Asɛm No Ho Dawuru A Wɔbɔ Wɔ Ɔkwan A Ɛso So
MFIRIHYIA 100
“YEHOWA Adansefo Bɔ ‘Asɛm’ no ho dawuru wɔ ɔkwan a Ɛso So.” Saa na Amerikafo aguadi ho nsɛmma nhoma In-Plant Reproductions kaa Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no nhoma tintim adwuma ahorow no ho asɛm. Ɛkɔɔ so sɛ: “Ɛdenam wɔn a wɔatu wɔn ho ama a wɔde wɔn yɛ adwuma so no, adwuma yi tintim nhoma ahorow ɔpepem pii wɔ kasa ahorow 190 mu.”
Ɔkyerɛwfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Wofi United States ne wiase nyinaa na wɔba adwuma yi mu. Wɔn a wɔwɔ adwuma no ho nimdeɛ na wɔn ho akokwaw kyerɛkyerɛ wɔn tintim mfiri a aba nnansa yi ara ho nneɛma nyinaa na nna dodow biara a wodi wɔ hɔ no, wonya . . . ntetee. . . . Ɛnyɛ sika nti na wɔpɛ adwuma no.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
“Ɛnyɛ sika nti na wɔyɛ adwuma no”? Ebia eyi bɛma nnipa bi a wogye di sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛyɛ adwuma denneennen te sɛ Yehowa Adansefo bere a wontua ne ka sɛ ɔnyɛ saa no ho adwiriw wɔn.
Efi bere a wɔde hyɛɛ mmara ase bɛyɛ mfe 100 a atwam ni wɔ December 13, 1884 mu wɔ Pennsylvania no, Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no akɔ so “abɔ Bible mu nokware ahorow no ho dawuru wɔ kasa ahorow pii mu denam nhomawa, nkratawa ne nkrataa ne nyamesom mu nhoma ahorow a wotintim no so,” sɛnea wɔada no adi wɔ ne mfitiase mmara no mu no. Bio nso, wɔde Asafo no ahyɛ mmara ase sɛnea Adwuma a Ɛnhwehwɛ Mfaso ho mmara a ɛwɔ Pennsylvania Ɔmansin no mu hwehwɛ no. Enti wɔ mmara kwan so no, ɛrentumi nyɛ adwuma a ɛpɛ mfaso.
Obiara nni hɔ a obetumi de Asafo yi apɛ mfaso, efisɛ Asafo no mmara a Ɛto So V kyerɛ sɛ: “(Asafo no) hwehwɛ sɛ ebenya mfaso wɔ ɔkwan biara so ama emufo, ne mpanyimfo anaasɛ n’adwumayɛfo.” Wɔma wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Asafo ti no dwumadibea a ɛwɔ New York no nyinaa aduan, dabere ne sika kakraa bi pɛ a wɔde totɔ nneɛma a ehia wɔn—ɛmfa ho sɛ wɔka Sodikuw no mufo 14 no ho anaasɛ wɔka wɔn a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma wɔ nhoma tintimbea no ho anaasɛ wɔyɛ wɔn a wosiesie hɔ anaasɛ wɔyɛ adwuma wɔ Asafo ti no mfuw ahorow no mu. Wonni asɔfo a wotua wɔn ka.
Wɔn a wɔatu wɔn ho ama a wɔboro 3,000 no nyinaa di atirimpɔw nti a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no wɔ hɔ no ho dwuma—sɛ emufo “nka Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase no ho asɛmpa nkyerɛ amanaman nyinaa na wonni Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ YEHOWA no din, n’asɛm ne ne kɛseyɛ ho adanse; wontintim na wɔnkyekyɛ Bible ahorow na wɔmmɔ Bible no mu nokware ahorow no ho dawuru wɔ kasa ahorow pii mu na wɔmma mmarima, mmea ne mmofra nnya adwene ne abrabɔ mu nkɔso denam Kristofo asɛmpatrɛw adwuma no ne ɔdɔ ne ayamye mu a wobefi de Bible no akyerɛkyerɛ nkurɔfo no so.”—Wɔfa fii Asafo no mmara no mu.
So Wɔayɛ Saa?
Wɔ mfirihyia 100 a atwam ni no mu, efi December 13, 1884 no, so Bible Asafo yi atumi adi ne mmara mu atirimpɔw a ɛne sɛ ɛbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no akyerɛ amanaman nyinaa no ho dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so? Nsɛmma nhoma a wukura yi a faako a wote wɔ wiase no mu anaasɛ kasa ko a woka mfa ho no ma asemmisa yi ho mmuae tiaa sɛ “Yiw.” Wɔ 1879 mu no na wotintim Ɔwɛn-Aban no bɛyɛ 6,000 ɔsram biara wɔ Engiresi kasa mu nkutoo. Mprempren wotintim Ɔwɛn-Aban a ɛba biara no bɛboro ɔpepem 10 wɔ kasa ahorow 102 mu na wotintim Nyan! a ne dodow bɛyɛ ɔpepem 9 wɔ kasa ahorow 54 mu.
Nanso so Asafo yi ayɛ Bible Asafo ankasa? Efi 1896 no, atintim Bible nkyerɛase ahorow ason a King James ne American Standard Version nkyerɛase ahorow no ka ho. Nanso ade titiriw a wɔatumi ayɛ wɔ Bible tintim adwuma no mu ne tintim a wɔatintim New World Translation of the Holy Scriptures a wodii kan yii no adi wɔ 1950 mu na woyii no adi sɛ nhoma mũ wɔ 1961 mu no. Mprempren wɔakyerɛ nhoma mũ no nyinaa anaasɛ ne fã bi ase akɔ kasa ahorow foforo du mu. Woatintim ɔpepem 40 wɔ mfe 23 a atwam no mu.
Ahyehyɛde Titiriw a Ɛsen Biara wɔ Afeha a Ɛto So 20 Yi Mu
Mprempren Yehowa Adansefo reka asɛmpa no wɔ nsase 203 so ne wɔ kasa ahorow bɛboro 190 mu. Adansefo bɛboro 670,000 wɔ United States na bɛboro 100,000 wɔ aman te sɛ Federal Republic of Germany, Italy, Mexico, Nigeria ne Brazil biara mu. Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no wɔ baa dwumadibea ne nhoma tintimmea ahorow wɔ wiase nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ Bible Asafo a anya mfirihyia 100 yi yɛ den na ɛkɔ so yɛ adwuma kɛse sen bere biara! Wɔ eyi mu no, ɛsɛ sɛ yɛde ɛho nkamfo no ma Yehowa Nyankopɔn.—Sakaria 4:6.
Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ w’ani gye Yehowa Adansefo ne wɔn nkɔso no ho? Efisɛ wɔne Kristofo ahyehyɛde koro pɛ a wɔ nokwarem no, ‘wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba.’ (Mateo 24:14) Esiane sɛ Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho reba abegye adesamma nsɛm mu bio na ɔde mprempren nneɛma nhyehyɛe a asɛe yi aba awiei nti, ɛkyerɛ sɛ wɔ nokwarem no, Yehowa Adansefo ne wiase nyinaa ahyehyɛde titiriw a ɛsen biara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu ma onipa nkwagye. Ɛno nti na yegye di sɛ ɛsɛ sɛ wode adwene a emu da hɔ hwehwɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe ahorow mu no.—Luka 21:34-36; 2 Petro 3:8-13; Hesekiel 33:6-9; Yesaia 43:9, 10.
Nanso ebia wubebisa sɛ, Ɛyɛɛ dɛn na wotumi yɛɛ nea wɔayɛ wɔ mfirihyia 100 mu yi? Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa Adansefo tumi bɛyɛɛ wiase nyinaa ahyehyɛde wɔ afeha a atwam no mu?