Adwene A Emu Da Hɔ Anaasɛ Adwene A Wɔatow Mu—Nea Ɛwɔ He Na Wowɔ?
ƐYƐ den ma nnipa sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛbɔ, so wɔnte nka saa? Na ɛwom sɛ yɛn mu pii taa bu yɛn ho sɛ yɛn adwene mu da ho de, nanso momma yɛmfa nokwaredi mmisa yɛn ho sɛ: So “obi foforo no” na ɔyɛ onipa a watow n’adwene mu na ɔyɛ katee no ampa?
Ebia we nokwarem no, woatow w’adwene mu sen sɛnea wususuw no. So ɛtɔ bere bi a woka sɛ: “Nneɛma abien a mempɛ sɛ meka ho asɛm ne nyamesom ne amammuisɛm”? Anaasɛ so wopow nnuan ahorow a wunnii bi da na woka sɛ enye mma wo? “Nwaw? Dabida!” Anaasɛ wote nka dɛn wɔ nnuruyɛ ahorow a wunnim ho? “Pane ahorow a wɔde wowɔ nipadua no afã horow bi de sa yare? Aduruyɛ mu nnaadaa ankasa!” Anaasɛ so “wunim”—sɛ nhwɛso no, nea “obiara” a ɔwɔ Germany yɛ—sɛ Gypsyfo yɛ awifo, wɔn a wofi Germany kusuu fam yɛ mpi, obiara a ofi Berlin ano yɛ den, Swabianfo yɛ ayamɔnwenefo na ahɔho yɛ anihawfo? Ampa, nsusuwii horow a ɛtete sɛɛ wɔ baabiara—yiw ɛwɔ wo man mu nso.
Dɛn na Adwene a Emu da Hɔ Kyerɛ?
Adwene a emu da ho nnya afoforo ho adwemmɔne a nsɛm asekyerɛ nhoma biako kyerɛ ase sɛnea edi so yi: “Atemmu anaasɛ nsusuwii bi a ɛteɛ anaasɛ ɛnteɛ a obi di kan nya anaasɛ ɔnyɛ ho nhwehwɛmu biara; adwene a obi anya a egyina nsɛm foforo so sen ntease anaasɛ atɛntrenee so; ne titiriw no, adwene a obi di kan nya anaasɛ adwene a ɛkyerɛ nyiyim.”
Ade a ɛho hia a ɛyɛ asetra fã ne sɛ yebesisi gyinae na yɛabu atɛn ahorow. Nanso gyinae ahorow a obi si “a wanyɛ nhwehwɛmu a ɛho hia” anaasɛ atɛn ahorow a obu a “egyina nsɛm afoforo so sen atɛntrenee ne ntease so” no yɛ adwene a wɔatow mu ho adanse ahorow.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, adwene a emu da hɔ a obi wɔ no kyerɛ sɛ ogye nsɛm ne adwen horow afoforo tom. Ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ na wasusuw nsɛm ho a ɛnyɛ sɛ ɔde nyiyim su na ɛyɛ saa.
Ɛdenam kura a yebekura nea eye mu na yɛapow nea enye so no, yebetumi anya adwen horow a egyina nnyinaso pintinn so bere a yɛkɔ so ara ma yɛn adwene mu da hɔ sɛ yɛbɛsan ayɛ nhwehwɛmu bio, sɛ ɛba sɛ yɛn nsa ka ho asɛm foforo wɔ bere foforo mu a no. Obi a ɔte nka sɛ wasua biribiara no betumi ahu sɛ saa su yi remma onsua ade bio.
Nea Enti a Nkurɔfo Nya Adwene Ahorow a Wɔatow Mu
Ebia adwene a wɔatow mu bɛkyerɛ nimdeɛ a wonni. Ebia na yenim asɛm bi ho biribi kakra anaasɛ yɛate asɛm bi a wɔadan ani anaasɛ enni mu ma enti yɛn nsa rentumi nka nokwasɛm ahorow a ɛho hia a yɛde besi gyinae ahorow a ɛfata no. Sɛ nhwɛso no, sɛ wote Germany na wugye di sɛ obiara ofi Berlin ano yɛ den a, bisa wo ho sɛ nnipa baahe a wofi Berlin na wunim wɔn. So wɔdɔɔso a wubetumi de wɔn abu nnipa ɔpepem pii atɛn pɛpɛɛpɛ? Ebia susuw a wubesusuw ho yiye no bɛma woahu sɛ woahyia wɔn a wɔn ano yɛ den pii a wofi Hamburg, Frankfurt anaasɛ Munich sen wɔn a woahyia wɔn a wofi Berlin.
Ebia w’adwene a woatow mu no bɛkyerɛ anigye a wunni wɔ asɛm no ho anaasɛ pɛ a wompɛ sɛ wobɛhwehwɛ asɛm no mu. Wɔ nokwarem no, ebetumi ayɛ adwenem basaayɛ anaasɛ naayɛ ho sɛnkyerɛnne mpo. Sɛ nhwɛso no, sɛ yentumi nkyerɛkyerɛ yɛn nyamesom mu adwene horow mu a, ebia yebehu sɛ yɛkasa tia wɔn a wogye yɛn gyidi horow ho kyim no a ɛnyɛ sɛ yɛde nsɛm a ntease wom na ɛyɛ saa na mmom yɛde patapaasɛm. Eyi kyerɛ afoforo ho adwemmɔne a yɛanya ne yɛn adwene a yɛatow mu.
Ebia yɛn adwene a yɛatow mu bɛkyerɛ ɔpɛ a pɛsɛmenkominya wom a yɛwɔ sɛ yebekura hokwan ahorow bi a adwene a emu da hɔ bɛma yɛahwere no mu. Wɔ aman horow bi mu no wɔhyɛ mmusua ahorow ahorow bi so sɛnea ɛbɛyɛ a mmusua afoforo no betumi anya hokwan ahorow bi. Esiane sɛ wɔmpɛ sɛ wɔne afoforo bɛkyɛ eyi nti, mmusua ahorow a wodi yiye no dan kɔ afoforo ho adwemmɔne a wonya so a ɛne sɛ “yeye sen mo” no so, bere a wɔtow wɔn adwene mu wɔ adanse ahorow a ɛne eyi bɔ abira nyinaa ho no.
So w’adwene mu da hɔ araa ma ebetumi ama woahu sɛ ebia wonte saa? Mfaso bɛba hwehwɛ a wobɛhwehwɛ mu no so. Bere a adwene a emu da hɔ betumi ayɛ mfaso ama wo no, ɛkame ayɛ sɛ adwene a woatow mu no betumi apira wo.