Nnɛyi Abɔrehude Ahorow A Wɔde Dii Dwuma Bɔɔ Asɛmpa No Dawuru
MFIRIHYIA 100
SƐ NÁ wote ase wɔ mfirihyia 100 a atwam ni no mu a, so anka w’ani begye? Nokwarem no, na asetra yɛ soronko koraa wɔ saa bere no mu. Ná anyinam akanea nni afie mu na na radio ne TV nni hɔ. Ná wonni kar ahorow. Ná wɔde nteaseɛnam a apɔnkɔ twe, gyabiriw keteke anaa po so ahyɛn na etu kwan—wimhyɛn biara nni hɔ. Sɛ́ anka wɔde nnɔnhwerew abiɛsa kosi ason betwa Atlantic po no, na egye wɔn adapɛn abien kosi abiɛsa. Nanso ɛhyɛɛ abɔrehude ahorow akɛse a ankyɛ biara ɛsakraa asetra kwan a na wodi akyi no nso nsow.
‘Wɔ Asram Asia Mu no Ɛbɛdan Nnade Gow’
Ná 1884 yɛ afe titiriw esiane nneɛma ahorow pii nti. Nea ɛyɛ anigye no, abakɔsɛm nhoma The People’s Chronology ka nneɛma atitiriw abien a wɔyɛe saa afe no ho asɛm. Nea edi kan no ka sɛ: “Tintim afiri a afiri ho ɔdenimfo Ottmar Mergenthaler a wadi mfe 30 a ofi Germany-Amerika yɛe no bɛma nsakrae kɛse aba nnwuma ahorow a etintim atesɛm nkrataa no mu.” Nea ɛto so abien ne: “Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a Charles Taze Russell ahyehyɛ sɛ ɔnam so betintim ne nhoma, nkratawa ahorow ne nhoma ahorow a ɛba wɔ bere ne bere mu no. Russell . . . ka sɛ wiase no abɛn ɔsɛe wɔ ɔko kɛse bi a wɔfrɛ no Harmagedon mu.”
Ade biako bɛn na ɛda adi wɔ nneɛma abien a abakɔsɛm aka ho asɛm yi mu? Wɔ mfe 36 mu, efi 1884 reba no, na nnipa afoforo a wotintim Bible nhoma ahorow ɔpepem pii ma Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no. Nanso wɔ 1920 mu no, Asafo no sii gyinae sɛ ebetintim n’ankasa nsɛmma nhoma. Nhyehyɛe yi nso kyerɛ sɛ awiei koraa no, ɛsɛ sɛ wɔtɔ tintim mfiri ahorow. Na Mergenthaler afiri a ɔyɛe wɔ 1884 mu a ɛma wotumi tintim nhoma ntɛmntɛm no ho aba mfaso wɔ nhoma tintim adwuma no mu na mprempren ayɛ mmoa kɛse wɔ asɛmpa no ho dawuru a wɔbɛbɔ no ntɛmntɛm no mu.
Wɔ 1922 mu no, Asafo no sii gyinae sɛ ebetintim n’ankasa nhoma ne Bible ahorow. Wɔn a wotintim nhoma ne nhomapamfo a wɔwɔ ɔman no mu no ani annye ho. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wɔtɔɔ mfiri ahorow a ebi yɛ nea wode tintim nhoma ahorow na ebi yɛ nea wɔde pam a emu pii yɛ foforo. Nhoma tintim adwuma biako a na agye din a na etintim Asafo no nhoma ahorow pii no titrani huu mfiri no na ɔkae sɛ: ‘Hwɛ mo ankasa moanya mo nhoma tintimbea a ɛyɛ nea edi mu sen biara no mu biako, nanso obiara nni ha a onim biribi fa nea mode bɛyɛ ho. Wɔ asram asia ntam no, ade mu no nyinaa bɛdan nnade gow; na mubehu sɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wotintim mo nhoma horow no ma mo no ne wɔn a wɔyɛ saa bere nyinaa a wɔde ayɛ wɔn adwuma no.’”
So adwumawura yi nsɛm a ɔkae no baa mu? Nea ɛne eyi bɔ abira no, adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wɔwɔ Asafo no ti dwumadibea hɔ no suaa ho ade ntɛmntɛm. Mfiase no na nhoma 2,000 pɛ na wotumi pam da koro. Ebeduu 1927 mu no, na ne dodow adu 12,000 dakoro—nanso na mfaso foforo afi mu aba! Sɛ nnwuma afoforo tintim nhoma horow no a, na ɔmanfo tua sɛnt 50 kosi 75 wɔ ho! Sɛ Asafo no adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no tintim a, wotua sɛnt 25 wɔ nhoma horow a wɔatintim na wɔakyekyɛ no mu biara ho! So atirimpɔw no ne sɔ wɔbɛpɛ mfaso? Akontaa a wɔabu a ɛwɔ atifi hɔ no ma wuhu.
Bere a Wofii Ase Yɛɛ Gramafon ne Sini Ahorow
Wɔ 1887 mu no, Thomas Edison yɛɛ afiri bi a wɔde bɔ mpaawa ahorow. Wɔ saa afe koro no ara mu no, Emile Berliner kɔɔ anim kakra bere a ɔyɛɛ afiri bi a wɔde paane hyɛ ano bɔ mpaawa ahorow no. Ɛno na ɛde gramafon anaasɛ afiri a wɔde bɔ nnwom no bae. Wonyaa nkɔso kɛse a ɛte saa ara wɔ sini ahorow a wɔyɛ mu. Wɔ 1896 mu no, woyii sini a edi kan a wɔnkasa wom kyerɛɛ ɔmanfo wɔ United States.
Wɔ mfe 16 akyi pɛ no, Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no de abɔrehude ahorow abien yi dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka Ahenni no ho asɛmpa no ntɛmntɛm. Wɔ 1912 mu no, wofii adwuma foforo bi ase. Nhoma Where Else but Pittsburgh! kaa ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ sini a edi kan. Wɔtoo din sɛ ‘Adebɔ ho Ɔyɛkyerɛ Mfonini,’ na na ɛwom sɛ ɛbae mfe 15 ansa na wɔreyɛ sini ahorow a onipa no kasa wom ma wɔte de, nanso na ɛyɛ sini ahorow a onipa no keka ne ho wom ne nea ɔnkeka ne ho wom a ɔkasa a wɔakyere agu afiri so ka ho. Na wɔakyekyem ahorow anan na na egye nnɔnhwerew awotwe, na nnipa bɛyɛ 8,000 000 na wɔhwɛe. Ɛma wotumi dii adanse kɛse fi 1914 reba no.
Wɔde Marconi Abɔrehude no Kaa Asɛmpa No
Guglielmo Marconi nam radio so dii kan tee nsɛm fii Atlantic po no akyi wɔ 1901 mu. Nanso wɔ 1920 mu ansa na KDKA a ɛyɛ radio dwumadibea a edi kan a efii ase yɛɛ adwuma da biara da wɔ wiase nyinaa no fii ase sɛ ɛbɛbɔ nsɛm ho dawuru afi Pittsburgh apuei fam. Enti hwɛ sɛnea pii a wɔwɔ Pennsylvania, New Jersey ne Delaware no ho dwiriw wɔn bere a wɔ 1922 mu no, wɔtee J. F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no nne sɛ ɔrema ɔkasa a ne ti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ Renwu Da” no. Nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa koraa no yɛ nea yebetumi abu wɔ asɛm titiriw a wɔde yɛɛ asɛmti wɔ Philadelphia Record mu no: “Wɔbɔɔ Ɔtemufo Rutherford Ɔkasa no ho Dawuru fii Metropolitan Opera House. Ɔkasa Guu Radio Afiri Mu. Wɔnam Bell Telefon Nhama so Maa Asɛm no Twaa Akwansin Pii kɔɔ Howllet [Radio] Dwumadibea.”
Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no huu sɛ wobetumi abɔ Ahenni ho asɛmpa no ho dawuru ntɛm denam radio a na ɛregye din kɛse so ntɛm ara no. Enti wɔ 1922 mu no, Asafo no tɔɔ asase wɔ Staten Island, New York City sɛ ɛde besi n’ankasa radio dwumadibea. Wokogyee ɛho tumi krataa fii aban hɔ na wɔtoo Asafo radio dwumadibea no din sɛ WBBR. Wɔnam so bɔɔ nsɛm ho dawuru nea edi kan wɔ Kwasida, February 24, 1924 mu.
Ná eyi yɛ bere a edi kan a Ɔwɛn Aban Asafo no de radio redi dwuma. Ebeduu 1925 mu no, wɔnam radio dwumadibea foforo a wɔfrɛ no WORD so bɔɔ Bible mu nokware no ho dawuru fii Batavia, Illinois. Awiei koraa no, wosisii radio dwumadibea ahorow pii a wɔnam so bɔ Bible mu dwumadi ne ɔkasa ahorow a wɔakyerɛ agu afiri so ho dawuru wɔ wiase nyinaa. Ebeduu 1933 a na ɛyɛ afe a wonyaa radio dwumadibea a ɛdɔɔso sen biara mu no, na wɔnam dwumadibea ahorow 408 so bɔ asɛmpa no ho dawuru kɔ nsasepɔn asia so!
Bere a wɔnam radio so abɔ asɛmpa no dawuru wɔ mfe 33 akyi no, Asafo no tɔn WBBR wɔ 1957 mu. Dɛn nti na wɔsakraa nhyehyɛe no? Efisɛ afei na Yehowa Adansefo asafo ahorow pii wɔ mmeae horow a wɔnam radio dwumadibea so bɔ asɛmpa no ho dawuru wɔ hɔ, na na wotumi di nnipa no adanse kɛse denam nnipa no afie mu a wɔkɔ no so. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Bio nso, na dwumadibea ne dwumadi ahorow no gye ahoɔden ne sika a wobetumi de ayɛ adwuma wɔ akwan horow so, ne titiriw no wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. Esiane ntease ahorow a ɛte saa ara nti na wɔntaa mfa television nni dwuma kɛse no.
Gramafon Ahorow a Wɔnam So Kaa Asɛmpa No
Nsɛm a wɔakyere agu apaawa so a wɔnam radio so de dii dwuma no ma wofii ase de biribi foforo dii dwuma—gramafon a wɔnam so ka asɛmpa no wɔ afie afie mu. Wɔ 1934 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no maa gramafon a emu yɛ hare ne tete gramafon mpaawa ahorow a wɔnam so de yɛ afie afie asɛnka adwuma yi nyaa nkɔso denam Bible mu asɛm tiaa a wɔde di dwuma no so. Asafo ti no Brooklyn dwumadibea no dii gramafon ahorow titiriw a emu yɛ hare ho adwini na wɔyɛɛ 20,000 wɔ Brooklyn dwumadibea hɔ! Enti bere a Asafo no gyaee radio dwumadibea ahorow a wɔnam so bɔ asɛmpa no ho dawuru wɔ 1937 mu no, gramafon a wɔde di dwuma no sii ɛno ananmu.
Nanso ebeduu 1944 no, na Yehowa Adansefo ho akokwaw kɛse wɔ ɔkasa a wɔn ankasa de ma mu, enti wogyaee gramafon a wɔnam so yɛ adwuma no. Te sɛ radio no, na saa abɔrehude yi adi n’atirimpɔw ho dwuma awie.
Afiri Soronko Bi
Sɛnea sumpii tintim afiri no de nsakrae kɛse baa nhoma tintim adwuma no mu wɔ 1884 mu no, saa ara nso na nnɛyi tintim mfiri ahorow a wɔyɛɛ pii wɔ 1960 mfe no mu no nso ayɛ. Ankyɛ biara na nnɛyi tintim mfiri ahorow no ma wogyaee sumpii tintim afiri a wɔde yɛ adwuma no. Nhwɛso a ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ nnɛyi tintim afiri so ne sɛ nhoma a ekura nkratafa 600 a egye afe ansa na wɔnam kan kwan no so atintim awie no yɛ nea wɔde nnɛyi tintim afiri tintim wɔ nnɔnhwerew 12 mu!
Ná Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no rehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ saa adwuma yi mu na wofii ase de nnɛyi tintim afiri dii dwuma bere a na wɔadi emu ɔhaw ahorow pii ho dwuma awie no. Efi 1978 reba no, Asafo no de nnɛyi tintim mfiri ahorow na ɛyɛ adwuma na ayɛ n’ankasa MEPS tintim afiri anaa Computer tintim afiri a edi kasa horow pii ho dwuma.a Ɛyɛ tintim afiri a ɛkɔ anim yiye wɔ wiase nyinaa no mu biako.
Dɛn nti na Asafo no de ne ho ahyɛ computer a wɔde di dwuma mu kɛse ma enti adu baabi a anya n’ankasa adwumayɛbea a wɔyɛ ho nhwehwɛmu wɔ hɔ? Amanneɛbɔ titiriw bi ma yenya,ho adwene bi bere a ese: “Hwehwɛ a Ɔwɛn Aban Asafo no hwehwɛ nea edi kasa horow pii ho dwuma no betumi akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obiara a ɔtɔn bi no yɛ nsakrae kɛse wom ma wɔn anaasɛ odi ho adwini foforo ma wɔn mpo. . . . Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma tintim adwuma no tintim nhoma ne nkratawa ahorow ɔpepehaha pii afe biara. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wotintim nhoma ahorow yi wɔ kasa ahorow pii mu ma wɔkyekyɛ wɔ wiase nyinaa no na ama ɔhaw ahorow a ɛyɛ soronko a ɛwɔ nhoma tintim adwuma no mu aba no.”
Ɔhaw ahorow yi yɛ nea Yehowa Adansefo redi ho dwuma ma enti ebeduu January 1, 1985 no wotintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu nsɛm wɔ ɔkasa atitiriw ahorow pii mu wɔ bere koro mu. Esiane nkɔanim kɛse yi nti, akenkanfo a wɔwɔ wiase nyinaa no mu ɔha biara mu nkyem 90 nsa bɛka Bible mu nsɛm a ɛho hia wɔ bere koro mu.
Mmoa Foforo
Ade a ayɛ akwanside kɛse wɔ aman ahorow pii mu wɔ mfe pii mu ne akenkan a wonnim anaa akenkan kakraa bi a wonim no. Eyi amma nnipa koma pafo pii anhu Bible no.
Ɛwom sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no agyina akenkan ho sukuu akyi wɔ mfedudu pii mu wɔ wiase nyinaa de, nanso ahu hia a ɛho hia sɛ ɛde nkɔanim afoforo a woanya wɔ mfiridwuma mu no bedi dwuma de atrɛw Bible mu nimdeɛ mu—mfiri a wɔde kyere ɔkasa ne cassette ahorow. Enti Asafo no yɛɛ dwumadibea a ɛhwɛ ɔkasa a wɔkyere gu afiri so wɔ 1978 mu. Efi saa bere no reba no, wɔayɛ cassette ahorow bɛboro ɔpepem 18!
Wɔyeyɛɛ dwumadibea ahorow a wɔkyere ɔkasa gu afiri so wɔ hɔ na ama wɔadi ahiade ahorow atitiriw a ɛne Bible a wɔkenkan na wɔkyere gu afiri so, Bible drama ahorow ne Kristofo nnwom ho dwuma. Esiane eyi nti, Yehowa Adansefo asafo ahorow nyinaa a ɛwɔ wiase nyinaa betumi atow wɔn Kristofo nnwom ahorow no bere a wɔrebɔ nnwom koro no ara a wɔde sanku nkutoo bɔ a wɔakyere agu afiri so no. Nnwom koro yi ara a wɔfrɛ no Ahenni ho Nnwom anaasɛ Kingdom Melodies nso wɔ hɔ a wɔde di dwuma kɛse wɔ wiase nyinaa. Nnipa pii a anifuraefo ka ho renya Bible no ho anisɔ kɛse denam Bible mu nhoma ahorow mu nsɛm a wɔakyere agu afiri so wɔ wɔn ankasa kasa mu a wotie so a nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ a anifuraefo tumi de wɔn nsa kenkan ka ho no.
Nnansa yi, adwumawura bi a ofi Florida a ɔtɔn mfiri a wɔde yɛ mfiri a wɔde kyere ɔkasa ahorow kyerɛw nea edi so yi bere a wakɔsra Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea a wɔyɛ mfiri a wɔde kyere ɔkasa wɔ hɔ no akyi: “M’ani gyee mo adwuma no nyinaa ho kɛse. Minhuu dwumadibea bi a emu tew na wɔyɛ adwuma yiye wɔ hɔ te sɛ mo de no. Misusuw sɛ nnipa yɛ adwuma yiye na wɔn ani gye nea wɔreyɛ no ho kɛse bere wɔwɔ biribi foforo a ɛkanyan wɔn sen sika no.”
Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no mfirihyia 100 kyerɛwtohɔ no di adanse sɛ ɛde abɔrehude adi dwuma wɔ ɔkwan pa so de adi ne mmara mu atirimpɔw a ɛne sɛ ɛbɛka Onyankopɔn Ahenni nniso no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa no ho dwuma. Nanso wɔanyɛ eyi a wɔanhyia ɔsɔretia a ano yɛ den amfi nyamesom ne amammui mu atamfo hɔ. Ɛyɛ asɛm titiriw a ɛfa nyamesom mu ɔsɔretia a ɛbae wɔ wiase nyinaa no ho sɛnea wubehu wɔ nsɛm ahorow a edi so no mu no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ MBPS ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Awake!, April 22, 1984 nkratafa 21-7 mu.
[Kratafa 6 mfoni]
Wɔde abɔrehude ahorow yi dii dwuma de trɛw Ahenni ho asɛmpa no mu
[Kratafa 7 mfoni]
Nkɔanim ahorow wɔ mfiridwuma ho nimdeɛ mu anya tumi wɔ wiase no nyinaa so