Wiase Asɔre Ahorow Bagua No—Wɔpene Ma Obiara Fa Ne Kwan
AUGUST 3 kosi 14, 1993 no, Spain kurow, Santiago, nyaa akwantufo soronko bi. Kurow no mu na wɔyɛɛ Wiase Nyinaa Nhyiam a ɛfa Gyidi ne Amanne ho a Wiase Asɔre Ahorow Bagua no gyinaa akyi. Ná nhyiamfo no kura botae a ɛsõ ara yiye—sɛ wɔbɛhyɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛka Kristoman asɔre ahorow abom no mu den.
Desmond Tutu, Anglikan sɔfo panyin a ofi South Africa no kaa tebea no ho asɛm pefee sɛ ɛyɛ “asɔre nkabom a wɔnyɛ ho hwee.” Ɔkae sɛ: “Yɛde yɛn nansoaa ka nsu no, nanso yenni akokoduru a yɛde bɛtow yɛn ho ahwe mu.”
Asɔre nyinaa a wɔbɛka abom no renyɛ mmerɛw. Nhyiamfo no mu mpaapaemu daa adi mpo wɔ nhyiam no mfiase wɔ Santiago Katolek asɔredan no mu. Wɔkasa tiaa “Ɔhotefo Yakobo Dwom” a wɔtoe bere a na wɔreyɛ asɔre no sɛ ɛkamfo ntua a Spain Katolekfo de baa Yudafo, Nkramofo, ne Protestantfo so mfehaha pii no, ɛwom sɛ na Katolek sɔfo panyin Rouco ahyɛ nhyiamfo no nkuran sɛ ‘wɔnna su a akwantufo a wɔbɛhwɛ ɔsom mu nneɛma yi no adi no adi, na wɔnhwehwɛ Kristofo nkabom’ de.
Nhyehyɛe bi wɔ hɔ a wɔnam so betumi aka Katolekfo, Ortodɔksfo, ne Protestantfo abom? Kuw biako a wɔyɛ nhwehwɛmu de nyansahyɛ mae sɛ asɔre ahorow bu Nicaea Gyidikasɛm no “sɛ ɛyɛ asomafo no gyidi titiriw.” Ná wɔhwɛ kwan sɛ gyidikasɛm yi betumi “ama wɔayɛ biako wɔ gyidi mu,” ɛwom sɛ ebia “adwenhorow bi” bɛwɔ hɔ de.
“Adwenhorow” daa adi wɔ nhyiam no ase mpɛn pii. Ortodɔks ne Katolek nhyiamfo kae sɛ wɔmpene gyinae a Anglikan asɔre asi nnansa yi sɛ wɔnhyɛ mmea asɔfo no so. Ɔhaw foforo nso ne ntawntawdi a ɛwɔ Ortodɔks ne Katolek asɔre ahorow ntam wɔ kan Komunis aman mu no. Ɔsɔfo panyin Iakovos a ɔwɔ Greece Ortodɔks Asɔre no mu kyerɛe sɛ, ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛka sɛ “wɔresan aka asɛmpa akyerɛ nnipa a wɔayɛ Kristofo mfehaha pii,” a wohuu amane traa Komunis nniso a ennye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no tumidi ase mfe pii no. Nokwarem no, nhyiam no ho amanneɛbɔ bi kasa tiaa “nnipa a wɔma wogyae wɔn som kɔ foforo no” sɛ ɛyɛ ade a ɛmfa nkabom mma, ɛwom sɛ egyee hia a ɛho hia sɛ ‘wonya sɛnea asɔre no asɛmpatrɛw adwuma te ho ntease koraa’ no toom de.
Samuel B. Joshua, ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Bombay, kaa asɔre nkabom ho asɛm sɛ ɛyɛ “nsusuwii a entumi mma mu.” Bere a ɔno ankasa ahu nsɛnnennen a afi asɔre ahorow asia a wɔaka abom wɔ India mu aba no, ɔkae sɛ “ɛso mfaso ayɛ aniani,” bere a emu ɔhaw ahorow “abɛyɛ nea wontumi nnyina ano.” Ogye di sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka Kristofo abom wɔ “nkyerɛkyerɛ ne asɔre nhyehyɛe mu.”
Nanso nkabom a ebu ani gu nkyerɛkyerɛ so betumi ayɛ nokware nkabom? Nyamesom ahorow a ‘wonni sɛnea asɔre no asɛmpatrɛw adwuma te ho ntease’ besi nnɛ no betumi ayɛ Kristo nokware akyidifo? Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristo nokware akyidifo kɔ so ‘dwen ade koro.’ (2 Korintofo 13:11) Sɛ́ wɔbɛpene so sɛ obiara mfa ne kwan no nnu saa gyinapɛn no ho.