Abusua Mu Nkitahodi—Ɛbɛyɛ Dɛn Anya Nkɔso?
‘ME KUNU nkasa.’ ‘Me yere ntie nea mewɔ ka.’ Saa nsɛm yi yɛ nea awarefo taa ka. Mpɛn pii mmofra te nka sɛ Max a wadi mfe 12 no: “Minsuro sɛ me ne [m’awofo] bɛkasa, na mmom misuro nea wɔbɛyɛ wɔ ho.” Enti komm a wɔyɛ apaapae abusua mufo mu.
Ebia ebinom begye akyinnye sɛ wɔ nsɛm pii mu no, okunu ne ɔyere no ne wɔn ho nhyia koraa; na wɔmfata wɔn ho wɔn ho na nea edi kan no, anka ɛnsɛ sɛ wɔware koraa! Sɛ yɛbɛka no nokwarem a, awarefo pii ammu nantew a edi aware anim aniberesɛm na wɔantumi anto nhyɛase a ɛyɛ den amma nkitahodi ansa na wɔware (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 9 no mu.) Nanso yɛ a aware tumi yɛ yiye no nnyina fata a wɔmfata wɔn ho wɔn ho a wɔka ho asɛm no nkutoo so. Nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse ne sɛ ebia awarefo no befi wɔn pɛ mu agye Onyankopɔn gyinapɛn ahorow wɔ aware ho no atom na wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow adi dwuma anaasɛ wɔrenyɛ saa no. Susuw nsɛm ahorow a Bible no ka fa okununom ne ɔyerenom adwuma ne asɛyɛde ahorow ho no mu kakraa bi ho:
● “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa kununom, sɛ moyɛ ma Awurade.”—Efesofo 5:22, 23.
● “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no, . . . Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.”—Efesofo 5:25, 28.
● “Munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.
Sɛ wɔde saa nnyinasosɛm ahorow yi di dwuma a, wotumi to nhyɛase a ɛyɛ den ma aware mu nkitahodi. Dɛn ntia? Efisɛ okunu a obu ‘dɔ a ɔbɛdɔ ne yere’ no sɛ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama no no bɛpɛ sɛ ɔne no kasa na watie no. Ɔyere a ogye di sɛ osetie a ɔbɛyɛ ama ne kunu no yɛ ahwehwɛde a efi Onyankopɔn hɔ no bɛma akanyan no ma wayɛ saa ara. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi adi ɔhaw ahorow a ɛsɔre wɔ aware mu no ho dwuma? So afotu a efi Bible mu bɛboa wo ma woagyina ano ankasa?
Bere a Nsɛnnennen Sɔre
Aware yɛ adesamma ntam abusuabɔ a emu den sen biara. Wɔ bere tiaa bi mu no, awarefo betumi anya abusuabɔ a emu yɛ den kɛse ma enti wɔn ho mu a woso, hwɛ a wɔhwɛ wɔn ho anaasɛ sɛnkyerɛnne bi ara kwa a wɔyɛ no tumi kyerɛ pii. Nanso awarefo kakraa bi na wɔba tebea a anigye wom yi mu.
Ɔbea warefo kumaa bi kae sɛ: “Na yɛn ho kyerɛ yɛn wɔ sika fam bere a yɛwaree no akyi. Na yɛn dapɛn akatua no nso yɛn di, ɛka yɛn nsa ara a na akɔ yɛn ano, Ná minhyiaa ahokyere a ɛte saa da.”
Nanso awarefo nkumaa yi maa wɔn aware mu ɔhaw ahorow no ano brɛɛ ase denam Kyerɛwnsɛm no a wɔde dii dwuma no so. Okunu no ka sɛ: “Misusuw sɛ na minnim ne nkate horow no ho hwee koraa. Misusuw sɛ na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Nanso manhu sɛ na wayɛ basaa.” Dɛn na wɔyɛe wɔ di a na wonni nkitaho yi ho? Ɔyere no ka sɛ: “Yɛde bere tentɛn bɔɔ nkɔmmɔ. Ɛtɔ bere bi a, nkɔmmɔbɔ no nyɛ anigye nanso ɛboae bere nyinaa.”
