Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 3/8 kr. 31
  • Asomdwoe Anaasɛ Akodi Na Wɔde Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe Anaasɛ Akodi Na Wɔde Ba?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Asɔreasɔre Bagua No—So Ebetumi Aka Wiase No Abom?
    Nyan!—1984
  • Wiase Nsɔre Horow Bagua No—Biakoyɛ Anaa Bisibasaa?
    Nyan!—1992
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ sɛ Ɔko Bɛba Awiei?
    Nyan!—1993
  • Asomdwoe Wɔ Asase So—Adaeso Ara Kwa?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 3/8 kr. 31

Asomdwoe Anaasɛ Akodi Na Wɔde Ba?

“ƐNSƐ sɛ Kristoni de ne ho hyehyɛ akodi mu.” Thoko ne Malusi Mpulwana ka wɔ Echoes, nsɛmma nhoma a Wiase Asɔre Ahorow Nkabom (WCC) no na etintim, mu sɛ saa asɛm no ne adwene a na tete Kristofo kura wɔ ɔko ho no hyia paa. Wɔde ka ho sɛ, ɛyɛ “bere a Kristofo Asɔre no ne amammui nhyehyɛe no bɛyɛɛ biako no akyi” ansa na asɔre no refi ase “agye atom sɛ ɔko ho hia.” Dɛn na afi mu aba? Sɛnea Kristoman ataa akodi akyi mfe pii no ayɛ asefem araa ma wɔ wiase ko a ɛto so abien akyi no, Kristo Asɔre Nkabom a ɛwɔ Japan no tee nka mpo sɛ ɛho hia sɛ wɔhyɛ da de ­“Wiase Ko II Ho Asodi a Ɛda Wɔn So no Ho ­Bɔneka” to gua.

Bɛyɛ mfe 50 ni wɔ ɔko no akyi no, Kristoman ntɔkwapɛ no nsesae biara. Ɔbenfo Roger Wil­liamson a ɔne Anglikan Asɔre no yɛ adwuma no gye tom sɛ: “Sɛ yebisa sɛ, sɛ́ Kristofo no, so yɛatumi asi no pi aka no pen sɛ Yennye ntom sɛ ­akodi fata, na Yegye Kristo dɔ tom a, ɛda adi pefee sɛ . . . yɛda so ara wɔ bɔne pii ka.” Ɛwom sɛ WCC no paee mu kae wɔ 1948 mu sɛ “akodi a wɔnam so siesie nsɛm no ne yɛn Awurade Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛso nhyia” de, nanso Williamson ka sɛ Kristoman mu asɔre ahorow taa boa ma “kateeyɛ, afoforo som ho koma a wonnya, ne nnipa ahofadi a wɔto ano hye kɔ so, na wɔma akodi mu yɛ den.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔde baa awiei sɛ “nyamesom . . . taa ma akodi nya nkɔanim sen sɛ anka ebesiw ano.”

Ɔko a ɛpaapaee kan Yugoslavia mu no yɛ eyi ho nhwɛso. Ɛmfa ho ntɛnkyea ne atirimɔdensɛm a akɔ so mfe pii no, asɔre ahorow no ntumi nkaa wɔn ti mpam ho nyɛɛ ɔko a ɛrekɔ so wɔ saa ɔman no mu no ho hwee. Dɛn ntia? Ɔbenfo Williamson ka sɛ ɛmfa ho sɛ wɔkyerɛ sɛ Kristofo koroyɛ da wɔn ntam no, Serbia ne Croatia asɔfo mu apaapae te sɛ wɔn man mu amanyɛfo no ara pɛ. Wɔ ɛhɔ ne mmeae foforo no, Kristoman asɔfo a wɔyɛ Katolekfo, Ortodɔksfo, anaa Protestantfo, no mfa asomdwoe mma, na mmom wɔyɛ “wɔn ankasa man asraafodɔm so asɔfo.” Ɛwom sɛ seesei asɔre bɛboro 300 na wɔwɔ WCC mu de, nanso Ɔbenfo Williamson gye tom sɛ “anwonwasɛm ne sɛ, ɛyɛ den sɛ yebenya asɔre ahorow a wɔrema asomdwoe aba . . . ankasa.”

Ɛyɛ den ampa. Nanso nea ɛnte sɛ asɔre ahorow a ɛka bom yɛ WCC no a wɔn ano kɛkɛ na wɔde ka nkabom ho asɛm no, ɔsom bi wɔ hɔ a atumi ama nnipa a kan na wɔwɔ ɔsom ahorow mu aka abom dedaw, na aboa wɔn ama wɔabɛyɛ nokware Kristofo. Ɛnnɛ, Onyankopɔn ho dɔ ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobedi wɔne “nnipa nyinaa ntam asomdwoe” akyi no aka Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem 5.8 a wɔwɔ nsase 233 so no ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ amanaman no akodi ahorow mu​—sɛ́ ɛyɛ nea ɛrekɔ so wɔ mmeae bi te sɛ Asia, Latin America, Mediterranea Supɔw no so, Northern Ireland, Rwanda, anaa kan Yugoslavia no. (Hebrifo 12:14; Mateo 22:36-​38) Mmom no, wɔrema Bible nkɔmhyɛ anya mmamu denam wɔn ‘mfoa a wɔde bobɔ nsɔw’ ne ‘akodi a wonsua bio’ no so.​—Mika 4:3.

[Kratafa 31 mfonini ahorow]

Wɔahwe Yehowa Adansefo a wɔwɔ Afrika no mu bi pasaa esiane ɔfã biara a wonnyina nti anaa wɔadan aguanfo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena