Wiase Nsɔre Horow Bagua No—Biakoyɛ Anaa Bisibasaa?
Efi Australia Nyan! kyerɛwfo hɔ
WOFII nhyiam no ase February 7, 1991, wɔ Australian National University a ɛhɔ yɛ fɛ a ɛwɔ Canberra, Australia ɔman no kuropɔn no mu. Bɛyɛ sɛ asɔrefo a wɔnyɛ asɔfo 4,000 ne asɔre mpanyimfo 316 a wofi aman bɛboro ɔha so na wɔkɔe. Na wɔayɛ WCC (World Council of Churches anaa Wiase Nsɔre Bagua) nhyiam horow asia a atwam no wɔ aman ahorow so wɔ mfe 35 mu, na wɔyɛɛ nea edi kan no 1948 mu wɔ Amsterdam, Netherlands.
Dɛn ne WCC no? Ɛnyɛ asɔre kunini bi. Ɛyɛ asɔre ahorow nhyiam, nhyiam bi a wɔde besua ade afi wɔn ho wɔn ho hɔ. Australia ɔsoafo panyin, Robert J. Hawke na ɔmaa nhyiam a ɛto so ason yi ɔkasa titiriw a wɔde ma akwaaba no—ɛwom sɛ n’ankasa ka sɛ ɔyɛ obi a ontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ de. Na asɛmti a wɔpaw maa dapɛn abien nhyiam yi yɛ mpaebɔ: “Honhom Kronkron Bra—Yɛ Abɔde Nyinaa Foforo!”
Nanso, nsakrae a wɔnhwɛ kwan a ɛbaa wiase nsɛm tebea mu no twee nhyiamfo no adwene ne akwanhwɛ fii nsakrae a honhom kronkron de bɛba no so kɔɔ amammuisɛm ne fata a Persian Gulf ɔko no fata no so. Honhom mu nneɛma ho nkɔmmɔbɔ a wɔman ni ho ntɛm yi maa Ɔbenfo Paul Reeves a ɔyɛ Anglican ɔsɔfo panyin a anka ɔyɛ New Zealand ɔmampanyin no daa sɛnea ne ho dwiriw no no adi: “Yɛtaa ham wɔ tumidi a ɛmfa Honhom Kronkron ho hwee no ho wɔ nhyiam horow a ɛtete sɛɛ ase.” Canberra ɔsɔfo panyin no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ ntease a ɛwɔ sɛnea mpaapaemu som bo no mu: “Biakoyɛ yɛ Honhom Kronkron akyɛde. Abirabɔ pa nso yɛ Honhom Kronkron koro no ara akyɛde.”
David Gill a ɔyɛ Australian Council of Churches no ɔkyerɛwfo panyin no nso kaa sɛnea ɛhaw no sɛ WCC mu no nyinaa nokwaredi aba asiane mu no ho asɛm, na ɔkae sɛ ahyehyɛde no redan adwinnade ama akuw a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔ bɛfa so aka nea ɛhaw wɔn ankasa no ho asɛm akyerɛ.
Mmea a Wɔhyɛ Wɔn Asɔfo—Ɛde Mpaapaemu Pii Ba
Na mmea afã wɔ asɔre no mu nnɛ no nso ka nsɛm a wosusuw ho no ho, nanso mmea no ani annye. Wɔn mu pii buu no sɛ ɛyɛ mmarima titiriw nhyiam. Lois Wilson a ofi Canada de abufuw kaa ho asɛm sɛ: “Ɔkwan a wɔfa so di nsɛm wɔ WCC no mu no aporɔw yiye na minsusuw sɛ ɛno na na ɛwɔ Yesu adwenem.” Dɛn na ɛde abasamtu yi bae? Atesɛm krataa Canberra Times kae sɛ: “Osũ pii kɔɔ so wɔ mmea aguaree efisɛ wɔahunahuna mma no na wɔannye dibea a wɔbɛma wɔn sɛ wɔnsom wɔ bagua no boayikuw titiriw no mu no. Wɔka kyerɛɛ ɔbaa bi sɛ wobetu no afi n’asɔre mu na wɔde abu n’abam wɔ dibea a obegye atom no mu.”
Dɛn na ɛbaa Honhom Fam Asɛmti no So?
Na ɛhaw ebinom sɛ nhyiam no ansi sɛnea wɔn adwuma no fa Bible no anaasɛ nyamekyerɛ ho no so dua sɛnea ɛsɛ. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ na nneɛma atitiriw a wosusuw ho no mu pii yɛ amammuisɛm. Nokwarem no, na Bible mu asɛm tiawa biako pɛ na ɛwɔ nhyiam no ho amanneɛbɔ a wotintimii no mu.
Nyamesom nsɛmma nhoma National Outlook kae sɛ David Gill “daa afoforo a na wɔakɔ WCC nhyiam horow a wɔyɛɛ no nnansa yi ara ase no adwene adi, wɔn na, sɛnea obi kae nnansa yi ara no, wɔde anidaso kɛse kɔe nanso wɔde abasamtu bae no.”
Nea ɛne eyi bɔ abira no, bere a wɔn a honhom mu kɔm ne nsukɔm de wɔn no baa Kristo Yesu nkyɛn no, wɔamfa “abasamtu” ankɔ. Wofii hɔ no na wɔanya ɔhome: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.