Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 4/8 kr. 22-25
  • Mfaso Asia a Ɛwɔ Adwene a Emu Da hɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfaso Asia a Ɛwɔ Adwene a Emu Da hɔ So
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 Ɛma Asetra Yɛ Anigye
  • 2 Ɛboa ma Wunya Akwahosan Pa
  • 3 Ɛma Adwene Mu Nkɔso
  • 4 Ɛboa Ma Yedi Ɔhaw Ahorow Ho Dwuma
  • 5 Ɛma Wone Afoforo Nya Abusuabɔ Pa
  • 6 Mfaso a Ɛho Hia Sen Biara
  • Adwene A Emu Da Hɔ Anaasɛ Adwene A Wɔatow Mu—Nea Ɛwɔ He Na Wowɔ?
    Nyan!—1985
  • Adwene A Emu Da Hɔ Hia Ma Wɔsɔ Onyankopon Ani
    Nyan!—1985
  • Mo Adwenem Ntew—Awiei No Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Wowɔ Ɔpɛ Sɛ Wubetie Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 4/8 kr. 22-25

Mfaso Asia a Ɛwɔ Adwene a Emu Da hɔ So

WƆ MFASO pii a ɛwɔ adwene a emu da hɔ so mu no, yɛbɛpɛ sɛ yesusuw asia ho. Susuw ho hwɛ sɛ ebia wubetumi anya mfaso anaasɛ anigye kɛse wɔ asetra mu denam adwene a emu da hɔ a wubenya wɔ saa asɛm titiriw yi mu no so.

1 Ɛma Asetra Yɛ Anigye

Wokae bere a na woyɛ abofra no? Hwɛ sɛnea na asetra yɛ anigye! Hwɛ sɛnea na ɛyɛ anigye sɛ wobɛhwehwɛ ade foforo biara a wuhu no mu. Na wote sɛ​—nea mmofra pii te ​—no, wɔn adwene mu da hɔ, wogye adwen horow foforo biara tom. Ná wunnim nea afoforo ho adwemmɔne a wonya no kyerɛ.

Nanso so woakura su a ɛyɛ adwene a emu da hɔ wɔ nneɛma afoforo ho yi mu? Anaasɛ so woabɛyɛ te sɛ ɔhɔho kwantufo bi a onwiinwii sɛ onnya aduan a onim di wɔ ne kurom nni no? Wɔ nokwarem no, ahwɛyiye a wobɛyɛ wɔ aduan ne nsu ho sɛnea ɛbɛyɛ a worenyare no ye nea ɛho hia. Sɛ nhwɛso no, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛnom tumpan mu nsu nkutoo na ne titiriw no, ɛsɛ sɛ wukwati nnuadewa a wɔannoa ne salad a wubedi wɔ nsase a ɛso yɛ hyew so. Nanso wɔ ɛno akyi no, anyɛ yiye koraa no, dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɛbɔ mmɔden adi ɔman no mu aduan no bi ahwɛ? Wɔn a wɔte ɔman no mu no adi eyi mfe pii. Ebia worenhu ade a worehwere no!

Na wote nka dɛn wɔ aman afoforo amammerɛ ahorow ho? Ebia wɔ wo fam no, ɛyɛ soronko wɔ ɔkwan bi so. Nanso “soronko a ɛyɛ” no nkyerɛ sɛ “ɛba fam.” Ɛyɛ adwene a wɔatow mu na ɛkyerɛ sɛ “ɔkwan a yɛnam so yɛ nneɛma ahorow no na eye.” Enti ɛwom sɛ ebia woda so ara pɛ sekan ne adinam a wɔde didi sen Chinesefo nnua a wɔde di ɔmo no de, nanso wubenya anigye wɔ asetra mu, sɛ wusua sɛnea wɔde didi a.

Dɛn nti na wompɛ sɛ wone mmusua afoforo mufo bɛbɔ fekuw esiane sɛ ɛsono wɔn asetra kwan nti? Germani bi a owiee Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no kae sɛ na ɔne nnipa a wofi aman ahorow mu ntraa faako da kosii sɛ ɔkɔɔ asɛmpatrɛw sukuu yi wɔ 1962 mu. Ɔkae sɛ “Na meka sukuufo a wofi aman ahorow 50 mu ho, na na wofi mmeae horow a ɛhɔ ware te sɛ Japan, Papua New Guinea, Congo, Argentina ne India. Mfiase no na m’ani nnye wɔn ho papa nanso wɔ bere bi akyi no, misuaa sɛnea m’ani begye wɔn ho. Na ɛyɛ osuahu a ɛmaa m’ani gyee kɛse wɔ m’asetra mu na ebuee m’adwene mu.” Wo nso w’asetra bɛyɛ nea atirimpɔw wom kɛse sɛ woma w’ani gye nsonsonoe ahorow a wohu wɔ adesamma abusua mu no ho a.

