Ɔdɔ Abaa Maa Wɔn Koma Sakrae
Efi Japan “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
BERE a sukuufo bɛyɛ 250 ahyiam na wɔrebobɔ nneɛma a wɔbɛyɛ wɔ da a wobewie sukuu no so no, mmarimaa dumien fii wɔn mu mpofirim na wɔnantew kɔɔ asa no anim. Bere a wɔasã so pɛpɛɛpɛ awie no, wɔdan wɔn ho de wɔn anim kyerɛɛ sukuufo nkaefo no. Bere a wohui sɛ eyinom ne sukuu no mu nsɛmmɔnedifo a wɔagye din esiane hu a woyi afoforo ne wɔn basabasayɛ nti no, ehu kaa obiara a akyerɛkyerɛfo no nso ka ho.
Kuw no muni biako a wadi mfe 15 a ɛda adi sɛ ɔne kuw no kannifo no fii wɔn mu baa n’anim, sii ne ti ase na ofii ase de nne a ɛkyerɛ ahonu kasae.
Ɔkae sɛ, “Yɛpa mo nyinaa kyɛw wɔ haw a yɛahaw mo no ho. Mprempren yɛahu sɛ na nea yɛyɛ no yɛ nkwaseade. Efi nnɛ rekɔ yɛbɛsakra. Yɛpa akyerɛkyerɛfo a wɔampa abaw na mmom wɔkɔɔ so kaa yɛn anim kosii awiei no nso kyɛw. Yɛsrɛ mo, momfa nkyɛ yɛn. Yɛne mo nyinaa adi no sɛnea ɛnsɛ. . . ”
Bere a ɔkɔɔ so kaa ne nsɛm no, akyerɛkyerɛfo no bi sui. Afei nsɛmmɔnedifo nkaefo no baa anim hɔ mmiako mmiako na wɔkae sɛɛ “Mɛsakra na mabu bra pa.”
Ɔhaw a Abu So
Japanfo atesɛm krataa a agye din a wɔfrɛ no Yomiuri Shimbun kaa eyi wɔ ntoaso sukuu bi a ɛwɔ kurow bi a wɔyɛ mfiridwuma wom a wɔfrɛ no Kawasaki a ɛwɔ Tokyo kesee fam no ho sɛ “Ahonu Mpaemuka.” Te sɛ sukuu afoforo pii a ɛwɔ Japan no, na Tajima Ntoaso Sukuu no yɛ nea wɔyɛ basabasa pii wom wɔ nnansa yi mfe no mu. Na basabasayɛ yɛ ade a esi da biara da. Sukuufo pempem tiafi ne sukuu adan apon, wɔde nnade fiti nsɛmso mu ntokuro, kyinkyim watch ahorow a ɛbɔ dɔn na wɔsɛe sukuu no mu nneɛma. Wɔhwee ɔkyerɛkyerɛfo biako ma wɔde no kɔtoo ayaresabea adapɛn abien, esiane sɛ ɔde afotu maa sukuuni biako wɔ sɛnea wayɛ ne ti nhwi ho nti.
Wɔ ntoaso sukuu foforo a ɛwɔ Tokyo Machida ɔmantam mu no mu no, sukuufo a wodi nsɛmmɔne dii ɔkyerɛkyerɛfo bi a atomik ɔtopae a wɔtowee wɔ Hiroshima ama wanya yare no ho fɛw na wopoopoo no. Mmarimaa no mu biako kae sɛ, “Ɛnyɛ den sɛ yebehunahuna saa ɔbarima no, efisɛ sɛ yepia no a, ehu ka no ntɛm ara?” Bere a sukuufo no ataa no, abobɔ no na wɔahwe no adapɛn pii akyi no, ɔkyerɛkyerɛfo no wɔɔ wɔn a wɔtow hyɛ no so no mu biako sekan.
Sukuu mu basabasayɛ abɛyɛ ɔhaw kɛse wɔ ɔman no mu nyinaa ma enti Ɔman no Soafo Panyin, Nakasone, kaa ho asɛm nnansa yi sɛ ɛyɛ ɔman no asɛnhia titiriw. Enti dwumadibea a ɛhwɛ nhomasua ho nsɛm so no paw nnipakuw bi sɛ wɔnhwehwɛ ɔhaw no mu.
Dɛn Na Ɛde Ba?
Sɛnea ebia wobɛhwɛ kwan no, sukuu mu basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi a ɛte sɛɛ maa ehu kaa ɔmanfo no. Enti asemmisa a wontumi nkwati ne sɛ, Dɛn nti na ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ wɔ hɔ?
Sɛnea nhwehwɛmu bi a Japan Ɔman Nhyehyɛe Dwumadibea (NPA) yɛe kyerɛ no, wɔn a wɔkyerɛɛ wɔn adwene no mu fã kɛse no ara tee nka sɛ nea ɛde sukuu mu basabasayɛ a ɛrenya nkɔanim no ba titiriw no nyɛ biribiara sɛ awofo a wɔma nneɛma ho kwan ma wɔyɛ nea wɔpɛ a wonni wɔn mma so tumi kɛse no.
Saa ara nso na wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa The Daily Yomuiri samufo no mu no, adwuma bi panyin a wadi mfe 74 a ofi Tokyo hyɛɛ nyansa sɛ “ɛyɛ awofo a wɔtetee wɔn wɔ bere a edi ɔko no akyi mu no adwuma sɛ wodi asɛyɛde no mu fã kɛse no ara ho dwuma.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, na saa awofo yi renyin wɔ bere a Japan rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛde ne ho afi ɔsɛe a Wiase Nyinaa Ko II de bae no mu no mu. Ná nneɛma ho yɛ na, wohuu amane na na wobu wɔn ani gu hokwan ahorow a wɔwɔ so. Mprempren a wɔredi yiye no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔremma wɔn mma nhu saa amane koro no ara bi da. Wɔde biribiara a wɔhwehwɛ no ma wɔn. Adwuma mu panyin no kyerɛw sɛ, “Esiane eyi nti, wɔama wɔn mma agye adi sɛ wɔde nea ehia wɔn nyinaa bɛma wɔn.”
Afoforo nso twee adwene sii nhomasua nhyehyɛe no ankasa so sɛ ɛka nneɛma a ɛde ɔhaw ba no ho. Michio Nagai a kan na ɔyɛ nhomasua ɔsoafo no kae sɛ, “adesua a ɛyɛ nhyehyɛso a ɛde dadwen kɛse ba no ne nneɛma atitiriw no mu biako nti a ɛma wɔyɛ basabasa wɔ sukuu mu no.” Sukuufo ankasa nso gye tom. Sukuuni biako a wadi mfe 16 kaa nnansa yi basabasayɛ no ho asɛm sɛ, “Anyɛ me nwonwa. Nhyehyɛe no ne akyerɛkyerɛfo no ama me ne afoforo aba mu abu.”
Nanso, ɛmfa ho sɛ wɔka ho asɛm no, ɛte sɛ nea wɔrentumi nnya mmofrabɔnesɛm ne basabasa a wɔyɛ wɔ sukuu mu no ano aduru ntɛm. Mmom no, nhwehwɛmu a Ɔman Ntam Sukuu Akyerɛkyerɛfo Mpanyimfo Kuw no yɛe no daa no adi sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ sukuu so pii ahu sɛ ɔhaw no mu retrɛw na wonnhu sɛ ɛbɛba awiei nnansa yi ara.
Eyinom nyinaa maa nea esii wɔ Tajima Ntoaso Sukuu no mu no yɛɛ nwonwa kɛse. Dɛn na ɛmaa mmofrabɔne a wɔwɔ sukuu yi mu nyinaa bɛpaa sukuufo no kyɛw, bere a sukuu afoforo pii rehwehwɛ ahobammɔ afi polisifo hɔ no?
Basabasayɛ Ho Dwuma a Wodi
Bere a ɛde “Ahonu Mpaemuka” a ɛyɛ ahodwiriw wɔ Tajima ho amanneɛbɔ ama awiei no, Yomiuri Shimbun de nea ɛda adi sɛ ɛmaa kuw no mufo sakrae no ho asɛm toaa so. Epuei wɔ asɛm bi a wɔato din sɛ “Ɔdɔ Abaa Ma Sukuu Mu Mmofrabɔne Sakra” no mu. Asɛm bi a wɔfa kaa asɛm a wɔankyerɛ faako a efi pue wɔ asɛntitiriw no ase a ɛne: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba.”
Amanneɛbɔ no kae sɛ, “Saa sukuufo yi ansakra da koro.” Bɛyɛ mfe abien a atwam ni no, wɔpaw ɔkyerɛkyerɛfo foforo bi a wɔfrɛ no Shingi Shimoyama sɛ ɔkwankyerɛfo fotufo wɔ Tajima. Ɔne akyerɛkyerɛfo no nyinaa yɛɛ nhyiam. Sɛnea atesɛm krataa no amanneɛbɔ kyerɛ no, eyi ne nea esii:
“Ɔkyerɛkyerɛfo Shimoyama buee Bible no mu . . . na ɔkenkan nkyekyem a ese: ‘Nea ɔkora n’abaa tan ne ba’ no.” Afei ɔhyɛɛ nyansa sɛ ɛsɛ se akyerɛkyerɛfo no nyinaa yɛ biako na ɛsɛ sɛ wɔde asotwe ma wɔ nsɛm te sɛ, nnubɔne a wɔnom, sigaretnom, ntasu a wɔtete ne sukuu mu nneɛma a wɔsɛe no ne nea ɛkeka ho ho. Akyerɛkyerɛfo afoforo no pene so na wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yegyae yɛn ani a yebu gu bɔne so de kyerɛ sɛ yɛreda ayamye adi no. Momma yennyae yɛn ani a yebu gu mfomso so sɛnea ɛbɛyɛ a yebekwati ɔhaw ahorow na yɛaka sɛ yɛreyi ayamye ne mmɔborohunu adi no.”
Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma ada adi sɛ, ɛwom sɛ mmofrabɔnesɛm yɛ nea ɛrenya nkɔso nnɛ wɔ Japan de, nanso wɔda so ara bu akyerɛkyerɛfo kɛse na wodi wɔn ni mpo. Wɔ sukuu pii mu no, sukuufo ne akyerɛkyerɛfo da so ara bɔ wɔn mu ase kyerɛ wɔn ho wɔn ho bere a wofi adesua ase ne bere a wɔapɔn no, na wɔda so ara gye asotwe a emu yɛ den te sɛ abaa a wɔde hwe wɔn no tom, ɛwom sɛ wɔntaa mmfa mma de.
Nhyehyɛe yi kaa sukuufo no dɛn? So wɔyɛɛ basabasa, sɛ ebia wohunahunaa akyerɛkyerɛfo no anaa wɔhwee wɔn? Amanneɛbɔ no ka sɛ, nea ɛyɛɛ obiara nwonwa no, “mmofra nsɛmmɔnedifo no gye toom ntɛm ara sɛ Shimoyama yɛ den sen wɔn.” Wɔkae sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfo titiriw bi aba ha. ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Shimoyama ne obi a ɛnsɛ sɛ obiara de ne nsa ka no.’”
Nea ɛka wɔn nsa a wɔbɛma ayɛ den wɔ wɔn so ho no, akyerɛkyerɛfo no sii gyinae sɛ wɔbɛfrɛ sukuufo a wɔatwe wɔn aso no na wɔn ankasa ne wɔn akasa anaasɛ wɔbɛkɔ akɔsra wɔn. Nsrahwɛ a ɛtete sɛɛ ne wɔn ani a wɔma ekũu ankorankoro ho no kaa sukuufo no ne akyerɛkyerɛfo no boom.
Saa bere yi nyinaa no, na mmofra kuw a wodi nsɛmmɔne no atew wɔn ho rehwɛ nea na ɛrekɔ so no nyinaa. Nanso biakoyɛ honhom ne akomatɔyam a ɛda adi sɛ sukuufo no ne akyerɛkyerɛfo no nyae no fii ase maa wɔn koma tui kakra. Ankyɛ biara, wobehuu sɛ da a wɔda wɔn ho adi ma ɛyɛ te sɛ nea wɔn ho hia no yɛ mmofraasɛm ne nkwaseasɛm, na ɛno na awiei koraa no ɛma wɔyɛɛ “Ahonu Mpaemuka” no.
Nea Ɛmaa Eyi Yɛɛ Yiye
Saa asɛm yi a akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo ani gyee ho kɛse no yɛ nea wɔkaa ho asɛm kɛse wɔ Japan. Esiane amammerɛ ne ntetee a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ hɔ nti, akwan ahorow a Shimoyama faa so no tumi yɛɛ adwuma. Sɛ́ ebia ɔkwan a wɔfaa so no bɛyɛ yiye wɔ sukuu ne aman afoforo mu no begyina nneɛma pii so. Nanso nea esii wɔ Tajima ntoaso sukuu mu no kyerɛ sɛ, bere a wɔde nteɛso ma wɔ ɔdɔ mu na wɔma wɔn nsa mu yɛ den wɔ ma a wɔde ma mu no, wobetumi asakra koma a enyinnii na ɛyɛ nneɛma bɔne no.
Ɔkyerɛkyerɛfo Shimoyama yɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Na Bible no mu nkyekyem a ɔkenkan kyerɛɛ akyerɛkyerɛfo afoforo no ne Mmebusɛm 18:24 a ne nyinaa kenkan sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba; na nea ɔdɔ no teɛ ne so ntɛm so.” Nokwarem no, kyerɛwsɛm yi reda sɛnea nteɛso a ɛfata ho hia wɔ fie no adi—awofo tumi a ɛne “abaa” no. Ɛwom sɛ akyerɛkyerɛfo ne afoforo betumi aboa de, nanso hwɛ papa a ɛbɛyɛ ama awofo sɛ wɔbɛma Bible mu nnyinasosɛm a wɔde adi dwuma akyɛ yi atra wɔn adwene mu na wɔde adi dwuma wɔ fie.
[Kratafa 13 mfoni]
Nsɛmmɔnedifo kuw no kannifo repa sukuufo no akyerɛkyerɛfo no kyɛw