Okunu bi a wɔfrɛ no Richard kae sɛ: “Na ɛyɛ den ma me sɛ medi aware mu nhyehyɛe no so. Na yɛn nyinaa yɛ adwuma na na me yere pɛ sɛ meyɛ ofie hɔ adwuma no bi. Nanso minyaa adwene sɛ ɛsɛ sɛ me yere na ɔyɛ biribiara. Wɔ eyi akyi no, na mempɛ sɛ meyɛ biribiara bere a mapɔn adwuma akyi na mmom sɛ megye m’ahome na mahwɛ agumadi ahorow. Enti sɛ mete mpofirim ara sɛ, ‘So wubetumi de ntade no akɔma ntamahorofo?’ a, meka sɛ, ‘W’ankasa horo!’”
Richard ne ne yere fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Bere a ohui sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ‘ɔdɔ ne yere sɛ n’ankasa nipadua’ no, ɛkanyan no ma onyaa ofie adwuma ahorow no mu kyɛfa. Bere a ɔde Onyankopɔn Asɛm susuw nhyɛso ahorow a adwuma de ba ho mpo no, ohuu sɛ ɛyɛ soronko koraa. Ɔka sɛ: “Bere a manya atirimpɔw a ɛbɛma matra ase na mate Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ase no, merenkɔ so nya adwene a ɛnteɛ a manya wɔ adwuma ho no bio.”
Bible no twe adwene si baabi foforo a ɔhawahorow betumi afi aba no so! “Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.” (Yakobo 3:2) Yiw, obiara tumi fom wɔ bere bi mu esiane anifere a yɛnyɛ anaasɛ asɛm a ɛmfra a yɛka mpo nti. Na sɛ nnipa baanu a wɔnyɛ pɛ ka nsɛm a ɛmfata kyerɛ wɔn ho wɔn ho a, ebia wɔn bo befuw.
Nanso dɛn na ɛbɛba sɛ awarefo ma ɔhaw a ɛte saa kɔ so wɔ wɔn aware mu a? Bible no ka sɛ: “Onua a wɔafom no sen kurow dennen, na atutuw te sɛ abankɛse akyi adaban.” (Mmebusɛm 18:19) Ebia nkitahodi no mu betwa na nea ebefi mu aba no bɛyɛ ɔhaw a emu yɛ den a ɛbɛba awarefo no ne wɔn mma nyinaa so. Ampa, abenfo ka sɛ, “awofo ntam ntawntawdi a ɛkɔ so bere nyinaa” no, yɛ nneɛma ahorow a ɛsɛe ade a enya abofra no so nkɛntɛnso kɛse no mu biako.
Nanso afotu a efi Bible mu a wɔde di dwuma no betumi ama ntawntawdi a ɛte saa ano abrɛ ase. Wɔhyɛ okununom sɛ, ‘wɔnnhyɛ wɔn yerenom ahometew.’ (Kolosefo 3:19) Onipa biako nkutoo ne ne ho ntumi nham. Sɛ wo hokafo no yɛ basaa na ne bo fuw a, dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ so ayɛ komm na wode anifere adi dwuma? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne no nyɛ adwene na yi mmɔborohunu adi kyerɛ. Sɛnea Bible ka no: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” (Mmebusɛm 15:1) Abufuw a wode bebua asɛm no ntɛm no bɛma tebea no mu ayɛ den mmom. Eye sɛ wubebisa wɔ ayamye kwan so sɛ: “So mama woayɛ basaa? Dɛn na ɛhaw wo me dɔfo?” Mpɛn pii ɔdɔ ne anifere mu a wubefi abɔ mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wubebu nea ɛde ɔhaw no aba no bɛboa ma woadi ho dwuma. Wɔ ɔkwan foforo so no, wubetumi afi ayamye mu aka akyerɛ wo hokafo no pefee sɛ ne nneyɛe ahorow no ama wo bo afuw anaasɛ abaw wo. Bible no ka sɛ: “Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so. Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho.”—‘Efesofo 4:26, 32.
Okunu kumaa biako suaa sɛnea ɔde afotu yi bedi dwuma. Ɔka sɛ: “Me yere taa yɛ basaa. Enti ɛtɔ bere bi a, ɛyɛ den ma no sɛ ɔne me bɛbɔ nkɔmmɔ komm a ne bo remfuw ankasa. Nanso mabɔ mmɔden sɛ mɛyɛ m’ade ma ɛne ne su yi ahyia, na mehwɛ yiye kɛse wɔ ne nkate horow ho.” Ɛnyɛ sɛ mmɔden a efi ahonim mu a ɛte saa a wobɛbɔ no boa ma asomdwoe tra mo ntam nko na mmom ɛma wo hokafo no bu wo kɛse nso!
Nkitaho a Wɔne Mmofra Di
Ɔba a odi kan a awarefo nkumaa wo no no yɛ asɛnnennen ankasa ma wɔn. Efisɛ abofra a wɔawo no foforo no hia biribi a ɛsen aduan a wɔbɛma no daa ne nsɔwase ahorow a wɔbɛsesa ara kwa. Nhwehwɛmufo ka sɛ mmofra wɔ ɔpɛ a emu yɛ den ma nkitaho a wodi. Ampa, akokoaa ntumi nkasa. Nanso ɔwofo aniwa, ne nsa ne ne ho a ɔde ka no no yɛ pii ma nkitahodi ho kwan bue. Eyi ne asɛm biako nti a ayaresabea ahorow pii nyi mmofra a wɔawo wɔn foforo no mfi wɔn nanom ho bio no. Nhwehwɛmufo bi a wofi Sweden a wɔfrɛ wɔn Winberg ne Chateau ka sɛ: “ Ebia bere a [ɛna ne akokoaa] bɛn wɔn ho wɔn ho kɛse wɔ bere yi mu no benya nyin a abofra no benyin no so nkɛntɛnso tẽe na ebia ɛho bɛba mfaso kɛse ama ɛna no na ahyɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma abofra a wawo no foforo no mu den no, . . . Ɛte sɛ nea bɛn a wɔbɛn wɔn ho wɔn ho yi nya ne su ne ne nkate horow wɔ akokoaa no ahiade ahorow ho no so nkɛntɛnso.”
Dɛn bio na awofo betumi ayɛ na ama nkitaho a wɔne wɔn mma di no afi ase wɔ ɔkwan pa so? Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awofo kasa kyerɛ wɔn mma ‘fi wɔn mmɔfraase.’ (2 Timoteo 3:15) So eyi yɛ nokware? Nhwehwɛmufo Winberg ne Chateau ka sɛ ebia nnwom a wɔtow ne kasa a wɔkasa kyerɛ abofra no ho behia wɔ n’adwene mu ahiade ho dwuma a wodi mu.” Rusiani nhwehwɛmufo M. I.Lisina ka nhwehwɛmu bi a ɛte saa ara a wɔyɛe a wɔ mu no, wofi ɔdɔ mu kasae na wɔserew kyerɛɛ nkokoaa no na wogoruu wɔn ho no ho asɛm. Nea efii mu bae? Wɔ asram abien akyi no, saa nkokoaa yi nyaa “onyin mu nkɔso titiriw bi” sen mmofra afoforo a wɔanyɛ wɔn saa no. Nkitahodi a ɔdɔ wom a ɛte saa no ho ba abofra no mfaso wɔ nkate mu, na sɛnea Ɔdenimfo Lisina kɔ so ka no: “Yegye di sɛ nkitaho a wɔne nnipa afoforo di no ho hia kɛse wɔ bere a [abofra] fi ase sua kasa no mu.”
Adesua ne Ahomegye
Ɛyɛ ade a ɛba bere nyinaa sɛ bere a mmofra renyin no tete a wɔtete wɔn no ho ɔhaw ahorow yɛ kɛse. Enti Kristofo mmusua ahorow pii ahu sɛ eye sɛ wɔbɛyɛ honhom mu nnwuma ahorow ho nhyehyɛe. Eyi betumi aboa kɛse ma nkitahodi ne biakoyɛ anya nkɔso. Nhyehyɛe a ɛte saa no betumi ayɛ nea egu ahorow a ne yɛ nyɛ den na obiara ani gye ho.
Yegye tom sɛ ebia nhyehyɛe a ɛte saa a wɔbɛyɛ no behia sɛ obiara yɛ nsakrae ahorow bi. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika mmeae horow bi no, ɛyɛ nea ɛtaa ba sɛ agya no nkutoo bedidi. Nanso sɛ ɔbɛyɛ Kristoni a, ohu sɛ ɛho hia sɛ ɔhwɛ n’abusua so wɔ adidi mmere mu. Mfaso ahorow bɛn na efi mu ba? Bere a wodidi anɔpa no, wobetumi abɔ Bible mu kyerɛw nsɛm bi anaasɛ asɛmti bi ho nkɔmmɔ na ama ayɛ nhyɛase pa ama da no. Anwummere aduan a “wodi betumi ayɛ bere a wɔn nyinaa de gye wɔn ahome na wɔde kaekae nsɛm a asisi wɔ da no mu na ‘wɔakyekye wɔn ho wɔn ho werɛ.’ (Romafo 1:12) Awofo betumi ahyɛ wɔn mma nkuran ma wɔakyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho.
Bere a wɔde yɛ adesua a anibere wom te sɛ adwuma a wɔde ma sɛ wɔnyɛ wɔn fie ne Bible mu nkɔmmɔbɔ yɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Nanso mommma yɛn werɛ mfi hia a ɛho hia sɛ yegye yɛn ahome no. TV, sini ahorow ne nnwom a wɔakyere agu afiri so yɛ nea mmofra ani gye ho kɛse nanso saa mfiri horow a wɔnam so ne afoforo di nkitaho no reyɛ te sɛ nsuka a nneɛma fĩ wom—fĩ ayɛ mu ma. Sɛnea nhwehwɛmu bi a America Aban Asoɛe a wɔfrɛ no Institute of Mental Health yɛe kyerɛ no, “ɛte sɛ nea adanse a wɔboaboaa ano wɔ 1970 mfe no mu dɔɔso pii ma enti wɔahu sɛ television so basabasayɛ ne ntɔkwapɛ su no akã mmofra.” Enti ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani kũ nneɛma a wɔn mma de gye wɔn ani ho kɛse. (Hwɛ Efesofo 5:3-5.) Piknik ahorow ne nneɛma ahorow a wofi adi kɔyɛ de gye wɔn ani ne Kristofo apontow ahorow yɛ akwan horow a wɔfa so ma mmofra nya nneɛma pa de gye wɔn ani.
Nkɔmmɔ a Wɔne Wɔn a Wonnii Mfe Aduonu Bɔ
Awofo binom hu sɛ nkitaho a wɔne wɔn mma di no sɛe bere a aka kakraa na wɔanya mfe aduonu no. Ɛnyɛ sɛ abofra nipadua sakra ntɛmntɛm wɔ saa bere yi mu nko na mmom onya nkate ne apɛde ahorow foforo pii. Nea mmofra binom yɛ wɔ ho ne sɛ wɔyɛ kommkomm. Afoforo twe wɔn ho fi wɔn awofo ho na wɔde wɔn ho bɔ wɔn atipɛnfo ho denneennen. Ɛno nti egye mmɔdenbɔ kɛse wɔ awofo fam na wɔama nkitahodi ho kwan akɔ so abue wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ wɔn mma su ne wɔn nkate horow ho.
Nkɔmmɔ a wɔne wɔn ankasa bɔ no betumi aboa kɛse—ne titiriw no sɛ wɔma ɛyɛ bɔnnɔ so de a. Bible no ka kyerɛ awofo sɛ, “Na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:7) Enti agya bi betumi aka akyerɛ ne babarima a ɔtaa yɛ kommkomm no sɛ ɔne no nkɔyɛ adwuma wɔ wɔn mfikyifuw mu anaasɛ ɔne no nkosiesie biribi a asɛe. Ɛna nso betumi akyerɛkyerɛ ne babea adepam saa ara. Mpɛn pii wɔ bere a osuro biara nni mu a ɛte sɛɛ mu no, mubetumi ate mo ho mo ho nkate horow ase ankasa. Kokoam nsɛm te sɛ ɔbarima ne ɔbea nna, nipadua mu nsakrae ahorow, abrabɔ, gyidi ne asetra mu botae ahorow mpo yɛ nea mpɛn pii no mubetumi abɔ ho nkɔmmɔ wɔmmere horow a ɛte sɛɛ mu. Ɛna biako ka sɛ, “Me ne me mmabarima no bɔɔ nkɔmmɔ a eye sen biara no mu binom wɔ bere a yɛhohoro nneɛma mu wɔ mukaase no.”
Nanso ɛtɔ bere bi a ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho se wubetie wɔn haw ahorow ho asɛm. Ebia na ɛyɛ nea ɛfa boasipem a ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi so anaasɛ gye a ogye tom se onni gyidi mpo ho. Sɛ́ anka wobɛyeyaw no no. yɛ komm tie na da nhumu adi. Anyɛ saa a, nkitahodi a ɛho hia yi mu betwa. Bible no ka sɛ: “Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wonyɛ nyaa mfa abufuw.”(Yakobo 1:19) Sɛ wɔyɛ bɔne bi mpo a, worempɛ sɛ wobɛkasa atia wo ba ntɛm ara. Ɛyɛ bɔne no na wopɛ sɛ wopow—na ɛnyɛ abofra no. (Fa toto Yuda 23 ho.) Nea edi kan no, da wo ho adi sɛ ‘woyɛ ntɛm tie na afei boa wo ba no na tu no fo. Ɛtɔ bere bi a, wubetumi akyekye ne werɛ denam ka a wobɛka sɛ: ‘Ɛnyɛ wo nkutoo na woahyia ɔhaw a ɛte sɛɛ. Na ɛsɛ midi ho dwuma bere a na madi mfe a wadi no’ no so. Ebia boasetɔ a wode bɛyɛ w’ade wɔ ho no bɛma wabɔ wo amanneɛ bere a ohia mmoa bio no.
Ɛho hia nso sɛ wode wo ho bɛma wo mma. Ná agya biako bi wɔ adwuma a eye a otumi de hwɛ n’abusua no, na esiane eyi nti na ɔde mmere pii tra n’adesuadan mu hwehwɛ ne nkrataa ahorow mu wɔ fie. Nanso na ɛte sɛ nea ne babea rehyia ɔhaw bi a osusuw sɛ emu yɛ den. Nanso esiane sɛ na ne papa nni adagyew nti, wanka ankyerɛ no. Ankyɛ biara ɔyɛɛ basaa na ofii fie. Nanso ɔsan bae ne ne papa besusuw ho na ohui sɛ na ɔhaw no yɛ ketewaa bi. Nanso wɔ eyi akyi no ne papa yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛyɛ n’adwuma no wɔ asa so, faako a obetumi adi ne mma no ahiade ho dwuma kɛse.
Wɔ a wowɔ hɔ nkutoo no kyerɛ pii ma wo mma sen honam fam nneɛma pii. Ná ɔwofo biako a wɔfrɛ no Anita wɔ mma baanum a wɔadi fi afe biako kosi mfe asia a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn. Ɛwom sɛ na aban dwumadibea a ɛhwɛ mmofra yiyedi ho nsɛm so ma no sika kakra a ɔde hwɛ wɔn wɔ ɔsram biara mu de, nanso wamma sua a sika a ɔde hwɛ ne ho no sua no anhaw no. Aban nhyehyɛe yi maa no kwan ma ɔtraa no mma no ho wɔ fie. Na ɛwom sɛ ɛtɔ bere a ne ho kyere no wɔ sika fam de, nanso ɔka sɛ, “Ɔkɔm anne yɛn da. Yesuaa sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so.” Ɛdenam boa a ne nnamfo Kristofo binom boaa no denam ntade a wɔde ma wɔn no so no, otumi de ne mma no honam fam ahiade maa wɔn na otumi hwɛɛ wɔn.
Mmusua Horow a Anigye ne Biakoyɛ Wom
Awofo a wɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye a wotumi di nkitaho no betumi ayɛ nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa ama wɔn mma. Ɔkyerɛkyerɛfo Audrey Bilski kyerɛw sɛ: “Ebia ‘mitumi ne wɔn bɔ biribiara ho nkɔmmɔ’ ne nkamfo a eye sen biara a obi a onni mfe aduonu anaasɛ ɔbabarima anaasɛ ɔbabea betumi de ama wɔn awofo.” Ɔyerenom ne okununom kyerɛ anisɔ saa ara, sɛ wotumi de ahotoso kɔ wɔn ahokafo nkyɛn kosusuw nsɛm ahorow a ne ka yɛ den sen biara ho bere a wonim sɛ wɔde ahummɔbɔ no ntease betie wɔn no.
Ampa, wɔ nnɛ wiase a emu yɛ den yi mu no, nhyɛso ahorow pii wɔ hɔ a ɛko tia abusua mu nkitahodi. Ɛtɔ bere bi a awofo ankasa nso hia akwankyerɛ Nanso biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wote nka sɛ wunni mmoa. Mpɛn pii awofo afoforo a wɔwɔ osuahu, ne titiriw Kristofo a wɔn ho akokwaw betumi de mmoa ama. Na Onyankopɔn Asɛm a ɛne Bible no a ‘nkwa ne ahoɔden wɔ mu’ no wɔ hɔ, (Hebrifo 4:12) Nhoma Wo Abusua Asetena a Wobɛma Ayɛ anigye a wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi atintim no aboa mpempem pii ma wɔn abusua asetra anya nkɔso.
Asɛm a wɔatintim yi yɛ Bible mu afotu a eye no mu binom. Gye bere sua na fa di dwuma daa. Ɛdenam saa a wobɛyɛ so no, wubetumi ama w’abusua no ayɛ nea anigye ne biakoyɛ wom.
[Kratafa 9 adaka]
NANTEW A EDI AWARE ANIM NE NKITAHODI
ƆKYERƐKYERƐFO Ernest Burgess kyerɛwee sɛ, “Wopaw nneɛma akɛse abien wɔ asetra mu, a ɛne adwuma a wobɛpaw; nea ɛka ho ne ɔhokafo a wobɛpaw.” Nnipa pii susuw nsɛm ho yiye bere a bere du sɛ wɔpaw adwuma a wɔbɛyɛ wɔ wɔn asetra mu no. Ɔkyerɛkyerɛfo no toaa so sɛ, “nanso sɛ woware a, ɛda adi sɛ ebia wubegyina ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho akɔnnɔ so ayɛ w’ade sen sɛ wobɛfa ɔkwan a eye so mmom.”
Enti nantew a edi aware anim yɛ bere a ɛsɛ sɛ wodi nkitaho a anibere wom. Ampa, ansa na wobehyia ankasa mpo no, nkitahodi a emu yɛ den betumi akɔ so wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam. Ebia ɔbarima no bɛhwɛ no a ɔkyerɛ sɛ n’ani gye ne ho na ebia ɔbea no nso de ani a ɛkyerɛ sɛ n’ani gye ne ho bɛhwɛ no. Tete bɛ bi ka sɛ: “Aniwa ne ɔkra no ahwehwɛ.” Yɛn aniwa betumi aka nkate horow a emu yɛ den ne komam nsɛm akyerɛ. Ebia ɛrenkyɛ biara, ɔkwan foforo a wɔnam so di nkitaho—so a woso wɔn ho mu—besi nsɛm a wɔka a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho wɔn ho no ananmu. Wɔ aman ahorow pii mu no, nneɛma ahorow te sɛ wɔn ho wɔn ho nsam a woso anaasɛ atuu a wɔyɛ wɔn ho yɛ nea wobu sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛfata a wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho wɔn ho.
Nanso bere a ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no wɔ bere a wɔde yɛ no, aware pa nyɛ nea egyina akɔnnɔ so. So a obi a ɔdɔ wo beso wo mu no betumi akanyan nkate horow a emu yɛ den ne ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ahorow wɔ wo mu. Bible no hyɛ Kristofo nkuran sɛ, ‘wonkum’ abrabɔ bɔne ho nkate ahorow no. (Kolosefo 3:5) Ɛnyɛ sɛ eyi bɔ yɛn ho ban wɔ abrabɔ mu nko na mmom ɛyɛ afotu pa. Efisɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ “sɔre” na wontumi nni wɔn ho so a, mpɛn pii ‘wontumi nni’ nkitaho a anibere wom. Awarefo betumi abu wɔn ani agu sintɔ ne mmerɛwyɛ ahorow a ɛda adi so.
Nkɔmmɔ ahorow a wɔbɔ a obiara kyerɛ n’adwene wɔ nantew a edi aware anim mu ma wonya mmuae ma nsemmisa ahorow a ɛte sɛ: So yɛfata yɛn ho yɛn ho ankasa? So ɔyɛ ɔnokwafo na ne yam ye? So onipa yi bu bra pa? So obetumi ayɛ ɔdemafo pa? So osi gyinae ahorow a eye? So obetumi ahwɛ ofie so? So ɔbɛpɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ tiyɛ ase? So yɛwɔ ɔdɔ ankasa ma yɛn ho yɛn ho—a ɛnyɛ honam fam ahoɔfɛ ara kwa?
Na sɛ obiako fɛre ade nso ɛ? Kae sɛ nkɔmmɔ pa a wɔbɔ ho ahwehwɛde titiriw ne sɛ wobɛhwɛ yiye wɔ afoforo nkate ne wɔn anigyede ahorow ho. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ den ma nnipa baanu a wɔdɔ wɔn ho wɔn ho ankasa. (1 Korintofo 13:5) Sua sɛnea wobisa nsɛm a ɛyɛ ntiantia nanso ɛfata. Nnipa pii pɛ sɛ wɔbɛka wɔn ankasa ho, wɔn asetra, mmusua ne nnwuma ahorow ho asɛm na wobefi wɔn pɛ mu ayɛ saa, sɛ wode anifere bisa wɔn ho asɛm a. .
Saa nantew a edi aware anim mu nkɔmmɔbɔ ahorow yi ma ɛda adi sɛ ebia awarefo no wɔ nneɛma ahorow pii a wɔn nyinaa ani gye ho, botae horow ne anidaso biako. Na sɛ ɛda adi sɛ mo adwene nhyia wɔ nneɛma ahorow ho nso ɛ? Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden hu faako a mo adwene a enhyia wɔn nneɛma ahorow ho yi bɛka mo aware mu anigye akodu. Nokwasɛm a ɛne sɛ ɔhokafo bi ani nnye anigyede bi te sɛ ebia asaw ho no nkyerɛ sɛ onipa no renyɛ okunu anaasɛ ɔyere pa. Ebia nneɛma afoforo a ɛho hia kɛse wɔ hɔ a mubetumi abom anya mu kyɛfa. Anaasɛ mubetumi ahu nneɛma afoforo bi a mo nyinaa betumi anya mu anigye. Sɛnea ɛte biara no. Ɔkyerɛkyerɛfo Ernest Burgess kɔɔ so kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ awarefo bɔ mmɔden susuw wɔn ntam abusuabɔ mu nsɛm a ɛho hia te sɛ ebia mmofra, nsenom, sikasɛm, nyamesom ne adwene a wɔwɔ wɔ asetra ho ho na wosiesie ansa na ayeforohyia da no adu. Ɛyɛ anidaso hunu sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ wobɛma wo hokafo no asakra wɔ ayeforohyia no akyi.”
[Kratafa 8 mfoni]
Ɛsɛ sɛ awofo de hokwan biara a wonya no di dwuma ma nkitaho a wɔne wɔn mma di no nya nkɔso