2 Ɛboa ma Wunya Akwahosan Pa

Aduru a ebetumi asa yare korakora yɛ nea onipa ankasa nsa rentumi nka mprempren anaasɛ daakye. Nanso yɛn nsa bɛka ɔsoro mmoa. Ɛrenkyɛ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no beyi nnɛ adesamma abusua a ɛyare wɔ honam mu ne abrabɔ mu nyinaa no afi hɔ. Afei “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: magurow!”​—Yesaia 33:24.

Mprempren yɛhwehwɛ sɛ yebenya bere tiaa mu ahotɔ bere a honam fam nyarewa ahorow aka yɛn no. Nnuruyɛ ahorow pii wɔ hɔ a wubetumi apaw bi. Bere a yekura adwene a emu da hɔ no, yɛrenkasa ntia emu biara kwa esiane sɛ ɛnyɛ ɔkwan a wɔtaa fa so de di dwuma nti. Yebehu nso sɛ ebia nea ebetumi asa obi yare no rentumi nyɛ saa mma ɔfoforo. Enti ɛwom sɛ yɛbɛhwɛ yiye sɛnea ɛfata de, nanso adwene a emu da hɔ bɛma yɛahu nnuruyɛ ahorow pii a yɛbɛpaw mu bi asen sɛnea adwene a wɔatow mu bɛma yɛahu no.

Adwene a emu da hɔ boa yɛn ma yekura anigye su mu. Afoforo ho adwemmɔne a wonya ne nitan ma adwene a wɔatow mu yɛ kɛse. Ɛyɛ nea ɔdɔ nni mu ma enti ɛka wo akwahosan. Sɛnea adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo biako kae no: “Ɛnyɛ den sɛ yebenya afoforo ho tan, nanso ɔdɔ a yeyi adi kyerɛ no ma ahoɔden.” Yiw, nnɛyi aduruyɛ ahu Bible mu nokware a ese “adwene a hwee nhaw no no ma ɔhonam no ahoɔden” na “anigye koma yɛ aduru pa” no.​—Mmebusɛm 14:30; 17:22, Revised Standard Version.

3 Ɛma Adwene Mu Nkɔso

Akontaabu kyerɛ sɛ w’adwene wɔ tumi a etumi kaekae nsɛm ahorow mpɛn 10,000 sen nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Encyclopaedia Britannica mu! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wusiw tumi kɛse yi ano denam w’adwene mu a wobɛtow a ɛremma wuntumi nnya nimdeɛ pii no so?

Adwene a wɔtow mu mma adwene no ntumi nnya nkɔso. Eyi yɛ nea asiane wom efisɛ adwene a wɔtow mu ntumi nteɛ nsusuwii ne adwen horow a ɛnteɛ anaasɛ enye so. Nea ɛne eyi bɔ abira no, adwene a emu da hɔ ma obi ho tumi kokwaw na ɛma onya adwene a ɛkari pɛ. Ɛboa yɛn ma yenya nsɛm pii a ɛbɛma yɛagyina so asi gyinae ahorow. Enti ɛda adi kɛse sɛ ɛno bɛma gyinae ahorow a yebesisi no ayɛ nea ɛteɛ.

4 Ɛboa Ma Yedi Ɔhaw Ahorow Ho Dwuma

Sɛ yebetumi adi ɔhaw ahorow ho dwuma yiye a, ɛho hia sɛ yefi yɛn pɛ mu gye afotu a nyansa wom tom. Mmebusɛm 15:22 ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.” Adwene a emu da hɔ boa yɛn ma yegye wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia, nnipa a yɛne wɔn yɛ adwuma, wɔn a yɛne wɔn te na yɛne wɔn bɔ fekuw no afotu tom. Eyi tumi ma yewie nea yɛyɛ na edi nkonim.

Adwene a emu da hɔ bɛboa yɛn ma nhwɛso a obi yɛ no ama yɛagye n’afotu atom bere a nea ɔde ma no nnim saa nokwasɛm yi mpo no. Eyi ho nhwɛso ne asɛm bi a Kristoni ɔsɛmpatrɛwfo bi yere taa ka kyerɛ ne kunu bere a ɔyɛ basaa esiane ɔkwan a nnipa fa so yɛ wɔn nneɛma nti no. Ɔkae no sɛ: “Kae sɛ wubetumi asua biribi afi obiara hɔ​—sɛ ɛnyɛ ade a ɛsen ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribi no a.”

Yiw, yebetumi anya mfaso kɛse afi yɛn adwene mu a yɛrentow wɔ afoforo nsusuwii ne wɔn abrabɔ ho no mu. Ɛdenam yɛn adwene mu a yɛbɛma ada hɔ na ‘yɛasusuw wɔn abrabɔ awiei’ ho so no, yebetumi asuasua anaasɛ yɛakwati wɔn adeyɛ kwan.​—Fa toto Hebrifo 13:7 ho.

5 Ɛma Wone Afoforo Nya Abusuabɔ Pa

So wunyaa adwen horow bi ntɛm ara a akyiri yi ɛbɛdaa adi sɛ ɛnteɛ? Hwɛ sɛnea w’ani wui. Nanso nea enye koraa mpo no, hwɛ yaw a wudii, sɛ eyi maa ɔhaw a emu yɛ den sɔree wɔ w’aware anaasɛ adamfofa a w’ani gye ho kɛse mu a. Adwene a emu da hɔ remma wonkyerɛ w’adwene wɔ asɛm no ho ansa kosi sɛ wo nsa bɛka adanse no nyinaa. Anka eyi bɛma wɔatwɛn kakra ansa na woakasa. Asɛm a Bible no ka fa eyi ho wɔ Mmebusɛm 18:13 a nyansa wom ne sɛ: “Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.”

Ɛyɛ ampa sɛ ɛyɛ den sɛ yɛne nnipa a wonni afoforo ho koma na wogyina sɛnea wohu nneɛma so hu biribiara na wɔmma nsonsonoe a ɛwɔ nsusuwii ne nneɛma a wɔpɛ mu ho kwan no benya abusuabɔ pa. Na nsonsonoe bɛn na ɛda afoforo ho koma a wonni ne adwene a wɔtow mu ntam?

Wɔ nokwarem no, ɛnsɛ sɛ adwene a emu da hɔ yɛ nea emu da hɔ araa ma enti ebu ani gu abrabɔ mu nnyinasosɛm ahorow so na enya adwene a ɛkyerɛ sɛ “biribiara ye” no. Nanso mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛte obi ase denam adwene a emu da hɔ so nkyerɛ sɛ yebu yɛn ani gu ne nneyɛe bɔne ahorow so. Ne tiaa ne sɛ, yɛrebɔ mmɔden ahu nea enti a osusuw anaasɛ ɔyɛ ade sɛnea ɔyɛ no. So mfomso no bi wɔ hɔ a emu nyɛ den? So ebetumi ayɛ ɔkwan a wɔfaa so tetee no, faako a ofi anaasɛ nneɛma a atwa ne ho ahyia nti? So ebetumi ayɛ nimdeɛ a onni nti?

Bere a yɛma yɛn adwene mu da hɔ wɔ afoforo mfomso ne mmerɛwyɛ ahorow ho’ no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebeyi mmɔborohunu adi akyerɛ wɔn. Ɛrenyɛ den sɛ yebeyi Kristofo dɔ adi akyerɛ wɔn na yɛaboa wɔn ma wɔasakra wɔn nneyɛe ne wɔn su ahorow a enye no. Ɛbɛma yɛanya abusuabɔ a eye.

6 Mfaso a Ɛho Hia Sen Biara

Mfaso a ɛto so asia a ɛwɔ adwene a emu da hɔ so no yɛ nea ɛho hia araa ma ɛfata sɛ yesusuw ho kɛse. Ɛno nso fa abusuabɔ a yɛne afoforo benya ho a ɛfa yɛne yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba a ɔyɛ yɛn Gyefo Kristo Yesu no ho.

Bere a abusuabɔ a yɛne yɛn yɔnko wɔ ho hia no, aboro so koraa no ebetumi akyerɛ nsonsonoe a ɛda anigye ne awerɛhow ntam. Abusuabɔ a yɛne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo wɔ no kyerɛ nsonsonoe a ɛda nkwa ne owu ntam! Hwɛ emu nkyerɛkyerɛmu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena