Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 8/8 kr. 3-4
  • So Asɔre Horow No Betumi Aka Wiase No Abom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Asɔre Horow No Betumi Aka Wiase No Abom?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Asɔreasɔre Bagua No—So Ebetumi Aka Wiase No Abom?
    Nyan!—1984
  • Wiase Nsɔre Horow Bagua No—Biakoyɛ Anaa Bisibasaa?
    Nyan!—1992
  • Asomdwoe Anaasɛ Akodi Na Wɔde Ba?
    Nyan!—1999
  • So Asɔre Ahorow A Ɛwɔ Britania Ho Bɛka Abom?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 8/8 kr. 3-4

So Asɔre Horow No Betumi Aka Wiase No Abom?

NNIPA dɔm no teɛteɛɛm sɛ, “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” Ɛyɛ asɛm a sukuuni abarimaa biara betumi aka; nsɛm a mpɛn pii wotĩ mu ka, na wɔde to dwom ma enti aka ɔpepem pii adwene mu. Nanso saa da yi de na asɛm yi yɛ nea ɛkanyan nkate.

Ade biako ne sɛ asɔrefo 3,500 a wɔtete ntamadan a ɛyɛ fɛ mu no fi mmusua ne aman pii mu. Obiara kaa asɛm no wɔ n’ankasa kasa mu, na gyegyeegye no kaa asɔrefo no mu biako ma ɔkaa no brɛoo sɛ, “Yɛreka kasa foforo.” Nanso ebia nea na ɛyɛ nwonwa koraa ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ná saa asɔrefo yi nyinaa mfi asɔre biako mu no. Anglikanfo, Lutheranfo, Methodistfo, ne Katolekfo mpo boom bɔɔ mpae.

“Lima Liturgy,” anyamesom mu nkyerɛkyerɛ a wogye toom asram kakraa bi a na atwam mu no ne nea wogyinaa so yɛɛ asɔre a ebi mmae da a wɔyɛe wɔ ntamadan mu no.a Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo a wofi asɔre ahorow mu no tumi de mfehaha pii akameakame a ɛda wɔn ntam no too nkyɛn na woboom dii “Adidi Kronkron” no. Ɛwom sɛ Roma Katolekfo ne Ortodoks asɔre horow a efi apuei fam no ampene so sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Adidi ho asɔre a wɔyɛe no ankasa mu de, nanso wɔn ananmusifo baa hɔ de wɔn ho bɛhyɛɛ nnwonto ne mpaebɔ no mu. Enti Awurade Mpaebɔ a wɔde kasa horow pii kae no yɛ biribi a ɛkanyan nkate wɔ pii fam. Asɔrefo no sui, yɛɛ wɔn ho atuu na wofifew wɔn ho wɔn ho ano. Wɔ bere tiaa mu no, mmusua, honam ani hwɛbea, nyamesom ne amammui mu mpaapaemu ahorow baa awiei.

Nnipa pii te nka sɛ na saa asɔre no yɛ Wiase Asɔreasɔre Bagua no nnafua 18 nhyiam kɛse a wɔyɛe fi July 24 kosi August 10, 1983 wɔ Vancouver, Canada no fã titiriw. Ebinom hu sɛ ɛma wonya anidaso sɛ ɛyɛ yɛ a Kristofo biakoyɛ betumi ayɛ yiye ho sɛnkyerɛnne. Ebinom mpo paee mu kaa saa asɔre yi ho asɛm sɛ ɛyɛ “Pentekoste “foforo.” Ebinom bisa sɛ, ‘Na so biribi a ɛsen saa ka ho?’ Wɔ eyi nyinaa akyi no, bɛyɛ mfehaha pii ni no, nyamesom ayɛ ade a ɛde mpaapaemu kɛse aba. Afei sɛ asɔre ahorow no tumi fa ɔkwan bi so yi nea apaapae wɔn mu mfehaha pii no fi hɔ a, ɛnde so amanaman no nso rentumi nyɛ saara?

Nnipa a wosusuw ade ho yiye kakraa bi na wɔrennye pɛ a wɔpɛ sɛ adesamma abusua no yɛ biako no ntom. Ɛte sɛ nea biako a wobetumi ayɛ no yɛ nea wɔmmɛn ho koraa. Efisɛ nea esiw adesamma mmɔden nyinaa a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ biako no kwan ne nitan, gye a wonnye wɔn ho wɔn ho nni ne wɔn ho wɔn ho mu ahotoso a wonni a efi teteete no. Nanso, so ebetumi aba sɛ afei de asɔre ahorow no rekyerɛ kwan akɔ wiase nyinaa biakoyɛ ho? Na wɔ asɔre a wɔaka abom biako nkɛntɛnso a tumi wom ase no, so ɛremma amammui sodifo no nnyae nuklea akode a ebetumi asɛe yɛn ano a wɔreboaboa no anaa?

Nokwarem no, ɔkwan bɛn so na asɔre ahorow no rebɛn biakoyɛ ho? Momma yɛnhwehwɛ nnansã yi nhyiam a Wiase Asɔreasɔre Bagua no yɛe no mu yiye.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔde liturgy yi frɛɛ Protestant, Ortodoks ne Katolek anyamekyerɛfo nhyiam bi a Wiase Asɔreasɔre Bagua no gyinaa akyi ma wɔyɛe nnansa yi wɔ Lima, Peru no. Nea efii saa nhyiam yi mu bae ne asɛm bi a wɔtoo din “Asubɔ, Awurade Adidi ne Ɔsom” no, a sɛnea The New York Times kyerɛ no, “ɛhyɛ asɔre biara nkuran sɛ ɛmpene ɔkwan ahorow a wɔfa so bɔ asu, ma Awurade adidi ne sɛnea wɔhyɛ asɔfo no” so no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena