Wiase Asɔreasɔre Bagua No—So Ebetumi Aka Wiase No Abom?
BƐYƐ nhyiamfo apem na wɔbaa British Columbia Sukuupɔn a ɛwɔ Vancouver, Canada, no mu wɔ July 1983 mu. Wofi asase so nyinaa na wɔbae, na na wogyina asɔre ahorow bɛyɛ 300, a wɔyɛ Protestantfo, Ortodoksfo ne Asɔre bi a enyaa ne mfiase fii tete Misraim, a emufo bɛyɛ nnipa ɔpepem 400 ananmu. Wɔn a wɔbaa hɔ nso a wɔnyɛ Wiase Asɔreasɔre Bagua no mufo ne Roman Katolekfo, Nkramofo, Yudafo, ne Indiafo a wofi Amerika Kesee fam ananmusifo.
Wɔ nnafua 18 mu no, nhyiamfo a wɔhyehyɛ ntade ahorow ahorow no boom hyiae na wɔkaa biribiara ho asɛm, efi nuklea akode a wobegyae yɛ so kosi mmofra aduanma so, nhyehyɛe a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ ne mu nsakrae a wɔbɛyɛ, wɔmaa ɔkasa ahorow na wotiee ɔkasa ahorow, hwɛɛ ɔyɛkyerɛ, asaw ne nnwontofo ahorow. Nea wosusuw sɛ ɛkaa nneɛma ahorow a wɔyɛe no nyinaa boom ne nhyiam no asɛmti: “Yesu Kristo—Wiase No Nkwa” no.
Nnipa pii hwɛɛ saa nhyiam yi kwan. Asɛm bi a epuei wɔ Vancouver Sun mu no kaa nhyiam no ho asɛm sɛ, wɔyɛe wɔ “bere a emu yɛ den wɔ nyamesom abakɔsɛm mu mu.” Ɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛmmae pɛn sɛ tumi a wobetumi asɛe adesamma no akodu baabi a ɛte sɛɛ, na ɛmmae pɛn sɛ adesamma abusua no mufo pii asuro sɛ ebetumi aba saa.” Ɛda adi sɛ, wɔtee nka sɛ asɔre ahorow no betumi aboa ma wɔasiw asiane a ɛte sɛɛ ano. Wɔ nokwarem no, na Wiase Asɔreasɔre Bagua no kasa mafo adi kan aka akyerɛ nsɛnkyerɛwfo sɛ “nuklea akode a wobegyae yɛ ne asɔre no kwan a ɛbɛfa so ma asomdwoe aba wiase nyinaa no ho a wobesusuw” bɛyɛ “nsɛm atitiriw a wɔbɛka ho asɛm wɔ nhyiam no ase.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Nsɛm a Wogye Toom ne Nea Wɔannye Antom
Nanso, ankyɛ na tumi a Wiase Asɔreasɔre Bagua no rentumi mfa asomdwoe mma no daa adi. Nhyiamfo no gyee nea ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si so titiriw wɔ nhyiam no ase no ho akyinnye. Wɔn werɛ fii nhyiam no asɛmti “Yesu Kristo—Wiase No Nkwa” no bere a wɔregye amammuisɛm ho akyinnye a emu yɛ den no. Ananmusifo a wofi aman a wɔfrɛ wɔn Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu no tee nka sɛ ɛnsɛ sɛ nea wɔde adwene si so wɔ nhyiam no ase no yɛ nea ɛfa nuklea akode a wobegyae yɛ ho na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛfa hokwan ahorow a nnipa wɔ no ho. Enti na ɛyɛ asɛm a emu yɛ den ma wɔn a na wɔreyɛ tirimbɔ a etwa to no ho kyerɛwtohɔ no sɛ wobegye nsɛm abien yi nyinaa atom sɛ ɛho hia.
Nea ɛde mpaapaemu bae bio ne nea The Globe and Mail frɛɛ no Wiase Asɔreasɔre Bagua no “pɛ a wɔpɛ nsɛm a wɔka de tia Atɔe Fam aman no . . . bere a wɔntaa nka aman a wofi Apuei Fam no anim.” U.S. ho a ɔde kɔhyɛɛ Latin America nsɛm mu no de nea ebinom tee nka sɛ ɛyɛ ɔkasatia a ano yɛ den dodo a efi Wiase Asɔreasɔre Bagua hɔ no bae. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebinom kae sɛ Wiase Asɔreasɔre Bagua no yɛɛ “bɔkɔɔ” wɔ Soviet Union ho a ɔde kɔhyɛɛ Afghanistan nsɛm mu no ho. Nanso Wiase Asɔreasɔre Bagua no ɔkyerɛwfo panyin Philip Potter kyerɛ sɛ asɛm a wɔbɛka de atia Soviet Union no betumi asɛe Wiase Asɔreasɔre Bagua no abusuabɔ a ɛne Soviet Union a de besi nnɛ no ama Russian Ortodoks Asɔre no kwan ma ayɛ Wiase Asɔreasɔre Bagua no fã no wɔ no. Asɛm bi a epuei wɔ Vancouver Pronvince mu no frɛɛ saa nhyehyɛe yi “abrabɔ a emu apaapae.”
“Akwanside a Emu Yɛ Den”
Nea ɛsen amammuisɛm paapae nhyiamfo no mu. Jean Skuse, Bagua no asafo panyin no boafo no bɔ kɔkɔ sɛ, ‘mmea rentwɛn mfe ɔha bio, ansa na wɔde hokwan ahorow a wɔwɔ no ama wɔn.’ Ɔkaa mmea a wɔbɛyɛ wɔn asɔfo a ayɛ nea ɛde nsɛm a emu yɛ den aba no ho asɛm, na ɔkyerɛe sɛ mmea bebree begyae asɔre ahorow no, sɛ wɔannye wɔn antom ntɛm a. Nanso nea ɛma eyi yɛ asɛm a emu yɛ den ma Wiase Asɔreasɔre Bagua no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, Ortodoksfo, Roman Katolekfo ne Anglikanfo asɔreasɔre no ne asɛmpatrɛwfo asɔre ahorow no ka no pefee sɛ—wɔsɔre tia adwene a ɛne sɛ wɔbɛhyɛ mmea asɔfo no—sɛ ɛyɛ nea wɔrentumi nsakra no mpo a. Sɛnea Canterbury Sɔfo Panyin, Robert Runcie, kyerɛ no, saa asɛm yi yɛ “asɔre no biakoyɛ ho akwanside a emu yɛ den.”
Wɔ ɔkwan foforo so no, ebinom suro sɛ “biakoyɛ” a wɔde ntɛmpɛ bɛhwehwɛ no bɛma wɔagyae nsɛm mu asiesie wɔ nkyerɛkyerɛ ho. Bere a wohui sɛ wɔredan adwene akɔ “nkyerekyerɛ a ɛne sɛ wobegye obiara nkwa” so wɔ nsɛm ahorow bi a wosusuw ho mu no, ebinom kaa no pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ani gu so sɛ Yesu Kristo “nkutoo ne agyenkwa no.” Wɔ nokwarem no, nsɛnkyerɛwfo biako bisaa “ɔkwan a baguafo no nam so de gyidi afrafra ho nsɛm no ne Yesu asɛm a ɔkae sɛ mene kwan ne nokware ne nkwa no bom.”
Asɔre Ahorow no Sɔre Tia Akodi?
Nanso, nhyiamfo no tumi penee so sɛ wɔbɛbom aka nuklea akode a wobegyae yɛ ne di wɔremfa nni dwuma no ho asɛm. Bagua no hyɛɛ “asɔre ahorow a wɔyɛ emufo no nkuran mpo sɛ wɔmmoa wɔn a wofi ahonim mu asi gyinae sɛ wɔremfa wɔn ho nhyɛ akodi anaasɛ ahosiesie a wɔyɛ ma akodi mu no, na ‘wɔnhwehwɛ akwan horow bi a ɛmfa basabasayɛ mma a wobetumi afa so akasa atia akodi a amanfo atuatew’ ka ho.” Eyi bɛdaa adi sɛ wɔasakra wɔn gyinabea, efisɛ Wiase Asɔreasɔre Bagua no panyin Dirk Mulder nsɛm a ɔkae kyerɛ sɛ asɔre ahorow no “adi ako na wɔakunkum nnipa pii.” Nokwarem no, ɔde kaa ho sɛ “nyamesom da so ara yɛ ntawntawdi ahorow a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no farebae.” Enti obi adwene mu bɛyɛ no naa wɔ faako a asɔre ahorow no betumi adi Wiase Asɔreasɔre Bagua no mpaemuka no so akodu no ho, ne titiriw no, wɔ ɔko bere mu.
Nea ɛyɛ anigye no, wɔn gyinabea wɔ ɔko ho a wɔasakra no yi de ɔhaw bɛbrɛ Wiase Asɔreasɔre Bagua no denam sɛe a ɛbɛsɛe abusuabɔ pa a nyamesom ne wiase nniso horow anya no so. Asɛm bi a epuei wɔ Vancouver Sun mu kae sɛ: “Saa asɔre nkyerɛkyerɛ foforo yi rema akameakame bi a nnɛyi abusua no abɔ mmɔden sɛ ɛbɛkwati no aba: [akameakame] a ɛda asɔre ne ɔman ntam no.”
Wɔyɛ Biako wɔ Nyamesom Mu?
Enti ɛda adi sɛ amammui ne wiase nsɛm ne Wiase Asɔreasɔre Bagua no asenhia titiriw na ɛno ama wɔn mu apaapae. Na Lima apam a ɛmaa wɔboom wɔ Adidi a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase mu hɔ no nso ɛ? Sɛnea Canada nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea no kyerɛ no, Katolek abakɔsɛm kyerɛwfo biako kaa saa apam yi ho asɛm sɛ “ɛyɛ ‘ade a edi kan a ɛho hia’ wɔ Kristofo nkabom a wɔrehwehwɛ no mu.” Canterbury Sɔfo Panyin Runcie a ɔhwɛɛ asɔre ahorow ahorow Adidi no so no, kae nso sɛ, ɛtwee adwene sii “Kristofo nyinaa biakoyɛ so.”
Nanso so ɛbaa saa ampa? Nokwarem no, Protestantfo, Ortodoksfo, Anglikanfo ne Roman Katolekfo anyamekyerɛfo nyinaa na wɔde ɔkwan foforo a wɔfa so sɔre yi bae. Nanso, bere a wɔde ɔkwan foforo a wɔfa so sɔre yi dii dwuma nea edi kan wɔ Vancouver no, nhyiamfo a wɔyɛ Roman Katolekfo, ne wɔn a wofi Ortodoksfo asɔre ahorow a ɛwɔ Apuei Fam no mu no pow sɛ wɔde wɔn ho bɛhyem. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn asɔre nkyerɛkyerɛ bara sɛ wɔbɛma obi a ɔnyɛ wɔn ankasa asɔfo no mu biako kwan ma wɔama wɔn Adidi. Lima apam no nso antumi ansiesie nsɛm a ɛpaapae asɔre horow no mu no koraa a ebi ne asomafo adedi ne paapa a ɔnyɛ bɔne no.
Enti bere a nhyiamfo no boom bɔɔ mpae na wɔtoo nnwom no, ɛbɛyɛɛ nea ɛkanyan nkate ahorow bere tiaa bi de, nanso wɔ nokwarem no, nsɛm a ama Kristoman mu apaapae fi Nyamesom mu ɔsesɛw bere no so no adɔɔso pii sen bere biara. Sɛnea nsɛnkyerɛwfo biako kae no: “Sɛ wɔanya biribi agyina so a enti ama wɔne wɔn ho wɔn ho adi ako pii a, ɛnde so yebetumi de yɛn ho ato asɔre ahorow no so sɛ wɔnkyerɛ anaasɛ wɔnhwehwɛ nokware abusuabɔ a ɛda nnipa ne Onyankopɔn ntam no mu?”
Enti yebetumi de Vancouver Nhyiam no aka nneɛma a adesamma adi nkogu wɔ mu no ho. Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔn nneɛma denam amammui nhyehyɛe ahorow so no mu no, asɔre ahorow no ahu sɛ ɔporow ne mpaapaemu koro no ara a ɛde wiase no abɛn ɔsɛe pɛɛ no aka wɔn. Bible no kyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ nniso horow no ani rennye nyamesom ho a ɛde hyehyɛ wɔn nsɛm mu no ho na wɔbɛyɛ biribi ntɛm de asiw ne nkɛntɛnso no ano koraa.—Adiyisɛm 17.
Nea enti a asɔre ahorow no ntumi nyɛ biako no da adi wɔ wɔn mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma asɛmpa no ka atrɛw ntɛmntɛm wɔ wiase nyinaa no mu nso. Asɛm a edi so no ka eyi ho asɛm.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Sɛ wɔanya biribi agyina so a enti ama wɔne wɔn ho wɔn ho adi ako pii a, ɛnde so yebetumi de yɛn ho ato asɔre ahorow no so sɛ wɔnkyerɛ anaasɛ wɔnhwehwɛ nokware abusuabɔ a ɛda nnipa ne Onyankopɔn ntam no mu?”—The Province, Vancouver, B.C., July 28, 1983
[Kratafa 5 mfoni]
Mmea a wɔhyɛ wɔn asɔfo—ade a ɛde mpaapaemu ba