Nyamesom ne Amammuisɛm—Ayɔnkofa a Ɛtra Hɔ Daa?
RUSIA sodifo Vladimir I bɔɔ ne tirim da koro sɛ ɛsɛ sɛ ne manfo a wɔyɛ abosonsomfo no bɛyɛ “Kristofo.” Wɔsakraa ɔno ankasa wɔ 987 Y.B. mu bere a ɔwaree Hela Ortodoksfo hene babea bi akyi, na afei ɔhyɛɛ mmara sɛ wɔmmɔ wɔn a odi wɔn so tumi nyinaa asu—sɛ ɛho hia a, denam nkrante so. Rusia Asɔre no de nkakrankakra nyaa ahofadi fii ne “na,” Hela Asɔre no ho, na awiei koraa no ɛbɛyɛɛ Ɔman no dwumadibea mpo. Ɛwom sɛ Rusia sodifo hyɛ da pow wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no nnɛ de, nanso Asɔre no ne Ɔman no da so ara wɔ ayɔnkofa bi wɔ Rusia. Wɔ mfehaha pii akyi no, Ɔhene Henry VIII a ɔwɔ England no nso tumi maa Asɔre ne Ɔman no nyaa ayɔnkofa a emu yɛ den, ɛwom mpo sɛ ɔfaa akwan horow a ɛsonosonoe so de. Ɔyɛɛ basaa wɔ 1532 mu, efisɛ na ne yere Catherine a ofi Aragon no ntumi nwoo ɔbabarima a obedi n’ade ɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ a Henry bedi ɔhaw no ho dwuma no, ɔwaree awuraa a ɔdɔ no a wɔfrɛ no Anne Boleyn wɔ sum ase. Ɔyɛɛ eyi denam ɔsɔfo panyin a na ɔwɔ Canterbury a ɔkaa Henry aware a edi kan no ho asɛm sɛ agu no mmoa so. Wɔ 1534 mu no, saa ɔwaresɛefo ne sodifo tirimɔdenfo yi yɛɛ ne ho England Asɔre no panyin, abodin a Engiresi ahemfo da so ara kura de besi nnɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde gyinae ahorow a Asɔre Bagua no si no kɔto mmarahyɛ bagua no anim ma wɔpene so, na esiane sɛ asɔfo no yɛ Britania Mmarahyɛ Bagua Kɛse no mufo nti, na wɔka ho na wodi Britania so. Enti, Asɔre ne Ɔman no nyaa ayɔnkofa wɔ England bɛboro mfirihyia 450.
Nnɛyi Asɔre Ne Ɔman Ayɔnkofa Ahorow
Wɔ 1936 mu no, sɔre a wɔsɔre tiaa Kwasafo nniso no wɔ Spain no maa ɔmanfo no twaa wɔn ho koe na Ɔsahene Franco bedii tumi. Franco maa asɔfo no tumi kɛse de gyee mmoa kɛse fii wɔn hɔ ma ebuu amanyɛkuw a ɛyɛ katee no aba mu.
Wɔ 1983 mu no, Wiase Asɔreasɔre Bagua no hyiaam wɔ Vancouver, Canada. Philip Potter a ɔyɛ ne kyerɛwfo panyin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ “wɔnkɔ so mfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu.” Sika a Wiase Asɔreasɔre Bagua no de ma amammui akuw horow a wɔde wɔn ho hyɛ sraadi ho nsɛm mu a wɔwɔ aman ahorow mu no yɛ nea ɛhaw asɔrekɔfo pii kɛse.
Enti akyinnye biara nni ho sɛ nyamesom de ne ho hyehyɛ amammuisɛm mu. Nanso asemmisa a ɛho hia ne sɛ, So ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa? So nyamesom ho a ɛde hyɛ amammuisɛm mu no boa ma amammuisɛm abrabɔ fam gyinapɛn ahorow yɛ yiye anaasɛ ɛma nyamesom sɛe mmom? Na daakye nso ɛ? So nyamesom ne amammuisɛm bɛkɔ so anya wɔn ‘dɔ a wɔdɔ wɔn ho’ no mu anigye anaasɛ ɛbɛsɛe na ɛde wɔn agyina baabi a ɛbɛma wɔasɔre atia wɔn ho wɔn ho?
[Kratafa 3 mfoni]
England Asɔre no panyin a odi kan