wodi nokware no bebu Asɔre ahorow no nneyɛe ahorow bi nso sɛ ɛnka ɔsom mu adeyɛ a ɛyɛ nokware a ɛne sɛ wɔnka Asɛmpa no ho. . . . Wɔn a wɔagye dimmɔne wɔ eyi mu no ne Wiase Asɔreasɔre, Bagua no a abɔ amanneɛ sɛ ɛde $480,000 ($24,000,000) ama “akuw ahorow a wɔreko ahwehwɛ ahofadi” a wɔn dodow yɛ 47. Salvation Army asɔre no bo fuwii kɛse wɔ eyi ho ma enti atwe ne ho afi Bagua no ho na mprempren ɔne wɔn mmɔ kɛse bio.
Pii a wɔwɔ Asɔreasɔre Bagua no mu gye di sɛ basabasayɛ yɛ nea wobetumi aka ho asɛm sɛ eye bere a wontumi ntra ase nka ahofadi ho asɛm no. Allan Boesak a ɔyɛ Wiase Asɔreasɔre Kuw no titrani no daa adwene a ɛte sɛɛ adi wɔ Asɔreasɔre Bagua no nhyiam a wɔyɛe wɔ Vancouver no ase. Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔde nnipa bi a wɔhyɛ wɔn so kɔ tebea bi mu wɔ mfe pii a wɔanyɛ basabasa amfa ampere ahofadi akyi na wɔma otuo so a, ɛnde ɛsɛ sɛ Asɔre no gyina wɔn a wɔhyɛ wɔn so no akyi pefee.” Ɛkame ayɛ sɛ atiefo a wɔn dodow yɛ 3,000 no nyinaa bɔ gyee no so.
Sɛ ɔkwan a Bagua no nam so no yɛ ɔkwan koro no ara a Yesu Kristo faa so no a, ɛnde wɔyɛɛ nhyiam no wɔ hena din mu? Yesu a na onim adesamma a wosisi wɔn ne wɔn amanehunu no kyerɛkyerɛɛ n’atiefo sɛ wɔnhwehwɛ ano aduru denam Onyankopɔn Ahenni no so na ɛnyɛ ano aduru wɔ bere tiaa bi mu a amammui de bɛba so. Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkae sɛ: “Nea meka kyerɛ mo ne sɛ: Nsɔre ntia onipa a ɔfom wo no.” (Mateo 5:39, The New English Bible) Otuu fo nso sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne [Onyankopɔn] trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Yesu ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nniso no foforo. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa boasetɔ ntwɛn Onyankopɔn Ahenni no. Ɛno nkutoo na ɛde asomdwoe, atɛntrenee ne pɛpɛɛpɛyɛ bɛbrɛ adesamma abusua no denam ne ho a ɛde begye adesamma nsɛm mu wɔ bere a ɛfata mu no so. Wannyina amammui nneyɛe akyi. Wannyina Yudafo akuw horow akyi amfa anhwehwɛ ahofadi amfi Roma ase, ɛwom sɛ wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnyɛ saa de.—Yohane 6:15.
So Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ Asuafo?
Wɔ Vancouver no, nsɛm a wɔde sisii wɔn anim no mu biako fa hia a ɛho hia sɛ wɔbɛma asɛnka anya nkɔso no ho. Bɛyɛ mfe pii ni no, si a wɔasi ɔmanfo asɛmpa so dua no apia tete asɛnka no ato nkyɛn. Mprempren adwene no ne sɛ wɔbɛsan ahyɛ mu den. Nsemmisa a ɛyɛ anigye sɔre. Asɛmpa no a wɔde bɛkɔ akɔma adesamma abusua no fã kɛse a wonnye nokware a nhyiam no ti—“Yesu Kristo, Wiase no Nkwa”—no yɛ ntom no nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, Nkramofo, Hindufo ne Buddafo nso ɛ? Dɛn na asɔre ahorow a ɛwɔ Asɔreasɔre Bagua no mu no aka sɛ wɔbɛyɛ wɔ ka a wɔbɛka nokware ahorow a emu dɔ a ɛwɔ Bible mu no akyerɛ adesamma nyinaa no ho?
Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ no “asuafoyɛ” nyɛ asɛmfua a ɛbrɛ obi ase. Ɛkyerɛ ara kwa “sɛ wɔsakra (obi) fi nyamesom mu gyidi biako mu kɔ foforo mu.” So ɛnyɛ saa pɛpɛɛpɛ na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ? ɔhyɛe sɛ, “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo.” (Mateo 28:19) Yesu yɔnko a na ɔbɛn no yiye a wɔfrɛ no ɔsomafo Petro sii so dua na ɔka faa ne Wura no ho pefee sɛ: “Nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.”—Asomafo no Nnwuma 4:12.
Nanso nnipa a wɔwɔ wiase no fã kɛse ani nnye nyamesom ahorow a ɛyɛ asuafo no ho. Ná Asɔreasɔre Bagua no wɔ n’ankasa nkyerɛkyerɛmu ahorow a ɛfa asuafoyɛ no ho denam ka a ɛka sɛ ɛyɛ “adansedi a ɛmfata” no so. Wɔ nkitaho a ɛne asɔre ahorow a emufo nyɛ Kristofo di no mu no, Bagua no pɛ “dialogue” a ɛkyerɛ ase sɛ ɛyɛ “hyia a nnipa a wokura adwene horow wɔ nokwasɛm a ɛtwa to ho betumi ahyiam na wɔabom ahwehwɛ saa nsusuwii horow no mu wɔ nidi mu.”
Asɛnka mu gyidi ne ho mmɔdenbɔ nka ho. Wɔnka yɛ a wɔbɛyɛ asuafo ho hwee. Sɛ saa na asɔre ahorow a ɛwɔ Asɔreasɔre Bagua no mu pɛ sɛ wodi wɔn asɛnka no ho dwuma a, ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo abɛyɛ “Yesu Kristo, Wiase no Nkwa” asuafo na wɔaba ɔkwan a ɛkɔ nkwagye mu no so?
John Whale kyerɛwee wɔ London Sunday Times mu sɛ: “Atɔe fam Kristofo dodow no ara hu adwene a ɛne sɛ wɔntrɛw asɛm no mu no sɛ ɛyɛ nea enye, efisɛ ebetumi akyerɛ sɛ Kristosom ye na ɔsom afoforo a aka no nyɛ nokware, ebia ɛnyɛ nokware koraa. Nanso wɔmpɛ sɛ wɔka saa.”
So botae a Asɔreasɔre Bagua no wɔ ne sɛ ɛbɛma “wiase nyinaa”—wɔn oikoumene—no aba Kristosom biakoyɛ kwan kɛse a ɛkɔ biakoyɛ mu no so a nea wogye di mfa ho? So ɔkwan yi a wɔnam so a ɛkyerɛ sɛ wosuro yi fi ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛka asɛm no mu, anaasɛ ɛyɛ gyidi a wonni koraa? Roman Katolekfo sɔfo a wɔfrɛ no Tissa Balasuriya kyerɛwee wɔ One World a ɛyɛ Asɔreasɔre Bagua no nsɛmma nhoma titiriw no mu sɛ: “Kristofo Nyankopɔn no nyɛ onyame a wɔde ɔsom pɔtee bi ma no a Kristofo ne wɔn asɔre horow no de no ayɛ wɔn nkutoo de. Esiane sɛ wɔayi wɔn afi nnommumfa mu abɛyɛ Kristofo nti, wobetumi ahu Kristo sɛ Onyankopɔn a wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no nyinaa gye no tom.”
Nanso ɔsomafo Paulo ansusuw saa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔn mu na wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.” Na akyiri yi wɔ krataa koro no ara mu no ɔkae sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka?”—2 Korintofo 4:4; 6:14, 15.
Ɔkwan a Ɛkɔ Dɛn Mu?
Wɔ akyinnyegye ahorow yi nyinaa akyi no, Asɔreasɔre Bagua no wɔ ahotoso sɛ ebetumi adi nkonim wɔ Kristofo biakoyɛ a ɛrehwehwɛ no ho nhyehyɛe no mu. Asemmisa no ne sɛ: So ɛno ne nokware kwan ma Kristofo? So ɛno ne ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no? Anaa so ɛyɛ ɔkwan a ɛtrɛw no a ɛkame ayɛ sɛ obiara tumi fa so a Yesu bɔɔ n’atiefo kɔkɔ sɛ wonkwati no?—Mateo 7:13.
Yesu kaa n’akyidifo ho asɛm sɛ “Wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Na ɔka kyerɛɛ Pilato sɛ, “M’ahenni mfi wi yi ase.” (Yohane 17:14) Asɔreasɔre Bagua no susuw sɛ ne Kristofo asɛyɛde a ɛwɔ ne sɛ ebenya wiase no nsɛm so tumi sɛnea ebetumi. Ɛno nti ayɛ ne ho wiase no fã na ebu n’ani gu Bible mu nokware ne Yesu ahyɛde horow so.